Acts 3 (BOATCB2)
        
        
          1 Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnabiɛsa a na ɛyɛ bere a wɔde bɔ mpae. 2 Wɔreyɛ adu asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ ano no, wohuu obubuafo bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafo yi de no bɛto ɔpon yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika fi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. 3 Bere a ohuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn se wɔmma no biribi. 4 Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ yɛn!” 5 Ɔhwɛɛ wɔn susuw sɛ wɔbɛma no biribi.  6 Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sika de, minni bi; na nea mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nantew!” 7 Afei Petro de ne nsa nifa soo no mu maa no so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, nʼanan mu yɛɛ den. 8 Ohuruw gyinaa nʼanan so na ofii ase nantewee. Afei ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehuruhuruw, rekamfo Onyankopɔn. 9 Nnipa no nyinaa huu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Wohuu no no, wohuu sɛ ɔno ne ɔsrɛsrɛni a na ɔda asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ no ano no, wɔn ho dwiriw wɔn.  11 Bere a nnipa no huu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwiriw wɔn; enti wotuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. 12 Bere a Petro huu nnipadɔm no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Israelfo, adɛn na eyi yɛ mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn, susuw sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yare? 13 Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ne yɛn nenanom Nyankopɔn ama ne somfo Yesu ɔsoro anuonyam. Mode no maa atumfo; na bere a Pilato yɛɛ sɛ obegyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim. 14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔteɛ; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafo mma mo. 15 Enti mukum obi a ogye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu na yɛyɛ eyi ho nnansefo. 16 Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafo yi nyaa ahoɔden. Gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛma yetumi yɛɛ saa anwonwade a muhu yi. Gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ogyina mo anim mprempren yi.  17 “Afei me nuanom, minim sɛ nea mo ne mo mpanyimfo yɛɛ Yesu no, na onim na munnim. 18 Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifo so kae se Agyenkwa no behu amane. Na ɔnam saa kwan yi so ma ɛbaa mu. 19 Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn na wɔbɛpepa mo bɔne, na moanya foforoyɛ mmere afi Awurade hɔ, 20 na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa a wɔayi no ama mo no. 21 Sɛnea Onyankopɔn nam nʼadiyifo akronkron so aka dedaw no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kosi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforo. 22 Na Mose kae se, ‘Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifo aba mo nkyɛn sɛnea ɔsomaa me a mifi mo mu no. Ɛsɛ sɛ mutie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. 23 Obiara a wantie nea odiyifo no bɛka no, wobeyi no afi Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔasɛe no.’  24 “Samuel ne adiyifo a akyiri no wɔbae no nyinaa nso aka asɛm a asi nnɛ yi ho asɛm pɛn. 25 Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifo so hyɛe no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pam no mu. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo so na menam behyira wiasefo nyinaa.’ 26 Enti Onyankopɔn dii kan yii ne somfo somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnan mfi mo akwammɔne no so.”
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Acts 3 in the ANGEFD
  
