Jeremiah 49 (BOATCB)

1 Deɛ ɛfa Amonfoɔ ho no nie: Yei ne deɛ AWURADE seɛ:“Israel nni mmammarima anaa?Ɔnni wɔn a wɔbɛdi nʼadeɛ?Ɛnneɛ adɛn enti na Molek afa Gad ayɛ ne dea yi?Adɛn enti na ne nkurɔfoɔ tete ne nkuro mu? 2 Nanso nna no reba,” AWURADE na ɔseɛ,“a mɛbobom de afrɛ ɔkoatia Raba a ɛwɔ Amonfoɔ;ɛbɛyɛ nkunkumaboɔ sie,wɔbɛto nkuraaseɛ a atwa ne ho ahyia no mu ogya.Na Israel bɛpamo wɔn awɔpamoo noɔ no,”sei na AWURADE seɛ. 3 “Twa adwo Ao, Hesbon, ɛfiri sɛ, wɔasɛe Ai!Monteam Ao, mo a mowɔ Raba!Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ;mommɔ nnyenyen wɔ afasuo no mu,ɛfiri sɛ Molek bɛkɔ nnommumfa mu,ɔne nʼasɔfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ. 4 Adɛn enti na wode wo bɔnhwa ahodoɔ hoahoa wo ho?Sɛdeɛ ɛso aba bebree enti anaa?Ao ɔbabaa a ɔnni nokorɛ,wode wo ho to wʼahonya so na woka sɛ,‘Hwan na ɔbɛto ahyɛ me so?’ 5 Mede ehu bɛba wo so;ɛbɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,” AWURADE na ɔseɛ, Asafo AWURADE no.“Wɔbɛpam mo nyinaa,na obiara remmoaboa akobɔfoɔ ano. 6 “Nanso, akyire no, mɛsane de Amonfoɔ adenya ama wɔn,”sei na AWURADE seɛ. 7 Deɛ ɛfa Edom ho no nie: Yei ne deɛ Asafo AWURADE seɛ:“Nyansa nni Teman bio anaa?Afutuo ayera wɔ anyansafoɔ mu anaa?Wɔn nyansa no aporɔ anaa? 8 Monnane mo ho na monnwanemonkɔtetɛ abodan a emu dɔ mu,mo a motete Dedan,ɛfiri sɛ, mede amanehunu bɛba Esau sowɔ ɛberɛ a mɛtwe nʼaso no. 9 Sɛ wɔn a wɔtete bobe no baa mo nkyɛn aanka wɔrennya bobe no kakra?Sɛ akorɔmfoɔ baa ɔdasuo mu a,anka wɔrenwia deɛ wɔpɛ nko ara? 10 Na mɛma Esau ada adagya.Mɛda ne hintabea ahodoɔ adi,sɛdeɛ ɔrentumi mfa ne ho nsuma.Ne mma, nʼabusuafoɔ ne ne mfɛfoɔ bɛwuwu,na wɔrenhunu no bio. 11 ‘Monnya mo nwisiaa, na mɛbɔ wɔn nkwa ho ban.Mo akunafoɔ nso bɛtumi de wɔn ho ato me so.’ ” 12 Deɛ AWURADE seɛ nie: “Sɛ wɔtwe wɔn a wɔmfata sɛ wɔtwe wɔn aso mpo a, ɛnneɛ adɛn enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso! 13 Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiredeɛ, ahohoradeɛ ne nnomedeɛ; na ne nkuro nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” AWURADE na ɔseɛ. 14 Mate asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn:wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no sɛ,“Mommoaboa mo ho ano nkɔto nhyɛ ne so!Monsɔre nkɔ ɔko!” 15 “Na mɛyɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu,na wɔabu wo animtia. 16 Ehu a wobɔnkurɔfoɔ akoma mu no adaadaa wo,wo a wote abotan ntokuro mu,na wote kokoɔ no sorɔnsorɔmmea.Ɛwom sɛ woyɛ wo pirebuo wɔ soro tɛ sɛ ɔkɔdeɛ deɛ,nanso ɛhɔ na mɛfiri de wo aba fam,” AWURADE na ɔseɛ. 17 “Edom bɛyɛ ahodwiredeɛ;wɔn a wɔtwam hɔ nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti. 18 Sɛdeɛ wɔdanee Sodom ne Gomorane wɔn nkurotoɔ guiɛ no,” AWURADE na ɔseɛ,“saa ara na obiara rentena hɔ;onipa biara rentena mu. 19 “Sɛdeɛ gyata firi Yordan nkyɛkyerɛ mukɔ adidibea frɔmfrɔm no,saa ara na mɛtaa Edom so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu.Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei?Hwan na ɔte sɛ me na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?” 20 Enti tie deɛ AWURADE ahyehyɛ atia Edom,deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman nie:Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ;wɔn enti wɔbɛsɛe adidibea no koraa. 21 Wɔn asehweɛ nnyegyeeɛ bɛma asase awoso;wɔn nteateam bɛgyegye akɔduru Ɛpo Kɔkɔɔ ho. 22 Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ bi bɛtu akɔ soro na wato hoo aba fam awatrɛtrɛ ne ntaban mu wɔ Bosra so.Saa ɛda no, Edom nnɔmmarima akomabɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so. 23 Deɛ ɛfa Damasko ho no nie:“Hamat ne Arpad aba mu abu,ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne.Wɔn akoma abotote sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ. 24 Damasko ayɛ mmerɛ,wayɛ sɛ ɔrebɛdwane;wabɔ huboa;ahoyera ne ɔyea akyekyere no,ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so deɛ. 25 Adɛn enti na wɔnnyaa kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ,kuro a mʼani gye muo? 26 Ampa ara ne mmeranteɛ bɛhwehwe ase wɔ mmɔntene so;wɔbɛma nʼasraafoɔ nyinaa aka wɔn ano atom saa ɛda no,”sɛi na Asafo AWURADE seɛ. 27 “Mede ogya bɛto Damasko afasuo mu;na ɛbɛhye Ben-Hadad aban.” 28 Deɛ ɛfa Kedar ne Hasor ahennie a Babiloniahene Nebukadnessar to hyɛɛ soɔ no nie. Yei ne deɛ AWURADE seɛ:“Sɔre na kɔto hyɛ Kedar sona sɛe nnipa a wɔwɔ apueeɛ fam no. 29 Wɔbɛfa wɔn ntomadan ne wɔn nnwankuo;wɔbɛfa wɔn nkatasoɔ,ne wɔn ho nneɛma ne nyoma akɔ.Nnipa bɛteateam sɛ,‘Ehu wɔ baabiara!’ 30 “Monnwane nkɔ ntɛm ntɛm!Monhyehyɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Hasor,” AWURADE na ɔseɛ.“Babiloniahene Nebukadnessar apam mo tiri so;wayɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. 31 “Sɔre kɔto hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ,ɔman a wɔte ahotosoɔ mu,” AWURADE na ɔseɛ,“ɔman a wɔnni apono anaa akwansideɛ,na emu nnipa nko ara na wɔte hɔ. 32 Wɔn mfunumu bɛyɛ afodeɛ,na wɔn anantwikuo akɛseɛ no bɛyɛ asadeɛ.Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no,na mede amanehunu bɛfiri afa nyinaa aba wɔn so,” AWURADE na ɔseɛ. 33 “Hasor bɛdane sakraman atuo,ɛbɛda mpan afebɔɔ.Obiara rentena hɔ;onipa biara rentena mu.” 34 Yei ne asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedie mfitiaseɛ: 35 Yei ne deɛ Asafo AWURADE seɛ:“Hwɛ, mɛbubu Elam agyan mu,deɛ wɔn ahoɔden gyina soɔ no. 36 Mede mframa ɛnan no bɛba Elam soafiri ɔsorosoro afanan;mɛbɔ wɔn ahwete mframa ɛnan no mu,na Elam atukɔfoɔ akɔ ɔman biara so. 37 Mɛbɔ Elam ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim,wɔ wɔn a wɔrepɛ wɔn akum wɔn no anim;mede amanehunu bɛba wɔn sompo mʼabufuhyeɛ no,” AWURADE na ɔseɛ.“Mede akofena bɛtaa wɔnkɔsi sɛ mɛwie wɔn korakora. 38 Mɛsi mʼahennwa wɔ Elamna masɛe ne ɔhene ne nʼadwumayɛfoɔ,” AWURADE na ɔseɛ. 39 “Nanso, mɛsane de Elam adenya ama nonna a ɛreba no mu,” AWURADE na ɔseɛ.

