Hebrews 10 (BOATCB)

1 Mmara no yɛ nneɛma pa nsususoɔ a ɛreba, na mmom, ɛnnyɛ nneɛma pa no ankasa. Wɔbɔ afɔdeɛ korɔ no ara afe biara, ɛfiri sɛ saa afɔdeɛ korɔ a wɔbɔ no afeafe rentumi mma nnipa a wɔsom no nnyɛ pɛ da. 2 Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi firi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛnneɛ anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa enti, afɔrebɔ nyinaa to bɛtwa. 3 Deɛ saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. 4 Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpepa bɔne. 5 Esiane saa enti, ɛberɛ a Kristo rebɛba ewiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ:“Wommpɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛnanso woasiesie ɔhonam ama me. 6 Wʼani nnnyeɔhyeɛ ne bɔne afɔdeɛ anaa afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne ho. 7 Afei, mekaa sɛ: ‘Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛsɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.’ ” 8 Kane no ɔkaa sɛ, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwom, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. 9 Na ɔkaa sɛ, “Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno enti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi ananmu. 10 Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no enti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔdeɛ prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho ate afiri bɔne ho. 11 Ɛda biara Yudani ɔsɔfoɔ sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔdeɛ mpɛn bebree. Nanso, saa afɔdeɛ yi rentumi mpepa bɔne. 12 Kristo deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ. Afɔdeɛ a ɛtena daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so. 13 Ɛhɔ na ɔretwɛn seesei kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfoɔ ayɛ ne nan ntiasoɔ. 14 Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfoɔ ho ate daa nyinaa. 15 Na Honhom Kronkron no nso di adanseɛ. Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔka sɛ, 16 “Yei ne apam a me ne wɔn bɛpamwɔ ɛberɛ a ɛreba no mu. Awurade na ɔseɛ:Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma muna matwerɛ agu wɔn adwene mu.” 17 Na afei waka sɛ,“Merenkae wɔn bɔnene wɔn amumuyɛ bio.” 18 Sɛ wɔde yeinom nyinaa kyɛ a, na afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio. 19 Anuanom, ɛsiane Yesu wuo no enti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ. 20 Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɛkwan foforɔ a nkwa wɔ mu ama yɛn. 21 Yɛwɔ ɔsɔfoɔ kɛseɛ bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. 22 Momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a emu yɛ den ntwe mmɛn Onyankopɔn. Ɛfiri sɛ wɔde Yesu mmogya ate yɛn atiboa bɔne ho, na wɔde nsuo a ɛyɛ kronn adware yɛn onipadua ho. 23 Momma yɛnnyina gyidie a yɛasɔ mu no mu denden, ɛfiri sɛ, deɛ ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafoɔ. 24 Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa. 25 Mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛdeɛ afoforɔ bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dendeenden, ɛfiri sɛ, mo ara mohunu sɛ ɛrenkyɛre na ɛda no aba. 26 Sɛ moboapa kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, ɛfiri sɛ, wɔada nokorɛ no adi akyerɛ yɛn. 27 Deɛ ɛwɔ hɔ ara ma wɔn a wɔtia Onyankopɔn ne atemmuo ne ogya a ɛbɛba abɛhye wɔn. 28 Obiara a ɔbu Mose Mmara no so no, sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa adansedie enti, wɔbu atɛn tia no a, wɔbɛkum no a wɔrenhunu no mmɔbɔ. 29 Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a ɛgyee no firii bɔne mu no nyɛ hwee anaa deɛ ɔtiatia Honhom a ɔma adom no anim no, ɛdeɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no bɛnya no nnyɛ adewa. 30 Yɛnim sɛ Onyankopɔn kaa sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na metua ka,” na ɔno ara na ɔsane kaa sɛ, “Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.” 31 Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu. 32 Monkae ahohia a mokɔɔ mu ɛberɛ a mohunuu hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amaneɛ. 33 Ebi ne sɛ, mpɛn bebree wɔyeyɛɛ mo, guu mo anim ase badwam; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehunu amaneɛ no ho. 34 Mo ne nneduafoɔ daa afiase na wɔfaa mo ahodeɛ nyinaa no mpo, monyaa ho boasetɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa. 35 Mommma mo akoma nntu na moanhwere mo akatua. 36 Ɛsɛ sɛ moto mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ama mo nsa aka deɛ wɔahyɛ mo ho bɔ no. 37 Ɛfiri sɛ,Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛrenkyɛre koraana deɛ ɛsɛ sɛ ɔba no aba;ɔrentwentwɛn. 38 Na,“Deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa,na sɛ ɔtwe ne ho a,me kra ani rensɔ no.” 39 Yɛnnyɛ nnipa a yɛsane yɛn akyi na yɛyera. Mmom, yɛwɔ gyidie na wɔagye yɛn nkwa.

