Acts 3 (BOATCB)
        
        
          1 Ɛda bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnmiɛnsa a ɛyɛ ɛberɛ a wɔde bɔ mpaeɛ. 2 Wɔreyɛ aduru asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ ano no, wɔhunuu obubuafoɔ bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafoɔ yi de no bɛto ɛpono yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika firi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. 3 Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma no biribi. 4 Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ yɛn!” 5 Ɔhwɛɛ wɔn susuu sɛ wɔbɛma no biribi.  6 Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sika de, menni bi; na deɛ mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ, Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nante!” 7 Afei, Petro de ne nsa nifa sɔɔ ne mu maa ne so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, ne nan no mu yɛɛ den. 8 Ɔhuri gyinaa ne nan so, na ɔhyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Afei, ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehurihuri, rekamfo Onyankopɔn. 9 Nnipa no nyinaa hunuu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Wɔhunuu no no, wohunuu sɛ ɔno ne ɔdesrɛni a na ɔda asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ no ano no, wɔn ho dwirii wɔn.  11 Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwirii wɔn; enti wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. 12 Ɛberɛ a Petro hunuu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Israelfoɔ, adɛn na yei yɛ mo nwanwa? Adɛn enti na mohwɛ yɛn, susu sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yadeɛ? 13 Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ne yɛn nananom Onyankopɔn ama ne ɔsomfoɔ Yesu ɔsoro animuonyam. Mode no maa atumfoɔ; na ɛberɛ a Pilato yɛɛ sɛ ɔbɛgyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim. 14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔtene; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafoɔ mma mo. 15 Enti, mokumm obi a ɔgye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu na yɛyɛ yei ho adansefoɔ. 16 Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafoɔ yi nyaa ahoɔden. Gyidie a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛmaa yɛtumi yɛɛ saa anwanwadeɛ a mohunu yi. Gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ɔgyina mo anim seesei yi.  17 “Afei, me nuanom, menim sɛ deɛ mo ne mo mpanimfoɔ yɛɛ Yesu no, na ɔnim na monnim. 18 Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ so kaa sɛ Agyenkwa no bɛhunu amane. Na ɔnam saa ɛkwan yi so maa ɛbaa mu. 19 Monnu mo ho na monni Onyankopɔn akyi, na ɔde mo bɔne akyɛ mo, 20 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade Honhom mu ahoɔden bɛba na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa no a wayi no ama mo dada no. 21 Sɛdeɛ Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ kronkron so aka dada no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kɔsi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforɔ. 22 Na Mose kaa sɛ, ‘Awurade, mo Onyankopɔn bɛsoma odiyifoɔ aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɔsomaa me a mefiri mo mu no. Ɛsɛ sɛ motie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. 23 Obiara a wantie deɛ odiyifoɔ no bɛka no, wɔbɛyi no afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho na wɔasɛe no.’  24 “Samuel ne adiyifoɔ a akyire no wɔbaeɛ no nyinaa nso aka asɛm a asi ɛnnɛ yi ho asɛm pɛn. 25 Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifoɔ so hyɛeɛ no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mu. Sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ so na menam mɛhyira ewiasefoɔ nyinaa.’ 26 Enti, Onyankopɔn dii ɛkan yii ne ɔsomfoɔ somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnane mfiri mo akwammɔne no so.”
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Acts 3 in the ANGEFD
  
