Romans 6 (BOATCB2)
1 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso ana? 2 Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? 3 Anaa munnim sɛ bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu? 4 Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase wɔ nkwa foforo mu. 5 Na sɛ yɛne no ayɛ koro wɔ ne wu mu a, wɔbɛfa saa ɔkwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. 6 Yenim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dedaw no ne Kristo asennua mu. Wɔyɛɛ eyi sɛnea nipadua dedaw a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, 7 efisɛ sɛ onipa wu a, na wɔayi no afi bɔne tumi ase. 8 Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidi sɛ yɛne no bɛtena. 9 Efisɛ yenim sɛ wɔanyan Kristo afi owu mu, na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio. 10 Ne wu a owui no yɛɛ owuprɛko maa bɔne, na nʼase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn. 11 Ɛno nti saa ɔkwan koro ara so na ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na motena ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu. 12 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ewui no so na amma mo anyɛ bɔne. 13 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mugyaw mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumɔyɛsɛm. Na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyan mo afi owu mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ trenee nnwuma. 14 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, efisɛ monhyɛ mmara ase, na mmom mohyɛ adom ase. 15 Dɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne ana? Dabi da. 16 Munnim sɛ, nea mutie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu, anaasɛ osetie a ɛde kɔ trenee. 17 Nanso yɛda Onyankopɔn ase. Efisɛ bere bi a atwa mu a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo koma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. 18 Wɔagye mo afi bɔne mu ama moabɛyɛ nkoa ama trenee. 19 Esiane mo nipasu nti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate eyinom nyinaa ase. Sɛnea mmere bi mode mo ho nyinaa maa sɛ afide ne amumɔyɛsɛm nkoa no, afei de momfa nyɛ nkoa mma trenee nkɔ kronkronyɛ mu. 20 Bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na treneeyɛ nni mo so tumi. 21 Moyɛɛ nneyɛe a afei de mo ani wu wɔ ho no, mfaso bɛn na munyae? Nea ekowiei ne owu. 22 Nanso mprempren wɔagye mo afi owu mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfaso a munya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na nea efi mu ba yɛ nkwa a enni awiei. 23 Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu.
In Other Versions
Romans 6 in the ANGEFD
Romans 6 in the ANTPNG2D
Romans 6 in the AS21
Romans 6 in the BAGH
Romans 6 in the BBPNG
Romans 6 in the BBT1E
Romans 6 in the BDS
Romans 6 in the BEV
Romans 6 in the BHAD
Romans 6 in the BIB
Romans 6 in the BLPT
Romans 6 in the BNT
Romans 6 in the BNTABOOT
Romans 6 in the BNTLV
Romans 6 in the BOATCB
Romans 6 in the BOBCV
Romans 6 in the BOCNT
Romans 6 in the BOECS
Romans 6 in the BOGWICC
Romans 6 in the BOHCB
Romans 6 in the BOHCV
Romans 6 in the BOHLNT
Romans 6 in the BOHNTLTAL
Romans 6 in the BOICB
Romans 6 in the BOILNTAP
Romans 6 in the BOITCV
Romans 6 in the BOKCV
Romans 6 in the BOKCV2
Romans 6 in the BOKHWOG
Romans 6 in the BOKSSV
Romans 6 in the BOLCB
Romans 6 in the BOLCB2
Romans 6 in the BOMCV
Romans 6 in the BONAV
Romans 6 in the BONCB
Romans 6 in the BONLT
Romans 6 in the BONUT2
Romans 6 in the BOPLNT
Romans 6 in the BOSCB
Romans 6 in the BOSNC
Romans 6 in the BOTLNT
Romans 6 in the BOVCB
Romans 6 in the BOYCB
Romans 6 in the BPBB
Romans 6 in the BPH
Romans 6 in the BSB
Romans 6 in the CCB
Romans 6 in the CUV
Romans 6 in the CUVS
Romans 6 in the DBT
Romans 6 in the DGDNT
Romans 6 in the DHNT
Romans 6 in the DNT
Romans 6 in the ELBE
Romans 6 in the EMTV
Romans 6 in the ESV
Romans 6 in the FBV
Romans 6 in the FEB
Romans 6 in the GGMNT
Romans 6 in the GNT
Romans 6 in the HARY
Romans 6 in the HNT
Romans 6 in the IRVA
Romans 6 in the IRVB
Romans 6 in the IRVG
Romans 6 in the IRVH
Romans 6 in the IRVK
Romans 6 in the IRVM
Romans 6 in the IRVM2
Romans 6 in the IRVO
Romans 6 in the IRVP
Romans 6 in the IRVT
Romans 6 in the IRVT2
Romans 6 in the IRVU
Romans 6 in the ISVN
Romans 6 in the JSNT
Romans 6 in the KAPI
Romans 6 in the KBT1ETNIK
Romans 6 in the KBV
Romans 6 in the KJV
Romans 6 in the KNFD
Romans 6 in the LBA
Romans 6 in the LBLA
Romans 6 in the LNT
Romans 6 in the LSV
Romans 6 in the MAAL
Romans 6 in the MBV
Romans 6 in the MBV2
Romans 6 in the MHNT
Romans 6 in the MKNFD
Romans 6 in the MNG
Romans 6 in the MNT
Romans 6 in the MNT2
Romans 6 in the MRS1T
Romans 6 in the NAA
Romans 6 in the NASB
Romans 6 in the NBLA
Romans 6 in the NBS
Romans 6 in the NBVTP
Romans 6 in the NET2
Romans 6 in the NIV11
Romans 6 in the NNT
Romans 6 in the NNT2
Romans 6 in the NNT3
Romans 6 in the PDDPT
Romans 6 in the PFNT
Romans 6 in the RMNT
Romans 6 in the SBIAS
Romans 6 in the SBIBS
Romans 6 in the SBIBS2
Romans 6 in the SBICS
Romans 6 in the SBIDS
Romans 6 in the SBIGS
Romans 6 in the SBIHS
Romans 6 in the SBIIS
Romans 6 in the SBIIS2
Romans 6 in the SBIIS3
Romans 6 in the SBIKS
Romans 6 in the SBIKS2
Romans 6 in the SBIMS
Romans 6 in the SBIOS
Romans 6 in the SBIPS
Romans 6 in the SBISS
Romans 6 in the SBITS
Romans 6 in the SBITS2
Romans 6 in the SBITS3
Romans 6 in the SBITS4
Romans 6 in the SBIUS
Romans 6 in the SBIVS
Romans 6 in the SBT
Romans 6 in the SBT1E
Romans 6 in the SCHL
Romans 6 in the SNT
Romans 6 in the SUSU
Romans 6 in the SUSU2
Romans 6 in the SYNO
Romans 6 in the TBIAOTANT
Romans 6 in the TBT1E
Romans 6 in the TBT1E2
Romans 6 in the TFTIP
Romans 6 in the TFTU
Romans 6 in the TGNTATF3T
Romans 6 in the THAI
Romans 6 in the TNFD
Romans 6 in the TNT
Romans 6 in the TNTIK
Romans 6 in the TNTIL
Romans 6 in the TNTIN
Romans 6 in the TNTIP
Romans 6 in the TNTIZ
Romans 6 in the TOMA
Romans 6 in the TTENT
Romans 6 in the UBG
Romans 6 in the UGV
Romans 6 in the UGV2
Romans 6 in the UGV3
Romans 6 in the VBL
Romans 6 in the VDCC
Romans 6 in the YALU
Romans 6 in the YAPE
Romans 6 in the YBVTP
Romans 6 in the ZBP