Romans 6 (BOATCB)

1 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso anaa? 2 Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? 3 Anaa monnim sɛ ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wuo mu? 4 Ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛwuiɛ, na wɔsiee yɛn ne Kristo. Sɛdeɛ Agya Onyankopɔn nam nʼanimuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu baa nkwa mu no, saa ara nso na seesei yɛte ase wɔ nkwa foforɔ mu. 5 Na sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ne wuo mu a, wɔbɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so anyane yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. 6 Yɛnim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dada no ne Kristo asɛnnua mu. Wɔyɛɛ yei sɛdeɛ nipadua dada a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, 7 ɛfiri sɛ, sɛ onipa wu a, na wɔayi no afiri bɔne tumi ase. 8 Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidie sɛ yɛne no bɛtena. 9 Ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ wɔanyane Kristo afiri owuo mu na ɔrenwu bio. Owuo nni ne so tumi bio. 10 Owuo a ɔwuiɛ no, ɔwuu prɛko maa bɔne, na ase a ɔte yi, ɔte ase ma Onyankopɔn. 11 Ɛno enti, saa ɛkwan korɔ ara so no, ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu. 12 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ɛwuiɛ no so na amma mo anyɛ bɔne. 13 Saa ara nso, ɛnsɛ sɛ mogyaa mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumuyɛsɛm. Na mmom, momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyane mo afiri owuo mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ tenenee nnwuma. 14 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, ɛfiri sɛ monnhyɛ mmara ase, na mmom, mohyɛ adom ase. 15 Ɛdeɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne anaa? Dabi! 16 Monnim sɛ, deɛ motie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu, anaasɛ ɔsetie a ɛde kɔ tenenee mu. 17 Nanso, yɛda Onyankopɔn ase! Ɛfiri sɛ, berɛ bi a atwam no a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo akoma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. 18 Wɔagye mo afiri bɔne mu ma moabɛyɛ nkoa ama tenenee. 19 Esiane mo nipasu enti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate yeinom nyinaa ase. Sɛdeɛ mmerɛ bi mode mo ho nyinaa maeɛ sɛ afideɛ ne amumuyɛsɛm nkoa no, afei deɛ momfa nyɛ nkoa mma tenenee nkɔ kronkronyɛ mu. 20 Ɛberɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na teneneeyɛ nni mo so tumi. 21 Moyɛɛ nneɛma a afei deɛ mo ani wu wɔ ho no, mfasoɔ bɛn na monyaeɛ? Deɛ ɛkɔwieɛ ne owuo. 22 Nanso, seesei wɔagye mo afiri owuo mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfasoɔ a monya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na deɛ ɛfiri mu ba yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ. 23 Na bɔne so akatua yɛ owuo, nanso Onyankopɔn akyɛdeɛ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ, wɔ Kristo Yesu yɛn AWURADE mu.

