Matthew 5 (BOATCB2)

1 Ohuu nnipakuw no saa no, ɔkɔɔ bepɔw bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafo no kɔɔ ne nkyɛn. 2 Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn se, 3 “Nhyira ne wɔn a wonim sɛ wɔyɛ ahiafo wɔ honhom mu, na wɔn na ɔsoro ahenni yɛ wɔn dea. 4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow, na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ. 5 Nhyira ne ahobrɛasefo, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so. 6 Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn. 7 Nhyira ne wɔn a wohu mmɔbɔ, na wɔn na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ. 8 Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew, na wɔn na wobehu Onyankopɔn. 9 Nhyira ne apatafo, na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma. 10 Nhyira ne wɔn a esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea. 11 “Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so. 12 Momma mo ani nnye na monsɛpɛw mo ho, efisɛ mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Munhu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.” 13 “Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Enye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu na nnipa tiatia so. 14 “Mone wiase kanea. Kurow a ɛda bepɔw so no ntumi nhintaw. 15 Wɔnnsɔ kanea mfa nsie, na mmom wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ofi no mu no nyinaa. 16 Saa ara na momma mo nneyɛe pa nna adi mma nnipa nhu na wɔafa so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” 17 “Munnsusuw sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifo no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom maba sɛ merebɛhyɛ no ma sɛnea ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 18 Munhu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu. 19 Eyi nti, obiara a obebu mmara nsɛm no mu fa bi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso abu mmara nsɛm no mu fa bi so no bɛyɛ akumaa ɔsoro ahenni mu. Na obiara a obedi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso adi mmara no so no bɛyɛ ɔkɛse Ɔsoro Ahenni mu. 20 Enti merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahenni mu de a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde sen nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ne Farisifo no yɛ. 21 “Mose mmara no ka se, ‘Nea odi awu no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wokum no bi.’ 22 Na me de, nea mereka ne sɛ, obiara a ne bo befuw ne nua no, wobebu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛyeyaw ne nua no, wɔbɛfrɛ no wɔ mpanyin anim. Afei obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua se, ‘Ogyimifo’ no bɛkɔ amanehunu gya mu. 23 “Enti sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔre na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a, 24 gyae afɔre no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbɔ mu ansa na woakɔbɔ wʼafɔre no. 25 “Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asennii ankɔma otemmufo, na otemmufo no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfo nsa, na afiasehwɛfo no amfa wo ankɔto afiase. 26 Mereka no nokware akyerɛ mo se, ansa na wubefi asennii hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afi wo hɔ no. 27 “Mose mmara no ka se, ‘Nsɛe aware.’ 28 Na me de, nea mereka ne sɛ: Obiara a ohu ɔbea na ne kɔn dɔ no ne koma mu no, abɔ aguaman. 29 Sɛ wʼani baako a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetu atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua no nyinaa akyene amanehunu gya mu. 30 Saa ara nso na sɛ wo nsa a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetwa atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua nyinaa akyene amanehunu gya mu. 31 “Mose mmara no ka se, ‘Obiara a obegyaa ne yere no mma no awaregyae krataa.’ 32 Na me de, nea mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman na ɔbea no san kɔware bio a, na ɔbarima a ogyaa no no ama ɔbea no asɛe aware. Ɔbarima foforo a ɔbɛware ɔbea no nso asɛe aware saa ara. 33 “Bio, Mose mmara no ka se, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom di bɔ a woahyɛ no no so.’ 34 Na me de, nea mereka ne sɛ: Monnka ntam mmfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua. 35 Monnnɔ fam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn nan ase agua. Monnnɔ Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kuropɔn. 36 Mfa wo ti nka ntam, efisɛ worentumi nnan tinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum. 37 Momma mo nsɛm nyɛ ‘Yiw’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ Yiw anaa dabi no fi ɔbonsam. 38 “Mose mmara no ka se, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne de bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne de bi.’ 39 Na me de, nea mereka ne se: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dan benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. 40 Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatade nhyɛase a, worɔw wʼatade nguguso ka ho ma no. 41 Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnantew ɔkwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansin abien. 42 Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no. 43 “Moate sɛ wɔaka se, ‘Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo.’ 44 Na me de, nea mereka ne sɛ: monnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo. 45 Eyi bɛma moayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, efisɛ ɔma ne owia pue, ma ne osu tɔ ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa pɛ. 46 Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mubenya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso yɛ? 47 Sɛ mukyia wɔn a munim wɔn nko ara a, nsonoe bɛn na ɛda mo ne afoforo ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso yɛ? 48 Enti monyɛ pɛ sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ pɛ no.

