Isaiah 29 (BOATCB)
1 Due wo Ariel,Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu!Kɔ so ara di wo mfirinhyia mu afahyɛ ahodoɔ no. 2 Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban;wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom,wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya. 3 Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia;mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyiana afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo. 4 Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu;mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba.Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ;wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka. 5 Nanso wʼatamfoɔ bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu,na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ.Ɛbɛba prɛko pɛ, amonom hɔ ara. 6 Asafo AWURADE bɛba.Ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne hooyɛ kɛseɛ,mframaden ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ bɛba. 7 Afei amanaman bebrebe a wɔtu Ariel so sa nyinaa,wɔn a wɔto hyɛ ɔne nʼaban so na wotua no no,ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeɛso,anaa anadwo mu anisoadehunu. 8 Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi,na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no;sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo,nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no,saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ awɔko tia Bepɔ Sion no. 9 Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa,mo ani mfira a monhunu adeɛ;mommoboro a ɛmfiri nsã,montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden. 10 AWURADE de nnahɔɔ ato mo so:Wakata mo ani (adiyifoɔ no);wakata mo tiri so (adehufoɔ no). 11 Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.” 12 Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.” 13 Awurade ka sɛ,“Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn mena wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam,nanso wɔn akoma mmɛn me.Som a wɔsom me noyɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara. 14 Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio.Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ;mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.” 15 Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛwɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta AWURADE,wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ,“Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?” 16 Mosisi nneɛma tiri ase.Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no!Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ,“Wo na woyɛɛ me anaa”?Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ“Ɔnnim hwee anaa”? 17 Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛna asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ. 18 Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no muna kusuuyɛ ne esum mu mpoonifirani ani bɛhunu adeɛ. 19 Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ AWURADE mu bio;ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu. 20 Atutupɛfoɔ bɛyera,wɔrenhunu fɛdifoɔ bio,na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu. 21 Wɔn a wɔka asɛm ma obi di fɔ,wɔn a wɔsum deɛ ɔreyi ne ho ano afidie wɔ asɛnniiɛna wɔdi adansekurumu ma wɔbu deɛ ɔdi bem no fɔ no nso, wɔbɛtwa wɔn agu. 22 Enti sei na AWURADE a ɔgyee Abraham nkwa noka kyerɛ Yakob fiefoɔ:Yakob anim renguase bio;wɔn anim rento hoa bio. 23 Sɛ wɔhunu wɔn mma wɔ wɔn mu,wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a,wɔbɛyɛ me din no kronkron;wɔbɛgye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu,na wɔde fɛreɛ agyina Israel Onyankopɔn no anim. 24 Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ;wɔn a wɔnwiinwii nso, wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ atom.
