Jeremiah 50 (BOATCB)

1 Asɛm a AWURADE nam odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafoɔ asase ho nie: 2 “Mommɔ no dawuro na mompae mu nka wɔ amanaman mu.Mompagya frankaa na mompae mu nka;na momma wɔnte sɛ,‘Wɔbɛfa Babilonia;wɔbɛgu Bel anim ase,na ehu bɛhyɛ Merodak ma.Wɔbɛgu ne nsɛsodeɛ anim asena ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’ 3 Ɔman bi firi atifi fam bɛto ahyɛ ne sona wɔbɛyɛ nʼasase amanfo.Obiara rentena so;nnipa ne mmoa bɛdwane afiri so. 4 “Nna no mu ne saa ɛberɛ no,” AWURADE na ɔseɛ,“Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛka abomde nisuo akɔhwehwɛ wɔn AWURADE, wɔn Onyankopɔn. 5 Wɔbɛbisa ɛkwan a ɛkɔ Sionna wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ.Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ AWURADEwɔ daa apam a wɔnwerɛ remfiri mu. 6 “Me nkurɔfoɔ ayɛ nnwan a wɔayera;wɔn nnwanhwɛfoɔ ama wɔafom ɛkwanma wɔkyinkyinii mmepɔ so.Wɔkyinkyinii bɛpɔ ne kokoɔ sona wɔn werɛ firii wɔn ankasa homebea. 7 Obiara a ɔhunuu wɔn no tetee wɔn mu;wɔn atamfoɔ kaa sɛ, ‘Yɛn nni fɔ,ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, wɔn nokorɛ didibea no, AWURADE wɔn agyanom anidasoɔ no.’ 8 “Monnwane mfiri Babilonia;momfiri Babiloniafoɔ asase so,na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwankuo anim. 9 Mɛkanyane amanaman akɛseɛ nkabomafiri atifi fam asase so de wɔn abɛtia Babilonia.Wɔbɛgyinagyina wɔn afa atia no,wɔbɛfiri atifi fam ako afa no.Wɔn agyan bɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔakwadare akodie mu,wɔn a wɔmmfa nsapan nsane wɔn akyi. 10 Enti wɔbɛfom Babilonia;wɔn a wɔfom no nyinaa bɛnya afodeɛ bebree,” AWURADE na ɔseɛ. 11 “Esiane sɛ mo ani gye na modi ahurisie,mo a mofom mʼagyapadeɛ,sɛ mohurihuri anigyeɛ so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ ɛserɛ frɔmm muna mosu te sɛ apɔnkɔnini enti, 12 Wo maame ani bɛwu pa ara;deɛ ɔwoo woɔ anim bɛgu ase.Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu,ɛserɛ, asase wesee ne anweatam. 13 AWURADE abufuo enti, obiara rentena hɔna ɛbɛda mpan korakora.Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti. 14 “Monnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia,mo a moto agyan nyinaa.Monto no! Monnnya bɛmma biara,ɛfiri sɛ wayɛ bɔne atia AWURADE. 15 Monteam ntia no wɔ afanan nyinaa!Ɔma ne nsa so, nʼaban denden bubu,wɔdwiri nʼafasuo gu fam.Esiane sɛ yei yɛ AWURADE aweretɔ no enti,montɔ ne so were;monyɛ no sɛdeɛ wayɛ afoforɔ no. 16 Monyi ogufoɔ mfiri Babilonia,ɔne ɔtwafoɔ a ɔkura ne kantankrankyi wɔ ɔtwa berɛ mu no.Esiane ɔhyɛsofoɔ no akofena entiobiara nsane nkɔ ne nkurɔfoɔ mu,obiara nnwane nkɔ nʼankasa asase so. 17 “Israel yɛ nnwankuo a wɔahwetea agyata apam wɔn.Deɛ ɔdii ɛkan tetee ne muyɛ Asiriahene;na deɛ ɔdwerɛɛ ne nnompe akyire noyɛ Babiloniahene Nebukadnessar.” 18 Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo AWURADE, Israel Onyankopɔn seɛ:“Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase asosɛdeɛ metwee Asiriahene aso no. 19 Na mede Israel bɛsane aba nʼankasa adidibea.Ɔbɛdidi wɔ Karmel ne Basan;ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkokoɔ so. 20 Saa nna no ne saa ɛberɛ no,” AWURADE na ɔsɛ,“Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbuo mu,nanso wɔrennya bi,wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu,nanso wɔrenhunu bi,ɛfiri sɛ, mede nkaeɛfoɔ a megyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn. 21 “Monto nhyɛ Merataim asase sone nnipa a wɔte Pekod.Montaa wɔn, monkunkum wɔnna monsɛe wɔn korakora,” AWURADE na ɔseɛ.“Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no. 22 Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so,ɔsɛeɛ kɛseɛ nnyegyeɛ! 23 Hwɛ sɛdeɛ wɔabubu na wɔabobɔasase nyinaa so asaeɛ!Hwɛ sɛdeɛ Babilonia ada mpanwɔ amanaman no mu! 24 Mesum wo afidie Ao Babilonia,na ɛyii wo ansa na worehunu;wɔhunu wo kyeree woɛfiri sɛ woko tiaa AWURADE. 