Jeremiah 8 (BOATCB)
1 “ ‘Saa ɛberɛ no, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔbɛyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfoɔ nnompe, asɔfoɔ ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn nnamena mu. 2 Wɔbɛsɛ no kɛtɛ wɔ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. 3 Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie.’ 4 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ AWURADE seɛ nie:“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa?Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa? 5 Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho?Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi?Wɔkura nnaadaa mu pintinn;na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi. 6 Mawɛn maso matie,nanso wɔnnka deɛ ɛtene.Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho,na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?”Obiara fa ɔno ara ɛkwan sote sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm. 7 Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiemnim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no,na aturukuku, asomfena ne anyankukuhunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi,nanso me nkurɔfoɔ nnimdeɛ AWURADE hwehwɛ. 8 “ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa,ɛfiri sɛ yɛwɔ AWURADE mmara,”wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔde atorɔ adanedane mu? 9 Anyansafoɔ no anim bɛgu ase;wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn.Sɛ wɔapo AWURADE asɛm no a,na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ? 10 Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔne wɔn mfuo nso ama afoforɔ.Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ. 11 Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakurote sɛ deɛ ɛnyɛ hu.Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ”wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ. 12 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?Dabi, wɔn ani nnwu koraa;wɔnnim fɛreɛ mpo.Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase,sɛdeɛ AWURADE seɛ nie. 13 “ ‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ,deɛ AWURADE seɛ nie.Aba biara remma bobe nnua no so.Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,ɛso nhahan bɛdwindwan.Deɛ mede ama wɔn nowɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ ” 14 Adɛn enti na yɛtete ha?Mommoaboa mo ho ano!Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ muna yɛnkɔwuwu wɔ hɔ!Ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔna wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom,ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no. 15 Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛnanso biribi pa biara amfiri mu amma,yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwannanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn. 16 Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homeefiri Dan;na wɔn apɔnkɔnini suma asase no nyinaa woso.Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛeasase no ne ɛso nneɛma nyinaa,kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa. 17 “Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu,nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn,na wɔbɛkeka mo,”deɛ AWURADE seɛ nie. 18 Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ,mʼakoma aboto wɔ me mu. 19 Tie me nkurɔfoɔ sufrɛa ɛfiri akyirikyiri asase so:“AWURADE nni Sion anaa?Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?” “Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo,wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?” 20 “Otwa berɛ no atwam,ahuhuro berɛ no aba awieeɛ,na wɔnnyee yɛn nkwa.” 21 Sɛ wɔadwerɛ me nkurɔfoɔ no enti, wɔadwerɛ me;medi awerɛhoɔ, na ahodwirie akyekyere me. 22 Aduro bi nni Gilead anaa?Ɔyaresafoɔ bi nni hɔ anaa?Na afei adɛn enti na ayaresa nni hɔmma me nkurɔfoɔ apirakuro?
