Ezekiel 7 (BOATCB)
1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2 “Onipa ba, yei ne asɛm a Otumfoɔ AWURADE ka kyerɛ Israel asase no:“ ‘Awieeɛ no, awieeɛ no aduruasase no ntweaso ɛnan no so! 3 Awieeɛ no aduru wɔ wo so,na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so.Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, namatua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so. 4 Merenhunu wo mmɔbɔna meremfa wo ho nkyɛ wo.Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no,na moahunu sɛ me ne AWURADE.’ 5 “Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ:“ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee danam ɛkwan so reba! 6 Awieeɛ no aba!Awieeɛ no aba!Apagya ne ho atia wo.Aba! 7 Ɔsɛeɛ aduru mo,mo a mote asase no so.Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn;huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ. 8 Merebɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo sode awie mʼabufuo a ɛtia wo no.Mɛgyina wo nneyɛɛ so abu wo atɛn,na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so. 9 Merenhunu wo mmɔbɔ,na meremfa wo ho nkyɛ wo.Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no.Afei mobɛhunu sɛ me, AWURADE, na mebobɔ. 10 “ ‘Ɛda no nie!Hwɛ aba!Atemmuo da no apue,abaa no afefɛ,ahantan ahanehane! 11 Akakabensɛm ayɛ abaaa wɔde twe amumuyɛ aso.Nnipa no mu biara renka,nnipakuo no mu biara,ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka. 12 Ɛberɛ no aso!Ɛda no aduru.Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnyeanaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho,ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so. 13 Deɛ ɔtɔn no nsa renka asasea watɔn no biowɔ ɛberɛ a wɔn mmienu te ase,Ɛfiri sɛ anisoadehunu a ɛfa nnipakuono nyinaa no rensesa.Wɔn bɔne enti, wɔn mu baako koraaremfa ne ho nni. 14 “ ‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto,na wɔboaboa biribiara ano deɛ,nanso obiara renkɔ ɔsa,ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so. 15 Akofena wɔ mfikyire;na ɔyaredɔm ne ɛkɔm wɔ efie.Wɔn a wɔwɔ ɔman no mubɛtotɔ wɔ akofena ano.Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no,ɔyaredɔm ne ɛkɔm bɛkum wɔn. 16 Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi muna wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so.Na wɔakurum te sɛmmɔnhwa mu mmorɔnomawɔ wɔn mu biara bɔne enti. 17 Nsa nyinaa bɛdwodwona nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo. 18 Wɔbɛfirafira ayitomana wɔabɔ huboa.Aniwuo bɛkata wɔn animna wɔayi wɔn tirinwi. 19 “ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so,na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ.Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔrentumi nnye wɔn AWURADE abufuhyeɛ ɛda no.Ɛrenkum wɔn kɔmna ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu. 20 Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho,na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛne nsɛsodeɛ tantane;enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn. 21 Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛna mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ,na wɔbɛgu ho fi. 22 Mɛyi mʼani afiri wɔn sona akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi.Wɔbɛwura hɔna wɔagu ho fi. 23 “ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn!Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma,na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma. 24 Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa araabɛfa wɔn afie;mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ,na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi. 25 Sɛ ehu ba a,wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri ɛkwan, nanso ɛbɛbɔ wɔn. 26 Atoyerɛnkyɛm bɛdi atoyerɛnkyɛm akyi aba;atesɛm bɛdi atesɛm akyi.Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛnya anisoadehunu afiri odiyifoɔ no hɔ,Ɔsɔfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn.Saa ara na wɔrennya afotuo mfiri mpanimfoɔ hɔ. 27 Ɔhene no bɛtwa adwo,ɔheneba no bɛfira abasamutuo,na asase no so nnipa nsa bɛpopo.Me ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ,na mɛgyina wɔn pɛpɛyɛ so abu wɔn atɛn.Afei wɔbɛhunu sɛ me ne AWURADE no.’ ”
