Jeremiah 10 (BOATCB)

1 Montie deɛ AWURADE ka kyerɛ mo, Ao Israel fiefoɔ. 2 Yei ne deɛ AWURADE seɛ:“Monnsua amanaman no akwanna momma ewiem nsɛnkyerɛnneɛ mmɔ mo hu.Ɛwom sɛ yeinom bɔ amanaman no hu 3 nanso nkurɔfoɔ no amanneɛ nka hwee;wɔtwa dua firi kwaeɛm,na odwumfoɔ de ne fitiiɛ asene. 4 Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no;wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ si hɔsɛdeɛ ɛrenhwe fam. 5 Ɛte sɛ kaakaammotobi a ɛsi ɛferɛ mfikyifuo mu,wɔn ahoni no ntumi nkasa;ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔnɛfiri sɛ wɔntumi nnante.Monnsuro wɔn;wɔrentumi nha mona wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.” 6 Obiara nte sɛ wo, Ao AWURADE;woyɛ kɛseɛna wo din wɔ tumi. 7 Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni,Ao, amansanhene?Yei na ɛfata woɔ.Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mune wɔn ahennie nyinaa mu,obiara ne wo nsɛ. 8 Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ;dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ. 9 Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis bane sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba.Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛa wɔde ntoma bibire ne beredum afira no.Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma. 10 Nanso, AWURADE ne nokorɛ Onyankopɔn no;ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no.Sɛ ne bo fu a, asase woso;na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano. 11 “Ka yei kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afiri asase so ne ɔsorosoro ase.’ ” 12 Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase;ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa muna ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu. 13 Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom;ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano.Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho bana ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu. 14 Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ;sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti.Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ;wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu. 15 Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma.Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera. 16 Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom,ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ,a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapadeɛ nso ka ho,Asafo AWURADE ne ne din. 17 Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so,mo a motete nkuro a wɔatua mu. 18 Na yei ne deɛ AWURADE seɛ:“Saa ɛberɛ yi mɛto wɔn awɔtete asase yi so atwene;mede amanehunu bɛba wɔn sosɛdeɛ wɔbɛfa wɔn nnommum.” 19 Me pira yi enti mennue;mʼapirakuro yɛ koankorɔ!Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ,“Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.” 20 Wɔasɛe me ntomadan;wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu.Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio;anka obiara a ɔbɛsi me ntomadananaa ɔbɛsiesie me suhyɛ. 21 Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ.Wɔmmisa AWURADE akyiri ɛkwan;ɛno enti ɛnsi wɔn yiena wɔn nnwankuo no abɔ ahwete. 22 Montie! Amaneɛ no reba,basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so!Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan,na ayɛ sakraman atuo. 23 Ao AWURADE, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea;na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo. 24 Tene me so, AWURADE, wɔ tenenee mu,mfiri wʼabofuo mu ntwe mʼasoanyɛ saa a, mɛwu. 25 Hwie wʼabufuhyeɛ no gu amanamana wɔnnye wo ntom no so,nnipa a wɔmmɔ wo din no so.Ɛfiri sɛ, wɔasɛe Yakobwɔasɛe no koraana wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so.

In Other Versions

Jeremiah 10 in the ANGEFD

Jeremiah 10 in the ANTPNG2D

Jeremiah 10 in the AS21

Jeremiah 10 in the BAGH

Jeremiah 10 in the BBPNG

Jeremiah 10 in the BBT1E

Jeremiah 10 in the BDS

Jeremiah 10 in the BEV

Jeremiah 10 in the BHAD

Jeremiah 10 in the BIB

Jeremiah 10 in the BLPT

Jeremiah 10 in the BNT

Jeremiah 10 in the BNTABOOT

Jeremiah 10 in the BNTLV

Jeremiah 10 in the BOATCB2

Jeremiah 10 in the BOBCV

Jeremiah 10 in the BOCNT

Jeremiah 10 in the BOECS

Jeremiah 10 in the BOGWICC

Jeremiah 10 in the BOHCB

Jeremiah 10 in the BOHCV

Jeremiah 10 in the BOHLNT

Jeremiah 10 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 10 in the BOICB

