John 17 (BOATCB2)
        
        
          1 Yesu kaa saa nsɛm yi wiee no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpae se,   “Agya, bere no adu. Hyɛ wo Ba no anuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo anuonyam. 2 Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a enni awiei. 3 Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no! 4 Mawie adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ nam so ada wʼanuonyam adi akyerɛ wɔ asase so. 5 Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na wobɔ wiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha.  6 “Mama nnipa a na anka wɔte wiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahu wo. Na wɔyɛ wo de na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm. 7 Afei, wɔahu sɛ biribiara a wode ama me no fi wo nkyɛn. 8 Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wotiei. Wonim sɛ ɛyɛ nokware sɛ mifi wo nkyɛn na mebae. Na wogye di sɛ wo na wosomaa me. 9 Mebɔ mpae ma wɔn. Memmɔ mpae mma wɔn a wonnye wʼasɛm nni, na mmom nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpae ma wɔn, efisɛ wɔyɛ wo de. 10 Biribiara a mewɔ no yɛ wo de na biribiara a wowɔ no nso yɛ me de. Ɛnam eyinom so ama manya anuonyam. 11 Na afei, merefi wiase na magyaw wɔn wɔ akyi aba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛnea wo ne me yɛ baako no. 12 Bere a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara anyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu.  13 “Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa bere a meda so wɔ wiase yi sɛnea ɛbɛyɛ a mʼanigye bɛhyɛ wɔn ma. 14 Mekaa wʼasɛm kyerɛɛ wɔn na wiasefo tan wɔn, efisɛ womfi wiase sɛnea me nso mimfi wiase no. 15 Mimmisa wo sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ bɔ wɔn ho ban fi ɔbonsam nsam. 16 Sɛnea mimfi wiase no, saa ara na wɔn nso mfi wiase. 17 Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokware no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛntew wɔn ho mma ɛnyɛ wɔn kronkron. 18 Sɛnea wosomaa me baa wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ wiase. 19 Wɔn nti mede me ho ma wo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo.  20 “Memmɔ mpae mma wɔn nko. Mebɔ mpae ma wɔn a wɔnam asuafo asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso. 21 Mebɔ mpae sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛnea wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara na ma wɔn nso ntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛnea ɛbɛyɛ a, wiase begye adi sɛ wo na wosomaa me. 22 Mede anuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso wɔbɛyɛ baako sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako no. 23 Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.  24 “Agya, mepɛ sɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho wɔ faako a mewɔ no, na wɔahu mʼanuonyam, anuonyam a wode maa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wobɔɔ wiase.  25 “Agya Kronkron, wiase nnim wo nanso me de, minim wo; na asuafo yi nim sɛ wo na wosomaa me. 26 Mama wɔahu sɛnea wo te, na mɛkɔ so ayɛ saa daa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wodɔ me no bɛtena wɔn nso mu na me nso matena wɔn mu bi.”
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    John 17 in the ANGEFD
  
