Matthew 22 (BOATCB)

1 Yesu de mmɛbuo ahodoɔ kyerɛɛ sɛdeɛ Ɔsoro Ahennie no teɛ. 2 Ɔse, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforɔ na ɔtoo pon maa no. 3 Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa nʼasomfoɔ sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso, nnipa no amma. 4 “Ɔsane somaa nʼasomfoɔ foforɔ sɛ, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwie ne me nyɛmmoa de anoa aduane awie. Mommra ayeforɔ no ase mmɛdidi!’ 5 “Nanso, ne ho yɛɛ wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no sere. Obiara kɔdii ne dwuma. Obi kɔɔ nʼafuom. Ɔfoforɔ nso kɔdii ne dwa. 6 Afoforɔ nso kyeree nʼasomfoɔ no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkumm ebinom nso. 7 Ɔhene no tee deɛ nnipa no ayɛ nʼasomfoɔ no, ne bo fuiɛ. Ɔsomaa nʼasraafoɔ ma wɔkɔkunkum awudifoɔ no, hyee wɔn kuro no pasaa. 8 “Ɔsane frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Wɔawie ayeforɔ aduane no. Nanso, wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba apontoɔ no ase. 9 Enti, monkɔ mmɔntene so na obiara a mobɛhunu no no, momfrɛ no mmra apontoɔ no ase.’ 10 Asomfoɔ no firii adi kɔɔ mmɔntene so kɔfrɛɛ nnipa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɛdan a wɔtoo ɛpono wɔ mu no yɛɛ ma. 11 “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ɔhunuu obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ. 12 Ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, na wotumi baa ha?’ Nanso, damfo no antumi ammua. 13 “Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔto no ntwene akyirikyiri esum mu, deɛ esu ne agyaadwoɔ wɔ no.’ 14 “Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn.” 15 Farisifoɔ no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɛkwan bi a wɔnam nʼanom asɛm so bɛnya no akyere no. 16 Wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no sɛ, “Owura, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim. 17 Ka ma yɛntie. Ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?” 18 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ? 19 Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no. 20 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?” 21 Wɔbuaa sɛ, “Kaesare.”Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ, momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.” 22 Ne mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwirii wɔn ma wɔgyaa no hɔ kɔeɛ. 23 Ɛda no ara, Sadukifoɔ a wɔnnye owusɔreɛ nni no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 24 “Owura, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma owufoɔ no. 25 Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanin no wareeɛ a wanwo ba na ɔwuiɛ. Enti, ne nua a ɔtɔ so mmienu no faa ne yere no kunabaa. 26 Deɛ ɔtɔ so mmienu no nso wuiɛ, maa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no faa ɔbaa no kunabaa. Ɔno nso wuiɛ a wanwo ba, maa ɔfoforɔ nso faa ɔbaa no kunabaa. Yei toaa so ara kɔsii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbaa no. 27 Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔbaa no nso wuiɛ. 28 Ɛno enti, owusɔreberɛ no, nnipa baason yi mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no!’ ” 29 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moayɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no! 30 Na owusɔreberɛ no, awadeɛ nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no. 31 Afei, ɛfa owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee deɛ Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Monhunu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo ɛberɛ a ɔkaa sɛ, 32 ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn no?’ Yei kyerɛ sɛ. Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Onyankopɔn na mmom, ateasefoɔ Onyankopɔn.” 33 Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. 34 Farisifoɔ no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifoɔ no so no, wɔkɔhyiaa Yesu. 35 Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa Yesu sɛ, 36 “Owura, Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?” 37 Yesu buaa no sɛ, “ ‘Dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, wʼakoma nyinaa mu ne wo ɔkra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’ 38 Yei ne mmaransɛm no mu deɛ ɛdi ɛkan na ɛkyɛn ne nyinaa. 39 Deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ 40 Mose mmaransɛm ne adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm mmienu yi so.” 41 Farisifoɔ no twaa Yesu ho hyiaeɛ no, ɔbisaa wɔn sɛ, 42 “Ɛdeɛn na mowɔ ka wɔ Agyenkwa no ho? Hwan ba ne no?”Wɔbuaa no sɛ, “Dawid Ba.” 43 Yesu bisaa wɔn sɛ “Ɛnneɛ, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade’? Ɛfiri sɛ, Dawid kaa sɛ, 44 “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nifa kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ nyinaa so.” ’ 45 Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” 46 Obiara antumi ammua. Yei akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.

