Matthew 12 (BOATCB)

1 Homeda bi, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔfaa aburoofuo bi mu. Wɔnam aburoofuo no mu no, ɛkɔm dee asuafoɔ no ma wɔpempanee aburoo no bi weeɛ. 2 Farisifoɔ bi hunuu deɛ asuafoɔ no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wɔbisaa Yesu sɛ, “Woahunu sɛ wʼasuafoɔ no abu Homeda mmara no so?” 3 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no? 4 Wɔkɔɔ Onyankopɔn fie kɔdii burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ a anka wɔnni ho kwan sɛ wɔdi, agye ɔsɔfoɔ nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara so buo? 5 Na monnsane nkane mfirii Mose mmara no mu, sɛ asɔfoɔ a wɔyɛ asɔrefie adwuma no tumi yɛ adwuma Homeda nso? 6 Mereka ama moate aseɛ sɛ, deɛ ɔkyɛn asɔrefie no wɔ ha! 7 Sɛ moate asɛm a ɛse, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yie a, anka moremmu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ. 8 Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura”. 9 Yesu firii deɛ ɔwɔ hɔ kɔɔ hyiadan mu. 10 Ɔhunuu ɔbarima bi wɔ dan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yadeɛ Homeda anaa?” Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛkwan atoto nʼano na wɔakye no! 11 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔwɔ odwan baako na sɛ ɔkɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɛkwan biara so wobɛkɔ akɔyi no. 12 Onipa som bo sene odwan! Yei enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda.” 13 Afei, Yesu ka kyerɛɛ deɛ ne nsa awu no sɛ, “Tene wo nsa!” Ɔyarefoɔ no tenee ne nsa. Ɔtenee ne nsa no, ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no. 14 Farisifoɔ no firii adi kɔtuu sɛdeɛ wɔbɛkyere Yesu akum no no ho agyina. 15 Esiane sɛ na ɔnim ɛpɔ a wɔrebɔ wɔ ne ho no enti, ɔfirii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ no nyinaa yadeɛ. 16 Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ wɔmmmɔ nʼanwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no ho dawuro. 17 Na nkɔm a Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ no aba mu sɛ: 18 “Monhwɛ mʼakoa a mayi no,deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no,mede me honhom mɛgu no so,na wabu amanaman atɛn. 19 Ɔrenko, na ɔrenteateam.Na obi rente ne nne abɔntene so! 20 Ɔrensɛe demmire ɛyɛ mmerɛ no.Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum;kɔsi sɛ ɔnam atɛntenenee so de nkonimdie aba. 21 Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidasoɔ.” 22 Afei, wɔde obi a ɔyɛ mumu yɛ onifirani na honhommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yadeɛ. Yesu saa no yadeɛ ma ɔkasaeɛ sane hunuu adeɛ. 23 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwirii wɔn. Wɔkaa sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no anaa?” 24 Nanso, Farisifoɔ no tee anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panin Ɔbonsam, Beelsebul no so na ɔtu ahonhommɔne.” 25 Yesu hunuu wɔn adwene, maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Ahemman biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kuro anaa efie biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. 26 Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina? 27 Na sɛ menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn. 28 Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na ɛtu ahonhommɔne deɛ a, na Onyankopɔn Ahennie aba mo so. 29 “Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie mu nkɔwia no, agye sɛ, onipa ko no di ɛkan de ahoma kyekyere no. 30 “Obiara a ɔnni mʼafa no, tia me. Na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu. 31 Mereka akyerɛ mo sɛ, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a ɛtia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ. 32 Deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso, deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da biara da. 33 “Dua biara aba na wɔde hunu ne su. Dua pa so aba pa na dua bɔne nso so aba bɔne. 34 Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefoɔ sɛ mo atumi aka deɛ ɛyɛ ho asɛm? Deɛ ayɛ akoma ma abu so no na ano ka. 35 Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi. 36 Mereka makyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, asɛnhunu biara a obi aka no, ɔbɛbu ho akonta. 37 Wʼanomu asɛm so na wɔnam bɛbu wo bem anaa ɛfɔ”. 38 Ɛda bi, Yudafoɔ mpanimfoɔ bi a Farisifoɔ bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi nkyerɛ wɔn. 39 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefoɔ a wɔnni gyidie na wɔpɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ. Nanso, wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara ka Odiyifoɔ Yona deɛ no ho. 40 Na sɛdeɛ Yona kɔdii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ Onipa Ba no kɔdi asase mu nnansa. 41 Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha. 42 Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha. 43 “Saa ɔman debɔneyɛfoɔ yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne soɔ. Sɛ honhommɔne no tu firi ne mu a, ɛkyinkyini, hwehwɛ homebea nanso, ɛnnya bi. 44 Sɛ ɛba saa a, deɛ honhommɔne no ka ne sɛ, ‘Mɛsane akɔ onipa a mefirii ne mu baeɛ no mu bio.’ Ɔsane kɔ onipa no mu na ɔhunu sɛ ne mu da mpan, na wɔasiesie hɔ fɛfɛɛfɛ a, 45 ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Yei ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kane asetena no.” 46 Ɛberɛ a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ efie bi mu no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa. 47 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa”. 48 Yesu kaa sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?” 49 Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no, ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom”. 50 Ɔsane kaa bio sɛ, “Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabaa ne me maame”.

