2 Timothy 1 (BOATCB2)

1 Saa nhoma yi fi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu somafo no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafo, na ɔde nkwa a ɔhyɛ ho bɔ a ɛnam Kristo Yesu mu gyidi so de brɛ mo. 2 Mede kɔma me dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo. 3 Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛnea me mpanyimfo yɛe no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaebɔ mu. 4 Mekae wo nisutew bere a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mihu wo bio a mʼani begye. 5 Wɔkae me wo nokware gyidi a efii ase wɔ wo nenabea Lois ne wo na Eunike mu no, na magye ato mu sɛ mprempren ɛwɔ wo nso mu bi saa ara. 6 Eyi nti merebɔ wo nkae sɛ, kae akyɛde a bere a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. 7 Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso. 8 Mma wʼani nnwu wɔ Awurade adansedi, ne me a meyɛ ne deduani no ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo wɔ Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9 Ogyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn se yɛmmɛyɛ ne de. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛyɛ nti, na mmom nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ wiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, 10 nanso mprempren wɔnam Agyenkwa Kristo Yesu no ba a ɔbɛba no so ada no adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owu so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea, na ɛma nkwa a enni awiei brɛɛ yɛn. 11 Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ menna Asɛmpa no adi. 12 Ɛnam eyinom so nti na mihu saa amane yi. Nanso meda so wɔ gyidi, efisɛ minim nea mede me ho to no so no, na minim nso sɛ ɔbɛkora nea mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso. 13 So nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yiye na fa yɛ nhwɛsode, na tena gyidi ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn de wɔ Kristo Yesu mu no mu. 14 Wɔde ademude a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban. 15 Sɛnea wunim no, Kristofo a wofi Asia baa ha no nyinaa aguan agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho. 16 Awurade nhu Onesiforo fifo mmɔbɔ, efisɛ ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn, 17 na oduu Roma pɛ, na ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kosii sɛ ohuu me. 18 Awurade mmoa no na da no, onya ahummɔbɔ mfi Awurade no nkyɛn! Wunim akwan ahorow a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso.

