Romans 11 (BOATCB)

1 Afei, mebisa sɛ Onyankopɔn ato ne ɔman atwene anaa? Dabi. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusua mu. 2 Onyankopɔn ampo ne nkurɔfoɔ a ɔyii wɔn ahyɛaseɛ no. Monim deɛ Atwerɛsɛm no ka fa Elia sɛdeɛ ɔkasa tiaa Israelfoɔ wɔ Onyankopɔn anim sɛ, 3 “Awurade, wɔakum wʼadiyifoɔ na wɔadwiri wʼafɔrebukyia, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wɔkum me.” 4 Mmuaeɛ bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kaa sɛ, “Mewɔ nnipa mpemnson a wɔnsom ɔbosom Baal.” 5 Saa ara nso na ɛte ɛnnɛ. Nnipa kakra bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. 6 Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo. 7 Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma 8 sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,“Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ,ani a ɛmma wɔnhunu adeɛaso a ɛmma wɔnnte asɛm,de bɛsi ɛnnɛ.” 9 Na Dawid ka sɛ,“Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidiena wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso! 10 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ;na wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.” 11 Afei, mebisa sɛ, ɛberɛ a Yudafoɔ yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu anaa? Dabi! Amanamanmufoɔ nam Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no so nyaa nkwagyeɛ. Yei maa Yudafoɔ no twee wɔn so ninkunu. 12 Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no de nnepa brɛɛ ewiase na wɔn honhom mu hia a wɔdiiɛ no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufoɔ. Na ɛba sɛ Yudafoɔ no mu bebree bɛka wɔn ho a, nhyira mmorosoɔ bɛn na ɛremma? 13 Afei, merekasa akyerɛ mo amanamanmufoɔ: Esiane sɛ meyɛ amanamanmufoɔ somafoɔ enti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho. 14 Sɛ ɛbɛtumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no kɔn adɔ deɛ mo amanamanmufoɔ nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa. 15 Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne ewiasefoɔ aka abom a, ɛnneɛ, gye a Onyankopɔn bɛgye wɔn no de ɛdeɛn na ɛbɛba? Ɛde nkwa bɛbrɛ awufoɔ. 16 Sɛ wɔde burodo sin ma Onyankopɔn a, ɛnneɛ na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ dua no nhini yɛ kronkron a, ne mman no nyinaa nso yɛ kronkron. 17 Wɔapempan ngo dua a wɔahyɛda adua no mman no bi agu, na wɔde ngo dua a wɔanhyɛda annua no mman abɛhyɛ nʼanan mu. Mo amanamanmufoɔ no te sɛ ngo dua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei deɛ, mo ne Yudafoɔ no nyinaa anya Onyankopɔn adom a wɔde adom wɔn no bi. 18 Nanso monhwɛ yie na moanhoahoa mo ho sɛ wɔde mo asi mman a wɔapempan no ananmu. Monkae sɛ moyɛ mman kɛkɛ, na monyɛ nhini. 19 Na mobɛka sɛ, “Ɛyɛ, wɔbubuu mman no sɛ wɔmfa me nsi wɔn ananmu.” 20 Aane, nanso monkae sɛ wɔpempan saa mman a ɛyɛ Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na mogye di enti na mowɔ hɔ. Mommma mo ho so, na mmom monsuro deɛ ɛbɛtumi asie. 21 Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafoɔ a wɔte sɛ ngo dua pa mman no bɔne ankyɛre wɔn a, mosusu sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo? 22 Enti monhwɛ Onyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so, nanso ne yam yɛ ma mo wɔ ɛberɛ a mode mo ho ato nʼayamyɛ so. Na sɛ moamfa mo ho anto no so a, saa ara na wɔbɛpempan mo. 23 Na sɛ Yudafoɔ no gye di bio a, Onyankopɔn bɛsane de wɔn ayɛ dua no mman bio. Ɔbɛtumi ayɛ saa. 24 Na sɛ Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔde mo a moyɛ wiram ngo dua mman bɛfam dua papa a ɔno ankasa adua ho, deɛ anka ɛmfa kwan mu a, ɛnneɛ ɔbɛpɛ no mmorosoɔ sɛ ɔde Yudafoɔ no bɛfam dua a ɛyɛ wɔn ankasa dea no ho. 25 Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote aseɛ, sɛdeɛ monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafoɔ no mu bi apirim wɔn akoma, nanso sɛ amanamanmufoɔ no nyinaa dane ba Kristo nkyɛn a, ɛtoɔ bɛtwa. 26 Enti Israelfoɔ nyinaa bɛnya nkwagyeɛ. Mokae deɛ adiyifoɔ no kaa wɔ yei ho?“Agyenkwa no bɛfiri Sion aba,na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu. 27 Na mɛdi apam a me ne wɔn ayɛ no sona mapepa wɔn bɔne.” 28 Yudafoɔ no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfoɔ. Na mo, amanamanmufoɔ anya ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de nʼakyɛdeɛ no ama mo. Nanso, Yudafoɔ yɛ ne ɔman a wapa wɔn ara, ɛsiane ɛbɔ a wahyɛ wɔn nananom enti, 29 ɛfiri sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne frɛ no, wɔnsesa. 30 Na mo amanamanmufoɔ deɛ, ɛberɛ a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafoɔ no poo nʼahummɔborɔ no enti Onyankopɔn hunuu mo mmɔbɔ mmom. 31 Saa ara nso na ɛsiane adom a moanya no enti, seesei, Yudafoɔ no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyire no wɔn nso bɛnya Onyankopɔn adom no. 32 Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛdeɛ ɔbɛyɛ adom ama obiara. 33 Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ!Hwan na ɔbɛtumi ahunu nʼatemmuo mu pɛɛpɛeɛ,na wɔahunu deɛ nʼakwan nenam. 34 “Hwan na ɔnim Awurade adweneanaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?” 35 “Hwan na wama Onyankopɔn biribi kanea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?” 36 Ɛfiri sɛ, adeɛ nyinaa firi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsane akɔ ne nkyɛn bio.Ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.

