Colossians 1 (BOATCB2)
1 Saa krataa yi fi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafo no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn, 2 De rekɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo. 3 Bere biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. 4 Efisɛ yɛate mo gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu, ne dɔ a modɔ ahotefo no. 5 Da a edi kan a motee Asɛmpa no munyaa mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma mo no. Enti mo gyidi ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidaso a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so. 6 Efi da a edi kan a motee Onyankopɔn adom na muhuu sɛnea ɛte no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛw ara na ɛretrɛw sɛnea muhu no wɔ mo mu no. 7 Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua somfo a ɔde gyidi yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na muhuu eyi. 8 Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn. 9 Esiane saa nti, efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yɛsrɛɛ Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no. 10 Ɛba saa a na mubetumi atena ase sɛnea Awurade hwehwɛ na bere biara nso, mobɛyɛ nea ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mubedi no, ɛbɛsow aba pa na mubenyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu. 11 Yɛrebɔ mpae nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma na moatumi de Awurade mu ahosɛpɛw ne boasetɔ agyina biribiara ano. 12 Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti moanya nea wakora so ama nʼahotewfo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. 13 Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne Dɔba no Ahenni mu dwoodwoo. 14 Ne mu na yenya ogye. Ne mu nso na yenya bɔnefakyɛ. 15 Kristo yɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso. Ɔno ne abɔde nyinaa farebae. 16 Efisɛ ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu, honhom mu atumfo, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. 17 Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. 18 Asafo no yɛ ne nipadua, na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na nipadua no nkwa fi. Ɔno ne Abakan a wonyan no fii awufo mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bedi ade nyinaa mu kan. 19 Efisɛ Onyankopɔn no ani gye sɛ Ɔba no wɔ ne su nyinaa wɔ ne mu. 20 Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn fi ne pɛ mu de wiase nyinaa san bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a owui wɔ asennua so no de asomdwoe bae, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase. 21 Bere bi a atwam no, esiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho nti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfo nso. 22 Nanso ɛnam ne Ba no wu so nti Onyankopɔn afa mo nnamfo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim. 23 Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidi mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidaso a munyaa no da a edi kan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi nti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfo no. 24 Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amane a merehu no so retoa Kristo amane a ohuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so. 25 Onyankopɔn a mo yiyedi nti ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no somfo. Dwumadi no yɛ nʼasɛm no ka, 26 a ɛyɛ ahintasɛm a mfe bebree a atwam no, ɔde hintaw adesamma, nanso afei de, wada no adi akyerɛ nʼahotewfo. 27 Onyankopɔn nhyehyɛe ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne anuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufo nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a ne nkyerɛase ne sɛ, yɛwɔ anidaso sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn anuonyam no bi. 28 Ɛno nti yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu. 29 Ɛno nti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.
In Other Versions
Colossians 1 in the ANGEFD
Colossians 1 in the ANTPNG2D
Colossians 1 in the AS21