  
    John 17 in the ANTPNG2D
  
  
    John 17 in the AS21
  
  
    John 17 in the BAGH
  
  
    John 17 in the BBPNG
  
  
    John 17 in the BBT1E
  
  
    John 17 in the BDS
  
  
    John 17 in the BEV
  
  
    John 17 in the BHAD
  
  
    John 17 in the BIB
  
  
    John 17 in the BLPT
  
  
    John 17 in the BNT
  
  
    John 17 in the BNTABOOT
  
  
    John 17 in the BNTLV
  
  
    John 17 in the BOATCB
  
  
    John 17 in the BOBCV
  
  
    John 17 in the BOCNT
  
  
    John 17 in the BOECS
  
  
    John 17 in the BOGWICC
  
  
    John 17 in the BOHCB
  
  
    John 17 in the BOHCV
  
  
    John 17 in the BOHLNT
  
  
    John 17 in the BOHNTLTAL
  
  
    John 17 in the BOICB
  
  
    John 17 in the BOILNTAP
  
  
    John 17 in the BOITCV
  
  
    John 17 in the BOKCV
  
  
    John 17 in the BOKCV2
  
  
    John 17 in the BOKHWOG
  
  
    John 17 in the BOKSSV
  
  
    John 17 in the BOLCB
  
  
    John 17 in the BOLCB2
  
  
    John 17 in the BOMCV
  
  
    John 17 in the BONAV
  
  
    John 17 in the BONCB
  
  
    John 17 in the BONLT
  
  
    John 17 in the BONUT2
  
  
    John 17 in the BOPLNT
  
  
    John 17 in the BOSCB
  
  
    John 17 in the BOSNC
  
  
    John 17 in the BOTLNT
  
  
    John 17 in the BOVCB
  
  
    John 17 in the BOYCB
  
  
    John 17 in the BPBB
  
  
    John 17 in the BPH
  
  
    John 17 in the BSB
  
  
    John 17 in the CCB
  
  
    John 17 in the CUV
  
  
    John 17 in the CUVS
  
  
    John 17 in the DBT
  
  
    John 17 in the DGDNT
  
  
    John 17 in the DHNT
  
  
    John 17 in the DNT
  
  
    John 17 in the ELBE
  
  
    John 17 in the EMTV
  
  
    John 17 in the ESV
  
  
    John 17 in the FBV
  
  
    John 17 in the FEB
  
  
    John 17 in the GGMNT
  
  
    John 17 in the GNT
  
  
    John 17 in the HARY
  
  
    John 17 in the HNT
  
  
    John 17 in the IRVA
  
  
    John 17 in the IRVB
  
  
    John 17 in the IRVG
  
  
    John 17 in the IRVH
  
  
    John 17 in the IRVK
  
  
    John 17 in the IRVM
  
  
    John 17 in the IRVM2
  
  
    John 17 in the IRVO
  
  
    John 17 in the IRVP
  
  
    John 17 in the IRVT
  
  
    John 17 in the IRVT2
  
  
    John 17 in the IRVU
  
  
    John 17 in the ISVN
  
  
    John 17 in the JSNT
  
  
    John 17 in the KAPI
  
  
    John 17 in the KBT1ETNIK
  
  
    John 17 in the KBV
  
  
    John 17 in the KJV
  
  
    John 17 in the KNFD
  
  
    John 17 in the LBA
  
  
    John 17 in the LBLA
  
  
    John 17 in the LNT
  
  
    John 17 in the LSV
  
  
    John 17 in the MAAL
  
  
    John 17 in the MBV
  
  
    John 17 in the MBV2
  
  
    John 17 in the MHNT
  
  
    John 17 in the MKNFD
  
  
    John 17 in the MNG
  
  
    John 17 in the MNT
  
  
    John 17 in the MNT2
  
  
    John 17 in the MRS1T
  
  
    John 17 in the NAA
  
  
    John 17 in the NASB
  
  
    John 17 in the NBLA
  
  
    John 17 in the NBS
  
  
    John 17 in the NBVTP
  
  
    John 17 in the NET2
  
  
    John 17 in the NIV11
  
  
    John 17 in the NNT
  
  
    John 17 in the NNT2
  
  
    John 17 in the NNT3
  
  
    John 17 in the PDDPT
  
  
    John 17 in the PFNT
  
  
    John 17 in the RMNT
  
  
    John 17 in the SBIAS
  
  
    John 17 in the SBIBS
  
  
    John 17 in the SBIBS2
  
  
    John 17 in the SBICS
  
  
    John 17 in the SBIDS
  
  
    John 17 in the SBIGS
  
  
    John 17 in the SBIHS
  
  
    John 17 in the SBIIS
  
  
    John 17 in the SBIIS2
  
  
    John 17 in the SBIIS3
  
  
    John 17 in the SBIKS
  
  
    John 17 in the SBIKS2
  
  
    John 17 in the SBIMS
  
  
    John 17 in the SBIOS
  
  
    John 17 in the SBIPS
  
  
    John 17 in the SBISS
  
  
    John 17 in the SBITS
  
  
    John 17 in the SBITS2
  
  
    John 17 in the SBITS3
  
  
    John 17 in the SBITS4
  
  
    John 17 in the SBIUS
  
  
    John 17 in the SBIVS
  
  
    John 17 in the SBT
  
  
    John 17 in the SBT1E
  
  
    John 17 in the SCHL
  
  
    John 17 in the SNT
  
  
    John 17 in the SUSU
  
  
    John 17 in the SUSU2
  
  
    John 17 in the SYNO
  
  
    John 17 in the TBIAOTANT
  
  
    John 17 in the TBT1E
  
  
    John 17 in the TBT1E2
  
  
    John 17 in the TFTIP
  
  
    John 17 in the TFTU
  
  
    John 17 in the TGNTATF3T
  
  
    John 17 in the THAI
  
  
    John 17 in the TNFD
  
  
    John 17 in the TNT
  
  
    John 17 in the TNTIK
  
  
    John 17 in the TNTIL
  
  
    John 17 in the TNTIN
  
  
    John 17 in the TNTIP
  
  
    John 17 in the TNTIZ
  
  
    John 17 in the TOMA
  
  
    John 17 in the TTENT
  
  
    John 17 in the UBG
  
  
    John 17 in the UGV
  
  
    John 17 in the UGV2
  
  
    John 17 in the UGV3
  
  
    John 17 in the VBL
  
  
    John 17 in the VDCC
  
  
    John 17 in the YALU
  
  
    John 17 in the YAPE
  
  
    John 17 in the YBVTP
  
  
    John 17 in the ZBP