In Other Versions
Jeremiah 8 in the ANGEFD
Jeremiah 8 in the ANTPNG2D
Jeremiah 8 in the AS21
Jeremiah 8 in the BAGH
Jeremiah 8 in the BBPNG
Jeremiah 8 in the BBT1E
Jeremiah 8 in the BDS
Jeremiah 8 in the BEV
Jeremiah 8 in the BHAD
Jeremiah 8 in the BIB
Jeremiah 8 in the BLPT
Jeremiah 8 in the BNT
Jeremiah 8 in the BNTABOOT
Jeremiah 8 in the BNTLV
Jeremiah 8 in the BOATCB2
Jeremiah 8 in the BOBCV
Jeremiah 8 in the BOCNT
Jeremiah 8 in the BOECS
Jeremiah 8 in the BOGWICC
Jeremiah 8 in the BOHCB
Jeremiah 8 in the BOHCV
Jeremiah 8 in the BOHLNT
Jeremiah 8 in the BOHNTLTAL
Jeremiah 8 in the BOICB
Jeremiah 8 in the BOILNTAP
Jeremiah 8 in the BOITCV
Jeremiah 8 in the BOKCV
Jeremiah 8 in the BOKCV2
Jeremiah 8 in the BOKHWOG
Jeremiah 8 in the BOKSSV
Jeremiah 8 in the BOLCB
Jeremiah 8 in the BOLCB2
Jeremiah 8 in the BOMCV
Jeremiah 8 in the BONAV
Jeremiah 8 in the BONCB
Jeremiah 8 in the BONLT
Jeremiah 8 in the BONUT2
Jeremiah 8 in the BOPLNT
Jeremiah 8 in the BOSCB
Jeremiah 8 in the BOSNC
Jeremiah 8 in the BOTLNT
Jeremiah 8 in the BOVCB
Jeremiah 8 in the BOYCB
Jeremiah 8 in the BPBB
Jeremiah 8 in the BPH
Jeremiah 8 in the BSB
Jeremiah 8 in the CCB
Jeremiah 8 in the CUV
Jeremiah 8 in the CUVS
Jeremiah 8 in the DBT
Jeremiah 8 in the DGDNT
Jeremiah 8 in the DHNT
Jeremiah 8 in the DNT
Jeremiah 8 in the ELBE
Jeremiah 8 in the EMTV
Jeremiah 8 in the ESV
Jeremiah 8 in the FBV
Jeremiah 8 in the FEB
Jeremiah 8 in the GGMNT
Jeremiah 8 in the GNT
Jeremiah 8 in the HARY
Jeremiah 8 in the HNT
Jeremiah 8 in the IRVA
Jeremiah 8 in the IRVB
Jeremiah 8 in the IRVG
Jeremiah 8 in the IRVH
Jeremiah 8 in the IRVK
Jeremiah 8 in the IRVM
Jeremiah 8 in the IRVM2
Jeremiah 8 in the IRVO
Jeremiah 8 in the IRVP
Jeremiah 8 in the IRVT
Jeremiah 8 in the IRVT2
Jeremiah 8 in the IRVU
Jeremiah 8 in the ISVN
Jeremiah 8 in the JSNT
Jeremiah 8 in the KAPI
Jeremiah 8 in the KBT1ETNIK
Jeremiah 8 in the KBV
Jeremiah 8 in the KJV
Jeremiah 8 in the KNFD
Jeremiah 8 in the LBA
Jeremiah 8 in the LBLA
Jeremiah 8 in the LNT
Jeremiah 8 in the LSV
Jeremiah 8 in the MAAL
Jeremiah 8 in the MBV
Jeremiah 8 in the MBV2
Jeremiah 8 in the MHNT
Jeremiah 8 in the MKNFD
Jeremiah 8 in the MNG
Jeremiah 8 in the MNT
Jeremiah 8 in the MNT2
Jeremiah 8 in the MRS1T
Jeremiah 8 in the NAA
Jeremiah 8 in the NASB
Jeremiah 8 in the NBLA
Jeremiah 8 in the NBS
Jeremiah 8 in the NBVTP
Jeremiah 8 in the NET2
Jeremiah 8 in the NIV11
Jeremiah 8 in the NNT
Jeremiah 8 in the NNT2
Jeremiah 8 in the NNT3
Jeremiah 8 in the PDDPT
Jeremiah 8 in the PFNT
Jeremiah 8 in the RMNT
Jeremiah 8 in the SBIAS
Jeremiah 8 in the SBIBS
Jeremiah 8 in the SBIBS2
Jeremiah 8 in the SBICS
Jeremiah 8 in the SBIDS
Jeremiah 8 in the SBIGS
Jeremiah 8 in the SBIHS
Jeremiah 8 in the SBIIS
Jeremiah 8 in the SBIIS2
Jeremiah 8 in the SBIIS3
Jeremiah 8 in the SBIKS
Jeremiah 8 in the SBIKS2
Jeremiah 8 in the SBIMS
Jeremiah 8 in the SBIOS
Jeremiah 8 in the SBIPS
Jeremiah 8 in the SBISS
Jeremiah 8 in the SBITS
Jeremiah 8 in the SBITS2
Jeremiah 8 in the SBITS3
Jeremiah 8 in the SBITS4
Jeremiah 8 in the SBIUS
Jeremiah 8 in the SBIVS
Jeremiah 8 in the SBT
Jeremiah 8 in the SBT1E
Jeremiah 8 in the SCHL
Jeremiah 8 in the SNT
Jeremiah 8 in the SUSU
Jeremiah 8 in the SUSU2
Jeremiah 8 in the SYNO
Jeremiah 8 in the TBIAOTANT
Jeremiah 8 in the TBT1E
Jeremiah 8 in the TBT1E2
Jeremiah 8 in the TFTIP
Jeremiah 8 in the TFTU
Jeremiah 8 in the TGNTATF3T
Jeremiah 8 in the THAI
Jeremiah 8 in the TNFD
Jeremiah 8 in the TNT
Jeremiah 8 in the TNTIK
Jeremiah 8 in the TNTIL
Jeremiah 8 in the TNTIN
Jeremiah 8 in the TNTIP
Jeremiah 8 in the TNTIZ
Jeremiah 8 in the TOMA
Jeremiah 8 in the TTENT
Jeremiah 8 in the UBG
Jeremiah 8 in the UGV
Jeremiah 8 in the UGV2
Jeremiah 8 in the UGV3
Jeremiah 8 in the VBL
Jeremiah 8 in the VDCC
Jeremiah 8 in the YALU
Jeremiah 8 in the YAPE
Jeremiah 8 in the YBVTP
Jeremiah 8 in the ZBP