In Other Versions

Jeremiah 49 in the ANGEFD

Jeremiah 49 in the ANTPNG2D

Jeremiah 49 in the AS21

Jeremiah 49 in the BAGH

Jeremiah 49 in the BBPNG

Jeremiah 49 in the BBT1E

Jeremiah 49 in the BDS

Jeremiah 49 in the BEV

Jeremiah 49 in the BHAD

Jeremiah 49 in the BIB

Jeremiah 49 in the BLPT

Jeremiah 49 in the BNT

Jeremiah 49 in the BNTABOOT

Jeremiah 49 in the BNTLV

Jeremiah 49 in the BOATCB2

Jeremiah 49 in the BOBCV

Jeremiah 49 in the BOCNT

Jeremiah 49 in the BOECS

Jeremiah 49 in the BOGWICC

Jeremiah 49 in the BOHCB

Jeremiah 49 in the BOHCV

Jeremiah 49 in the BOHLNT

Jeremiah 49 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 49 in the BOICB

Jeremiah 49 in the BOILNTAP

Jeremiah 49 in the BOITCV

Jeremiah 49 in the BOKCV

Jeremiah 49 in the BOKCV2

Jeremiah 49 in the BOKHWOG

Jeremiah 49 in the BOKSSV

Jeremiah 49 in the BOLCB

Jeremiah 49 in the BOLCB2

Jeremiah 49 in the BOMCV

Jeremiah 49 in the BONAV

Jeremiah 49 in the BONCB

Jeremiah 49 in the BONLT

Jeremiah 49 in the BONUT2

Jeremiah 49 in the BOPLNT

Jeremiah 49 in the BOSCB

Jeremiah 49 in the BOSNC

Jeremiah 49 in the BOTLNT

Jeremiah 49 in the BOVCB

Jeremiah 49 in the BOYCB

Jeremiah 49 in the BPBB

Jeremiah 49 in the BPH

Jeremiah 49 in the BSB

Jeremiah 49 in the CCB

Jeremiah 49 in the CUV

Jeremiah 49 in the CUVS

Jeremiah 49 in the DBT

Jeremiah 49 in the DGDNT

Jeremiah 49 in the DHNT

Jeremiah 49 in the DNT

Jeremiah 49 in the ELBE

Jeremiah 49 in the EMTV

Jeremiah 49 in the ESV

Jeremiah 49 in the FBV

Jeremiah 49 in the FEB

Jeremiah 49 in the GGMNT

Jeremiah 49 in the GNT

Jeremiah 49 in the HARY

Jeremiah 49 in the HNT

Jeremiah 49 in the IRVA

Jeremiah 49 in the IRVB

Jeremiah 49 in the IRVG

Jeremiah 49 in the IRVH

Jeremiah 49 in the IRVK

Jeremiah 49 in the IRVM

Jeremiah 49 in the IRVM2

Jeremiah 49 in the IRVO

Jeremiah 49 in the IRVP

Jeremiah 49 in the IRVT

Jeremiah 49 in the IRVT2

Jeremiah 49 in the IRVU

Jeremiah 49 in the ISVN

Jeremiah 49 in the JSNT

Jeremiah 49 in the KAPI

Jeremiah 49 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 49 in the KBV

Jeremiah 49 in the KJV

Jeremiah 49 in the KNFD

Jeremiah 49 in the LBA

Jeremiah 49 in the LBLA

Jeremiah 49 in the LNT

Jeremiah 49 in the LSV

Jeremiah 49 in the MAAL

Jeremiah 49 in the MBV

Jeremiah 49 in the MBV2

Jeremiah 49 in the MHNT

Jeremiah 49 in the MKNFD

Jeremiah 49 in the MNG

Jeremiah 49 in the MNT

Jeremiah 49 in the MNT2

Jeremiah 49 in the MRS1T

Jeremiah 49 in the NAA

Jeremiah 49 in the NASB

Jeremiah 49 in the NBLA

Jeremiah 49 in the NBS

Jeremiah 49 in the NBVTP

Jeremiah 49 in the NET2

Jeremiah 49 in the NIV11

Jeremiah 49 in the NNT

Jeremiah 49 in the NNT2

Jeremiah 49 in the NNT3

Jeremiah 49 in the PDDPT

Jeremiah 49 in the PFNT

Jeremiah 49 in the RMNT

Jeremiah 49 in the SBIAS

Jeremiah 49 in the SBIBS

Jeremiah 49 in the SBIBS2

Jeremiah 49 in the SBICS

Jeremiah 49 in the SBIDS

Jeremiah 49 in the SBIGS

Jeremiah 49 in the SBIHS

Jeremiah 49 in the SBIIS

Jeremiah 49 in the SBIIS2

Jeremiah 49 in the SBIIS3

Jeremiah 49 in the SBIKS

Jeremiah 49 in the SBIKS2

Jeremiah 49 in the SBIMS

Jeremiah 49 in the SBIOS

Jeremiah 49 in the SBIPS

Jeremiah 49 in the SBISS

Jeremiah 49 in the SBITS

Jeremiah 49 in the SBITS2

Jeremiah 49 in the SBITS3

Jeremiah 49 in the SBITS4

Jeremiah 49 in the SBIUS

Jeremiah 49 in the SBIVS

Jeremiah 49 in the SBT

Jeremiah 49 in the SBT1E

Jeremiah 49 in the SCHL

Jeremiah 49 in the SNT

Jeremiah 49 in the SUSU

Jeremiah 49 in the SUSU2

Jeremiah 49 in the SYNO

Jeremiah 49 in the TBIAOTANT

Jeremiah 49 in the TBT1E

Jeremiah 49 in the TBT1E2

Jeremiah 49 in the TFTIP

Jeremiah 49 in the TFTU

Jeremiah 49 in the TGNTATF3T

Jeremiah 49 in the THAI

Jeremiah 49 in the TNFD

Jeremiah 49 in the TNT

Jeremiah 49 in the TNTIK

Jeremiah 49 in the TNTIL

Jeremiah 49 in the TNTIN

Jeremiah 49 in the TNTIP

Jeremiah 49 in the TNTIZ

Jeremiah 49 in the TOMA

Jeremiah 49 in the TTENT

Jeremiah 49 in the UBG

Jeremiah 49 in the UGV

Jeremiah 49 in the UGV2

Jeremiah 49 in the UGV3

Jeremiah 49 in the VBL

Jeremiah 49 in the VDCC

Jeremiah 49 in the YALU

Jeremiah 49 in the YAPE

Jeremiah 49 in the YBVTP

Jeremiah 49 in the ZBP