Acts 2 (BOATCB2)

1 Pentekoste da no duu no, na asuafo no nyinaa ahyia wɔ faako. 2 Amono mu hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi ɔsoro ba bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma. 3 Ogya a ɛredɛw a ɛte sɛ tɛkrɛma besisii wɔn so mmaako mmaako. 4 Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn ho kwan no. 5 Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem. 6 Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. 7 Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo ana? 8 Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ 9 Partifo, Mediafo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia, 10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu, 11 ne Kretafo ne Arabfo mu biara kasa mu yi?” 12 Wɔde ahodwiriw bisae se, “Eyi ase ne dɛn?” 13 Afoforo nso dii wɔn ho fɛw se, “Saa nnipa yi abobow nsa.” 14 Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi. 15 Saa nnipa yi mmow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow. 16 Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se: 17 “ ‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no,mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,mo mmerante nso ahu anisoade.Na mo mpanyin nso asoso adae. 18 Saa mmere no mu no,mehwie me Honhom agu mʼasomfo mpo so,mmarima ne mmea, ama wɔahyɛ nkɔm. 19 Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnnbɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnnewɔ ɔsoro ne asase so. 20 Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no,owia beduru sumna ɔsram nso ayɛ sɛ mogya. 21 Na obiara a ɔbɛbɔAwurade din no benya nkwa.’ 22 “Israelfo, muntie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a obedii no daa adi wɔ tumi ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nam ne so yɛe a mo ankasa di ho adanse no mu. 23 Onyankopɔn ankasa fi ne pɛ ne ne nhumu mu sii gyinae yii Yesu maa mo, na mode no maa nnebɔneyɛfo ma wɔbɔɔ no asennua mu kum no. 24 Nanso Onyankopɔn nyan no fii owu mu ma oyii no fii owuyaw mu, efisɛ owu antumi anni ne so.” 25 Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ,“Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti,merenhinhim da. 26 Ɛno nti me kra ani gye, na me tɛkrɛma di ahurusi.Me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu. 27 Efisɛ worennyaw me awufo mu.Na woremma wo Kronkronni no mporɔw. 28 Woakyerɛ me nkwagye kwan;na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim. 29 “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne nna da so wɔ hɔ besi nnɛ. 30 Na ɔyɛ odiyifo a onim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ se ɔbɛyɛ Dawid asefo no mu baako ɔhene, sɛnea Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. 31 Dawid huu nea Onyankopɔn rebɛyɛ no ɔkasa faa owusɔre a ɛfa Agyenkwa no ho se, ‘Wɔannyaw no awufo mu. Ne honam nso amporɔw.’ 32 Onyankopɔn anyan saa Yesu yi afi owu mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho nnansefo. 33 Wɔahyɛ no anuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so, na ɛho nsɛnkyerɛnne na muhu na mote yi. 34 Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom ɔkae se,“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se,“Tena me nsa nifa so ha, 35 kosi sɛ mede wʼatamfobɛyɛ wʼanan ntiaso.” ’ 36 “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asennua mu.” 37 Bere a nnipa no tee saa asɛm yi, ɛhaw wɔn yiye. Enti wobisaa Petro ne asomafo a wɔaka no se, “Anuanom, dɛn na yɛnyɛ?” 38 Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no. 39 Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.” 40 Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn se, “Munnye mo ho mfi asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfo yi so no mu.” 41 Wɔn mu dodow no ara gyee asɛm no di ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifo no ho. 42 Daa na wɔde wɔn adagyew nyinaa sua asomafo no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpae. 43 Asomafo no yɛɛ anwonwade ahorow bebree ma obiara a ohuu no ho dwiriw no. 44 Gyidifo no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa koro, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahode mu memaa wɔn ho wɔn ho. 45 Wɔtɔn wɔn ahode kyekyɛɛ sika a wonya fii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛho hia obiara. 46 Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigye ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afi mu. Wɔkamfoo Onyankopɔn, nyaa anuonyam wɔ nnipa anim. 47 Da biara na Awurade de wɔn a ogye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.