  
    Acts 3 in the ANTPNG2D
  
  
    Acts 3 in the AS21
  
  
    Acts 3 in the BAGH
  
  
    Acts 3 in the BBPNG
  
  
    Acts 3 in the BBT1E
  
  
    Acts 3 in the BDS
  
  
    Acts 3 in the BEV
  
  
    Acts 3 in the BHAD
  
  
    Acts 3 in the BIB
  
  
    Acts 3 in the BLPT
  
  
    Acts 3 in the BNT
  
  
    Acts 3 in the BNTABOOT
  
  
    Acts 3 in the BNTLV
  
  
    Acts 3 in the BOATCB2
  
  
    Acts 3 in the BOBCV
  
  
    Acts 3 in the BOCNT
  
  
    Acts 3 in the BOECS
  
  
    Acts 3 in the BOGWICC
  
  
    Acts 3 in the BOHCB
  
  
    Acts 3 in the BOHCV
  
  
    Acts 3 in the BOHLNT
  
  
    Acts 3 in the BOHNTLTAL
  
  
    Acts 3 in the BOICB
  
  
    Acts 3 in the BOILNTAP
  
  
    Acts 3 in the BOITCV
  
  
    Acts 3 in the BOKCV
  
  
    Acts 3 in the BOKCV2
  
  
    Acts 3 in the BOKHWOG
  
  
    Acts 3 in the BOKSSV
  
  
    Acts 3 in the BOLCB
  
  
    Acts 3 in the BOLCB2
  
  
    Acts 3 in the BOMCV
  
  
    Acts 3 in the BONAV
  
  
    Acts 3 in the BONCB
  
  
    Acts 3 in the BONLT
  
  
    Acts 3 in the BONUT2
  
  
    Acts 3 in the BOPLNT
  
  
    Acts 3 in the BOSCB
  
  
    Acts 3 in the BOSNC
  
  
    Acts 3 in the BOTLNT
  
  
    Acts 3 in the BOVCB
  
  
    Acts 3 in the BOYCB
  
  
    Acts 3 in the BPBB
  
  
    Acts 3 in the BPH
  
  
    Acts 3 in the BSB
  
  
    Acts 3 in the CCB
  
  
    Acts 3 in the CUV
  
  
    Acts 3 in the CUVS
  
  
    Acts 3 in the DBT
  
  
    Acts 3 in the DGDNT
  
  
    Acts 3 in the DHNT
  
  
    Acts 3 in the DNT
  
  
    Acts 3 in the ELBE
  
  
    Acts 3 in the EMTV
  
  
    Acts 3 in the ESV
  
  
    Acts 3 in the FBV
  
  
    Acts 3 in the FEB
  
  
    Acts 3 in the GGMNT
  
  
    Acts 3 in the GNT
  
  
    Acts 3 in the HARY
  
  
    Acts 3 in the HNT
  
  
    Acts 3 in the IRVA
  
  
    Acts 3 in the IRVB
  
  
    Acts 3 in the IRVG
  
  
    Acts 3 in the IRVH
  
  
    Acts 3 in the IRVK
  
  
    Acts 3 in the IRVM
  
  
    Acts 3 in the IRVM2
  
  
    Acts 3 in the IRVO
  
  
    Acts 3 in the IRVP
  
  
    Acts 3 in the IRVT
  
  
    Acts 3 in the IRVT2
  
  
    Acts 3 in the IRVU
  
  
    Acts 3 in the ISVN
  
  
    Acts 3 in the JSNT
  
  
    Acts 3 in the KAPI
  
  
    Acts 3 in the KBT1ETNIK
  
  
    Acts 3 in the KBV
  
  
    Acts 3 in the KJV
  
  
    Acts 3 in the KNFD
  
  
    Acts 3 in the LBA
  
  
    Acts 3 in the LBLA
  
  
    Acts 3 in the LNT
  
  
    Acts 3 in the LSV
  
  
    Acts 3 in the MAAL
  
  
    Acts 3 in the MBV
  
  
    Acts 3 in the MBV2
  
  
    Acts 3 in the MHNT
  
  
    Acts 3 in the MKNFD
  
  
    Acts 3 in the MNG
  
  
    Acts 3 in the MNT
  
  
    Acts 3 in the MNT2
  
  
    Acts 3 in the MRS1T
  
  
    Acts 3 in the NAA
  
  
    Acts 3 in the NASB
  
  
    Acts 3 in the NBLA
  
  
    Acts 3 in the NBS
  
  
    Acts 3 in the NBVTP
  
  
    Acts 3 in the NET2
  
  
    Acts 3 in the NIV11
  
  
    Acts 3 in the NNT
  
  
    Acts 3 in the NNT2
  
  
    Acts 3 in the NNT3
  
  
    Acts 3 in the PDDPT
  
  
    Acts 3 in the PFNT
  
  
    Acts 3 in the RMNT
  
  
    Acts 3 in the SBIAS
  
  
    Acts 3 in the SBIBS
  
  
    Acts 3 in the SBIBS2
  
  
    Acts 3 in the SBICS
  
  
    Acts 3 in the SBIDS
  
  
    Acts 3 in the SBIGS
  
  
    Acts 3 in the SBIHS
  
  
    Acts 3 in the SBIIS
  
  
    Acts 3 in the SBIIS2
  
  
    Acts 3 in the SBIIS3
  
  
    Acts 3 in the SBIKS
  
  
    Acts 3 in the SBIKS2
  
  
    Acts 3 in the SBIMS
  
  
    Acts 3 in the SBIOS
  
  
    Acts 3 in the SBIPS
  
  
    Acts 3 in the SBISS
  
  
    Acts 3 in the SBITS
  
  
    Acts 3 in the SBITS2
  
  
    Acts 3 in the SBITS3
  
  
    Acts 3 in the SBITS4
  
  
    Acts 3 in the SBIUS
  
  
    Acts 3 in the SBIVS
  
  
    Acts 3 in the SBT
  
  
    Acts 3 in the SBT1E
  
  
    Acts 3 in the SCHL
  
  
    Acts 3 in the SNT
  
  
    Acts 3 in the SUSU
  
  
    Acts 3 in the SUSU2
  
  
    Acts 3 in the SYNO
  
  
    Acts 3 in the TBIAOTANT
  
  
    Acts 3 in the TBT1E
  
  
    Acts 3 in the TBT1E2
  
  
    Acts 3 in the TFTIP
  
  
    Acts 3 in the TFTU
  
  
    Acts 3 in the TGNTATF3T
  
  
    Acts 3 in the THAI
  
  
    Acts 3 in the TNFD
  
  
    Acts 3 in the TNT
  
  
    Acts 3 in the TNTIK
  
  
    Acts 3 in the TNTIL
  
  
    Acts 3 in the TNTIN
  
  
    Acts 3 in the TNTIP
  
  
    Acts 3 in the TNTIZ
  
  
    Acts 3 in the TOMA
  
  
    Acts 3 in the TTENT
  
  
    Acts 3 in the UBG
  
  
    Acts 3 in the UGV
  
  
    Acts 3 in the UGV2
  
  
    Acts 3 in the UGV3
  
  
    Acts 3 in the VBL
  
  
    Acts 3 in the VDCC
  
  
    Acts 3 in the YALU
  
  
    Acts 3 in the YAPE
  
  
    Acts 3 in the YBVTP
  
  
    Acts 3 in the ZBP