Psalms 105 (BOATCB)

1 Ɛda AWURADE ase na da ne kɛseyɛ adi.Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ. 2 Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa. 3 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;momma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no nnya akoma mu anigyeɛ. 4 Momma mo ani nna AWURADE ne nʼahoɔden so;na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara. 5 Monkae anwanwadeɛ a wayɛne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ, 6 Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,Ao Yakob mma a wapa wɔn. 7 Ɔyɛ AWURADE, yɛn Onyankopɔn.Nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa. 8 Ɔkae nʼapam daa nyinaa,asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no, 9 apam a ɔne Abraham yɛeɛ nontam a ɔka kyerɛɛ Isak no. 10 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. 11 Ɔkaa sɛ, “Mede Kanaan asase no bɛma wosɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.” 12 Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan. 13 Wɔfirii aman so kɔɔ aman so;firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu. 14 Wamma obi anhyɛ wɔn so;wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ: 15 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo;na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.” 16 Ɔmaa ɛkɔm baa asase no sona ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduane nyinaa; 17 na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no. 18 Wɔde mpokyerɛ guu ne nan,na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn, 19 kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu,kɔsii sɛ AWURADE asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ nokwafoɔ. 20 Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no;aman no sodifoɔ gyaa no. 21 Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura,deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ, 22 sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛna ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa. 23 Afei, Israel kɔɔ Misraim;Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani. 24 AWURADE maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ;ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ, 25 wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔna wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so. 26 Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose,ne Aaron a na wayi noɔ no. 27 Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu,nʼanwanwadeɛ wɔ Ham asase so. 28 Ɔsomaa esum, na ɔmaa asase duruu sumɛfiri sɛ na wɔate nʼasɛm no so atua. 29 Ɔmaa wɔn nsuo nyinaa danee mogya,nam so kumm emu mpataa. 30 Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma,na wɔhyɛnee ɔman no sodifoɔ mpia mu. 31 Ɔkasaeɛ, na nwansena bebreene ntontom baa ɔman no mu baabiara. 32 Ɔmaa wɔn osutɔ danee ampariboɔa anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu; 33 Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnuana ɔbubuu ɔman no so nnua pasaa. 34 Ɔkasaeɛ, na ntutummɛ baeɛmmɛbɛ a wɔntumi nkan wɔn; 35 wɔwee nhahammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so,na wɔdii wɔn mfuo so nnuane. 36 Afei ɔkunkumm wɔn asase so mmakan nyinaa,wɔn mmarimayɛ mu aba a ɛdi ɛkan nyinaa. 37 Ɔyii Israelfoɔ, a wɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ,firii wɔn mmusuakuo mu a obiara ho antɔ kyima. 38 Misraim ani gyeeɛ ɛberɛ a wɔkɔeɛ,ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ho hu atɔ wɔn so. 39 Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so,na ɔde ogya maa wɔn, sɛ ɛnyɛ hann anadwo. 40 Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko.Ɔmaa ɔsoro aduane mee wɔn. 41 Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ;na ɛtenee wɔ ɛserɛ no so sɛ asubɔnten. 42 Ɔkaee ne bɔhyɛ kronkron bi aɔhyɛɛ ne ɔsomfoɔ Abraham no. 43 Ɔyii ne nkurɔfoɔ maa wɔn ani gyeeɛ.Wɔn a wapa wɔn no dii ahurisie; 44 ɔde amanaman no nsase maa wɔn,na deɛ ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ 45 na wɔahwɛ nʼahyɛdeɛadi ne mmara so. Monyi AWURADE ayɛ.

