Acts 11 (BOATCB2)
        
        
          1 Asomafo ne agyidifo a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufo no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi. 2 Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafo agyidifo no ne no nyaa akasakasa kae se, 3 “Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafo no nkyɛn ne wɔn akodidi.”  4 Petro bɔɔ wɔn biribiara a esii no ho amanneɛ se, 5 “Na merebɔ mpae wɔ Yopa na minyaa anisoadehu. Mihuu biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere sɛ efi ɔsoro afanan resian ba fam wɔ faako a mewɔ no. 6 Mehwɛɛ mu no, mihuu ntɔteboa ahorow, mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa. 7 Afei, nne bi ka kyerɛɛ me se, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’  8 “Mibuae se, ‘Dabi da, Awurade! Minnii biribiara a ɛho ntew da.’  9 “Nne no ka kyerɛɛ me bio se, ‘Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.’ 10 Saa anisoadehu yi baa mprɛnsa, na ɛsan kɔɔ ɔsoro.  11 “Saa bere no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn fi Kaesarea no beduu ofi a na mete mu no mu. 12 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me se menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifo baasa yi a wofi Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea ma yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio fi. 13 Ɔkaa sɛnea ohuu ɔsoro ɔbɔfo wɔ ne fi ma ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. 14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ebegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa akyerɛ mo.’  15 “Bere a mifii ase kasae no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛnea yɛn nso mfiase no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ. 16 Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kae se, ‘Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no. 17 Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛde a bere a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no ɔmaa yɛn bi no a, ɛno de me sɛɛ ne hena a mesiw Onyankopɔn kwan.”  18 Wɔtee saa asɛm yi no, wogyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ se, “Afei de Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufo anya adwensakra a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagye mu.”  19 Wokum Stefano no, wɔtaa agyidifo no ma wɔbɔɔ ahwete. Wɔn mu bi kyinkyin koduu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafo nko ara. 20 Agyidifo bi a wofi Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufo no. 21 Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no nti nnipa pii gyee asɛm no dii ma wɔdan baa Awurade nkyɛn.  22 Saa asɛm yi trɛw koduu Yerusalem asafo no mu nti wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia. 23 Oduu hɔ a ohuu sɛnea Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gye ma ɔhyɛɛ wɔn nkuran se womfi wɔn koma nyinaa mu nnye Awurade nni na wonni no nokware nso. 24 Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidi nti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.  25 Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo. 26 Ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafo no din se “Kristofo.”  27 Saa bere koro no ara mu na adiyifo bi fi Yerusalem kɔɔ Antiokia. 28 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm se ɔkɔm kɛse bɛba asase nyinaa so. Saa ɔkɔm yi sii bere a na Klaudio di ade no. 29 Asuafo no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no. 30 Wɔde akyɛde a wɔn nsa kae no somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa asafo no mu mpanyimfo.
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Acts 11 in the ANGEFD
  
