Acts 11 (BOATCB)
        
        
          1 Asomafoɔ ne agyidifoɔ a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufoɔ no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi. 2 Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ agyidifoɔ no ne no nyaa akasakasa kaa sɛ, 3 “Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafoɔ no nkyɛn ne wɔn akɔdidi.”  4 Petro bɔɔ wɔn biribiara a ɛsii no ho amaneɛ sɛ, 5 “Na merebɔ mpaeɛ wɔ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan sɛ ɛfiri ɔsoro resiane ba fam reba abɛsi me ho. 6 Mehwɛɛ mu no, mehunuu ntɔteboa ahodoɔ, mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa. 7 Afei, nne bi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’  8 “Mebuaa sɛ, ‘Dabi, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.’  9 “Ɛnne no ka kyerɛɛ me bio sɛ, ‘Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.’ 10 Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro.  11 “Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu. 12 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie. 13 Ɔkaa sɛdeɛ ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ wɔ ne fie maa ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. 14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ɛbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ mo.’  15 “Ɛberɛ a mehyɛɛ aseɛ kasaeɛ no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso ahyɛaseɛ no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ. 16 Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kaa sɛ, ‘Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no. 17 Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛdeɛ a ɛberɛ a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no ɔmaa yɛn bi no a, ɛnneɛ me sɛɛ ne hwan a mɛsi Onyankopɔn kwan.”  18 Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ sɛ, “Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufoɔ anya adwensakyera a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu.”  19 Wɔkumm Stefano no, wɔtaa agyidifoɔ no maa wɔbɔ hweteeɛ, Wɔn mu bi kyinkyini kɔduruu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafoɔ nko ara. 20 Agyidifoɔ bi a wɔfiri Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufoɔ no. 21 Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no enti, nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔdane baa Awurade nkyɛn.  22 Saa asɛm yi trɛ kɔduruu Yerusalem asafo no mu enti, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia. 23 Ɔduruu hɔ a ɔhunuu sɛdeɛ Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gyeeɛ maa ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔmfiri wɔn akoma nyinaa mu nnye Awurade nni na wɔnni no nokorɛ nso. 24 Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidie enti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.  25 Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo. 26 Ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe, kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafoɔ no din sɛ “Akristofoɔ.”  27 Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu, adiyifoɔ bi firi Yerusalem kɔɔ Antiokia. 28 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm sɛ, ɛkɔm kɛseɛ bɛba asase nyinaa so. Saa ɛkɔm yi sii ɛberɛ a na Klaudio di adeɛ no. 29 Asuafoɔ no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no. 30 Akyɛdeɛ a wɔn nsa kaeɛ no, wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa asafo no mu mpanimfoɔ.
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Acts 11 in the ANGEFD
  