In Other Versions

Matthew 12 in the ANGEFD

Matthew 12 in the ANTPNG2D

Matthew 12 in the AS21

Matthew 12 in the BAGH

Matthew 12 in the BBPNG

Matthew 12 in the BBT1E

Matthew 12 in the BDS

Matthew 12 in the BEV

Matthew 12 in the BHAD

Matthew 12 in the BIB

Matthew 12 in the BLPT

Matthew 12 in the BNT

Matthew 12 in the BNTABOOT

Matthew 12 in the BNTLV

Matthew 12 in the BOATCB2

Matthew 12 in the BOBCV

Matthew 12 in the BOCNT

Matthew 12 in the BOECS

Matthew 12 in the BOGWICC

Matthew 12 in the BOHCB

Matthew 12 in the BOHCV

Matthew 12 in the BOHLNT

Matthew 12 in the BOHNTLTAL

Matthew 12 in the BOICB

Matthew 12 in the BOILNTAP

Matthew 12 in the BOITCV

Matthew 12 in the BOKCV

Matthew 12 in the BOKCV2

Matthew 12 in the BOKHWOG

Matthew 12 in the BOKSSV

Matthew 12 in the BOLCB

Matthew 12 in the BOLCB2

Matthew 12 in the BOMCV

Matthew 12 in the BONAV

Matthew 12 in the BONCB

Matthew 12 in the BONLT

Matthew 12 in the BONUT2

Matthew 12 in the BOPLNT

Matthew 12 in the BOSCB

Matthew 12 in the BOSNC

Matthew 12 in the BOTLNT

Matthew 12 in the BOVCB

Matthew 12 in the BOYCB

Matthew 12 in the BPBB

Matthew 12 in the BPH

Matthew 12 in the BSB

Matthew 12 in the CCB

Matthew 12 in the CUV

Matthew 12 in the CUVS

Matthew 12 in the DBT

Matthew 12 in the DGDNT

Matthew 12 in the DHNT

Matthew 12 in the DNT

Matthew 12 in the ELBE

Matthew 12 in the EMTV

Matthew 12 in the ESV

Matthew 12 in the FBV

Matthew 12 in the FEB

Matthew 12 in the GGMNT

Matthew 12 in the GNT

Matthew 12 in the HARY

Matthew 12 in the HNT

Matthew 12 in the IRVA

Matthew 12 in the IRVB

Matthew 12 in the IRVG

Matthew 12 in the IRVH

Matthew 12 in the IRVK

Matthew 12 in the IRVM

Matthew 12 in the IRVM2

Matthew 12 in the IRVO

Matthew 12 in the IRVP

Matthew 12 in the IRVT

Matthew 12 in the IRVT2

Matthew 12 in the IRVU

Matthew 12 in the ISVN

Matthew 12 in the JSNT

Matthew 12 in the KAPI

Matthew 12 in the KBT1ETNIK

Matthew 12 in the KBV

Matthew 12 in the KJV

Matthew 12 in the KNFD

Matthew 12 in the LBA

Matthew 12 in the LBLA

Matthew 12 in the LNT

Matthew 12 in the LSV

Matthew 12 in the MAAL

Matthew 12 in the MBV

Matthew 12 in the MBV2

Matthew 12 in the MHNT

Matthew 12 in the MKNFD

Matthew 12 in the MNG

Matthew 12 in the MNT

Matthew 12 in the MNT2

Matthew 12 in the MRS1T

Matthew 12 in the NAA

Matthew 12 in the NASB

Matthew 12 in the NBLA

Matthew 12 in the NBS

Matthew 12 in the NBVTP

Matthew 12 in the NET2

Matthew 12 in the NIV11

Matthew 12 in the NNT

Matthew 12 in the NNT2

Matthew 12 in the NNT3

Matthew 12 in the PDDPT

Matthew 12 in the PFNT

Matthew 12 in the RMNT

Matthew 12 in the SBIAS

Matthew 12 in the SBIBS

Matthew 12 in the SBIBS2

Matthew 12 in the SBICS

Matthew 12 in the SBIDS

Matthew 12 in the SBIGS

Matthew 12 in the SBIHS

Matthew 12 in the SBIIS

Matthew 12 in the SBIIS2

Matthew 12 in the SBIIS3

Matthew 12 in the SBIKS

Matthew 12 in the SBIKS2

Matthew 12 in the SBIMS

Matthew 12 in the SBIOS

Matthew 12 in the SBIPS

Matthew 12 in the SBISS

Matthew 12 in the SBITS

Matthew 12 in the SBITS2

Matthew 12 in the SBITS3

Matthew 12 in the SBITS4

Matthew 12 in the SBIUS

Matthew 12 in the SBIVS

Matthew 12 in the SBT

Matthew 12 in the SBT1E

Matthew 12 in the SCHL

Matthew 12 in the SNT

Matthew 12 in the SUSU

Matthew 12 in the SUSU2

Matthew 12 in the SYNO

Matthew 12 in the TBIAOTANT

Matthew 12 in the TBT1E

Matthew 12 in the TBT1E2

Matthew 12 in the TFTIP

Matthew 12 in the TFTU

Matthew 12 in the TGNTATF3T

Matthew 12 in the THAI

Matthew 12 in the TNFD

Matthew 12 in the TNT

Matthew 12 in the TNTIK

Matthew 12 in the TNTIL

Matthew 12 in the TNTIN

Matthew 12 in the TNTIP

Matthew 12 in the TNTIZ

Matthew 12 in the TOMA

Matthew 12 in the TTENT

Matthew 12 in the UBG

Matthew 12 in the UGV

Matthew 12 in the UGV2

Matthew 12 in the UGV3

Matthew 12 in the VBL

Matthew 12 in the VDCC

Matthew 12 in the YALU

Matthew 12 in the YAPE

Matthew 12 in the YBVTP

Matthew 12 in the ZBP