In Other Versions

Romans 6 in the ANGEFD

Romans 6 in the ANTPNG2D

Romans 6 in the AS21

Romans 6 in the BAGH

Romans 6 in the BBPNG

Romans 6 in the BBT1E

Romans 6 in the BDS

Romans 6 in the BEV

Romans 6 in the BHAD

Romans 6 in the BIB

Romans 6 in the BLPT

Romans 6 in the BNT

Romans 6 in the BNTABOOT

Romans 6 in the BNTLV

Romans 6 in the BOATCB2

Romans 6 in the BOBCV

Romans 6 in the BOCNT

Romans 6 in the BOECS

Romans 6 in the BOGWICC

Romans 6 in the BOHCB

Romans 6 in the BOHCV

Romans 6 in the BOHLNT

Romans 6 in the BOHNTLTAL

Romans 6 in the BOICB

Romans 6 in the BOILNTAP

Romans 6 in the BOITCV

Romans 6 in the BOKCV

Romans 6 in the BOKCV2

Romans 6 in the BOKHWOG

Romans 6 in the BOKSSV

Romans 6 in the BOLCB

Romans 6 in the BOLCB2

Romans 6 in the BOMCV

Romans 6 in the BONAV

Romans 6 in the BONCB

Romans 6 in the BONLT

Romans 6 in the BONUT2

Romans 6 in the BOPLNT

Romans 6 in the BOSCB

Romans 6 in the BOSNC

Romans 6 in the BOTLNT

Romans 6 in the BOVCB

Romans 6 in the BOYCB

Romans 6 in the BPBB

Romans 6 in the BPH

Romans 6 in the BSB

Romans 6 in the CCB

Romans 6 in the CUV

Romans 6 in the CUVS

Romans 6 in the DBT

Romans 6 in the DGDNT

Romans 6 in the DHNT

Romans 6 in the DNT

Romans 6 in the ELBE

Romans 6 in the EMTV

Romans 6 in the ESV

Romans 6 in the FBV

Romans 6 in the FEB

Romans 6 in the GGMNT

Romans 6 in the GNT

Romans 6 in the HARY

Romans 6 in the HNT

Romans 6 in the IRVA

Romans 6 in the IRVB

Romans 6 in the IRVG

Romans 6 in the IRVH

Romans 6 in the IRVK

Romans 6 in the IRVM

Romans 6 in the IRVM2

Romans 6 in the IRVO

Romans 6 in the IRVP

Romans 6 in the IRVT

Romans 6 in the IRVT2

Romans 6 in the IRVU

Romans 6 in the ISVN

Romans 6 in the JSNT

Romans 6 in the KAPI

Romans 6 in the KBT1ETNIK

Romans 6 in the KBV

Romans 6 in the KJV

Romans 6 in the KNFD

Romans 6 in the LBA

Romans 6 in the LBLA

Romans 6 in the LNT

Romans 6 in the LSV

Romans 6 in the MAAL

Romans 6 in the MBV

Romans 6 in the MBV2

Romans 6 in the MHNT

Romans 6 in the MKNFD

Romans 6 in the MNG

Romans 6 in the MNT

Romans 6 in the MNT2

Romans 6 in the MRS1T

Romans 6 in the NAA

Romans 6 in the NASB

Romans 6 in the NBLA

Romans 6 in the NBS

Romans 6 in the NBVTP

Romans 6 in the NET2

Romans 6 in the NIV11

Romans 6 in the NNT

Romans 6 in the NNT2

Romans 6 in the NNT3

Romans 6 in the PDDPT

Romans 6 in the PFNT

Romans 6 in the RMNT

Romans 6 in the SBIAS

Romans 6 in the SBIBS

Romans 6 in the SBIBS2

Romans 6 in the SBICS

Romans 6 in the SBIDS

Romans 6 in the SBIGS

Romans 6 in the SBIHS

Romans 6 in the SBIIS

Romans 6 in the SBIIS2

Romans 6 in the SBIIS3

Romans 6 in the SBIKS

Romans 6 in the SBIKS2

Romans 6 in the SBIMS

Romans 6 in the SBIOS

Romans 6 in the SBIPS

Romans 6 in the SBISS

Romans 6 in the SBITS

Romans 6 in the SBITS2

Romans 6 in the SBITS3

Romans 6 in the SBITS4

Romans 6 in the SBIUS

Romans 6 in the SBIVS

Romans 6 in the SBT

Romans 6 in the SBT1E

Romans 6 in the SCHL

Romans 6 in the SNT

Romans 6 in the SUSU

Romans 6 in the SUSU2

Romans 6 in the SYNO

Romans 6 in the TBIAOTANT

Romans 6 in the TBT1E

Romans 6 in the TBT1E2

Romans 6 in the TFTIP

Romans 6 in the TFTU

Romans 6 in the TGNTATF3T

Romans 6 in the THAI

Romans 6 in the TNFD

Romans 6 in the TNT

Romans 6 in the TNTIK

Romans 6 in the TNTIL

Romans 6 in the TNTIN

Romans 6 in the TNTIP

Romans 6 in the TNTIZ

Romans 6 in the TOMA

Romans 6 in the TTENT

Romans 6 in the UBG

Romans 6 in the UGV

Romans 6 in the UGV2

Romans 6 in the UGV3

Romans 6 in the VBL

Romans 6 in the VDCC

Romans 6 in the YALU

Romans 6 in the YAPE

Romans 6 in the YBVTP

Romans 6 in the ZBP