Jeremiah 10 in the BOILNTAP

Jeremiah 10 in the BOITCV

Jeremiah 10 in the BOKCV

Jeremiah 10 in the BOKCV2

Jeremiah 10 in the BOKHWOG

Jeremiah 10 in the BOKSSV

Jeremiah 10 in the BOLCB

Jeremiah 10 in the BOLCB2

Jeremiah 10 in the BOMCV

Jeremiah 10 in the BONAV

Jeremiah 10 in the BONCB

Jeremiah 10 in the BONLT

Jeremiah 10 in the BONUT2

Jeremiah 10 in the BOPLNT

Jeremiah 10 in the BOSCB

Jeremiah 10 in the BOSNC

Jeremiah 10 in the BOTLNT

Jeremiah 10 in the BOVCB

Jeremiah 10 in the BOYCB

Jeremiah 10 in the BPBB

Jeremiah 10 in the BPH

Jeremiah 10 in the BSB

Jeremiah 10 in the CCB

Jeremiah 10 in the CUV

Jeremiah 10 in the CUVS

Jeremiah 10 in the DBT

Jeremiah 10 in the DGDNT

Jeremiah 10 in the DHNT

Jeremiah 10 in the DNT

Jeremiah 10 in the ELBE

Jeremiah 10 in the EMTV

Jeremiah 10 in the ESV

Jeremiah 10 in the FBV

Jeremiah 10 in the FEB

Jeremiah 10 in the GGMNT

Jeremiah 10 in the GNT

Jeremiah 10 in the HARY

Jeremiah 10 in the HNT

Jeremiah 10 in the IRVA

Jeremiah 10 in the IRVB

Jeremiah 10 in the IRVG

Jeremiah 10 in the IRVH

Jeremiah 10 in the IRVK

Jeremiah 10 in the IRVM

Jeremiah 10 in the IRVM2

Jeremiah 10 in the IRVO

Jeremiah 10 in the IRVP

Jeremiah 10 in the IRVT

Jeremiah 10 in the IRVT2

Jeremiah 10 in the IRVU

Jeremiah 10 in the ISVN

Jeremiah 10 in the JSNT

Jeremiah 10 in the KAPI

Jeremiah 10 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 10 in the KBV

Jeremiah 10 in the KJV

Jeremiah 10 in the KNFD

Jeremiah 10 in the LBA

Jeremiah 10 in the LBLA

Jeremiah 10 in the LNT

Jeremiah 10 in the LSV

Jeremiah 10 in the MAAL

Jeremiah 10 in the MBV

Jeremiah 10 in the MBV2

Jeremiah 10 in the MHNT

Jeremiah 10 in the MKNFD

Jeremiah 10 in the MNG

Jeremiah 10 in the MNT

Jeremiah 10 in the MNT2

Jeremiah 10 in the MRS1T

Jeremiah 10 in the NAA

Jeremiah 10 in the NASB

Jeremiah 10 in the NBLA

Jeremiah 10 in the NBS

Jeremiah 10 in the NBVTP

Jeremiah 10 in the NET2

Jeremiah 10 in the NIV11

Jeremiah 10 in the NNT

Jeremiah 10 in the NNT2

Jeremiah 10 in the NNT3

Jeremiah 10 in the PDDPT

Jeremiah 10 in the PFNT

Jeremiah 10 in the RMNT

Jeremiah 10 in the SBIAS

Jeremiah 10 in the SBIBS

Jeremiah 10 in the SBIBS2

Jeremiah 10 in the SBICS

Jeremiah 10 in the SBIDS

Jeremiah 10 in the SBIGS

Jeremiah 10 in the SBIHS

Jeremiah 10 in the SBIIS

Jeremiah 10 in the SBIIS2

Jeremiah 10 in the SBIIS3

Jeremiah 10 in the SBIKS

Jeremiah 10 in the SBIKS2

Jeremiah 10 in the SBIMS

Jeremiah 10 in the SBIOS

Jeremiah 10 in the SBIPS

Jeremiah 10 in the SBISS

Jeremiah 10 in the SBITS

Jeremiah 10 in the SBITS2

Jeremiah 10 in the SBITS3

Jeremiah 10 in the SBITS4

Jeremiah 10 in the SBIUS

Jeremiah 10 in the SBIVS

Jeremiah 10 in the SBT

Jeremiah 10 in the SBT1E

Jeremiah 10 in the SCHL

Jeremiah 10 in the SNT

Jeremiah 10 in the SUSU

Jeremiah 10 in the SUSU2

Jeremiah 10 in the SYNO

Jeremiah 10 in the TBIAOTANT

Jeremiah 10 in the TBT1E

Jeremiah 10 in the TBT1E2

Jeremiah 10 in the TFTIP

Jeremiah 10 in the TFTU

Jeremiah 10 in the TGNTATF3T

Jeremiah 10 in the THAI

Jeremiah 10 in the TNFD

Jeremiah 10 in the TNT

Jeremiah 10 in the TNTIK

Jeremiah 10 in the TNTIL

Jeremiah 10 in the TNTIN

Jeremiah 10 in the TNTIP

Jeremiah 10 in the TNTIZ

Jeremiah 10 in the TOMA

Jeremiah 10 in the TTENT

Jeremiah 10 in the UBG

Jeremiah 10 in the UGV

Jeremiah 10 in the UGV2

Jeremiah 10 in the UGV3

Jeremiah 10 in the VBL

Jeremiah 10 in the VDCC

Jeremiah 10 in the YALU

Jeremiah 10 in the YAPE

Jeremiah 10 in the YBVTP

Jeremiah 10 in the ZBP