Colossians 1 in the BAGH
Colossians 1 in the BBPNG
Colossians 1 in the BBT1E
Colossians 1 in the BDS
Colossians 1 in the BEV
Colossians 1 in the BHAD
Colossians 1 in the BIB
Colossians 1 in the BLPT
Colossians 1 in the BNT
Colossians 1 in the BNTABOOT
Colossians 1 in the BNTLV
Colossians 1 in the BOATCB
Colossians 1 in the BOBCV
Colossians 1 in the BOCNT
Colossians 1 in the BOECS
Colossians 1 in the BOGWICC
Colossians 1 in the BOHCB
Colossians 1 in the BOHCV
Colossians 1 in the BOHLNT
Colossians 1 in the BOHNTLTAL
Colossians 1 in the BOICB
Colossians 1 in the BOILNTAP
Colossians 1 in the BOITCV
Colossians 1 in the BOKCV
Colossians 1 in the BOKCV2
Colossians 1 in the BOKHWOG
Colossians 1 in the BOKSSV
Colossians 1 in the BOLCB
Colossians 1 in the BOLCB2
Colossians 1 in the BOMCV
Colossians 1 in the BONAV
Colossians 1 in the BONCB
Colossians 1 in the BONLT
Colossians 1 in the BONUT2
Colossians 1 in the BOPLNT
Colossians 1 in the BOSCB
Colossians 1 in the BOSNC
Colossians 1 in the BOTLNT
Colossians 1 in the BOVCB
Colossians 1 in the BOYCB
Colossians 1 in the BPBB
Colossians 1 in the BPH
Colossians 1 in the BSB
Colossians 1 in the CCB
Colossians 1 in the CUV
Colossians 1 in the CUVS
Colossians 1 in the DBT
Colossians 1 in the DGDNT
Colossians 1 in the DHNT
Colossians 1 in the DNT
Colossians 1 in the ELBE
Colossians 1 in the EMTV
Colossians 1 in the ESV
Colossians 1 in the FBV
Colossians 1 in the FEB
Colossians 1 in the GGMNT
Colossians 1 in the GNT
Colossians 1 in the HARY
Colossians 1 in the HNT
Colossians 1 in the IRVA
Colossians 1 in the IRVB
Colossians 1 in the IRVG
Colossians 1 in the IRVH
Colossians 1 in the IRVK
Colossians 1 in the IRVM
Colossians 1 in the IRVM2
Colossians 1 in the IRVO
Colossians 1 in the IRVP
Colossians 1 in the IRVT
Colossians 1 in the IRVT2
Colossians 1 in the IRVU
Colossians 1 in the ISVN
Colossians 1 in the JSNT
Colossians 1 in the KAPI
Colossians 1 in the KBT1ETNIK
Colossians 1 in the KBV
Colossians 1 in the KJV
Colossians 1 in the KNFD
Colossians 1 in the LBA
Colossians 1 in the LBLA
Colossians 1 in the LNT
Colossians 1 in the LSV
Colossians 1 in the MAAL
Colossians 1 in the MBV
Colossians 1 in the MBV2
Colossians 1 in the MHNT
Colossians 1 in the MKNFD
Colossians 1 in the MNG
Colossians 1 in the MNT
Colossians 1 in the MNT2
Colossians 1 in the MRS1T
Colossians 1 in the NAA
Colossians 1 in the NASB
Colossians 1 in the NBLA
Colossians 1 in the NBS
Colossians 1 in the NBVTP
Colossians 1 in the NET2
Colossians 1 in the NIV11
Colossians 1 in the NNT
Colossians 1 in the NNT2
Colossians 1 in the NNT3
Colossians 1 in the PDDPT
Colossians 1 in the PFNT
Colossians 1 in the RMNT
Colossians 1 in the SBIAS
Colossians 1 in the SBIBS
Colossians 1 in the SBIBS2
Colossians 1 in the SBICS
Colossians 1 in the SBIDS
Colossians 1 in the SBIGS
Colossians 1 in the SBIHS
Colossians 1 in the SBIIS
Colossians 1 in the SBIIS2
Colossians 1 in the SBIIS3
Colossians 1 in the SBIKS
Colossians 1 in the SBIKS2
Colossians 1 in the SBIMS
Colossians 1 in the SBIOS
Colossians 1 in the SBIPS
Colossians 1 in the SBISS
Colossians 1 in the SBITS
Colossians 1 in the SBITS2
Colossians 1 in the SBITS3
Colossians 1 in the SBITS4
Colossians 1 in the SBIUS
Colossians 1 in the SBIVS
Colossians 1 in the SBT
Colossians 1 in the SBT1E
Colossians 1 in the SCHL
Colossians 1 in the SNT
Colossians 1 in the SUSU
Colossians 1 in the SUSU2
Colossians 1 in the SYNO
Colossians 1 in the TBIAOTANT
Colossians 1 in the TBT1E
Colossians 1 in the TBT1E2
Colossians 1 in the TFTIP
Colossians 1 in the TFTU
Colossians 1 in the TGNTATF3T
Colossians 1 in the THAI
Colossians 1 in the TNFD
Colossians 1 in the TNT
Colossians 1 in the TNTIK
Colossians 1 in the TNTIL
Colossians 1 in the TNTIN
Colossians 1 in the TNTIP
Colossians 1 in the TNTIZ
Colossians 1 in the TOMA
Colossians 1 in the TTENT
Colossians 1 in the UBG
Colossians 1 in the UGV
Colossians 1 in the UGV2
Colossians 1 in the UGV3
Colossians 1 in the VBL
Colossians 1 in the VDCC
Colossians 1 in the YALU
Colossians 1 in the YAPE
Colossians 1 in the YBVTP
Colossians 1 in the ZBP