In Other Versions
Isaiah 29 in the ANGEFD
Isaiah 29 in the ANTPNG2D
Isaiah 29 in the AS21
Isaiah 29 in the BAGH
Isaiah 29 in the BBPNG
Isaiah 29 in the BBT1E
Isaiah 29 in the BDS
Isaiah 29 in the BEV
Isaiah 29 in the BHAD
Isaiah 29 in the BIB
Isaiah 29 in the BLPT
Isaiah 29 in the BNT
Isaiah 29 in the BNTABOOT
Isaiah 29 in the BNTLV
Isaiah 29 in the BOATCB2
Isaiah 29 in the BOBCV
Isaiah 29 in the BOCNT
Isaiah 29 in the BOECS
Isaiah 29 in the BOGWICC
Isaiah 29 in the BOHCB
Isaiah 29 in the BOHCV
Isaiah 29 in the BOHLNT
Isaiah 29 in the BOHNTLTAL
Isaiah 29 in the BOICB
Isaiah 29 in the BOILNTAP
Isaiah 29 in the BOITCV
Isaiah 29 in the BOKCV
Isaiah 29 in the BOKCV2
Isaiah 29 in the BOKHWOG
Isaiah 29 in the BOKSSV
Isaiah 29 in the BOLCB
Isaiah 29 in the BOLCB2
Isaiah 29 in the BOMCV
Isaiah 29 in the BONAV
Isaiah 29 in the BONCB
Isaiah 29 in the BONLT
Isaiah 29 in the BONUT2
Isaiah 29 in the BOPLNT
Isaiah 29 in the BOSCB
Isaiah 29 in the BOSNC
Isaiah 29 in the BOTLNT
Isaiah 29 in the BOVCB
Isaiah 29 in the BOYCB
Isaiah 29 in the BPBB
Isaiah 29 in the BPH
Isaiah 29 in the BSB
Isaiah 29 in the CCB
Isaiah 29 in the CUV
Isaiah 29 in the CUVS
Isaiah 29 in the DBT
Isaiah 29 in the DGDNT
Isaiah 29 in the DHNT
Isaiah 29 in the DNT
Isaiah 29 in the ELBE
Isaiah 29 in the EMTV
Isaiah 29 in the ESV
Isaiah 29 in the FBV
Isaiah 29 in the FEB
Isaiah 29 in the GGMNT
Isaiah 29 in the GNT
Isaiah 29 in the HARY
Isaiah 29 in the HNT
Isaiah 29 in the IRVA
Isaiah 29 in the IRVB
Isaiah 29 in the IRVG
Isaiah 29 in the IRVH
Isaiah 29 in the IRVK
Isaiah 29 in the IRVM
Isaiah 29 in the IRVM2
Isaiah 29 in the IRVO
Isaiah 29 in the IRVP
Isaiah 29 in the IRVT
Isaiah 29 in the IRVT2
Isaiah 29 in the IRVU
Isaiah 29 in the ISVN
Isaiah 29 in the JSNT
Isaiah 29 in the KAPI
Isaiah 29 in the KBT1ETNIK
Isaiah 29 in the KBV
Isaiah 29 in the KJV
Isaiah 29 in the KNFD
Isaiah 29 in the LBA
Isaiah 29 in the LBLA
Isaiah 29 in the LNT
Isaiah 29 in the LSV
Isaiah 29 in the MAAL
Isaiah 29 in the MBV
Isaiah 29 in the MBV2
Isaiah 29 in the MHNT
Isaiah 29 in the MKNFD
Isaiah 29 in the MNG
Isaiah 29 in the MNT
Isaiah 29 in the MNT2
Isaiah 29 in the MRS1T
Isaiah 29 in the NAA
Isaiah 29 in the NASB
Isaiah 29 in the NBLA
Isaiah 29 in the NBS
Isaiah 29 in the NBVTP
Isaiah 29 in the NET2
Isaiah 29 in the NIV11
Isaiah 29 in the NNT
Isaiah 29 in the NNT2
Isaiah 29 in the NNT3
Isaiah 29 in the PDDPT
Isaiah 29 in the PFNT
Isaiah 29 in the RMNT
Isaiah 29 in the SBIAS
Isaiah 29 in the SBIBS
Isaiah 29 in the SBIBS2
Isaiah 29 in the SBICS
Isaiah 29 in the SBIDS
Isaiah 29 in the SBIGS
Isaiah 29 in the SBIHS
Isaiah 29 in the SBIIS
Isaiah 29 in the SBIIS2
Isaiah 29 in the SBIIS3
Isaiah 29 in the SBIKS
Isaiah 29 in the SBIKS2
Isaiah 29 in the SBIMS
Isaiah 29 in the SBIOS
Isaiah 29 in the SBIPS
Isaiah 29 in the SBISS
Isaiah 29 in the SBITS
Isaiah 29 in the SBITS2
Isaiah 29 in the SBITS3
Isaiah 29 in the SBITS4
Isaiah 29 in the SBIUS
Isaiah 29 in the SBIVS
Isaiah 29 in the SBT
Isaiah 29 in the SBT1E
Isaiah 29 in the SCHL
Isaiah 29 in the SNT
Isaiah 29 in the SUSU
Isaiah 29 in the SUSU2
Isaiah 29 in the SYNO
Isaiah 29 in the TBIAOTANT
Isaiah 29 in the TBT1E
Isaiah 29 in the TBT1E2
Isaiah 29 in the TFTIP
Isaiah 29 in the TFTU
Isaiah 29 in the TGNTATF3T
Isaiah 29 in the THAI
Isaiah 29 in the TNFD
Isaiah 29 in the TNT
Isaiah 29 in the TNTIK
Isaiah 29 in the TNTIL
Isaiah 29 in the TNTIN
Isaiah 29 in the TNTIP
Isaiah 29 in the TNTIZ
Isaiah 29 in the TOMA
Isaiah 29 in the TTENT
Isaiah 29 in the UBG
Isaiah 29 in the UGV
Isaiah 29 in the UGV2
Isaiah 29 in the UGV3
Isaiah 29 in the VBL
Isaiah 29 in the VDCC
Isaiah 29 in the YALU
Isaiah 29 in the YAPE
Isaiah 29 in the YBVTP
Isaiah 29 in the ZBP