In Other Versions

Matthew 22 in the ANGEFD

Matthew 22 in the ANTPNG2D

Matthew 22 in the AS21

Matthew 22 in the BAGH

Matthew 22 in the BBPNG

Matthew 22 in the BBT1E

Matthew 22 in the BDS

Matthew 22 in the BEV

Matthew 22 in the BHAD

Matthew 22 in the BIB

Matthew 22 in the BLPT

Matthew 22 in the BNT

Matthew 22 in the BNTABOOT

Matthew 22 in the BNTLV

Matthew 22 in the BOATCB2

Matthew 22 in the BOBCV

Matthew 22 in the BOCNT

Matthew 22 in the BOECS

Matthew 22 in the BOGWICC

Matthew 22 in the BOHCB

Matthew 22 in the BOHCV

Matthew 22 in the BOHLNT

Matthew 22 in the BOHNTLTAL

Matthew 22 in the BOICB

Matthew 22 in the BOILNTAP

Matthew 22 in the BOITCV

Matthew 22 in the BOKCV

Matthew 22 in the BOKCV2

Matthew 22 in the BOKHWOG

Matthew 22 in the BOKSSV

Matthew 22 in the BOLCB

Matthew 22 in the BOLCB2

Matthew 22 in the BOMCV

Matthew 22 in the BONAV

Matthew 22 in the BONCB

Matthew 22 in the BONLT

Matthew 22 in the BONUT2

Matthew 22 in the BOPLNT

Matthew 22 in the BOSCB

Matthew 22 in the BOSNC

Matthew 22 in the BOTLNT

Matthew 22 in the BOVCB

Matthew 22 in the BOYCB

Matthew 22 in the BPBB

Matthew 22 in the BPH

Matthew 22 in the BSB

Matthew 22 in the CCB

Matthew 22 in the CUV

Matthew 22 in the CUVS

Matthew 22 in the DBT

Matthew 22 in the DGDNT

Matthew 22 in the DHNT

Matthew 22 in the DNT

Matthew 22 in the ELBE

Matthew 22 in the EMTV

Matthew 22 in the ESV

Matthew 22 in the FBV

Matthew 22 in the FEB

Matthew 22 in the GGMNT

Matthew 22 in the GNT

Matthew 22 in the HARY

Matthew 22 in the HNT

Matthew 22 in the IRVA

Matthew 22 in the IRVB

Matthew 22 in the IRVG

Matthew 22 in the IRVH

Matthew 22 in the IRVK

Matthew 22 in the IRVM

Matthew 22 in the IRVM2

Matthew 22 in the IRVO

Matthew 22 in the IRVP

Matthew 22 in the IRVT

Matthew 22 in the IRVT2

Matthew 22 in the IRVU

Matthew 22 in the ISVN

Matthew 22 in the JSNT

Matthew 22 in the KAPI

Matthew 22 in the KBT1ETNIK

Matthew 22 in the KBV

Matthew 22 in the KJV

Matthew 22 in the KNFD

Matthew 22 in the LBA

Matthew 22 in the LBLA

Matthew 22 in the LNT

Matthew 22 in the LSV

Matthew 22 in the MAAL

Matthew 22 in the MBV

Matthew 22 in the MBV2

Matthew 22 in the MHNT

Matthew 22 in the MKNFD

Matthew 22 in the MNG

Matthew 22 in the MNT

Matthew 22 in the MNT2

Matthew 22 in the MRS1T

Matthew 22 in the NAA

Matthew 22 in the NASB

Matthew 22 in the NBLA

Matthew 22 in the NBS

Matthew 22 in the NBVTP

Matthew 22 in the NET2

Matthew 22 in the NIV11

Matthew 22 in the NNT

Matthew 22 in the NNT2

Matthew 22 in the NNT3

Matthew 22 in the PDDPT

Matthew 22 in the PFNT

Matthew 22 in the RMNT

Matthew 22 in the SBIAS

Matthew 22 in the SBIBS

Matthew 22 in the SBIBS2

Matthew 22 in the SBICS

Matthew 22 in the SBIDS

Matthew 22 in the SBIGS

Matthew 22 in the SBIHS

Matthew 22 in the SBIIS

Matthew 22 in the SBIIS2

Matthew 22 in the SBIIS3

Matthew 22 in the SBIKS

Matthew 22 in the SBIKS2

Matthew 22 in the SBIMS

Matthew 22 in the SBIOS

Matthew 22 in the SBIPS

Matthew 22 in the SBISS

Matthew 22 in the SBITS

Matthew 22 in the SBITS2

Matthew 22 in the SBITS3

Matthew 22 in the SBITS4

Matthew 22 in the SBIUS

Matthew 22 in the SBIVS

Matthew 22 in the SBT

Matthew 22 in the SBT1E

Matthew 22 in the SCHL

Matthew 22 in the SNT

Matthew 22 in the SUSU

Matthew 22 in the SUSU2

Matthew 22 in the SYNO

Matthew 22 in the TBIAOTANT

Matthew 22 in the TBT1E

Matthew 22 in the TBT1E2

Matthew 22 in the TFTIP

Matthew 22 in the TFTU

Matthew 22 in the TGNTATF3T

Matthew 22 in the THAI

Matthew 22 in the TNFD

Matthew 22 in the TNT

Matthew 22 in the TNTIK

Matthew 22 in the TNTIL

Matthew 22 in the TNTIN

Matthew 22 in the TNTIP

Matthew 22 in the TNTIZ

Matthew 22 in the TOMA

Matthew 22 in the TTENT

Matthew 22 in the UBG

Matthew 22 in the UGV

Matthew 22 in the UGV2

Matthew 22 in the UGV3

Matthew 22 in the VBL

Matthew 22 in the VDCC

Matthew 22 in the YALU

Matthew 22 in the YAPE

Matthew 22 in the YBVTP

Matthew 22 in the ZBP