Psalms 68 (BOATCB2)
undefined Dawid dwom. 1 Ma Onyankopɔn nsɔre, ma nʼatamfo nhwete;wɔn a wɔtan no no nguan mfi nʼanim. 2 Sɛnea mframa bɔ wusiw gu no,saa ara na bɔ wɔn gu;sɛnea srade nan wɔ ogya so no,saa ara na amumɔyɛfo nyera mfi Onyankopɔn anim. 3 Nanso ma atreneefo ani nnyena wɔnsɛpɛw wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim;ma wɔn ho ntɔ wɔn na wonni ahurusi. 4 To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ.Ma nea ɔnantew omununkum so no din so.Ne din ne AWURADE;ma wʼani nnye wɔ nʼanim. 5 Ayisaa agya ne nea odi akunafo asɛm ma wɔnne Onyankopɔn a ɔte nʼatenae kronkron hɔ. 6 Ɔma ohiani tena mmusua mu,na ɔde nnwonto yi nneduafo ma wɔde wɔn ho;na atuatewfo de, wɔtena asase a awo so. 7 Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim,bere a wode wɔn faa sare so no, 8 asase wosowee,na ɔsoro tuee osu guu fam,wɔ Onyankopɔn, Sinai Nyankopɔn,Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no anim. 9 Womaa osu tɔɔ bebree, Ao, Onyankopɔn,guu wʼagyapade a abotow no so ma ɛyɛɛ frɔmfrɔm. 10 Wo nkurɔfo bɔɔ atenase wɔ so,Onyankopɔn, wonam wʼadɔe bebree no so hwɛɛ ahiafo. 11 Awurade kaa asɛm no,na dodow no ara ne wɔn a wɔpaee mu kae; 12 “Ahemfo ne wɔn asraafo guan ntɛm so;mmea a wɔwɔ fie no kyɛ asade. 13 Mpo bere a woda nguanban mu no,wɔde dwetɛ duraa mʼaborɔnoma ntaban ho,de sikakɔkɔɔ a ɛhyerɛn guu wɔn ntakra so.” 14 Bere a Otumfo bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hwetee no,na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Bepɔw Salmon so. 15 Basan mmepɔw gyinagyina hɔ,Basan mmepɔw so yɛ abonkyiabonkyi. 16 Wo bepɔw abonkyiabonkyi, adɛn nti na wode ani bɔne hwɛbepɔw a Onyankopɔn ayi sɛ obedi so hene,faako a AWURADE ankasa bɛtena afebɔɔ? 17 Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ mpem mpemne mpem mpem mu mpem;Awurade fi Sinai aba ne kronkronbea. 18 Bere a woforo kɔɔ soro no,wode nnommum kaa wo ho;wunyaa ayɛyɛde fii nnipa hɔ,fii atuatewfo hɔ mpo,sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, AWURADE Nyankopɔn. 19 Ayeyi nka Awurade, nka Onyankopɔn yɛn Agyenkwa,nea ɔsoa yɛn nnesoa da biara no. 20 Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ogye nkwa;na AWURADE mu na owu tow fom yɛn. 21 Ampa ara Onyankopɔn bɛdwerɛw nʼatamfo ti,wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne ti kusuu no. 22 AWURADE ka se, “Mede wɔn befi Basan aba;mede wɔn befi po bun mu aba, 23 na moanantew wɔn a wokyi mo no mogya muna mo akraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.” 24 Onyankopɔn, yɛahu wo santen yuu no,me Nyankopɔn ne me Hene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ. 25 Nnwontofo no wɔ anim, na asankubɔfo no nso di so,na mmabaa a wɔrewosow akasae nso ka wɔn ho. 26 Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛse no mu;monkamfo AWURADE wɔ Israel nnipakuw no mu. 27 Abusuakuw ketewa, Benyamin na odi wɔn kan,Yuda mmapɔmma kuw kɛse no di so,na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba. 28 Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn;da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛnea woayɛ pɛn no. 29 Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem ntiahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ wo. 30 Ka aboa a ɔhyɛ mfea mu no anim,ne anantwinini kuw a wɔhyɛ amanaman no nantwimma mu no.Brɛ wɔn ase kosi sɛ wɔde dwetɛ mpɔw bɛba.Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam. 31 Ananmusifo befi Misraim aba,na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn. 32 Wiase ahemman, monto dwom mma Onyankopɔn,monto ayeyi nnwom mma AWURADE, 33 monto mma nea ɔte tete ɔsorosoro so no,na ɔde nne kɛse bobɔ mu no. 34 Mompae mu nka Onyankopɔn tumi,nea ne kɛseyɛ kata Israel so no,na ne tumi wɔ soro ɔsoro no. 35 Wo ho yɛ hu, Onyankopɔn, wɔ wo kronkronbea hɔ;Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfo. Ayeyi nka Onyankopɔn!Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛ “Sukooko.”
In Other Versions
Psalms 68 in the ANGEFD
Psalms 68 in the ANTPNG2D
Psalms 68 in the AS21
Psalms 68 in the BAGH
Psalms 68 in the BBPNG
Psalms 68 in the BBT1E
Psalms 68 in the BDS
Psalms 68 in the BEV
Psalms 68 in the BHAD
Psalms 68 in the BIB
Psalms 68 in the BLPT
Psalms 68 in the BNT
Psalms 68 in the BNTABOOT
Psalms 68 in the BNTLV
Psalms 68 in the BOATCB
Psalms 68 in the BOBCV
Psalms 68 in the BOCNT
Psalms 68 in the BOECS
Psalms 68 in the BOGWICC
Psalms 68 in the BOHCB
Psalms 68 in the BOHCV
Psalms 68 in the BOHLNT
Psalms 68 in the BOHNTLTAL
Psalms 68 in the BOICB
Psalms 68 in the BOILNTAP
Psalms 68 in the BOITCV
Psalms 68 in the BOKCV
Psalms 68 in the BOKCV2
Psalms 68 in the BOKHWOG
Psalms 68 in the BOKSSV
Psalms 68 in the BOLCB
Psalms 68 in the BOLCB2
Psalms 68 in the BOMCV
Psalms 68 in the BONAV
Psalms 68 in the BONCB
Psalms 68 in the BONLT
Psalms 68 in the BONUT2
Psalms 68 in the BOPLNT
Psalms 68 in the BOSCB
Psalms 68 in the BOSNC
Psalms 68 in the BOTLNT
Psalms 68 in the BOVCB
Psalms 68 in the BOYCB
Psalms 68 in the BPBB
Psalms 68 in the BPH
Psalms 68 in the BSB
Psalms 68 in the CCB
Psalms 68 in the CUV
Psalms 68 in the CUVS
Psalms 68 in the DBT
Psalms 68 in the DGDNT
Psalms 68 in the DHNT
Psalms 68 in the DNT
Psalms 68 in the ELBE
Psalms 68 in the EMTV
Psalms 68 in the ESV
Psalms 68 in the FBV
Psalms 68 in the FEB
Psalms 68 in the GGMNT
Psalms 68 in the GNT
Psalms 68 in the HARY
Psalms 68 in the HNT
Psalms 68 in the IRVA
Psalms 68 in the IRVB
Psalms 68 in the IRVG
Psalms 68 in the IRVH
Psalms 68 in the IRVK
Psalms 68 in the IRVM
Psalms 68 in the IRVM2
Psalms 68 in the IRVO
Psalms 68 in the IRVP
Psalms 68 in the IRVT
Psalms 68 in the IRVT2
Psalms 68 in the IRVU
Psalms 68 in the ISVN
Psalms 68 in the JSNT
Psalms 68 in the KAPI
Psalms 68 in the KBT1ETNIK
Psalms 68 in the KBV
Psalms 68 in the KJV
Psalms 68 in the KNFD
Psalms 68 in the LBA
Psalms 68 in the LBLA
Psalms 68 in the LNT
Psalms 68 in the LSV
Psalms 68 in the MAAL
Psalms 68 in the MBV
Psalms 68 in the MBV2
Psalms 68 in the MHNT
Psalms 68 in the MKNFD
Psalms 68 in the MNG
Psalms 68 in the MNT
Psalms 68 in the MNT2
Psalms 68 in the MRS1T
Psalms 68 in the NAA
Psalms 68 in the NASB
Psalms 68 in the NBLA
Psalms 68 in the NBS
Psalms 68 in the NBVTP
Psalms 68 in the NET2
Psalms 68 in the NIV11
Psalms 68 in the NNT
Psalms 68 in the NNT2
Psalms 68 in the NNT3
Psalms 68 in the PDDPT
Psalms 68 in the PFNT
Psalms 68 in the RMNT
Psalms 68 in the SBIAS
Psalms 68 in the SBIBS
Psalms 68 in the SBIBS2
Psalms 68 in the SBICS
Psalms 68 in the SBIDS
Psalms 68 in the SBIGS
Psalms 68 in the SBIHS
Psalms 68 in the SBIIS
Psalms 68 in the SBIIS2
Psalms 68 in the SBIIS3
Psalms 68 in the SBIKS
Psalms 68 in the SBIKS2
Psalms 68 in the SBIMS
Psalms 68 in the SBIOS
Psalms 68 in the SBIPS
Psalms 68 in the SBISS
Psalms 68 in the SBITS
Psalms 68 in the SBITS2
Psalms 68 in the SBITS3
Psalms 68 in the SBITS4
Psalms 68 in the SBIUS
Psalms 68 in the SBIVS
Psalms 68 in the SBT
Psalms 68 in the SBT1E
Psalms 68 in the SCHL
Psalms 68 in the SNT
Psalms 68 in the SUSU
Psalms 68 in the SUSU2
Psalms 68 in the SYNO
Psalms 68 in the TBIAOTANT
Psalms 68 in the TBT1E
Psalms 68 in the TBT1E2
Psalms 68 in the TFTIP
Psalms 68 in the TFTU
Psalms 68 in the TGNTATF3T
Psalms 68 in the THAI
Psalms 68 in the TNFD
Psalms 68 in the TNT
Psalms 68 in the TNTIK
Psalms 68 in the TNTIL
Psalms 68 in the TNTIN
Psalms 68 in the TNTIP
Psalms 68 in the TNTIZ
Psalms 68 in the TOMA
Psalms 68 in the TTENT
Psalms 68 in the UBG
Psalms 68 in the UGV
Psalms 68 in the UGV2
Psalms 68 in the UGV3
Psalms 68 in the VBL
Psalms 68 in the VDCC
Psalms 68 in the YALU
Psalms 68 in the YAPE
Psalms 68 in the YBVTP
Psalms 68 in the ZBP