Luke 23 (BOATCB)

1 Afei, badwafoɔ no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim. 2 Wɔfirii aseɛ totoo nʼano sɛ, “Saa onipa yi tu nkurɔfoɔ aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfoɔ tua toɔ ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.” 3 Yei maa Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?”Yesu buaa no sɛ, “Ɛno ara na woaka no.” 4 Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanin ne nnipadɔm no sɛ, “Menhunu asɛm biara a mɛgyina so abu onipa yi fɔ.” 5 Nanso, wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kaa sɛ, “Ɔyɛ ɔmammɔfoɔ baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so de hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi firi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abɛduru Yerusalem ha.” 6 Pilato tee asɛm yi no, ɔbisaa sɛ, “Onipa yi yɛ Galileani anaa?” 7 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Pilato sɛ Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ ɛte saa deɛ a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, ɛfiri sɛ, Galilea hyɛ nʼase. Saa ɛberɛ no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem. 8 Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na ɔsusu nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no no enti, ɛberɛ a ɔhunuu no no, nʼani gyee yie, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbɛhunu no no, na akyɛre. 9 Wɔbisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a ɔyii ano. 10 Asɔfoɔ mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kɔɔ so ara kaa nsɛm a ɛnnim guu ne so. 11 Herode ne nʼasomfoɔ no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei, Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene sane de no kɔmaa Pilato. 12 Ɛda no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu. 13 Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin ne nnipadɔm no, 14 ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mode onipa yi brɛɛ me sɛ, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa, tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so no mu wɔ mo anim, nanso menhunu afɔbusɛm biara a mɛgyina so mabu no fɔ. 15 Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno enti, wasane de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ megyina so bu no kumfɔ. 16 Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” 17 Twam Afahyɛ biara, Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn. 18 Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ku no, na gyaa Baraba ma yɛn.” 19 Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyane ɔman na ɔsane dii awu enti, wɔde no too afiase. 20 Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ɔgyaa no. 21 Nanso, wɔsane bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!” 22 Ɔbisaa wɔn ne mprɛnsa so sɛ, “Adɛn? Ɛdeɛn bɔne na wayɛ? Menhunu afɔbusɛm biara a mɛgyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” 23 Nanso, wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato deɛ no so sɛ, ɔmmɔ no asɛnnua mu. 24 Enti, Pilato penee wɔn abisadeɛ no so maa wɔn. 25 Wɔgyaee Baraba a ɛsiane sɛ ɔhwanyanee ɔman sane dii awu no enti, ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛdeɛ wɔpɛ no. 26 Afei, wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asɛnnua mu no, wɔhyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ɔfiri afuom reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no wɔ ne kɔn ho, dii nʼakyi. 27 Nnipadɔm a mmaa a wɔresu retwa agyaadwoɔ fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi. 28 Yesu danee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yerusalem mma, monnsu me na monsu mo ho ne mo mma. 29 Na mmerɛ bi reba a wɔbɛka sɛ, ‘Nhyira ne abonini ne yafunu a ɛnwoo da ne nufoɔ a wɔnnum da.’ 30 Saa ɛberɛ no “ ‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Dwiri gu yɛn so!” ne nkokoɔ nso sɛ, “Kata yɛn so!” ’ 31 Na sɛ wɔde yei yɛ me a meyɛ dua mono no a, ɛdeɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ dua wuiɛ?” 32 Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfoɔ baanu bi kaa ne ho sɛ wɔnkɔku wɔn. 33 Wɔduruu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfoɔ baanu no asɛnnua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum. 34 Yesu kaa sɛ, “Agya, fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnnim deɛ wɔreyɛ.” Afei, asraafoɔ no kyekyɛɛ ne ntadeɛ mu bɔɔ so ntonto faeɛ. 35 Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafoɔ mpanimfoɔ no dii ne ho fɛw sɛ, “Ɔgyee ebinom nkwa; sɛ ɔse ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, ɔnnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.” 36 Asraafoɔ no nso dii ne ho fɛw de nsã a ɛkeka bi brɛɛ no 37 kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa.” 38 Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ,Yudafoɔ Ɔhene no ni. 39 Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.” 40 Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim sɛ, “Wonsuro Onyankopɔn? Hunu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbuo korɔ no ara mu. 41 Yɛn deɛ, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na yei deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara.” 42 Ɔsane kaa sɛ, “Yesu, woduru wʼAhennie mu a, kae me.” 43 Yesu buaa no sɛ, “Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.” 44 Ɛduruu owigyinaeɛ no, asase no so nyinaa duruu esum kabii kɔsii nnɔnmiɛnsa. 45 Owia duruu sum na ntoma a ɛtwa asɔredan no mu nso mu tee mmienu. 46 Yesu teaam denden sɛ, “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” Ɔkaa yei no, ɔgyaa mu. 47 Asraafoɔ panin a na ɔgyina hɔ no hunuu deɛ asi no, ɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔteneneeni.” 48 Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asɛnnuambɔ no hunuu sɛ wawu no, wɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ. 49 Saa ɛberɛ no na Yesu nnamfo ne mmaa bi a wɔdii nʼakyi firi Galilea baeɛ no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no nyinaa. 50 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ onipa pa a ɔtene wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no. 51 Ɛwom sɛ na ɔyɛ Yudafoɔ badwafoɔ no mu baako deɛ, nanso wampene gyinaeɛ a wɔsisiiɛ ne deɛ wɔyɛeɛ no so. 52 Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. 53 Ɔmaa wɔyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu. 54 Wɔsiee Yesu Efiada a na Yudafoɔ resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no. 55 Wɔsiee amu no wieeɛ no, mmaa a wɔdi Yesu akyi firi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toeɛ ne sɛdeɛ wɔsiee no faeɛ. 56 Saa mmaa yi sanee wɔn akyi kɔɔ efie kɔhwehwɛɛ nnuhwam ne ngo a wɔde bɛsiesie Yesu amu no, nanso ɛsiane sɛ na Homeda no aduru enti, wɔtenaa ase komm sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no.