  
    Acts 11 in the ANTPNG2D
  
  
    Acts 11 in the AS21
  
  
    Acts 11 in the BAGH
  
  
    Acts 11 in the BBPNG
  
  
    Acts 11 in the BBT1E
  
  
    Acts 11 in the BDS
  
  
    Acts 11 in the BEV
  
  
    Acts 11 in the BHAD
  
  
    Acts 11 in the BIB
  
  
    Acts 11 in the BLPT
  
  
    Acts 11 in the BNT
  
  
    Acts 11 in the BNTABOOT
  
  
    Acts 11 in the BNTLV
  
  
    Acts 11 in the BOATCB2
  
  
    Acts 11 in the BOBCV
  
  
    Acts 11 in the BOCNT
  
  
    Acts 11 in the BOECS
  
  
    Acts 11 in the BOGWICC
  
  
    Acts 11 in the BOHCB
  
  
    Acts 11 in the BOHCV
  
  
    Acts 11 in the BOHLNT
  
  
    Acts 11 in the BOHNTLTAL
  
  
    Acts 11 in the BOICB
  
  
    Acts 11 in the BOILNTAP
  
  
    Acts 11 in the BOITCV
  
  
    Acts 11 in the BOKCV
  
  
    Acts 11 in the BOKCV2
  
  
    Acts 11 in the BOKHWOG
  
  
    Acts 11 in the BOKSSV
  
  
    Acts 11 in the BOLCB
  
  
    Acts 11 in the BOLCB2
  
  
    Acts 11 in the BOMCV
  
  
    Acts 11 in the BONAV
  
  
    Acts 11 in the BONCB
  
  
    Acts 11 in the BONLT
  
  
    Acts 11 in the BONUT2
  
  
    Acts 11 in the BOPLNT
  
  
    Acts 11 in the BOSCB
  
  
    Acts 11 in the BOSNC
  
  
    Acts 11 in the BOTLNT
  
  
    Acts 11 in the BOVCB
  
  
    Acts 11 in the BOYCB
  
  
    Acts 11 in the BPBB
  
  
    Acts 11 in the BPH
  
  
    Acts 11 in the BSB
  
  
    Acts 11 in the CCB
  
  
    Acts 11 in the CUV
  
  
    Acts 11 in the CUVS
  
  
    Acts 11 in the DBT
  
  
    Acts 11 in the DGDNT
  
  
    Acts 11 in the DHNT
  
  
    Acts 11 in the DNT
  
  
    Acts 11 in the ELBE
  
  
    Acts 11 in the EMTV
  
  
    Acts 11 in the ESV
  
  
    Acts 11 in the FBV
  
  
    Acts 11 in the FEB
  
  
    Acts 11 in the GGMNT
  
  
    Acts 11 in the GNT
  
  
    Acts 11 in the HARY
  
  
    Acts 11 in the HNT
  
  
    Acts 11 in the IRVA
  
  
    Acts 11 in the IRVB
  
  
    Acts 11 in the IRVG
  
  
    Acts 11 in the IRVH
  
  
    Acts 11 in the IRVK
  
  
    Acts 11 in the IRVM
  
  
    Acts 11 in the IRVM2
  
  
    Acts 11 in the IRVO
  
  
    Acts 11 in the IRVP
  
  
    Acts 11 in the IRVT
  
  
    Acts 11 in the IRVT2
  
  
    Acts 11 in the IRVU
  
  
    Acts 11 in the ISVN
  
  
    Acts 11 in the JSNT
  
  
    Acts 11 in the KAPI
  
  
    Acts 11 in the KBT1ETNIK
  
  
    Acts 11 in the KBV
  
  
    Acts 11 in the KJV
  
  
    Acts 11 in the KNFD
  
  
    Acts 11 in the LBA
  
  
    Acts 11 in the LBLA
  
  
    Acts 11 in the LNT
  
  
    Acts 11 in the LSV
  
  
    Acts 11 in the MAAL
  
  
    Acts 11 in the MBV
  
  
    Acts 11 in the MBV2
  
  
    Acts 11 in the MHNT
  
  
    Acts 11 in the MKNFD
  
  
    Acts 11 in the MNG
  
  
    Acts 11 in the MNT
  
  
    Acts 11 in the MNT2
  
  
    Acts 11 in the MRS1T
  
  
    Acts 11 in the NAA
  
  
    Acts 11 in the NASB
  
  
    Acts 11 in the NBLA
  
  
    Acts 11 in the NBS
  
  
    Acts 11 in the NBVTP
  
  
    Acts 11 in the NET2
  
  
    Acts 11 in the NIV11
  
  
    Acts 11 in the NNT
  
  
    Acts 11 in the NNT2
  
  
    Acts 11 in the NNT3
  
  
    Acts 11 in the PDDPT
  
  
    Acts 11 in the PFNT
  
  
    Acts 11 in the RMNT
  
  
    Acts 11 in the SBIAS
  
  
    Acts 11 in the SBIBS
  
  
    Acts 11 in the SBIBS2
  
  
    Acts 11 in the SBICS
  
  
    Acts 11 in the SBIDS
  
  
    Acts 11 in the SBIGS
  
  
    Acts 11 in the SBIHS
  
  
    Acts 11 in the SBIIS
  
  
    Acts 11 in the SBIIS2
  
  
    Acts 11 in the SBIIS3
  
  
    Acts 11 in the SBIKS
  
  
    Acts 11 in the SBIKS2
  
  
    Acts 11 in the SBIMS
  
  
    Acts 11 in the SBIOS
  
  
    Acts 11 in the SBIPS
  
  
    Acts 11 in the SBISS
  
  
    Acts 11 in the SBITS
  
  
    Acts 11 in the SBITS2
  
  
    Acts 11 in the SBITS3
  
  
    Acts 11 in the SBITS4
  
  
    Acts 11 in the SBIUS
  
  
    Acts 11 in the SBIVS
  
  
    Acts 11 in the SBT
  
  
    Acts 11 in the SBT1E
  
  
    Acts 11 in the SCHL
  
  
    Acts 11 in the SNT
  
  
    Acts 11 in the SUSU
  
  
    Acts 11 in the SUSU2
  
  
    Acts 11 in the SYNO
  
  
    Acts 11 in the TBIAOTANT
  
  
    Acts 11 in the TBT1E
  
  
    Acts 11 in the TBT1E2
  
  
    Acts 11 in the TFTIP
  
  
    Acts 11 in the TFTU
  
  
    Acts 11 in the TGNTATF3T
  
  
    Acts 11 in the THAI
  
  
    Acts 11 in the TNFD
  
  
    Acts 11 in the TNT
  
  
    Acts 11 in the TNTIK
  
  
    Acts 11 in the TNTIL
  
  
    Acts 11 in the TNTIN
  
  
    Acts 11 in the TNTIP
  
  
    Acts 11 in the TNTIZ
  
  
    Acts 11 in the TOMA
  
  
    Acts 11 in the TTENT
  
  
    Acts 11 in the UBG
  
  
    Acts 11 in the UGV
  
  
    Acts 11 in the UGV2
  
  
    Acts 11 in the UGV3
  
  
    Acts 11 in the VBL
  
  
    Acts 11 in the VDCC
  
  
    Acts 11 in the YALU
  
  
    Acts 11 in the YAPE
  
  
    Acts 11 in the YBVTP
  
  
    Acts 11 in the ZBP