Mark 12 (BOATCB)

1 Yesu nam mmɛbuo so kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Ɛda bi, okuafoɔ bi yɛɛ bobefuo, gyee ban faa ho, na ɔtuu amena bi a wɔkyi bobe mu nsuo wɔ mu, na ɔsii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei, ɔde afuo no gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu ɛkwan. 2 Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔte no, ɔsomaa ne ho onipa bi sɛ ɔnkɔgye ne kyɛfa mmrɛ no. 3 Nanso, akuafoɔ no boroo no, ma ɔde ne nsapan sane kɔeɛ. 4 Okuafoɔ no sane somaa onipa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sene deɛ ɔdi ɛkan no. 5 Onipa a ɔsomaa no bio no deɛ, wɔkumm no. Afoforɔ a akyire no wɔkɔeɛ no nso, wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom nso. 6 “Nanso, na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuu sɛ wɔbɛfɛre no de anidie ama no. 7 “Nanso, ɛberɛ a akuafoɔ no hunuu no sɛ ɔreba no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no. Momma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea!’ 8 Wɔkyeree no, kumm no, twee no firii bobe turom hɔ kɔtoo no twenee baabi. 9 “Mogye di sɛ, sɛ afu wura no ba a ɛdeɛn na ɔbɛyɛ akuafoɔ no? Ɔbɛba abɛkum wɔn, na ɔde afuo no ama nnipa foforɔ. 10 Monnkanee yei wɔ Atwerɛsɛm no mu pɛn sɛ: “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ; 11 Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ ” 12 Na ɛsiane saa bɛ a ɔbuiɛ no enti, Yudafoɔ mpanin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, ɛfiri sɛ, wohunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafoɔ atirimuɔdenfoɔ no. Nanso na wɔsuro dɔm no. Yei ma wɔgyaee no, na wɔfirii hɔ kɔeɛ. 13 Wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no. 14 Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ a, wotaa ka nokorɛ. Deɛ onipa ka no ntumi nnane wʼadwene. Afei, wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yɛbisa wo sɛ, ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?” 15 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no kaa sɛ, “Adɛn enti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuaeɛ.” 16 Wɔde maa no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni ne atwerɛ na ɛwɔ so?”Wɔbuaa sɛ, “Kaesare deɛ.” 17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma no, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!”Ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn. 18 Afei, Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no, baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 19 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose yɛɛ mmara maa yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma mma owufoɔ no. 20 Anuanom baason bi tenaa ase. Deɛ ɔdi ɛkan no waree yere, na ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 21 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no nso waree okunafoɔ no, na ɔno nso, ankyɛre na ɔwuiɛ a ɔne no anwo. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso waree no a, ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 22 Yei kɔɔ so kɔsii sɛ, anuanom yi nyinaa waree ɔbaa no, na ɔbaa no nso wuiɛ. 23 Deɛ yɛpɛ sɛ yɛhunu ne sɛ, owusɔreɛ no mu, sɛ wɔnya sɔre a, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere?” 24 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moyɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ. 25 Sɛ anuanom baason yi ne ɔbaa no sɔre firi awufoɔ mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no. 26 Afei, ɛfa awufoɔ owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee Mose nwoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne wira a na ɛrehyeɛ no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.’ 27 Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose sɛ, ɛwom sɛ, saa nnipa yi awuwu mfeɛ pii a atwam no deɛ, nanso wɔte ase. Anyɛ saa a anka ɔrenka sɛ ɔyɛ ateasefoɔ Onyankopɔn, na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn. Moayɛ mfomsoɔ kɛseɛ.” 28 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ retie no no hunuu sɛ, wabua wɔn sɛdeɛ ɛfata no, ɔbisaa no sɛ, “Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?” 29 Yesu buaa no sɛ, “Deɛ ɛkyɛn ne nyinaa ne deɛ ɛka sɛ, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Onyankopɔn, yɛ Awurade korɔ; 30 na dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no. 31 Na deɛ ɛtɔ so mmienu no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.” 32 Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ no buaa no sɛ, “Owura, woaka nokorɛ sɛ, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforɔ nka ne ho, 33 na menim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afiri mʼakoma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sene afɔdeɛ biara a wɔbɔ.” 34 Yesu hunuu sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn Ahennie ntam ɛkwan nware.” Na saa asɛm yi akyi, obi antumi ammisa no asɛm biara bio. 35 Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔbisaa nnipa no sɛ, “Adɛn na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba? 36 Ɛfiri sɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ: “Tena me nifa so kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’ 37 Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?”Ɛkwan a ɔfaa so kasaeɛ no maa nnipa no de anigyeɛ tiee no. 38 Ɛberɛ bi a nnipakuo bi de anigyeɛ retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ho! Wɔhyɛ ntadeɛ akɛseɛ sɛ asikafoɔ na sɛ wɔnam badwa mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ɔhyia wɔn no de obuo kyea wɔn. 39 Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a, wɔtenatena mpanin adwa so, na sɛ wɔkