Jeremiah 31 (BOATCB2)

1 “Saa bere no,” AWURADE na ose, “Mɛyɛ Israel mmusuakuw no nyinaa Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.” 2 Nea AWURADE se ni:“Nnipa a wotumi gyinaa wɔ afoa ano nobenya adom wɔ nweatam so;mede ahomegye bɛbrɛ Israel.” 3 AWURADE daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kan no na ɔkae se,“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ momede adɔe atwe mo. 4 Mede mo besi hɔ biona wɔbɛsan de wo, Ɔbabun Israel, asi hɔ.Wobɛfa wʼakasae biona woafi adi ne anigyefo akɔsaw. 5 Bio, mobɛyɛ bobe nturowɔ Samaria nkoko so;akuafo no beduana wɔadi so aba. 6 Da bi bɛba a, awɛmfo bɛteɛ muwɔ Efraim nkoko so se,‘Mommra, momma yɛnforo nkɔ Sion,nkɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn.’ ” 7 Nea AWURADE se ni:“Momfa ahosɛpɛw nto nnwom mma Yakob;Monteɛ mu mma amanaman mu kannifo.Momma wɔnte mo ayeyi na monka se,‘AWURADE, gye wo nkurɔfo,Israel nkae no.’ 8 Hwɛ, mede wɔn befi atifi fam asase so abana maboa wɔn ano afi nsase ano.Wɔn mu bi bɛyɛ anifuraefo, mpakye,apemfo ne mmea a wɔwɔ awoko mu;dɔm kɛse bɛsan aba. 9 Wɔde osu na ɛbɛba;wɔbɛbɔ mpae bere a mede wɔn resan aba no.Mede wɔn bɛfa nsuwa ho;ɔkwan tamaa a wɔrenhintiw wɔ so,efisɛ mɛyɛ Israel agya,na Efraim yɛ me babarima piesie. 10 “Muntie AWURADE asɛm, mo amanaman;mommɔ no dawuru wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so se,‘Nea ɔbɔɔ Israel petee no bɛboaboa wɔn anona wahwɛ ne nguankuw so sɛ oguanhwɛfo.’ 11 Na AWURADE begyina mu ama Yakobna wagye wɔn afi wɔn awɔwɔ ahoɔden sen wɔn no nsam. 12 Wɔbɛba na wɔde ahurusi ateɛ mu wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ akyɛde bebrebe aefi AWURADE hɔ mu,atoko, nsa foforo ne ngo,nguantenmma ne anantwi.Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsu yiye,na wɔrenni awerɛhow bio. 13 Afei mmabaa bɛsaw na wɔn ani agye,mmerante ne nkwakoraa nso ka ho.Mɛma wɔn awerɛhow adan anigye;mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛw de asi awerɛhow anan mu. 14 Mɛma asɔfo no nea ehia wɔn ama abu so,na mama mʼakyɛde bebrebe amee me nkurɔfo,” AWURADE, na ose. 15 Sɛɛ na AWURADE se:“Wɔte nne bi wɔ Rama,awerɛhow ne agyaadwotwa bebree,Rahel resu ne mmana ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ,efisɛ ne mma nni hɔ bio.” 16 Sɛɛ na AWURADE se:“Hyɛ wo ho so na woansu,mia wʼani na woante nusu,efisɛ wobetua wʼadwumayɛ so ka,” AWURADE na ose.“Wɔbɛsan afi atamfo no asase so aba. 17 Enti anidaso wɔ hɔ ma wo daakye.” AWURADE na ose.Wo mma bɛsan aba wɔn ankasa asase so. 18 “Ampa ara mate sɛ Efraim resu se,‘Woteɛteɛɛ me so sɛ nantwi ba a nʼani yɛ den,na manya ahohyɛso.Gye me bio, na mɛsan aba,efisɛ wo ne AWURADE, me Nyankopɔn. 19 Meman akyi no,minyaa adwensakra;na akyiri a minyaa ntease no,mebɔɔ me koko so.Mʼanim guu ase na mefɛree,efisɛ me mmabun mu animguase da so so me.’ 20 Efraim nyɛ me babarima dɔfo,ɔba a ɔsɔ mʼani ana?Ɛwɔ mu, metaa kasa tia no de,nanso meda so kae no.Enti me koma pere hwehwɛ no;mewɔ ayamhyehye ma no,”sɛɛ na AWURADE se. 21 “Momfa agyiraehyɛde nsisi akwan ho;munsisi akwankyerɛ afadum.Monhyɛ ɔtempɔn no nsow,ɔkwan a monam so ba.San wʼakyi, Ɔbabun Israel,san bra wo nkurow so. 22 Wubekyinkyin akosi da bɛn,Ɔbabea Israel sesafo? AWURADE bɛyɛ ade foforo wɔ asase so,ɔbea bɛbɔ ɔbarima ho ban.” 23 Sɛɛ na Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no se: “Sɛ mesan de wɔn fi nnommum mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkurow so bɛsan aka saa nsɛm yi se, ‘AWURADE nhyira wo, wo yiyeyɛ kuropɔn ne bepɔw kronkron.’ 24 Nnipa bɛbɔ mu atena ase wɔ Yuda ne ne nkurow nyinaa so, akuafo ne wɔn a wɔde wɔn nguankuw nenam. 25 Mɛma nea wabrɛ no anya ahoɔden foforo, na nea watɔ piti no nso mɛma no amee.” 26 Minyanee, na mehwɛɛ me ho hyiae. Medaa hatee. 27 “Nna bi reba,” AWURADE na ose, “A mede nnipa mma ne mmoa mma bedua Israel ne Yuda fi. 28 Sɛnea mehwɛ ma wotutui, wodwiriwii, wobubui, wɔsɛee na wɔde amanehunu bae no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛnea AWURADE se ni. 29 Saa nna no mu, nnipa renka bio se,“ ‘Agyanom adi bobe nwennaa,na mma se afem.’ 30 Mmom, obiara bewu wɔ ɔno ara bɔne ho; nea obedi bobe nwennaa no ɔno na ne se bɛfem. 31 “Bere no reba,” AWURADE na ose,“a me ne Israelfine Yudafi bɛyɛ apam foforo. 32 Ɛrenyɛ sɛ apam ame ne wɔn agyanom yɛe nobere a misoo wɔn nsa,dii wɔn anim fii Misraim,esiane sɛ wobuu mʼapam so,wɔ bere a na meyɛ okunu ma wɔn no,” AWURADE na ose. 33 “Eyi ne apam a me ne Israelfi bɛyɛ saa bere no akyi,” AWURADE na ose.“Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,na makyerɛw wɔ wɔn koma so.Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn,na wɔbɛyɛ me nkurɔfo. 34 Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,anaa ne nua se, ‘Hu AWURADE,’Efisɛ, wɔn nyinaa behu me,efi wɔn mu akumaa so, kosi ɔkɛse so,”Sɛnea AWURADE se ni.“Na mede wɔn amumɔyɛ bɛkyɛ wɔn,na merenkae wɔn bɔne bio.” 35 Sɛɛ na AWURADE se,nea ɔma owia hyerɛn adekyee,na ɔhyɛ ɔsram ne nsorommasɛ wɔnhyerɛn anadwo;nea ɔkanyan ɛpoma nʼasorɔkye bobɔ mu,Asafo AWURADE ne ne din. 36 “Saa ahyɛde yi twa mu mʼani so a,” AWURADE na ose,“ɛno ansa na Israel begyaeɔmanyɛ wɔ mʼanim.” 37 Sɛɛ na AWURADE se:“Sɛ wobetumi asusuw wim ntrɛwmuna wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mu aɛno de, mɛpo Israel asefo nyinaa,esiane nea wɔayɛ nyinaa nti,” AWURADE na ose. 38 “Nna no reba,” AWURADE na ose, “a wɔbɛkyekye kuropɔn yi bio ama me, fi Hananel abantenten kosi Twɔtwɔw so Pon. 39 Wɔbɛtwe susuhama no mu, afi hɔ de akosi Gareb koko so, na akɔntɔn akɔ Goa. 40 Obon a wɔtow afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bon mu wɔ apuei fam, kosi apɔnkɔ pon no twɔtwɔw so bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”

In Other Versions

Jeremiah 31 in the ANGEFD

Jeremiah 31 in the ANTPNG2D

Jeremiah 31 in the AS21

Jeremiah 31 in the BAGH

Jeremiah 31 in the BBPNG

Jeremiah 31 in the BBT1E

Jeremiah 31 in the BDS

Jeremiah 31 in the BEV

Jeremiah 31 in the BHAD

Jeremiah 31 in the BIB

Jeremiah 31 in the BLPT

Jeremiah 31 in the BNT

Jeremiah 31 in the BNTABOOT

Jeremiah 31 in the BNTLV

Jeremiah 31 in the BOATCB

Jeremiah 31 in the BOBCV

Jeremiah 31 in the BOCNT

Jeremiah 31 in the BOECS

Jeremiah 31 in the BOGWICC

Jeremiah 31 in the BOHCB

Jeremiah 31 in the BOHCV

Jeremiah 31 in the BOHLNT

Jeremiah 31 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 31 in the BOICB

Jeremiah 31 in the BOILNTAP

Jeremiah 31 in the BOITCV

Jeremiah 31 in the BOKCV

Jeremiah 31 in the BOKCV2

Jeremiah 31 in the BOKHWOG

Jeremiah 31 in the BOKSSV

Jeremiah 31 in the BOLCB

Jeremiah 31 in the BOLCB2

Jeremiah 31 in the BOMCV

Jeremiah 31 in the BONAV

Jeremiah 31 in the BONCB

Jeremiah 31 in the BONLT

Jeremiah 31 in the BONUT2

Jeremiah 31 in the BOPLNT

Jeremiah 31 in the BOSCB

Jeremiah 31 in the BOSNC

Jeremiah 31 in the BOTLNT

Jeremiah 31 in the BOVCB

Jeremiah 31 in the BOYCB

Jeremiah 31 in the BPBB

Jeremiah 31 in the BPH

Jeremiah 31 in the BSB

Jeremiah 31 in the CCB

Jeremiah 31 in the CUV

Jeremiah 31 in the CUVS

Jeremiah 31 in the DBT

Jeremiah 31 in the DGDNT

Jeremiah 31 in the DHNT

Jeremiah 31 in the DNT

Jeremiah 31 in the ELBE

Jeremiah 31 in the EMTV

Jeremiah 31 in the ESV

Jeremiah 31 in the FBV

Jeremiah 31 in the FEB

Jeremiah 31 in the GGMNT

Jeremiah 31 in the GNT

Jeremiah 31 in the HARY

Jeremiah 31 in the HNT

Jeremiah 31 in the IRVA

Jeremiah 31 in the IRVB

Jeremiah 31 in the IRVG

Jeremiah 31 in the IRVH

Jeremiah 31 in the IRVK

Jeremiah 31 in the IRVM

Jeremiah 31 in the IRVM2

Jeremiah 31 in the IRVO

Jeremiah 31 in the IRVP

Jeremiah 31 in the IRVT

Jeremiah 31 in the IRVT2

Jeremiah 31 in the IRVU

Jeremiah 31 in the ISVN

Jeremiah 31 in the JSNT

Jeremiah 31 in the KAPI

Jeremiah 31 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 31 in the KBV

Jeremiah 31 in the KJV

Jeremiah 31 in the KNFD

Jeremiah 31 in the LBA

Jeremiah 31 in the LBLA

Jeremiah 31 in the LNT

Jeremiah 31 in the LSV

Jeremiah 31 in the MAAL

Jeremiah 31 in the MBV

Jeremiah 31 in the MBV2

Jeremiah 31 in the MHNT

Jeremiah 31 in the MKNFD

Jeremiah 31 in the MNG

Jeremiah 31 in the MNT

Jeremiah 31 in the MNT2

Jeremiah 31 in the MRS1T

Jeremiah 31 in the NAA

Jeremiah 31 in the NASB

Jeremiah 31 in the NBLA

Jeremiah 31 in the NBS

Jeremiah 31 in the NBVTP

Jeremiah 31 in the NET2

Jeremiah 31 in the NIV11

Jeremiah 31 in the NNT

Jeremiah 31 in the NNT2

Jeremiah 31 in the NNT3

Jeremiah 31 in the PDDPT

Jeremiah 31 in the PFNT

Jeremiah 31 in the RMNT

Jeremiah 31 in the SBIAS

Jeremiah 31 in the SBIBS

Jeremiah 31 in the SBIBS2

Jeremiah 31 in the SBICS

Jeremiah 31 in the SBIDS

Jeremiah 31 in the SBIGS

Jeremiah 31 in the SBIHS

Jeremiah 31 in the SBIIS

Jeremiah 31 in the SBIIS2

Jeremiah 31 in the SBIIS3

Jeremiah 31 in the SBIKS

Jeremiah 31 in the SBIKS2

Jeremiah 31 in the SBIMS

Jeremiah 31 in the SBIOS

Jeremiah 31 in the SBIPS

Jeremiah 31 in the SBISS

Jeremiah 31 in the SBITS

Jeremiah 31 in the SBITS2

Jeremiah 31 in the SBITS3

Jeremiah 31 in the SBITS4

Jeremiah 31 in the SBIUS

Jeremiah 31 in the SBIVS

Jeremiah 31 in the SBT

Jeremiah 31 in the SBT1E

Jeremiah 31 in the SCHL

Jeremiah 31 in the SNT

Jeremiah 31 in the SUSU

Jeremiah 31 in the SUSU2

Jeremiah 31 in the SYNO

Jeremiah 31 in the TBIAOTANT

Jeremiah 31 in the TBT1E

Jeremiah 31 in the TBT1E2

Jeremiah 31 in the TFTIP

Jeremiah 31 in the TFTU

Jeremiah 31 in the TGNTATF3T

Jeremiah 31 in the THAI

Jeremiah 31 in the TNFD

Jeremiah 31 in the TNT

Jeremiah 31 in the TNTIK

Jeremiah 31 in the TNTIL

Jeremiah 31 in the TNTIN

Jeremiah 31 in the TNTIP

Jeremiah 31 in the TNTIZ

Jeremiah 31 in the TOMA

Jeremiah 31 in the TTENT

Jeremiah 31 in the UBG

Jeremiah 31 in the UGV

Jeremiah 31 in the UGV2

Jeremiah 31 in the UGV3

Jeremiah 31 in the VBL

Jeremiah 31 in the VDCC

Jeremiah 31 in the YALU

Jeremiah 31 in the YAPE

Jeremiah 31 in the YBVTP

Jeremiah 31 in the ZBP