In Other Versions

2 Timothy 1 in the ANGEFD

2 Timothy 1 in the ANTPNG2D

2 Timothy 1 in the AS21

2 Timothy 1 in the BAGH

2 Timothy 1 in the BBPNG

2 Timothy 1 in the BBT1E

2 Timothy 1 in the BDS

2 Timothy 1 in the BEV

2 Timothy 1 in the BHAD

2 Timothy 1 in the BIB

2 Timothy 1 in the BLPT

2 Timothy 1 in the BNT

2 Timothy 1 in the BNTABOOT

2 Timothy 1 in the BNTLV

2 Timothy 1 in the BOATCB

2 Timothy 1 in the BOBCV

2 Timothy 1 in the BOCNT

2 Timothy 1 in the BOECS

2 Timothy 1 in the BOGWICC

2 Timothy 1 in the BOHCB

2 Timothy 1 in the BOHCV

2 Timothy 1 in the BOHLNT

2 Timothy 1 in the BOHNTLTAL

2 Timothy 1 in the BOICB

2 Timothy 1 in the BOILNTAP

2 Timothy 1 in the BOITCV

2 Timothy 1 in the BOKCV

2 Timothy 1 in the BOKCV2

2 Timothy 1 in the BOKHWOG

2 Timothy 1 in the BOKSSV

2 Timothy 1 in the BOLCB

2 Timothy 1 in the BOLCB2

2 Timothy 1 in the BOMCV

2 Timothy 1 in the BONAV

2 Timothy 1 in the BONCB

2 Timothy 1 in the BONLT

2 Timothy 1 in the BONUT2

2 Timothy 1 in the BOPLNT

2 Timothy 1 in the BOSCB

2 Timothy 1 in the BOSNC

2 Timothy 1 in the BOTLNT

2 Timothy 1 in the BOVCB

2 Timothy 1 in the BOYCB

2 Timothy 1 in the BPBB

2 Timothy 1 in the BPH

2 Timothy 1 in the BSB

2 Timothy 1 in the CCB

2 Timothy 1 in the CUV

2 Timothy 1 in the CUVS

2 Timothy 1 in the DBT

2 Timothy 1 in the DGDNT

2 Timothy 1 in the DHNT

2 Timothy 1 in the DNT

2 Timothy 1 in the ELBE

2 Timothy 1 in the EMTV

2 Timothy 1 in the ESV

2 Timothy 1 in the FBV

2 Timothy 1 in the FEB

2 Timothy 1 in the GGMNT

2 Timothy 1 in the GNT

2 Timothy 1 in the HARY

2 Timothy 1 in the HNT

2 Timothy 1 in the IRVA

2 Timothy 1 in the IRVB

2 Timothy 1 in the IRVG

2 Timothy 1 in the IRVH

2 Timothy 1 in the IRVK

2 Timothy 1 in the IRVM

2 Timothy 1 in the IRVM2

2 Timothy 1 in the IRVO

2 Timothy 1 in the IRVP

2 Timothy 1 in the IRVT

2 Timothy 1 in the IRVT2

2 Timothy 1 in the IRVU

2 Timothy 1 in the ISVN

2 Timothy 1 in the JSNT

2 Timothy 1 in the KAPI

2 Timothy 1 in the KBT1ETNIK

2 Timothy 1 in the KBV

2 Timothy 1 in the KJV

2 Timothy 1 in the KNFD

2 Timothy 1 in the LBA

2 Timothy 1 in the LBLA

2 Timothy 1 in the LNT

2 Timothy 1 in the LSV

2 Timothy 1 in the MAAL

2 Timothy 1 in the MBV

2 Timothy 1 in the MBV2

2 Timothy 1 in the MHNT

2 Timothy 1 in the MKNFD

2 Timothy 1 in the MNG

2 Timothy 1 in the MNT

2 Timothy 1 in the MNT2

2 Timothy 1 in the MRS1T

2 Timothy 1 in the NAA

2 Timothy 1 in the NASB

2 Timothy 1 in the NBLA

2 Timothy 1 in the NBS

2 Timothy 1 in the NBVTP

2 Timothy 1 in the NET2

2 Timothy 1 in the NIV11

2 Timothy 1 in the NNT

2 Timothy 1 in the NNT2

2 Timothy 1 in the NNT3

2 Timothy 1 in the PDDPT

2 Timothy 1 in the PFNT

2 Timothy 1 in the RMNT

2 Timothy 1 in the SBIAS

2 Timothy 1 in the SBIBS

2 Timothy 1 in the SBIBS2

2 Timothy 1 in the SBICS

2 Timothy 1 in the SBIDS

2 Timothy 1 in the SBIGS

2 Timothy 1 in the SBIHS

2 Timothy 1 in the SBIIS

2 Timothy 1 in the SBIIS2

2 Timothy 1 in the SBIIS3

2 Timothy 1 in the SBIKS

2 Timothy 1 in the SBIKS2

2 Timothy 1 in the SBIMS

2 Timothy 1 in the SBIOS

2 Timothy 1 in the SBIPS

2 Timothy 1 in the SBISS

2 Timothy 1 in the SBITS

2 Timothy 1 in the SBITS2

2 Timothy 1 in the SBITS3

2 Timothy 1 in the SBITS4

2 Timothy 1 in the SBIUS

2 Timothy 1 in the SBIVS

2 Timothy 1 in the SBT

2 Timothy 1 in the SBT1E

2 Timothy 1 in the SCHL

2 Timothy 1 in the SNT

2 Timothy 1 in the SUSU

2 Timothy 1 in the SUSU2

2 Timothy 1 in the SYNO

2 Timothy 1 in the TBIAOTANT

2 Timothy 1 in the TBT1E

2 Timothy 1 in the TBT1E2

2 Timothy 1 in the TFTIP

2 Timothy 1 in the TFTU

2 Timothy 1 in the TGNTATF3T

2 Timothy 1 in the THAI

2 Timothy 1 in the TNFD

2 Timothy 1 in the TNT

2 Timothy 1 in the TNTIK

2 Timothy 1 in the TNTIL

2 Timothy 1 in the TNTIN

2 Timothy 1 in the TNTIP

2 Timothy 1 in the TNTIZ

2 Timothy 1 in the TOMA

2 Timothy 1 in the TTENT

2 Timothy 1 in the UBG

2 Timothy 1 in the UGV

2 Timothy 1 in the UGV2

2 Timothy 1 in the UGV3

2 Timothy 1 in the VBL

2 Timothy 1 in the VDCC

2 Timothy 1 in the YALU

2 Timothy 1 in the YAPE

2 Timothy 1 in the YBVTP

2 Timothy 1 in the ZBP