  
    Acts 11 in the ANTPNG2D
  
  
    Acts 11 in the AS21
  
  
    Acts 11 in the BAGH
  
  
    Acts 11 in the BBPNG
  
  
    Acts 11 in the BBT1E
  
  
    Acts 11 in the BDS
  
  
    Acts 11 in the BEV
  
  
    Acts 11 in the BHAD
  
  
    Acts 11 in the BIB
  
  
    Acts 11 in the BLPT
  
  
    Acts 11 in the BNT
  
  
    Acts 11 in the BNTABOOT
  
  
    Acts 11 in the BNTLV
  
  
    Acts 11 in the BOATCB
  
  
    Acts 11 in the BOBCV
  
  
    Acts 11 in the BOCNT
  
  
    Acts 11 in the BOECS
  
  
    Acts 11 in the BOGWICC
  
  
    Acts 11 in the BOHCB
  
  
    Acts 11 in the BOHCV
  
  
    Acts 11 in the BOHLNT
  
  
    Acts 11 in the BOHNTLTAL
  
  
    Acts 11 in the BOICB
  
  
    Acts 11 in the BOILNTAP
  
  
    Acts 11 in the BOITCV
  
  
    Acts 11 in the BOKCV
  
  
    Acts 11 in the BOKCV2
  
  
    Acts 11 in the BOKHWOG
  
  
    Acts 11 in the BOKSSV
  
  
    Acts 11 in the BOLCB
  
  
    Acts 11 in the BOLCB2
  
  
    Acts 11 in the BOMCV
  
  
    Acts 11 in the BONAV
  
  
    Acts 11 in the BONCB
  
  
    Acts 11 in the BONLT
  
  
    Acts 11 in the BONUT2
  
  
    Acts 11 in the BOPLNT
  
  
    Acts 11 in the BOSCB
  
  
    Acts 11 in the BOSNC
  
  
    Acts 11 in the BOTLNT
  
  
    Acts 11 in the BOVCB
  
  
    Acts 11 in the BOYCB
  
  
    Acts 11 in the BPBB
  
  
    Acts 11 in the BPH
  
  
    Acts 11 in the BSB
  
  
    Acts 11 in the CCB
  
  
    Acts 11 in the CUV
  
  
    Acts 11 in the CUVS
  
  
    Acts 11 in the DBT
  
  
    Acts 11 in the DGDNT
  
  
    Acts 11 in the DHNT
  
  
    Acts 11 in the DNT
  
  
    Acts 11 in the ELBE
  
  
    Acts 11 in the EMTV
  
  
    Acts 11 in the ESV
  
  
    Acts 11 in the FBV
  
  
    Acts 11 in the FEB
  
  
    Acts 11 in the GGMNT
  
  
    Acts 11 in the GNT
  
  
    Acts 11 in the HARY
  
  
    Acts 11 in the HNT
  
  
    Acts 11 in the IRVA
  
  
    Acts 11 in the IRVB
  
  
    Acts 11 in the IRVG
  
  
    Acts 11 in the IRVH
  
  
    Acts 11 in the IRVK
  
  
    Acts 11 in the IRVM
  
  
    Acts 11 in the IRVM2
  
  
    Acts 11 in the IRVO
  
  
    Acts 11 in the IRVP
  
  
    Acts 11 in the IRVT
  
  
    Acts 11 in the IRVT2
  
  
    Acts 11 in the IRVU
  
  
    Acts 11 in the ISVN
  
  
    Acts 11 in the JSNT
  
  
    Acts 11 in the KAPI
  
  
    Acts 11 in the KBT1ETNIK
  
  
    Acts 11 in the KBV
  
  
    Acts 11 in the KJV
  
  
    Acts 11 in the KNFD
  
  
    Acts 11 in the LBA
  
  
    Acts 11 in the LBLA
  
  
    Acts 11 in the LNT
  
  
    Acts 11 in the LSV
  
  
    Acts 11 in the MAAL
  
  
    Acts 11 in the MBV
  
  
    Acts 11 in the MBV2
  
  
    Acts 11 in the MHNT
  
  
    Acts 11 in the MKNFD
  
  
    Acts 11 in the MNG
  
  
    Acts 11 in the MNT
  
  
    Acts 11 in the MNT2
  
  
    Acts 11 in the MRS1T
  
  
    Acts 11 in the NAA
  
  
    Acts 11 in the NASB
  
  
    Acts 11 in the NBLA
  
  
    Acts 11 in the NBS
  
  
    Acts 11 in the NBVTP
  
  
    Acts 11 in the NET2
  
  
    Acts 11 in the NIV11
  
  
    Acts 11 in the NNT
  
  
    Acts 11 in the NNT2
  
  
    Acts 11 in the NNT3
  
  
    Acts 11 in the PDDPT
  
  
    Acts 11 in the PFNT
  
  
    Acts 11 in the RMNT
  
  
    Acts 11 in the SBIAS
  
  
    Acts 11 in the SBIBS
  
  
    Acts 11 in the SBIBS2
  
  
    Acts 11 in the SBICS
  
  
    Acts 11 in the SBIDS
  
  
    Acts 11 in the SBIGS
  
  
    Acts 11 in the SBIHS
  
  
    Acts 11 in the SBIIS
  
  
    Acts 11 in the SBIIS2
  
  
    Acts 11 in the SBIIS3
  
  
    Acts 11 in the SBIKS
  
  
    Acts 11 in the SBIKS2
  
  
    Acts 11 in the SBIMS
  
  
    Acts 11 in the SBIOS
  
  
    Acts 11 in the SBIPS
  
  
    Acts 11 in the SBISS
  
  
    Acts 11 in the SBITS
  
  
    Acts 11 in the SBITS2
  
  
    Acts 11 in the SBITS3
  
  
    Acts 11 in the SBITS4
  
  
    Acts 11 in the SBIUS
  
  
    Acts 11 in the SBIVS
  
  
    Acts 11 in the SBT
  
  
    Acts 11 in the SBT1E
  
  
    Acts 11 in the SCHL
  
  
    Acts 11 in the SNT
  
  
    Acts 11 in the SUSU
  
  
    Acts 11 in the SUSU2
  
  
    Acts 11 in the SYNO
  
  
    Acts 11 in the TBIAOTANT
  
  
    Acts 11 in the TBT1E
  
  
    Acts 11 in the TBT1E2
  
  
    Acts 11 in the TFTIP
  
  
    Acts 11 in the TFTU
  
  
    Acts 11 in the TGNTATF3T
  
  
    Acts 11 in the THAI
  
  
    Acts 11 in the TNFD
  
  
    Acts 11 in the TNT
  
  
    Acts 11 in the TNTIK
  
  
    Acts 11 in the TNTIL
  
  
    Acts 11 in the TNTIN
  
  
    Acts 11 in the TNTIP
  
  
    Acts 11 in the TNTIZ
  
  
    Acts 11 in the TOMA
  
  
    Acts 11 in the TTENT
  
  
    Acts 11 in the UBG
  
  
    Acts 11 in the UGV
  
  
    Acts 11 in the UGV2
  
  
    Acts 11 in the UGV3
  
  
    Acts 11 in the VBL
  
  
    Acts 11 in the VDCC
  
  
    Acts 11 in the YALU
  
  
    Acts 11 in the YAPE
  
  
    Acts 11 in the YBVTP
  
  
    Acts 11 in the ZBP