In Other Versions

Romans 11 in the ANGEFD

Romans 11 in the ANTPNG2D

Romans 11 in the AS21

Romans 11 in the BAGH

Romans 11 in the BBPNG

Romans 11 in the BBT1E

Romans 11 in the BDS

Romans 11 in the BEV

Romans 11 in the BHAD

Romans 11 in the BIB

Romans 11 in the BLPT

Romans 11 in the BNT

Romans 11 in the BNTABOOT

Romans 11 in the BNTLV

Romans 11 in the BOATCB2

Romans 11 in the BOBCV

Romans 11 in the BOCNT

Romans 11 in the BOECS

Romans 11 in the BOGWICC

Romans 11 in the BOHCB

Romans 11 in the BOHCV

Romans 11 in the BOHLNT

Romans 11 in the BOHNTLTAL

Romans 11 in the BOICB

Romans 11 in the BOILNTAP

Romans 11 in the BOITCV

Romans 11 in the BOKCV

Romans 11 in the BOKCV2

Romans 11 in the BOKHWOG

Romans 11 in the BOKSSV

Romans 11 in the BOLCB

Romans 11 in the BOLCB2

Romans 11 in the BOMCV

Romans 11 in the BONAV

Romans 11 in the BONCB

Romans 11 in the BONLT

Romans 11 in the BONUT2

Romans 11 in the BOPLNT

Romans 11 in the BOSCB

Romans 11 in the BOSNC

Romans 11 in the BOTLNT

Romans 11 in the BOVCB

Romans 11 in the BOYCB

Romans 11 in the BPBB

Romans 11 in the BPH

Romans 11 in the BSB

Romans 11 in the CCB

Romans 11 in the CUV

Romans 11 in the CUVS

Romans 11 in the DBT

Romans 11 in the DGDNT

Romans 11 in the DHNT

Romans 11 in the DNT

Romans 11 in the ELBE

Romans 11 in the EMTV

Romans 11 in the ESV

Romans 11 in the FBV

Romans 11 in the FEB

Romans 11 in the GGMNT

Romans 11 in the GNT

Romans 11 in the HARY

Romans 11 in the HNT

Romans 11 in the IRVA

Romans 11 in the IRVB

Romans 11 in the IRVG

Romans 11 in the IRVH

Romans 11 in the IRVK

Romans 11 in the IRVM

Romans 11 in the IRVM2

Romans 11 in the IRVO

Romans 11 in the IRVP

Romans 11 in the IRVT

Romans 11 in the IRVT2

Romans 11 in the IRVU

Romans 11 in the ISVN

Romans 11 in the JSNT

Romans 11 in the KAPI

Romans 11 in the KBT1ETNIK

Romans 11 in the KBV

Romans 11 in the KJV

Romans 11 in the KNFD

Romans 11 in the LBA

Romans 11 in the LBLA

Romans 11 in the LNT

Romans 11 in the LSV

Romans 11 in the MAAL

Romans 11 in the MBV

Romans 11 in the MBV2

Romans 11 in the MHNT

Romans 11 in the MKNFD

Romans 11 in the MNG

Romans 11 in the MNT

Romans 11 in the MNT2

Romans 11 in the MRS1T

Romans 11 in the NAA

Romans 11 in the NASB

Romans 11 in the NBLA

Romans 11 in the NBS

Romans 11 in the NBVTP

Romans 11 in the NET2

Romans 11 in the NIV11

Romans 11 in the NNT

Romans 11 in the NNT2

Romans 11 in the NNT3

Romans 11 in the PDDPT

Romans 11 in the PFNT

Romans 11 in the RMNT

Romans 11 in the SBIAS

Romans 11 in the SBIBS

Romans 11 in the SBIBS2

Romans 11 in the SBICS

Romans 11 in the SBIDS

Romans 11 in the SBIGS

Romans 11 in the SBIHS

Romans 11 in the SBIIS

Romans 11 in the SBIIS2

Romans 11 in the SBIIS3

Romans 11 in the SBIKS

Romans 11 in the SBIKS2

Romans 11 in the SBIMS

Romans 11 in the SBIOS

Romans 11 in the SBIPS

Romans 11 in the SBISS

Romans 11 in the SBITS

Romans 11 in the SBITS2

Romans 11 in the SBITS3

Romans 11 in the SBITS4

Romans 11 in the SBIUS

Romans 11 in the SBIVS

Romans 11 in the SBT

Romans 11 in the SBT1E

Romans 11 in the SCHL

Romans 11 in the SNT

Romans 11 in the SUSU

Romans 11 in the SUSU2

Romans 11 in the SYNO

Romans 11 in the TBIAOTANT

Romans 11 in the TBT1E

Romans 11 in the TBT1E2

Romans 11 in the TFTIP

Romans 11 in the TFTU

Romans 11 in the TGNTATF3T

Romans 11 in the THAI

Romans 11 in the TNFD

Romans 11 in the TNT

Romans 11 in the TNTIK

Romans 11 in the TNTIL

Romans 11 in the TNTIN

Romans 11 in the TNTIP

Romans 11 in the TNTIZ

Romans 11 in the TOMA

Romans 11 in the TTENT

Romans 11 in the UBG

Romans 11 in the UGV

Romans 11 in the UGV2

Romans 11 in the UGV3

Romans 11 in the VBL

Romans 11 in the VDCC

Romans 11 in the YALU

Romans 11 in the YAPE

Romans 11 in the YBVTP

Romans 11 in the ZBP