Jeremiah 31 (BOATCB)

1 “Saa ɛberɛ no,” AWURADE na ɔseɛ, “Mɛyɛ Israel mmusuakuo no nyinaa Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.” 2 Deɛ AWURADE seɛ nie:“Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano nobɛnya adom wɔ anweatam so;mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.” 3 AWURADE daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ,“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ momede adɔeɛ atwe mo. 4 Mede wo bɛsi hɔ biona wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu.Wobɛfa wʼakasaeɛ biona wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa. 5 Bio, mobɛyɛ bobe nturowɔ Samaria nkokoɔ so;akuafoɔ no bɛduana wɔadi so aba. 6 Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteamwɔ Efraim nkokoɔ so sɛ,‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sionnkɔ AWURADE yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’ ” 7 Deɛ AWURADE seɛ nie:“Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob;Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ.Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ,‘Ao AWURADE gye wo nkurɔfoɔ,Israel nkaeɛfoɔ no.’ 8 Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so abana maboa wɔn ano afiri nsase ano.Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye,apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu.Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba. 9 Wɔde esu na ɛbɛba;wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba.Mede wɔn bɛfa nsuwa ho,ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so,ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya,na Efraim yɛ me babarima piesie. 10 “Montie AWURADE asɛm, Ao amanaman;mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ,‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn anona wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’ 11 Na AWURADE bɛgyina mu ama Yakobna wagye wɔn afiri wɔn awɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam. 12 Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe aɛfiri AWURADE hɔ mu,atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo,nnwammaa ne anantwie.Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie,na wɔrenni awerɛhoɔ bio. 13 Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye,mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso.Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ;mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu. 14 Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so,na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,” AWURADE, na ɔseɛ. 15 Yei ne deɛ AWURADE seɛ:“Wɔte nne bi wɔ Rama,awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree,Rahel resu ne mmana ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ,ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.” 16 Yei ne deɛ AWURADE seɛ:“Hyɛ wo ho so na woansumia wʼani na woante nisuo,ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,” AWURADE na ɔseɛ.“Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba. 17 Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.” AWURADE na ɔseɛ.Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so. 18 “Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ,‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den,na woatwe me mʼaso.Gye me bio, na mɛsane aba,ɛfiri sɛ wo ne AWURADE, me Onyankopɔn. 19 Memaneeɛ akyi no,menyaa adwensakyera;na akyire a menyaa nteaseɛ no,mede awerɛhoɔ boroo me koko so.Mʼanim guu ase na mefɛreeɛɛfiri sɛ me mmabunu mu animguaseɛ da so so me.’ 20 Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa?Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa?Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ,nanso meda so kae no.Enti mʼakoma pere hwehwɛ no;mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,”sei na AWURADE seɛ. 21 “Momfa ahyɛnsodeɛ nsisi ɛkwan ho;monsisi akwankyerɛ afadum.Monhyɛ ɛkwantempɔn no nsoɛkwan a monam so ba.Sane wakyi, Ao ɔbabunu Israel,sane bra wo nkuro so. 22 Wobɛkyinkyini akɔsi da bɛn,Ao, ɔbabaa ɔsesafoɔ? AWURADE bɛyɛ ade foforɔ wɔ asase so,ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.” 23 Yei ne deɛ Asafo AWURADE, Israel Onyankopɔn no seɛ: “Sɛ mesane de wɔn firi nnommumfa mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkuro so bɛsane aka saa nsɛm yi bio sɛ, ‘AWURADE nhyira wo, Ao, tenenee atenaeɛ, Ao, bepɔ kronkron.’ 24 Nnipa bɛbom atena ase wɔ Yuda ne ne nkuro nyinaa so, akuafoɔ ne wɔn a wɔde wɔn nnwankuo nenam. 25 Mɛma deɛ wabrɛ no anya ahoɔden foforɔ, na deɛ watɔ baha no nso mɛma no amee.” 26 Ɛha na menyaneeɛ, na mehwɛɛ me ho hyiaeɛ. Me nna no kɔɔ me yie. 27 “Nna bi reba,” AWURADE na ɔseɛ, “a mede nnipa mma ne mmoa mma bɛdua Israel ne Yuda efie. 28 Sɛdeɛ mehwɛ ma wɔtutuiɛ, wɔdwiriiɛ, wɔbubuiɛ, wɔsɛeɛ na wɔde amanehunu baeɛ no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛdeɛ AWURADE seɛ nie. 29 Saa nna no mu, nnipa renka bio sɛ,“ ‘Agyanom adi bobe a ɛkeka,na mma se afem.’ 30 Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem. 31 “Ɛberɛ no reba,” AWURADE na ɔseɛ,“a me ne Israel efiene Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ. 32 Ɛrenyɛ sɛ apam ame ne wɔn agyanom yɛeɛ noɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa,dii wɔn anim firii Misraim no.Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so,wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,” AWURADE na ɔseɛ. 33 “Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,” AWURADE na ɔseɛ.“Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,na matwerɛ wɔ wɔn akoma so.Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ. 34 Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,anaa ne nua sɛ, ‘Hunu AWURADE,’Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me,ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,”Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie.“Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn,na merenkae wɔn bɔne bio.” 35 Yei ne deɛ AWURADE seɛ,deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ,na ɔhyɛ ɔsrane ne nsorommasɛ wɔnhyerɛn anadwo;deɛ ɔkanyane ɛpoma ɛbɔ asorɔkye,Asafo AWURADE ne ne din. 36 “Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,” AWURADE na ɔseɛ,“merennyaa Israel da.” 37 Yei ne deɛ AWURADE seɛ:“Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmuna wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a,ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ,nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,” AWURADE na ɔseɛ. 38 “Nna no reba,” AWURADE na ɔseɛ, “a wɔbɛkyekyere kuropɔn yi bio ama me, firi Hananel abantenten kɔsi Twɛtwɛwaso Ɛpono. 39 Wɔbɛtwe susuhoma no mu, afiri hɔ de akɔsi Gareb kokoɔ so, na akontono akɔ Goa. 40 Bɔnhwa a wɔto afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bɔnhwa wɔ apueeɛ fam, kɔsi apɔnkɔ ɛpono no twɛtwɛwaso bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”