In Other Versions

Acts 2 in the ANGEFD

Acts 2 in the ANTPNG2D

Acts 2 in the AS21

Acts 2 in the BAGH

Acts 2 in the BBPNG

Acts 2 in the BBT1E

Acts 2 in the BDS

Acts 2 in the BEV

Acts 2 in the BHAD

Acts 2 in the BIB

Acts 2 in the BLPT

Acts 2 in the BNT

Acts 2 in the BNTABOOT

Acts 2 in the BNTLV

Acts 2 in the BOATCB

Acts 2 in the BOBCV

Acts 2 in the BOCNT

Acts 2 in the BOECS

Acts 2 in the BOGWICC

Acts 2 in the BOHCB

Acts 2 in the BOHCV

Acts 2 in the BOHLNT

Acts 2 in the BOHNTLTAL

Acts 2 in the BOICB

Acts 2 in the BOILNTAP

Acts 2 in the BOITCV

Acts 2 in the BOKCV

Acts 2 in the BOKCV2

Acts 2 in the BOKHWOG

Acts 2 in the BOKSSV

Acts 2 in the BOLCB

Acts 2 in the BOLCB2

Acts 2 in the BOMCV

Acts 2 in the BONAV

Acts 2 in the BONCB

Acts 2 in the BONLT

Acts 2 in the BONUT2

Acts 2 in the BOPLNT

Acts 2 in the BOSCB

Acts 2 in the BOSNC

Acts 2 in the BOTLNT

Acts 2 in the BOVCB

Acts 2 in the BOYCB

Acts 2 in the BPBB

Acts 2 in the BPH

Acts 2 in the BSB

Acts 2 in the CCB

Acts 2 in the CUV

Acts 2 in the CUVS

Acts 2 in the DBT

Acts 2 in the DGDNT

Acts 2 in the DHNT

Acts 2 in the DNT

Acts 2 in the ELBE

Acts 2 in the EMTV

Acts 2 in the ESV

Acts 2 in the FBV

Acts 2 in the FEB

Acts 2 in the GGMNT

Acts 2 in the GNT

Acts 2 in the HARY

Acts 2 in the HNT

Acts 2 in the IRVA

Acts 2 in the IRVB

Acts 2 in the IRVG

Acts 2 in the IRVH

Acts 2 in the IRVK

Acts 2 in the IRVM

Acts 2 in the IRVM2

Acts 2 in the IRVO

Acts 2 in the IRVP

Acts 2 in the IRVT

Acts 2 in the IRVT2

Acts 2 in the IRVU

Acts 2 in the ISVN

Acts 2 in the JSNT

Acts 2 in the KAPI

Acts 2 in the KBT1ETNIK

Acts 2 in the KBV

Acts 2 in the KJV

Acts 2 in the KNFD

Acts 2 in the LBA

Acts 2 in the LBLA

Acts 2 in the LNT

Acts 2 in the LSV

Acts 2 in the MAAL

Acts 2 in the MBV

Acts 2 in the MBV2

Acts 2 in the MHNT

Acts 2 in the MKNFD

Acts 2 in the MNG

Acts 2 in the MNT

Acts 2 in the MNT2

Acts 2 in the MRS1T

Acts 2 in the NAA

Acts 2 in the NASB

Acts 2 in the NBLA

Acts 2 in the NBS

Acts 2 in the NBVTP

Acts 2 in the NET2

Acts 2 in the NIV11

Acts 2 in the NNT

Acts 2 in the NNT2

Acts 2 in the NNT3

Acts 2 in the PDDPT

Acts 2 in the PFNT

Acts 2 in the RMNT

Acts 2 in the SBIAS

Acts 2 in the SBIBS

Acts 2 in the SBIBS2

Acts 2 in the SBICS

Acts 2 in the SBIDS

Acts 2 in the SBIGS

Acts 2 in the SBIHS

Acts 2 in the SBIIS

Acts 2 in the SBIIS2

Acts 2 in the SBIIS3

Acts 2 in the SBIKS

Acts 2 in the SBIKS2

Acts 2 in the SBIMS

Acts 2 in the SBIOS

Acts 2 in the SBIPS

Acts 2 in the SBISS

Acts 2 in the SBITS

Acts 2 in the SBITS2

Acts 2 in the SBITS3

Acts 2 in the SBITS4

Acts 2 in the SBIUS

Acts 2 in the SBIVS

Acts 2 in the SBT

Acts 2 in the SBT1E

Acts 2 in the SCHL

Acts 2 in the SNT

Acts 2 in the SUSU

Acts 2 in the SUSU2

Acts 2 in the SYNO

Acts 2 in the TBIAOTANT

Acts 2 in the TBT1E

Acts 2 in the TBT1E2

Acts 2 in the TFTIP

Acts 2 in the TFTU

Acts 2 in the TGNTATF3T

Acts 2 in the THAI

Acts 2 in the TNFD

Acts 2 in the TNT

Acts 2 in the TNTIK

Acts 2 in the TNTIL

Acts 2 in the TNTIN

Acts 2 in the TNTIP

Acts 2 in the TNTIZ

Acts 2 in the TOMA

Acts 2 in the TTENT

Acts 2 in the UBG

Acts 2 in the UGV

Acts 2 in the UGV2

Acts 2 in the UGV3

Acts 2 in the VBL

Acts 2 in the VDCC

Acts 2 in the YALU

Acts 2 in the YAPE

Acts 2 in the YBVTP

Acts 2 in the ZBP