Hebrews 10 (BOATCB2)

1 Mmara no yɛ nneɛma pa nsusuwso a ɛreba, na mmom ɛnyɛ nneɛma pa no ankasa nen. Wɔbɔ afɔre koro no ara afe biara, efisɛ saa afɔre koro a wɔbɔ no afe afe no rentumi mma nnipa a wɔsom no nyɛ pɛ da. 2 Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi fi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛno de anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa nti afɔrebɔ nyinaa to betwa. 3 Nea saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. 4 Anantwi ne mmirekyi mogya rentumi mpepa bɔne. 5 Esiane saa nti, bere a Kristo rebɛba wiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se:“Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdenanso woasiesie ɔhonam ama me. 6 Wʼani nnnyeɔhyew ne bɔne afɔre anaa afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne ho. 7 Afei mekae se, ‘Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛsɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mmara nhoma no mu no.’ ” 8 Kan no ɔkae se, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛde a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwɔ mu, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. 9 Na ɔkae se, “Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno nti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi anan mu. 10 Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no nti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔre prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho atew afi bɔne ho. 11 Da biara Yudani sɔfo sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔre mpɛn pii. Nanso saa afɔre yi rentumi mpepa bɔne. 12 Kristo de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre. Afɔre a ɛtena hɔ daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so. 13 Ɛhɔ na ɔretwɛn mprempren kosi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfo ayɛ nʼanan ase ntiaso. 14 Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfo ho atew daa nyinaa. 15 Na Honhom Kronkron no nso di adanse. Nea edi kan no, ɔka se, 16 “Eyi ne apam a me ne wɔn bɛpamwɔ bere a ɛreba no mu. Awurade na ose:Mede me mmara bɛhyɛ wɔn koma muna makyerɛw agu wɔn adwene mu.” 17 Na afei waka se,“Merenkae wɔn bɔnene wɔn amumɔyɛ bio.” 18 Sɛ wɔde eyinom nyinaa kyɛ a, na afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio. 19 Anuanom, esiane Yesu wu no nti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ. 20 Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɔkwan foforo a nkwa wɔ mu ama yɛn. 21 Yɛwɔ ɔsɔfo kɛse bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. 22 Momma yɛmfa koma pa ne gyidi a mu yɛ den ntwiw mmɛn Onyankopɔn. Efisɛ wɔde Yesu mogya atew yɛn tiboa afɔbu ho, na wɔde nsu a ɛyɛ kronkron aguare yɛn nipadua. 23 Momma yennyina gyidi a yɛaso mu no mu dennen, efisɛ nea ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafo. 24 Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa. 25 Mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛnea afoforo bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denneennen, efisɛ mo ara muhu sɛ ɛrenkyɛ na da no aba. 26 Sɛ mohyɛ da kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, efisɛ wɔada nokware no adi akyerɛ yɛn. 27 Nea ɛwɔ hɔ ma wɔn a wotia Onyankopɔn ara ne atemmu ne ogya a ɛbɛba abɛhyew wɔn no. 28 Obiara a obu Mose Mmara no so no, sɛ nnansefo baanu anaa baasa adansedi nti, wobu atɛn tia no a, wobekum no a wɔrenhu no mmɔbɔ. 29 Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a egyee no fii bɔne mu no nyɛ hwee anaa nea otiatia Honhom a ɔma adom no anim no, dɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no benya no nyɛ adewa. 30 Yenim sɛ Onyankopɔn kae se, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na mitua ka,” na ɔno ara na ɔsan kae se, “Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn.” 31 Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu. 32 Monkae ahohia a mokɔɔ mu bere a muhuu hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane. 33 Ebi ne sɛ, wɔyeyaw mo mpɛn pii, guu mo anim ase wɔ bagua mu; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehu amane no ho. 34 Mo ne nneduafo daa afiase na wɔfaa mo ahode nyinaa no mpo, munyaa ho boasetɔ, efisɛ munim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa. 35 Mommma mo koma ntutu na moanhwere mo akatua. 36 Ɛsɛ sɛ motɔ mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde ama mo nsa aka nea wɔahyɛ mo ho bɔ no. 37 EfisɛKyerɛwsɛm no ka se, “Ɛrenkyɛ koraana nea ɛsɛ sɛ ɔba no aba;ɔrentwentwɛn. 38 Na,“Nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa,na sɛ ɔtwe ne ho a,me kra ani rensɔ no.” 39 Yɛnyɛ nnipa a yɛsan yɛn akyi na yɛyera. Mmom yɛwɔ gyidi na wɔagye yɛn nkwa.