In Other Versions

Jeremiah 31 in the ANGEFD

Jeremiah 31 in the ANTPNG2D

Jeremiah 31 in the AS21

Jeremiah 31 in the BAGH

Jeremiah 31 in the BBPNG

Jeremiah 31 in the BBT1E

Jeremiah 31 in the BDS

Jeremiah 31 in the BEV

Jeremiah 31 in the BHAD

Jeremiah 31 in the BIB

Jeremiah 31 in the BLPT

Jeremiah 31 in the BNT

Jeremiah 31 in the BNTABOOT

Jeremiah 31 in the BNTLV

Jeremiah 31 in the BOATCB2

Jeremiah 31 in the BOBCV

Jeremiah 31 in the BOCNT

Jeremiah 31 in the BOECS

Jeremiah 31 in the BOGWICC

Jeremiah 31 in the BOHCB

Jeremiah 31 in the BOHCV

Jeremiah 31 in the BOHLNT

Jeremiah 31 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 31 in the BOICB

Jeremiah 31 in the BOILNTAP

Jeremiah 31 in the BOITCV

Jeremiah 31 in the BOKCV

Jeremiah 31 in the BOKCV2

Jeremiah 31 in the BOKHWOG

Jeremiah 31 in the BOKSSV

Jeremiah 31 in the BOLCB

Jeremiah 31 in the BOLCB2

Jeremiah 31 in the BOMCV

Jeremiah 31 in the BONAV

Jeremiah 31 in the BONCB

Jeremiah 31 in the BONLT

Jeremiah 31 in the BONUT2

Jeremiah 31 in the BOPLNT

Jeremiah 31 in the BOSCB

Jeremiah 31 in the BOSNC

Jeremiah 31 in the BOTLNT

Jeremiah 31 in the BOVCB

Jeremiah 31 in the BOYCB

Jeremiah 31 in the BPBB

Jeremiah 31 in the BPH

Jeremiah 31 in the BSB

Jeremiah 31 in the CCB

Jeremiah 31 in the CUV

Jeremiah 31 in the CUVS

Jeremiah 31 in the DBT

Jeremiah 31 in the DGDNT

Jeremiah 31 in the DHNT

Jeremiah 31 in the DNT

Jeremiah 31 in the ELBE

Jeremiah 31 in the EMTV

Jeremiah 31 in the ESV

Jeremiah 31 in the FBV

Jeremiah 31 in the FEB

Jeremiah 31 in the GGMNT

Jeremiah 31 in the GNT

Jeremiah 31 in the HARY

Jeremiah 31 in the HNT

Jeremiah 31 in the IRVA

Jeremiah 31 in the IRVB

Jeremiah 31 in the IRVG

Jeremiah 31 in the IRVH

Jeremiah 31 in the IRVK

Jeremiah 31 in the IRVM

Jeremiah 31 in the IRVM2

Jeremiah 31 in the IRVO

Jeremiah 31 in the IRVP

Jeremiah 31 in the IRVT

Jeremiah 31 in the IRVT2

Jeremiah 31 in the IRVU

Jeremiah 31 in the ISVN

Jeremiah 31 in the JSNT

Jeremiah 31 in the KAPI

Jeremiah 31 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 31 in the KBV