  
    Acts 3 in the ANTPNG2D
  
  
    Acts 3 in the AS21
  
  
    Acts 3 in the BAGH
  
  
    Acts 3 in the BBPNG
  
  
    Acts 3 in the BBT1E
  
  
    Acts 3 in the BDS
  
  
    Acts 3 in the BEV
  
  
    Acts 3 in the BHAD
  
  
    Acts 3 in the BIB
  
  
    Acts 3 in the BLPT
  
  
    Acts 3 in the BNT
  
  
    Acts 3 in the BNTABOOT
  
  
    Acts 3 in the BNTLV
  
  
    Acts 3 in the BOATCB
  
  
    Acts 3 in the BOBCV
  
  
    Acts 3 in the BOCNT
  
  
    Acts 3 in the BOECS
  
  
    Acts 3 in the BOGWICC
  
  
    Acts 3 in the BOHCB
  
  
    Acts 3 in the BOHCV
  
  
    Acts 3 in the BOHLNT
  
  
    Acts 3 in the BOHNTLTAL
  
  
    Acts 3 in the BOICB
  
  
    Acts 3 in the BOILNTAP
  
  
    Acts 3 in the BOITCV
  
  
    Acts 3 in the BOKCV
  
  
    Acts 3 in the BOKCV2
  
  
    Acts 3 in the BOKHWOG
  
  
    Acts 3 in the BOKSSV
  
  
    Acts 3 in the BOLCB
  
  
    Acts 3 in the BOLCB2
  
  
    Acts 3 in the BOMCV
  
  
    Acts 3 in the BONAV
  
  
    Acts 3 in the BONCB
  
  
    Acts 3 in the BONLT
  
  
    Acts 3 in the BONUT2
  
  
    Acts 3 in the BOPLNT
  
  
    Acts 3 in the BOSCB
  
  
    Acts 3 in the BOSNC
  
  
    Acts 3 in the BOTLNT
  
  
    Acts 3 in the BOVCB
  
  
    Acts 3 in the BOYCB
  
  
    Acts 3 in the BPBB
  
  
    Acts 3 in the BPH
  
  
    Acts 3 in the BSB
  
  
    Acts 3 in the CCB
  
  
    Acts 3 in the CUV
  
  
    Acts 3 in the CUVS
  
  
    Acts 3 in the DBT
  
  
    Acts 3 in the DGDNT
  
  
    Acts 3 in the DHNT
  
  
    Acts 3 in the DNT
  
  
    Acts 3 in the ELBE
  
  
    Acts 3 in the EMTV
  
  
    Acts 3 in the ESV
  
  
    Acts 3 in the FBV
  
  
    Acts 3 in the FEB
  
  
    Acts 3 in the GGMNT
  
  
    Acts 3 in the GNT
  
  
    Acts 3 in the HARY
  
  
    Acts 3 in the HNT
  
  
    Acts 3 in the IRVA
  
  
    Acts 3 in the IRVB
  
  
    Acts 3 in the IRVG
  
  
    Acts 3 in the IRVH
  
  
    Acts 3 in the IRVK
  
  
    Acts 3 in the IRVM
  
  
    Acts 3 in the IRVM2
  
  
    Acts 3 in the IRVO
  
  
    Acts 3 in the IRVP
  
  
    Acts 3 in the IRVT
  
  
    Acts 3 in the IRVT2
  
  
    Acts 3 in the IRVU
  
  
    Acts 3 in the ISVN
  
  
    Acts 3 in the JSNT
  
  
    Acts 3 in the KAPI
  
  
    Acts 3 in the KBT1ETNIK
  
  
    Acts 3 in the KBV
  
  
    Acts 3 in the KJV
  
  
    Acts 3 in the KNFD
  
  
    Acts 3 in the LBA
  
  
    Acts 3 in the LBLA
  
  
    Acts 3 in the LNT
  
  
    Acts 3 in the LSV
  
  
    Acts 3 in the MAAL
  
  
    Acts 3 in the MBV
  
  
    Acts 3 in the MBV2
  
  
    Acts 3 in the MHNT
  
  
    Acts 3 in the MKNFD
  
  
    Acts 3 in the MNG
  
  
    Acts 3 in the MNT
  
  
    Acts 3 in the MNT2
  
  
    Acts 3 in the MRS1T
  
  
    Acts 3 in the NAA
  
  
    Acts 3 in the NASB
  
  
    Acts 3 in the NBLA
  
  
    Acts 3 in the NBS
  
  
    Acts 3 in the NBVTP
  
  
    Acts 3 in the NET2
  
  
    Acts 3 in the NIV11
  
  
    Acts 3 in the NNT
  
  
    Acts 3 in the NNT2
  
  
    Acts 3 in the NNT3
  
  
    Acts 3 in the PDDPT
  
  
    Acts 3 in the PFNT
  
  
    Acts 3 in the RMNT
  
  
    Acts 3 in the SBIAS
  
  
    Acts 3 in the SBIBS
  
  
    Acts 3 in the SBIBS2
  
  
    Acts 3 in the SBICS
  
  
    Acts 3 in the SBIDS
  
  
    Acts 3 in the SBIGS
  
  
    Acts 3 in the SBIHS
  
  
    Acts 3 in the SBIIS
  
  
    Acts 3 in the SBIIS2
  
  
    Acts 3 in the SBIIS3
  
  
    Acts 3 in the SBIKS
  
  
    Acts 3 in the SBIKS2
  
  
    Acts 3 in the SBIMS
  
  
    Acts 3 in the SBIOS
  
  
    Acts 3 in the SBIPS
  
  
    Acts 3 in the SBISS
  
  
    Acts 3 in the SBITS
  
  
    Acts 3 in the SBITS2
  
  
    Acts 3 in the SBITS3
  
  
    Acts 3 in the SBITS4
  
  
    Acts 3 in the SBIUS
  
  
    Acts 3 in the SBIVS
  
  
    Acts 3 in the SBT
  
  
    Acts 3 in the SBT1E
  
  
    Acts 3 in the SCHL
  
  
    Acts 3 in the SNT
  
  
    Acts 3 in the SUSU
  
  
    Acts 3 in the SUSU2
  
  
    Acts 3 in the SYNO
  
  
    Acts 3 in the TBIAOTANT
  
  
    Acts 3 in the TBT1E
  
  
    Acts 3 in the TBT1E2
  
  
    Acts 3 in the TFTIP
  
  
    Acts 3 in the TFTU
  
  
    Acts 3 in the TGNTATF3T
  
  
    Acts 3 in the THAI
  
  
    Acts 3 in the TNFD
  
  
    Acts 3 in the TNT
  
  
    Acts 3 in the TNTIK
  
  
    Acts 3 in the TNTIL
  
  
    Acts 3 in the TNTIN
  
  
    Acts 3 in the TNTIP
  
  
    Acts 3 in the TNTIZ
  
  
    Acts 3 in the TOMA
  
  
    Acts 3 in the TTENT
  
  
    Acts 3 in the UBG
  
  
    Acts 3 in the UGV
  
  
    Acts 3 in the UGV2
  
  
    Acts 3 in the UGV3
  
  
    Acts 3 in the VBL
  
  
    Acts 3 in the VDCC
  
  
    Acts 3 in the YALU
  
  
    Acts 3 in the YAPE
  
  
    Acts 3 in the YBVTP
  
  
    Acts 3 in the ZBP