In Other Versions

Matthew 5 in the ANGEFD

Matthew 5 in the ANTPNG2D

Matthew 5 in the AS21

Matthew 5 in the BAGH

Matthew 5 in the BBPNG

Matthew 5 in the BBT1E

Matthew 5 in the BDS

Matthew 5 in the BEV

Matthew 5 in the BHAD

Matthew 5 in the BIB

Matthew 5 in the BLPT

Matthew 5 in the BNT

Matthew 5 in the BNTABOOT

Matthew 5 in the BNTLV

Matthew 5 in the BOATCB

Matthew 5 in the BOBCV

Matthew 5 in the BOCNT

Matthew 5 in the BOECS

Matthew 5 in the BOGWICC

Matthew 5 in the BOHCB

Matthew 5 in the BOHCV

Matthew 5 in the BOHLNT

Matthew 5 in the BOHNTLTAL

Matthew 5 in the BOICB

Matthew 5 in the BOILNTAP

Matthew 5 in the BOITCV

Matthew 5 in the BOKCV

Matthew 5 in the BOKCV2

Matthew 5 in the BOKHWOG

Matthew 5 in the BOKSSV

Matthew 5 in the BOLCB

Matthew 5 in the BOLCB2

Matthew 5 in the BOMCV

Matthew 5 in the BONAV

Matthew 5 in the BONCB

Matthew 5 in the BONLT

Matthew 5 in the BONUT2

Matthew 5 in the BOPLNT

Matthew 5 in the BOSCB

Matthew 5 in the BOSNC

Matthew 5 in the BOTLNT

Matthew 5 in the BOVCB

Matthew 5 in the BOYCB

Matthew 5 in the BPBB

Matthew 5 in the BPH

Matthew 5 in the BSB

Matthew 5 in the CCB

Matthew 5 in the CUV

Matthew 5 in the CUVS

Matthew 5 in the DBT

Matthew 5 in the DGDNT

Matthew 5 in the DHNT

Matthew 5 in the DNT

Matthew 5 in the ELBE

Matthew 5 in the EMTV

Matthew 5 in the ESV

Matthew 5 in the FBV

Matthew 5 in the FEB

Matthew 5 in the GGMNT

Matthew 5 in the GNT

Matthew 5 in the HARY

Matthew 5 in the HNT

Matthew 5 in the IRVA

Matthew 5 in the IRVB

Matthew 5 in the IRVG

Matthew 5 in the IRVH

Matthew 5 in the IRVK

Matthew 5 in the IRVM

Matthew 5 in the IRVM2

Matthew 5 in the IRVO

Matthew 5 in the IRVP

Matthew 5 in the IRVT

Matthew 5 in the IRVT2

Matthew 5 in the IRVU

Matthew 5 in the ISVN

Matthew 5 in the JSNT

Matthew 5 in the KAPI

Matthew 5 in the KBT1ETNIK

Matthew 5 in the KBV

Matthew 5 in the KJV

Matthew 5 in the KNFD

Matthew 5 in the LBA

Matthew 5 in the LBLA

Matthew 5 in the LNT

Matthew 5 in the LSV

Matthew 5 in the MAAL

Matthew 5 in the MBV

Matthew 5 in the MBV2

Matthew 5 in the MHNT

Matthew 5 in the MKNFD

Matthew 5 in the MNG

Matthew 5 in the MNT

Matthew 5 in the MNT2

Matthew 5 in the MRS1T

Matthew 5 in the NAA

Matthew 5 in the NASB

Matthew 5 in the NBLA

Matthew 5 in the NBS

Matthew 5 in the NBVTP

Matthew 5 in the NET2

Matthew 5 in the NIV11

Matthew 5 in the NNT

Matthew 5 in the NNT2

Matthew 5 in the NNT3

Matthew 5 in the PDDPT

Matthew 5 in the PFNT

Matthew 5 in the RMNT

Matthew 5 in the SBIAS

Matthew 5 in the SBIBS

Matthew 5 in the SBIBS2

Matthew 5 in the SBICS

Matthew 5 in the SBIDS

Matthew 5 in the SBIGS

Matthew 5 in the SBIHS

Matthew 5 in the SBIIS

Matthew 5 in the SBIIS2

Matthew 5 in the SBIIS3

Matthew 5 in the SBIKS

Matthew 5 in the SBIKS2

Matthew 5 in the SBIMS

Matthew 5 in the SBIOS

Matthew 5 in the SBIPS

Matthew 5 in the SBISS

Matthew 5 in the SBITS

Matthew 5 in the SBITS2

Matthew 5 in the SBITS3

Matthew 5 in the SBITS4

Matthew 5 in the SBIUS

Matthew 5 in the SBIVS

Matthew 5 in the SBT

Matthew 5 in the SBT1E

Matthew 5 in the SCHL

Matthew 5 in the SNT

Matthew 5 in the SUSU

Matthew 5 in the SUSU2

Matthew 5 in the SYNO

Matthew 5 in the TBIAOTANT

Matthew 5 in the TBT1E

Matthew 5 in the TBT1E2

Matthew 5 in the TFTIP

Matthew 5 in the TFTU

Matthew 5 in the TGNTATF3T

Matthew 5 in the THAI

Matthew 5 in the TNFD

Matthew 5 in the TNT

Matthew 5 in the TNTIK

Matthew 5 in the TNTIL

Matthew 5 in the TNTIN

Matthew 5 in the TNTIP

Matthew 5 in the TNTIZ

Matthew 5 in the TOMA

Matthew 5 in the TTENT

Matthew 5 in the UBG

Matthew 5 in the UGV

Matthew 5 in the UGV2

Matthew 5 in the UGV3

Matthew 5 in the VBL

Matthew 5 in the VDCC

Matthew 5 in the YALU

Matthew 5 in the YAPE

Matthew 5 in the YBVTP

Matthew 5 in the ZBP