Jeremiah 31 in the KJV

Jeremiah 31 in the KNFD

Jeremiah 31 in the LBA

Jeremiah 31 in the LBLA

Jeremiah 31 in the LNT

Jeremiah 31 in the LSV

Jeremiah 31 in the MAAL

Jeremiah 31 in the MBV

Jeremiah 31 in the MBV2

Jeremiah 31 in the MHNT

Jeremiah 31 in the MKNFD

Jeremiah 31 in the MNG

Jeremiah 31 in the MNT

Jeremiah 31 in the MNT2

Jeremiah 31 in the MRS1T

Jeremiah 31 in the NAA

Jeremiah 31 in the NASB

Jeremiah 31 in the NBLA

Jeremiah 31 in the NBS

Jeremiah 31 in the NBVTP

Jeremiah 31 in the NET2

Jeremiah 31 in the NIV11

Jeremiah 31 in the NNT

Jeremiah 31 in the NNT2

Jeremiah 31 in the NNT3

Jeremiah 31 in the PDDPT

Jeremiah 31 in the PFNT

Jeremiah 31 in the RMNT

Jeremiah 31 in the SBIAS

Jeremiah 31 in the SBIBS

Jeremiah 31 in the SBIBS2

Jeremiah 31 in the SBICS

Jeremiah 31 in the SBIDS

Jeremiah 31 in the SBIGS

Jeremiah 31 in the SBIHS

Jeremiah 31 in the SBIIS

Jeremiah 31 in the SBIIS2

Jeremiah 31 in the SBIIS3

Jeremiah 31 in the SBIKS

Jeremiah 31 in the SBIKS2

Jeremiah 31 in the SBIMS

Jeremiah 31 in the SBIOS

Jeremiah 31 in the SBIPS

Jeremiah 31 in the SBISS

Jeremiah 31 in the SBITS

Jeremiah 31 in the SBITS2

Jeremiah 31 in the SBITS3

Jeremiah 31 in the SBITS4

Jeremiah 31 in the SBIUS

Jeremiah 31 in the SBIVS

Jeremiah 31 in the SBT

Jeremiah 31 in the SBT1E

Jeremiah 31 in the SCHL

Jeremiah 31 in the SNT

Jeremiah 31 in the SUSU

Jeremiah 31 in the SUSU2

Jeremiah 31 in the SYNO

Jeremiah 31 in the TBIAOTANT

Jeremiah 31 in the TBT1E

Jeremiah 31 in the TBT1E2

Jeremiah 31 in the TFTIP

Jeremiah 31 in the TFTU

Jeremiah 31 in the TGNTATF3T

Jeremiah 31 in the THAI

Jeremiah 31 in the TNFD

Jeremiah 31 in the TNT

Jeremiah 31 in the TNTIK

Jeremiah 31 in the TNTIL

Jeremiah 31 in the TNTIN

Jeremiah 31 in the TNTIP

Jeremiah 31 in the TNTIZ

Jeremiah 31 in the TOMA

Jeremiah 31 in the TTENT

Jeremiah 31 in the UBG

Jeremiah 31 in the UGV

Jeremiah 31 in the UGV2

Jeremiah 31 in the UGV3

Jeremiah 31 in the VBL

Jeremiah 31 in the VDCC

Jeremiah 31 in the YALU

Jeremiah 31 in the YAPE

Jeremiah 31 in the YBVTP

Jeremiah 31 in the ZBP