In Other Versions

Hebrews 10 in the ANGEFD

Hebrews 10 in the ANTPNG2D

Hebrews 10 in the AS21

Hebrews 10 in the BAGH

Hebrews 10 in the BBPNG

Hebrews 10 in the BBT1E

Hebrews 10 in the BDS

Hebrews 10 in the BEV

Hebrews 10 in the BHAD

Hebrews 10 in the BIB

Hebrews 10 in the BLPT

Hebrews 10 in the BNT

Hebrews 10 in the BNTABOOT

Hebrews 10 in the BNTLV

Hebrews 10 in the BOATCB2

Hebrews 10 in the BOBCV

Hebrews 10 in the BOCNT

Hebrews 10 in the BOECS

Hebrews 10 in the BOGWICC

Hebrews 10 in the BOHCB

Hebrews 10 in the BOHCV

Hebrews 10 in the BOHLNT

Hebrews 10 in the BOHNTLTAL

Hebrews 10 in the BOICB

Hebrews 10 in the BOILNTAP

Hebrews 10 in the BOITCV

Hebrews 10 in the BOKCV

Hebrews 10 in the BOKCV2

Hebrews 10 in the BOKHWOG

Hebrews 10 in the BOKSSV

Hebrews 10 in the BOLCB

Hebrews 10 in the BOLCB2

Hebrews 10 in the BOMCV

Hebrews 10 in the BONAV

Hebrews 10 in the BONCB

Hebrews 10 in the BONLT

Hebrews 10 in the BONUT2

Hebrews 10 in the BOPLNT

Hebrews 10 in the BOSCB

Hebrews 10 in the BOSNC

Hebrews 10 in the BOTLNT

Hebrews 10 in the BOVCB

Hebrews 10 in the BOYCB

Hebrews 10 in the BPBB

Hebrews 10 in the BPH

Hebrews 10 in the BSB

Hebrews 10 in the CCB

Hebrews 10 in the CUV

Hebrews 10 in the CUVS

Hebrews 10 in the DBT

Hebrews 10 in the DGDNT

Hebrews 10 in the DHNT

Hebrews 10 in the DNT

Hebrews 10 in the ELBE

Hebrews 10 in the EMTV

Hebrews 10 in the ESV

Hebrews 10 in the FBV

Hebrews 10 in the FEB

Hebrews 10 in the GGMNT

Hebrews 10 in the GNT

Hebrews 10 in the HARY

Hebrews 10 in the HNT

Hebrews 10 in the IRVA

Hebrews 10 in the IRVB

Hebrews 10 in the IRVG

Hebrews 10 in the IRVH

Hebrews 10 in the IRVK

Hebrews 10 in the IRVM

Hebrews 10 in the IRVM2

Hebrews 10 in the IRVO

Hebrews 10 in the IRVP

Hebrews 10 in the IRVT

Hebrews 10 in the IRVT2

Hebrews 10 in the IRVU

Hebrews 10 in the ISVN

Hebrews 10 in the JSNT

Hebrews 10 in the KAPI

Hebrews 10 in the KBT1ETNIK

Hebrews 10 in the KBV

Hebrews 10 in the KJV

Hebrews 10 in the KNFD

Hebrews 10 in the LBA

Hebrews 10 in the LBLA

Hebrews 10 in the LNT

Hebrews 10 in the LSV

Hebrews 10 in the MAAL

Hebrews 10 in the MBV

Hebrews 10 in the MBV2

Hebrews 10 in the MHNT

Hebrews 10 in the MKNFD

Hebrews 10 in the MNG

Hebrews 10 in the MNT

Hebrews 10 in the MNT2

Hebrews 10 in the MRS1T

Hebrews 10 in the NAA

Hebrews 10 in the NASB

Hebrews 10 in the NBLA

Hebrews 10 in the NBS

Hebrews 10 in the NBVTP

Hebrews 10 in the NET2

Hebrews 10 in the NIV11

Hebrews 10 in the NNT

Hebrews 10 in the NNT2

Hebrews 10 in the NNT3

Hebrews 10 in the PDDPT

Hebrews 10 in the PFNT

Hebrews 10 in the RMNT

Hebrews 10 in the SBIAS

Hebrews 10 in the SBIBS

Hebrews 10 in the SBIBS2

Hebrews 10 in the SBICS

Hebrews 10 in the SBIDS

Hebrews 10 in the SBIGS

Hebrews 10 in the SBIHS

Hebrews 10 in the SBIIS

Hebrews 10 in the SBIIS2

Hebrews 10 in the SBIIS3

Hebrews 10 in the SBIKS

Hebrews 10 in the SBIKS2

Hebrews 10 in the SBIMS

Hebrews 10 in the SBIOS

Hebrews 10 in the SBIPS

Hebrews 10 in the SBISS

Hebrews 10 in the SBITS

Hebrews 10 in the SBITS2

Hebrews 10 in the SBITS3

Hebrews 10 in the SBITS4

Hebrews 10 in the SBIUS

Hebrews 10 in the SBIVS

Hebrews 10 in the SBT

Hebrews 10 in the SBT1E

Hebrews 10 in the SCHL

Hebrews 10 in the SNT

Hebrews 10 in the SUSU

Hebrews 10 in the SUSU2

Hebrews 10 in the SYNO

Hebrews 10 in the TBIAOTANT

Hebrews 10 in the TBT1E

Hebrews 10 in the TBT1E2

Hebrews 10 in the TFTIP

Hebrews 10 in the TFTU

Hebrews 10 in the TGNTATF3T

Hebrews 10 in the THAI

Hebrews 10 in the TNFD

Hebrews 10 in the TNT

Hebrews 10 in the TNTIK

Hebrews 10 in the TNTIL

Hebrews 10 in the TNTIN

Hebrews 10 in the TNTIP

Hebrews 10 in the TNTIZ

Hebrews 10 in the TOMA

Hebrews 10 in the TTENT

Hebrews 10 in the UBG

Hebrews 10 in the UGV

Hebrews 10 in the UGV2

Hebrews 10 in the UGV3

Hebrews 10 in the VBL

Hebrews 10 in the VDCC

Hebrews 10 in the YALU

Hebrews 10 in the YAPE

Hebrews 10 in the YBVTP

Hebrews 10 in the ZBP