Hebrews 13 (BOATCB)
1 Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu. 2 Monkae na monnye ahɔhoɔ wɔ mo afie mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfoɔ a na wɔnnim. 3 Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehunu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛrehunu saa amane no. 4 Mo nyinaa nni awadeɛ ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokorɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamanfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn. 5 Monyi sikanibereɛ mfiri mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ deɛ mo nsa ka. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn aka sɛ,“Merennya wo,na merennya wo da.” 6 Momma yɛnsi yɛn bo nka sɛ,“Awurade ne me ɔboafoɔ, enti merensuro.Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?” 7 Monkae mo mpanimfoɔ a wɔdii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɛkwan a wɔfaa so tenaa ase na monsua wɔn gyidie no. 8 Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa. 9 Mommma nkyerɛkyerɛ foforɔ biara nntwe mo mmfiri ɛkwan pa so. Ɛyɛ sɛ Onyankopɔn adom enti, yɛn kra bɛnyini ahoɔden so a ɛmfiri aduane ho mmara a yɛdi so no. Wɔn a wɔdi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara. 10 Nanso yɛwɔ afɔrebukyia bi a Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu no mpo nni ho ɛkwan sɛ wɔdidi so. 11 Yudafoɔ Sɔfopanin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔdeɛ nanso wɔhye mmoa no funu wɔ beaeɛ no akyi baabi. 12 Yei enti, Yesu nso wuu wɔ kuro no ɛpono akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ kronkron. 13 Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beaeɛ no akyi nkɔgye animguaseɛ no bi. 14 Ɛfiri sɛ, yɛnni atenaeɛ a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kuro a ɛrebɛba no akyiri ɛkwan. 15 Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔdeɛ. 16 Mommma mo werɛ mfiri sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, ɛfiri sɛ, ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani. 17 Montie mo mpanimfoɔ na monni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn adwuma ho akonta enti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ motie wɔn a, wɔde anigyeɛ bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhoɔ bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo. 18 Monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn. Yɛnim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ ɛberɛ biara yɛyɛ adeɛ a ɛyɛ. 19 Na mebɔ mpaeɛ kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpaeɛ na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara. 20 Onyankopɔn anyane yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ panin no afiri awufoɔ mu ama yɛn na ɛnam ne owuo no so enti, wɔasɔ daa apam no ano ama yɛn. 21 Asomdwoeɛ Onyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen. 22 Anuanom, mesrɛ mo sɛ, monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri sɛ, saa krataa a matwerɛ mo yi nnyɛ tenten biara. 23 Mepɛ sɛ mebɔ mo amaneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afiri afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn. 24 Yɛkyea mpanimfoɔ no ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nyinaa.Anuanom a wɔwɔ Italia no kyea mo. 25 Adom nka mo nyinaa.
In Other Versions
Hebrews 13 in the ANGEFD
Hebrews 13 in the ANTPNG2D
Hebrews 13 in the AS21
Hebrews 13 in the BAGH
Hebrews 13 in the BBPNG
Hebrews 13 in the BBT1E
Hebrews 13 in the BDS
Hebrews 13 in the BEV
Hebrews 13 in the BHAD
Hebrews 13 in the BIB
Hebrews 13 in the BLPT
Hebrews 13 in the BNT