In Other Versions

Luke 23 in the ANGEFD

Luke 23 in the ANTPNG2D

Luke 23 in the AS21

Luke 23 in the BAGH

Luke 23 in the BBPNG

Luke 23 in the BBT1E

Luke 23 in the BDS

Luke 23 in the BEV

Luke 23 in the BHAD

Luke 23 in the BIB

Luke 23 in the BLPT

Luke 23 in the BNT

Luke 23 in the BNTABOOT

Luke 23 in the BNTLV

Luke 23 in the BOATCB2

Luke 23 in the BOBCV

Luke 23 in the BOCNT

Luke 23 in the BOECS

Luke 23 in the BOGWICC

Luke 23 in the BOHCB

Luke 23 in the BOHCV

Luke 23 in the BOHLNT

Luke 23 in the BOHNTLTAL

Luke 23 in the BOICB

Luke 23 in the BOILNTAP

Luke 23 in the BOITCV

Luke 23 in the BOKCV

Luke 23 in the BOKCV2

Luke 23 in the BOKHWOG

Luke 23 in the BOKSSV

Luke 23 in the BOLCB

Luke 23 in the BOLCB2

Luke 23 in the BOMCV

Luke 23 in the BONAV

Luke 23 in the BONCB

Luke 23 in the BONLT

Luke 23 in the BONUT2

Luke 23 in the BOPLNT

Luke 23 in the BOSCB

Luke 23 in the BOSNC

Luke 23 in the BOTLNT

Luke 23 in the BOVCB

Luke 23 in the BOYCB

Luke 23 in the BPBB

Luke 23 in the BPH

Luke 23 in the BSB

Luke 23 in the CCB

Luke 23 in the CUV

Luke 23 in the CUVS

Luke 23 in the DBT

Luke 23 in the DGDNT

Luke 23 in the DHNT

Luke 23 in the DNT

Luke 23 in the ELBE

Luke 23 in the EMTV

Luke 23 in the ESV

Luke 23 in the FBV

Luke 23 in the FEB

Luke 23 in the GGMNT

Luke 23 in the GNT

Luke 23 in the HARY

Luke 23 in the HNT

Luke 23 in the IRVA

Luke 23 in the IRVB

Luke 23 in the IRVG

Luke 23 in the IRVH

Luke 23 in the IRVK

Luke 23 in the IRVM

Luke 23 in the IRVM2

Luke 23 in the IRVO

Luke 23 in the IRVP

Luke 23 in the IRVT

Luke 23 in the IRVT2

Luke 23 in the IRVU

Luke 23 in the ISVN

Luke 23 in the JSNT

Luke 23 in the KAPI

Luke 23 in the KBT1ETNIK

Luke 23 in the KBV

Luke 23 in the KJV

Luke 23 in the KNFD

Luke 23 in the LBA

Luke 23 in the LBLA

Luke 23 in the LNT

Luke 23 in the LSV

Luke 23 in the MAAL

Luke 23 in the MBV

Luke 23 in the MBV2

Luke 23 in the MHNT

Luke 23 in the MKNFD

Luke 23 in the MNG

Luke 23 in the MNT

Luke 23 in the MNT2

Luke 23 in the MRS1T

Luke 23 in the NAA

Luke 23 in the NASB

Luke 23 in the NBLA

Luke 23 in the NBS

Luke 23 in the NBVTP

Luke 23 in the NET2

Luke 23 in the NIV11

Luke 23 in the NNT

Luke 23 in the NNT2

Luke 23 in the NNT3

Luke 23 in the PDDPT

Luke 23 in the PFNT

Luke 23 in the RMNT

Luke 23 in the SBIAS

Luke 23 in the SBIBS

Luke 23 in the SBIBS2

Luke 23 in the SBICS

Luke 23 in the SBIDS

Luke 23 in the SBIGS

Luke 23 in the SBIHS

Luke 23 in the SBIIS

Luke 23 in the SBIIS2

Luke 23 in the SBIIS3

Luke 23 in the SBIKS

Luke 23 in the SBIKS2

Luke 23 in the SBIMS

Luke 23 in the SBIOS

Luke 23 in the SBIPS

Luke 23 in the SBISS

Luke 23 in the SBITS

Luke 23 in the SBITS2

Luke 23 in the SBITS3

Luke 23 in the SBITS4

Luke 23 in the SBIUS

Luke 23 in the SBIVS

Luke 23 in the SBT

Luke 23 in the SBT1E

Luke 23 in the SCHL

Luke 23 in the SNT

Luke 23 in the SUSU

Luke 23 in the SUSU2

Luke 23 in the SYNO

Luke 23 in the TBIAOTANT

Luke 23 in the TBT1E

Luke 23 in the TBT1E2

Luke 23 in the TFTIP

Luke 23 in the TFTU

Luke 23 in the TGNTATF3T

Luke 23 in the THAI

Luke 23 in the TNFD

Luke 23 in the TNT

Luke 23 in the TNTIK

Luke 23 in the TNTIL

Luke 23 in the TNTIN

Luke 23 in the TNTIP

Luke 23 in the TNTIZ

Luke 23 in the TOMA

Luke 23 in the TTENT

Luke 23 in the UBG

Luke 23 in the UGV

Luke 23 in the UGV2

Luke 23 in the UGV3

Luke 23 in the VBL

Luke 23 in the VDCC

Luke 23 in the YALU

Luke 23 in the YAPE

Luke 23 in the YBVTP

Luke 23 in the ZBP