Ezekiel 27 (BOATCB)
1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so. 3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ AWURADE seɛ:“ ‘Woka sɛ, Ao Tiro,“Me ho yɛ fɛ yie.” 4 Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri;wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ 5 Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaayɛ pepeaa a ɛfiri Senir.Wɔde Lebanon ntwenedurona ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ. 6 Odum nnua a ɛfiri Basanna wɔde yɛɛ wʼatabono;Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoanona wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so. 7 Misraim nwera papa bi a wadi mu adwinina wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatomaa ɛyɛɛ wo frankaa nso;wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtomaa ɛfiri Elisa mpoano. 8 Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn;wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tirona wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu. 9 Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn musɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro.Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaabaa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa. 10 “ ‘Persia, Lidia ne Put mmarimasomeeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu.Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛsensɛnee wʼafasuo ho,de hyɛɛ wo animuonyam. 11 Arwad ne Helek mmarimawɛnee wʼafasuo ho nyinaa.Gammad mmarimatenaa wʼaban atentene mu.Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo homaa wʼahoɔfɛ dii mu. 12 “ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ. 13 “ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ. 14 “ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ. 15 “ ‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka. 16 “ ‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ. 17 “ ‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ. 18 “ ‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti. 19 Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ. 20 “ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa. 21 “ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa. 22 “ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa. 23 “ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa. 24 Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa. 25 “ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwumasɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ.Adesoa duruduru ayɛ wo mawɔ ɛpo no mfimfini. 26 Wʼaharefoɔ no fa wode wo kɔ ɛpo so akyirikyirinanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenketewɔ ɛpo no mfimfini. 27 Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛwʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ newɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro,wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa,ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mubɛmem akɔ ɛpo ase tɔnnɛda a wo hyɛn no bɛbɔ. 28 Mpoano asase bɛwosoɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam. 29 Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaabɛgya wɔn ahyɛn hɔ;hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaabɛgyinagyina mpoano. 30 Wɔbɛma wɔn ɛnne soasu osu yaaya ama wo;wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri sona wɔayantanyantam nsõ mu. 31 Wo enti wɔbɛbobɔ tikwana wɔafirafira ayitoma.Wɔde ɔkra mu ahoyerane awerɛhoɔ a emu yɛ denbɛgyam wo. 32 Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no,wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ:“Hwan na wama no atɔre mumute sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?” 33 Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so nowoboaa aman bebree;Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛmaa asase so ahemfo nyaa wɔn ho. 34 Afei ɛpo abubu wo mu nketenketewɔ nsuo no bunu muwʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaane wo amem kɔ nsuo ase. 35 Wɔn a wɔtete mpoano nyinaaho adwiri wɔn wɔ wo ho;ehu ma wɔn ahemfo ho popona wɔn anim sinsiam. 36 Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo sowoaba awieeɛ a ɛyɛ huna wɔrenhunu wo bio.’ ”