In Other Versions

Hebrews 10 in the ANGEFD

Hebrews 10 in the ANTPNG2D

Hebrews 10 in the AS21

Hebrews 10 in the BAGH

Hebrews 10 in the BBPNG

Hebrews 10 in the BBT1E

Hebrews 10 in the BDS

Hebrews 10 in the BEV

Hebrews 10 in the BHAD

Hebrews 10 in the BIB

Hebrews 10 in the BLPT

Hebrews 10 in the BNT

Hebrews 10 in the BNTABOOT

Hebrews 10 in the BNTLV

Hebrews 10 in the BOATCB

Hebrews 10 in the BOBCV

Hebrews 10 in the BOCNT

Hebrews 10 in the BOECS

Hebrews 10 in the BOGWICC

Hebrews 10 in the BOHCB

Hebrews 10 in the BOHCV

Hebrews 10 in the BOHLNT

Hebrews 10 in the BOHNTLTAL

Hebrews 10 in the BOICB

Hebrews 10 in the BOILNTAP

Hebrews 10 in the BOITCV

Hebrews 10 in the BOKCV

Hebrews 10 in the BOKCV2

Hebrews 10 in the BOKHWOG

Hebrews 10 in the BOKSSV

Hebrews 10 in the BOLCB

Hebrews 10 in the BOLCB2

Hebrews 10 in the BOMCV

Hebrews 10 in the BONAV

Hebrews 10 in the BONCB

Hebrews 10 in the BONLT

Hebrews 10 in the BONUT2

Hebrews 10 in the BOPLNT

Hebrews 10 in the BOSCB

Hebrews 10 in the BOSNC

Hebrews 10 in the BOTLNT

Hebrews 10 in the BOVCB

Hebrews 10 in the BOYCB

Hebrews 10 in the BPBB

Hebrews 10 in the BPH

Hebrews 10 in the BSB

Hebrews 10 in the CCB

Hebrews 10 in the CUV

Hebrews 10 in the CUVS

Hebrews 10 in the DBT

Hebrews 10 in the DGDNT

Hebrews 10 in the DHNT

Hebrews 10 in the DNT

Hebrews 10 in the ELBE

Hebrews 10 in the EMTV

Hebrews 10 in the ESV

Hebrews 10 in the FBV

Hebrews 10 in the FEB

Hebrews 10 in the GGMNT

Hebrews 10 in the GNT

Hebrews 10 in the HARY

Hebrews 10 in the HNT

Hebrews 10 in the IRVA

Hebrews 10 in the IRVB

Hebrews 10 in the IRVG

Hebrews 10 in the IRVH

Hebrews 10 in the IRVK

Hebrews 10 in the IRVM

Hebrews 10 in the IRVM2

Hebrews 10 in the IRVO

Hebrews 10 in the IRVP

Hebrews 10 in the IRVT

Hebrews 10 in the IRVT2

Hebrews 10 in the IRVU

Hebrews 10 in the ISVN

Hebrews 10 in the JSNT

Hebrews 10 in the KAPI

Hebrews 10 in the KBT1ETNIK

Hebrews 10 in the KBV

Hebrews 10 in the KJV

Hebrews 10 in the KNFD

Hebrews 10 in the LBA

Hebrews 10 in the LBLA

Hebrews 10 in the LNT

Hebrews 10 in the LSV

Hebrews 10 in the MAAL

Hebrews 10 in the MBV

Hebrews 10 in the MBV2

Hebrews 10 in the MHNT

Hebrews 10 in the MKNFD

Hebrews 10 in the MNG

Hebrews 10 in the MNT

Hebrews 10 in the MNT2

Hebrews 10 in the MRS1T

Hebrews 10 in the NAA

Hebrews 10 in the NASB

Hebrews 10 in the NBLA

Hebrews 10 in the NBS

Hebrews 10 in the NBVTP

Hebrews 10 in the NET2

Hebrews 10 in the NIV11

Hebrews 10 in the NNT

Hebrews 10 in the NNT2

Hebrews 10 in the NNT3

Hebrews 10 in the PDDPT

Hebrews 10 in the PFNT

Hebrews 10 in the RMNT

Hebrews 10 in the SBIAS

Hebrews 10 in the SBIBS

Hebrews 10 in the SBIBS2

Hebrews 10 in the SBICS

Hebrews 10 in the SBIDS

Hebrews 10 in the SBIGS

Hebrews 10 in the SBIHS

Hebrews 10 in the SBIIS

Hebrews 10 in the SBIIS2

Hebrews 10 in the SBIIS3

Hebrews 10 in the SBIKS

Hebrews 10 in the SBIKS2

Hebrews 10 in the SBIMS

Hebrews 10 in the SBIOS

Hebrews 10 in the SBIPS

Hebrews 10 in the SBISS

Hebrews 10 in the SBITS

Hebrews 10 in the SBITS2

Hebrews 10 in the SBITS3

Hebrews 10 in the SBITS4

Hebrews 10 in the SBIUS

Hebrews 10 in the SBIVS

Hebrews 10 in the SBT

Hebrews 10 in the SBT1E

Hebrews 10 in the SCHL

Hebrews 10 in the SNT

Hebrews 10 in the SUSU

Hebrews 10 in the SUSU2

Hebrews 10 in the SYNO

Hebrews 10 in the TBIAOTANT

Hebrews 10 in the TBT1E

Hebrews 10 in the TBT1E2

Hebrews 10 in the TFTIP

Hebrews 10 in the TFTU

Hebrews 10 in the TGNTATF3T

Hebrews 10 in the THAI

Hebrews 10 in the TNFD

Hebrews 10 in the TNT

Hebrews 10 in the TNTIK

Hebrews 10 in the TNTIL

Hebrews 10 in the TNTIN

Hebrews 10 in the TNTIP

Hebrews 10 in the TNTIZ

Hebrews 10 in the TOMA

Hebrews 10 in the TTENT

Hebrews 10 in the UBG

Hebrews 10 in the UGV

Hebrews 10 in the UGV2

Hebrews 10 in the UGV3

Hebrews 10 in the VBL

Hebrews 10 in the VDCC

Hebrews 10 in the YALU

Hebrews 10 in the YAPE

Hebrews 10 in the YBVTP

Hebrews 10 in the ZBP