Hebrews 13 in the BNTABOOT
Hebrews 13 in the BNTLV
Hebrews 13 in the BOATCB2
Hebrews 13 in the BOBCV
Hebrews 13 in the BOCNT
Hebrews 13 in the BOECS
Hebrews 13 in the BOGWICC
Hebrews 13 in the BOHCB
Hebrews 13 in the BOHCV
Hebrews 13 in the BOHLNT
Hebrews 13 in the BOHNTLTAL
Hebrews 13 in the BOICB
Hebrews 13 in the BOILNTAP
Hebrews 13 in the BOITCV
Hebrews 13 in the BOKCV
Hebrews 13 in the BOKCV2
Hebrews 13 in the BOKHWOG
Hebrews 13 in the BOKSSV
Hebrews 13 in the BOLCB
Hebrews 13 in the BOLCB2
Hebrews 13 in the BOMCV
Hebrews 13 in the BONAV
Hebrews 13 in the BONCB
Hebrews 13 in the BONLT
Hebrews 13 in the BONUT2
Hebrews 13 in the BOPLNT
Hebrews 13 in the BOSCB
Hebrews 13 in the BOSNC
Hebrews 13 in the BOTLNT
Hebrews 13 in the BOVCB
Hebrews 13 in the BOYCB
Hebrews 13 in the BPBB
Hebrews 13 in the BPH
Hebrews 13 in the BSB
Hebrews 13 in the CCB
Hebrews 13 in the CUV
Hebrews 13 in the CUVS
Hebrews 13 in the DBT
Hebrews 13 in the DGDNT
Hebrews 13 in the DHNT
Hebrews 13 in the DNT
Hebrews 13 in the ELBE
Hebrews 13 in the EMTV
Hebrews 13 in the ESV
Hebrews 13 in the FBV
Hebrews 13 in the FEB
Hebrews 13 in the GGMNT
Hebrews 13 in the GNT
Hebrews 13 in the HARY
Hebrews 13 in the HNT
Hebrews 13 in the IRVA
Hebrews 13 in the IRVB
Hebrews 13 in the IRVG
Hebrews 13 in the IRVH
Hebrews 13 in the IRVK
Hebrews 13 in the IRVM
Hebrews 13 in the IRVM2
Hebrews 13 in the IRVO
Hebrews 13 in the IRVP
Hebrews 13 in the IRVT
Hebrews 13 in the IRVT2
Hebrews 13 in the IRVU
Hebrews 13 in the ISVN
Hebrews 13 in the JSNT
Hebrews 13 in the KAPI
Hebrews 13 in the KBT1ETNIK
Hebrews 13 in the KBV
Hebrews 13 in the KJV
Hebrews 13 in the KNFD
Hebrews 13 in the LBA
Hebrews 13 in the LBLA
Hebrews 13 in the LNT
Hebrews 13 in the LSV
Hebrews 13 in the MAAL
Hebrews 13 in the MBV
Hebrews 13 in the MBV2
Hebrews 13 in the MHNT
Hebrews 13 in the MKNFD
Hebrews 13 in the MNG
Hebrews 13 in the MNT
Hebrews 13 in the MNT2
Hebrews 13 in the MRS1T
Hebrews 13 in the NAA
Hebrews 13 in the NASB
Hebrews 13 in the NBLA
Hebrews 13 in the NBS
Hebrews 13 in the NBVTP
Hebrews 13 in the NET2
Hebrews 13 in the NIV11
Hebrews 13 in the NNT
Hebrews 13 in the NNT2
Hebrews 13 in the NNT3
Hebrews 13 in the PDDPT
Hebrews 13 in the PFNT
Hebrews 13 in the RMNT
Hebrews 13 in the SBIAS
Hebrews 13 in the SBIBS
Hebrews 13 in the SBIBS2
Hebrews 13 in the SBICS
Hebrews 13 in the SBIDS
Hebrews 13 in the SBIGS
Hebrews 13 in the SBIHS
Hebrews 13 in the SBIIS
Hebrews 13 in the SBIIS2
Hebrews 13 in the SBIIS3
Hebrews 13 in the SBIKS
Hebrews 13 in the SBIKS2
Hebrews 13 in the SBIMS
Hebrews 13 in the SBIOS
Hebrews 13 in the SBIPS
Hebrews 13 in the SBISS
Hebrews 13 in the SBITS
Hebrews 13 in the SBITS2
Hebrews 13 in the SBITS3
Hebrews 13 in the SBITS4
Hebrews 13 in the SBIUS
Hebrews 13 in the SBIVS
Hebrews 13 in the SBT
Hebrews 13 in the SBT1E
Hebrews 13 in the SCHL
Hebrews 13 in the SNT
Hebrews 13 in the SUSU
Hebrews 13 in the SUSU2
Hebrews 13 in the SYNO
Hebrews 13 in the TBIAOTANT
Hebrews 13 in the TBT1E
Hebrews 13 in the TBT1E2
Hebrews 13 in the TFTIP
Hebrews 13 in the TFTU
Hebrews 13 in the TGNTATF3T
Hebrews 13 in the THAI
Hebrews 13 in the TNFD
Hebrews 13 in the TNT
Hebrews 13 in the TNTIK
Hebrews 13 in the TNTIL
Hebrews 13 in the TNTIN
Hebrews 13 in the TNTIP
Hebrews 13 in the TNTIZ
Hebrews 13 in the TOMA
Hebrews 13 in the TTENT
Hebrews 13 in the UBG
Hebrews 13 in the UGV
Hebrews 13 in the UGV2
Hebrews 13 in the UGV3
Hebrews 13 in the VBL
Hebrews 13 in the VDCC
Hebrews 13 in the YALU
Hebrews 13 in the YAPE
Hebrews 13 in the YBVTP
Hebrews 13 in the ZBP