In Other Versions

Psalms 105 in the ANGEFD

Psalms 105 in the ANTPNG2D

Psalms 105 in the AS21

Psalms 105 in the BAGH

Psalms 105 in the BBPNG

Psalms 105 in the BBT1E

Psalms 105 in the BDS

Psalms 105 in the BEV

Psalms 105 in the BHAD

Psalms 105 in the BIB

Psalms 105 in the BLPT

Psalms 105 in the BNT

Psalms 105 in the BNTABOOT

Psalms 105 in the BNTLV

Psalms 105 in the BOATCB2

Psalms 105 in the BOBCV

Psalms 105 in the BOCNT

Psalms 105 in the BOECS

Psalms 105 in the BOGWICC

Psalms 105 in the BOHCB

Psalms 105 in the BOHCV

Psalms 105 in the BOHLNT

Psalms 105 in the BOHNTLTAL

Psalms 105 in the BOICB

Psalms 105 in the BOILNTAP

Psalms 105 in the BOITCV

Psalms 105 in the BOKCV

Psalms 105 in the BOKCV2

Psalms 105 in the BOKHWOG

Psalms 105 in the BOKSSV

Psalms 105 in the BOLCB

Psalms 105 in the BOLCB2

Psalms 105 in the BOMCV

Psalms 105 in the BONAV

Psalms 105 in the BONCB

Psalms 105 in the BONLT

Psalms 105 in the BONUT2

Psalms 105 in the BOPLNT

Psalms 105 in the BOSCB

Psalms 105 in the BOSNC

Psalms 105 in the BOTLNT

Psalms 105 in the BOVCB

Psalms 105 in the BOYCB

Psalms 105 in the BPBB

Psalms 105 in the BPH

Psalms 105 in the BSB

Psalms 105 in the CCB

Psalms 105 in the CUV

Psalms 105 in the CUVS

Psalms 105 in the DBT

Psalms 105 in the DGDNT

Psalms 105 in the DHNT

Psalms 105 in the DNT

Psalms 105 in the ELBE

Psalms 105 in the EMTV

Psalms 105 in the ESV

Psalms 105 in the FBV

Psalms 105 in the FEB

Psalms 105 in the GGMNT

Psalms 105 in the GNT

Psalms 105 in the HARY

Psalms 105 in the HNT

Psalms 105 in the IRVA

Psalms 105 in the IRVB

Psalms 105 in the IRVG

Psalms 105 in the IRVH

Psalms 105 in the IRVK

Psalms 105 in the IRVM

Psalms 105 in the IRVM2

Psalms 105 in the IRVO

Psalms 105 in the IRVP

Psalms 105 in the IRVT

Psalms 105 in the IRVT2

Psalms 105 in the IRVU

Psalms 105 in the ISVN

Psalms 105 in the JSNT

Psalms 105 in the KAPI

Psalms 105 in the KBT1ETNIK

Psalms 105 in the KBV

Psalms 105 in the KJV

Psalms 105 in the KNFD

Psalms 105 in the LBA

Psalms 105 in the LBLA

Psalms 105 in the LNT

Psalms 105 in the LSV

Psalms 105 in the MAAL

Psalms 105 in the MBV

Psalms 105 in the MBV2

Psalms 105 in the MHNT

Psalms 105 in the MKNFD

Psalms 105 in the MNG

Psalms 105 in the MNT

Psalms 105 in the MNT2

Psalms 105 in the MRS1T

Psalms 105 in the NAA

Psalms 105 in the NASB

Psalms 105 in the NBLA

Psalms 105 in the NBS

Psalms 105 in the NBVTP

Psalms 105 in the NET2

Psalms 105 in the NIV11

Psalms 105 in the NNT

Psalms 105 in the NNT2

Psalms 105 in the NNT3

Psalms 105 in the PDDPT

Psalms 105 in the PFNT

Psalms 105 in the RMNT

Psalms 105 in the SBIAS

Psalms 105 in the SBIBS

Psalms 105 in the SBIBS2

Psalms 105 in the SBICS

Psalms 105 in the SBIDS

Psalms 105 in the SBIGS

Psalms 105 in the SBIHS

Psalms 105 in the SBIIS

Psalms 105 in the SBIIS2

Psalms 105 in the SBIIS3

Psalms 105 in the SBIKS

Psalms 105 in the SBIKS2

Psalms 105 in the SBIMS

Psalms 105 in the SBIOS

Psalms 105 in the SBIPS

Psalms 105 in the SBISS

Psalms 105 in the SBITS

Psalms 105 in the SBITS2

Psalms 105 in the SBITS3

Psalms 105 in the SBITS4

Psalms 105 in the SBIUS

Psalms 105 in the SBIVS

Psalms 105 in the SBT

Psalms 105 in the SBT1E

Psalms 105 in the SCHL

Psalms 105 in the SNT

Psalms 105 in the SUSU

Psalms 105 in the SUSU2

Psalms 105 in the SYNO

Psalms 105 in the TBIAOTANT

Psalms 105 in the TBT1E

Psalms 105 in the TBT1E2

Psalms 105 in the TFTIP

Psalms 105 in the TFTU

Psalms 105 in the TGNTATF3T

Psalms 105 in the THAI

Psalms 105 in the TNFD

Psalms 105 in the TNT

Psalms 105 in the TNTIK

Psalms 105 in the TNTIL

Psalms 105 in the TNTIN

Psalms 105 in the TNTIP

Psalms 105 in the TNTIZ

Psalms 105 in the TOMA

Psalms 105 in the TTENT

Psalms 105 in the UBG

Psalms 105 in the UGV

Psalms 105 in the UGV2

Psalms 105 in the UGV3

Psalms 105 in the VBL

Psalms 105 in the VDCC

Psalms 105 in the YALU

Psalms 105 in the YAPE

Psalms 105 in the YBVTP

Psalms 105 in the ZBP