In Other Versions
Ezekiel 7 in the ANGEFD
Ezekiel 7 in the ANTPNG2D
Ezekiel 7 in the AS21
Ezekiel 7 in the BAGH
Ezekiel 7 in the BBPNG
Ezekiel 7 in the BBT1E
Ezekiel 7 in the BDS
Ezekiel 7 in the BEV
Ezekiel 7 in the BHAD
Ezekiel 7 in the BIB
Ezekiel 7 in the BLPT
Ezekiel 7 in the BNT
Ezekiel 7 in the BNTABOOT
Ezekiel 7 in the BNTLV
Ezekiel 7 in the BOATCB2
Ezekiel 7 in the BOBCV
Ezekiel 7 in the BOCNT
Ezekiel 7 in the BOECS
Ezekiel 7 in the BOGWICC
Ezekiel 7 in the BOHCB
Ezekiel 7 in the BOHCV
Ezekiel 7 in the BOHLNT
Ezekiel 7 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 7 in the BOICB
Ezekiel 7 in the BOILNTAP
Ezekiel 7 in the BOITCV
Ezekiel 7 in the BOKCV
Ezekiel 7 in the BOKCV2
Ezekiel 7 in the BOKHWOG
Ezekiel 7 in the BOKSSV
Ezekiel 7 in the BOLCB
Ezekiel 7 in the BOLCB2
Ezekiel 7 in the BOMCV
Ezekiel 7 in the BONAV
Ezekiel 7 in the BONCB
Ezekiel 7 in the BONLT
Ezekiel 7 in the BONUT2
Ezekiel 7 in the BOPLNT
Ezekiel 7 in the BOSCB
Ezekiel 7 in the BOSNC
Ezekiel 7 in the BOTLNT
Ezekiel 7 in the BOVCB
Ezekiel 7 in the BOYCB
Ezekiel 7 in the BPBB
Ezekiel 7 in the BPH
Ezekiel 7 in the BSB
Ezekiel 7 in the CCB
Ezekiel 7 in the CUV
Ezekiel 7 in the CUVS
Ezekiel 7 in the DBT
Ezekiel 7 in the DGDNT
Ezekiel 7 in the DHNT
Ezekiel 7 in the DNT
Ezekiel 7 in the ELBE
Ezekiel 7 in the EMTV
Ezekiel 7 in the ESV
Ezekiel 7 in the FBV
Ezekiel 7 in the FEB
Ezekiel 7 in the GGMNT
Ezekiel 7 in the GNT
Ezekiel 7 in the HARY
Ezekiel 7 in the HNT
Ezekiel 7 in the IRVA
Ezekiel 7 in the IRVB
Ezekiel 7 in the IRVG
Ezekiel 7 in the IRVH
Ezekiel 7 in the IRVK
Ezekiel 7 in the IRVM
Ezekiel 7 in the IRVM2
Ezekiel 7 in the IRVO
Ezekiel 7 in the IRVP
Ezekiel 7 in the IRVT
Ezekiel 7 in the IRVT2
Ezekiel 7 in the IRVU
Ezekiel 7 in the ISVN
Ezekiel 7 in the JSNT
Ezekiel 7 in the KAPI
Ezekiel 7 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 7 in the KBV
Ezekiel 7 in the KJV
Ezekiel 7 in the KNFD
Ezekiel 7 in the LBA
Ezekiel 7 in the LBLA
Ezekiel 7 in the LNT
Ezekiel 7 in the LSV
Ezekiel 7 in the MAAL
Ezekiel 7 in the MBV
Ezekiel 7 in the MBV2
Ezekiel 7 in the MHNT
Ezekiel 7 in the MKNFD
Ezekiel 7 in the MNG
Ezekiel 7 in the MNT
Ezekiel 7 in the MNT2
Ezekiel 7 in the MRS1T
Ezekiel 7 in the NAA
Ezekiel 7 in the NASB
Ezekiel 7 in the NBLA
Ezekiel 7 in the NBS
Ezekiel 7 in the NBVTP
Ezekiel 7 in the NET2
Ezekiel 7 in the NIV11
Ezekiel 7 in the NNT
Ezekiel 7 in the NNT2
Ezekiel 7 in the NNT3
Ezekiel 7 in the PDDPT
Ezekiel 7 in the PFNT
Ezekiel 7 in the RMNT
Ezekiel 7 in the SBIAS
Ezekiel 7 in the SBIBS
Ezekiel 7 in the SBIBS2
Ezekiel 7 in the SBICS
Ezekiel 7 in the SBIDS
Ezekiel 7 in the SBIGS
Ezekiel 7 in the SBIHS
Ezekiel 7 in the SBIIS
Ezekiel 7 in the SBIIS2
Ezekiel 7 in the SBIIS3
Ezekiel 7 in the SBIKS
Ezekiel 7 in the SBIKS2
Ezekiel 7 in the SBIMS
Ezekiel 7 in the SBIOS
Ezekiel 7 in the SBIPS
Ezekiel 7 in the SBISS
Ezekiel 7 in the SBITS
Ezekiel 7 in the SBITS2
Ezekiel 7 in the SBITS3
Ezekiel 7 in the SBITS4
Ezekiel 7 in the SBIUS
Ezekiel 7 in the SBIVS
Ezekiel 7 in the SBT
Ezekiel 7 in the SBT1E
Ezekiel 7 in the SCHL
Ezekiel 7 in the SNT
Ezekiel 7 in the SUSU
Ezekiel 7 in the SUSU2
Ezekiel 7 in the SYNO
Ezekiel 7 in the TBIAOTANT
Ezekiel 7 in the TBT1E
Ezekiel 7 in the TBT1E2
Ezekiel 7 in the TFTIP
Ezekiel 7 in the TFTU
Ezekiel 7 in the TGNTATF3T
Ezekiel 7 in the THAI
Ezekiel 7 in the TNFD
Ezekiel 7 in the TNT
Ezekiel 7 in the TNTIK
Ezekiel 7 in the TNTIL
Ezekiel 7 in the TNTIN
Ezekiel 7 in the TNTIP
Ezekiel 7 in the TNTIZ
Ezekiel 7 in the TOMA
Ezekiel 7 in the TTENT
Ezekiel 7 in the UBG
Ezekiel 7 in the UGV
Ezekiel 7 in the UGV2
Ezekiel 7 in the UGV3
Ezekiel 7 in the VBL
Ezekiel 7 in the VDCC
Ezekiel 7 in the YALU
Ezekiel 7 in the YAPE
Ezekiel 7 in the YBVTP
Ezekiel 7 in the ZBP