25 AWURADE abue nʼakodeɛ akoradanna wayi nʼabufuhyeɛ akodeɛ de apue,ɛfiri sɛ Otumfoɔ AWURADE wɔ adwuma yɛwɔ Babiloniafoɔ asase so. 26 Momfiri akyirikyiri mmra ne so.Mommubu nʼasan no ani;monhɔre no sie sɛ ayuo akuakuo.Monsɛe no korakorana monnnya no nkaeɛfoɔ biara. 27 Monkunkum nʼanantwinini nyinaa;momfa wɔn nkɔ ma wɔnkum wɔn!Musuo nka wɔn! Ɛfiri sɛ wɔn da no aduru,ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no. 28 Montie akobɔfoɔ ne adwanefoɔ a wɔfiri Babilonia nosɛ wɔreka wɔ Sionsɛdeɛ AWURADE, yɛn Onyankopɔn atɔ werenʼasɔrefie ho aweretɔ. 29 “Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babilonia,wɔn a wɔto agyan nyinaa.Montwa ne ho nhyia;momma obiara nnwane.Montua ne nneyɛɛ so ka;monyɛ no sɛdeɛ wayɛ.Ɛfiri sɛ, wabu AWURADE animtia,Israel kronkronni no. 30 Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ mmɔntene so;wɔbɛtɔre nʼasraafoɔ nyinaa ase saa ɛda no,” AWURADE na ɔseɛ. 31 “Hwɛ, mekyiri wo, Ao ɔhantanni.” AWURADE, Asafo AWURADE na ɔseɛ,“ɛfiri sɛ wo da no aduruɛberɛ a wɔde bɛtwe wʼaso no. 32 Ɔhantanni no bɛsunti na wahwe aseobiara rempagya no;mɛto ne nkuro mu ogyana ahye wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.” 33 Yei ne deɛ Asafo AWURADE seɛ:“Wɔhyɛ Israelfoɔ so,na Yudafoɔ nso saa ara.Wɔn nnommumfafoɔ no kura wɔn dendena wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn ma wɔkɔ. 34 Nanso, wɔn Gyefoɔ yɛ ɔhoɔdenfoɔ;ne din ne Asafo AWURADE.Ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn anibereɛ sosɛdeɛ ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so,na wɔn a wɔte Babilonia no deɛ, wahyɛ wɔn ahometeɛ. 35 “Akofena bi bɛsɔre atia Babiloniafoɔ!” AWURADE na ɔseɛ.“Ɛbɛtia wɔn a wɔte Babiloniana atia nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ! 36 Akofena bi bɛsɔre atia nʼadiyifoɔ atorofoɔ!Wɔbɛdane nkwaseafoɔ.Akofena bi bɛsɔre atia nʼakofoɔ!Ehu bɛhyɛ wɔn ma. 37 Akofena bi bɛsɔre atia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnamne amanfrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu nyinaa!Wɔbɛdane mmaa.Akofena bi bɛsɔre atia nʼademudeɛ!Wɔbɛfom. 38 Ɔweɛ wɔ ne nsuo ahodoɔ so!Ɛbɛwewe.Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase,ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam. 39 “Enti ɛserɛ so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ,na ɛhɔ na ɔpatuo bɛtena.Obiara rentena so bioɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ. 40 Sɛdeɛ Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomorane wɔn nkurotoɔ guiɛ no,” AWURADE na ɔseɛ,“saa ara na obiara rentena hɔ;onipa biara rentena mu. 41 “Monhwɛ! Akodɔm bi firi atifi fam reba;ɔman kɛseɛ ne ahemfo bebree,wɔrehwanyane wɔn afiri nsase ano. 42 Wɔkurakura bɛmma ne pea;wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ.Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ.Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ saabɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Babilonia. 43 Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm,ne nsa sesa ne ho kwa.Ahohiahia akyekyere no;ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so. 44 Sɛdeɛ gyata a ɔfiri Yordan nkyɛkyerɛ murekɔ adidibea frɔmfrɔm no,saa ara na mɛtaa Babilonia so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu.Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei?Hwan na ɔte sɛ me, na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?” 45 Enti tie deɛ AWURADE ahyehyɛ atia Babilonia,deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafoɔ asase nie:Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ;wɔn enti ɔbɛsɛe adidibea no koraa. 46 Babilonia nnommumfa nnyegyeeɛ bɛma asase awoso;ne nteateam bɛgyegye wɔ amanaman no mu.

In Other Versions

Jeremiah 50 in the ANGEFD

Jeremiah 50 in the ANTPNG2D

Jeremiah 50 in the AS21

Jeremiah 50 in the BAGH

Jeremiah 50 in the BBPNG

Jeremiah 50 in the BBT1E

Jeremiah 50 in the BDS

Jeremiah 50 in the BEV

Jeremiah 50 in the BHAD

Jeremiah 50 in the BIB

Jeremiah 50 in the BLPT

Jeremiah 50 in the BNT

Jeremiah 50 in the BNTABOOT

Jeremiah 50 in the BNTLV

Jeremiah 50 in the BOATCB2

Jeremiah 50 in the BOBCV

Jeremiah 50 in the BOCNT

Jeremiah 50 in the BOECS

Jeremiah 50 in the BOGWICC

Jeremiah 50 in the BOHCB

Jeremiah 50 in the BOHCV

Jeremiah 50 in the BOHLNT

Jeremiah 50 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 50 in the BOICB

Jeremiah 50 in the BOILNTAP

Jeremiah 50 in the BOITCV

Jeremiah 50 in the BOKCV

Jeremiah 50 in the BOKCV2

Jeremiah 50 in the BOKHWOG

Jeremiah 50 in the BOKSSV

Jeremiah 50 in the BOLCB

Jeremiah 50 in the BOLCB2

Jeremiah 50 in the BOMCV

Jeremiah 50 in the BONAV

Jeremiah 50 in the BONCB

Jeremiah 50 in the BONLT

Jeremiah 50 in the BONUT2

Jeremiah 50 in the BOPLNT

Jeremiah 50 in the BOSCB

Jeremiah 50 in the BOSNC

Jeremiah 50 in the BOTLNT

Jeremiah 50 in the BOVCB

Jeremiah 50 in the BOYCB

Jeremiah 50 in the BPBB

Jeremiah 50 in the BPH

Jeremiah 50 in the BSB

Jeremiah 50 in the CCB

Jeremiah 50 in the CUV

Jeremiah 50 in the CUVS

Jeremiah 50 in the DBT

Jeremiah 50 in the DGDNT

Jeremiah 50 in the DHNT

Jeremiah 50 in the DNT

Jeremiah 50 in the ELBE

Jeremiah 50 in the EMTV

Jeremiah 50 in the ESV

Jeremiah 50 in the FBV

Jeremiah 50 in the FEB

Jeremiah 50 in the GGMNT

Jeremiah 50 in the GNT

Jeremiah 50 in the HARY

Jeremiah 50 in the HNT

Jeremiah 50 in the IRVA

Jeremiah 50 in the IRVB

Jeremiah 50 in the IRVG

Jeremiah 50 in the IRVH

Jeremiah 50 in the IRVK

Jeremiah 50 in the IRVM

Jeremiah 50 in the IRVM2

Jeremiah 50 in the IRVO

Jeremiah 50 in the IRVP

Jeremiah 50 in the IRVT

Jeremiah 50 in the IRVT2

Jeremiah 50 in the IRVU

Jeremiah 50 in the ISVN

Jeremiah 50 in the JSNT

Jeremiah 50 in the KAPI

Jeremiah 50 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 50 in the KBV

Jeremiah 50 in the KJV

Jeremiah 50 in the KNFD

Jeremiah 50 in the LBA

Jeremiah 50 in the LBLA

Jeremiah 50 in the LNT

Jeremiah 50 in the LSV

Jeremiah 50 in the MAAL

Jeremiah 50 in the MBV

Jeremiah 50 in the MBV2

Jeremiah 50 in the MHNT

Jeremiah 50 in the MKNFD

Jeremiah 50 in the MNG

Jeremiah 50 in the MNT

Jeremiah 50 in the MNT2

Jeremiah 50 in the MRS1T

Jeremiah 50 in the NAA

Jeremiah 50 in the NASB

Jeremiah 50 in the NBLA

Jeremiah 50 in the NBS

Jeremiah 50 in the NBVTP

Jeremiah 50 in the NET2

Jeremiah 50 in the NIV11

Jeremiah 50 in the NNT

Jeremiah 50 in the NNT2

Jeremiah 50 in the NNT3

Jeremiah 50 in the PDDPT

Jeremiah 50 in the PFNT

Jeremiah 50 in the RMNT

Jeremiah 50 in the SBIAS

Jeremiah 50 in the SBIBS

Jeremiah 50 in the SBIBS2

Jeremiah 50 in the SBICS

Jeremiah 50 in the SBIDS

Jeremiah 50 in the SBIGS

Jeremiah 50 in the SBIHS

Jeremiah 50 in the SBIIS

Jeremiah 50 in the SBIIS2

Jeremiah 50 in the SBIIS3

Jeremiah 50 in the SBIKS

Jeremiah 50 in the SBIKS2

Jeremiah 50 in the SBIMS

Jeremiah 50 in the SBIOS

Jeremiah 50 in the SBIPS

Jeremiah 50 in the SBISS

Jeremiah 50 in the SBITS

Jeremiah 50 in the SBITS2

Jeremiah 50 in the SBITS3

Jeremiah 50 in the SBITS4

Jeremiah 50 in the SBIUS

Jeremiah 50 in the SBIVS

Jeremiah 50 in the SBT

Jeremiah 50 in the SBT1E

Jeremiah 50 in the SCHL

Jeremiah 50 in the SNT

Jeremiah 50 in the SUSU

Jeremiah 50 in the SUSU2

Jeremiah 50 in the SYNO

Jeremiah 50 in the TBIAOTANT

Jeremiah 50 in the TBT1E

Jeremiah 50 in the TBT1E2

Jeremiah 50 in the TFTIP

Jeremiah 50 in the TFTU

Jeremiah 50 in the TGNTATF3T

Jeremiah 50 in the THAI

Jeremiah 50 in the TNFD

Jeremiah 50 in the TNT

Jeremiah 50 in the TNTIK

Jeremiah 50 in the TNTIL

Jeremiah 50 in the TNTIN

Jeremiah 50 in the TNTIP

Jeremiah 50 in the TNTIZ

Jeremiah 50 in the TOMA

Jeremiah 50 in the TTENT

Jeremiah 50 in the UBG

Jeremiah 50 in the UGV

Jeremiah 50 in the UGV2

Jeremiah 50 in the UGV3

Jeremiah 50 in the VBL

Jeremiah 50 in the VDCC

Jeremiah 50 in the YALU

Jeremiah 50 in the YAPE

Jeremiah 50 in the YBVTP

Jeremiah 50 in the ZBP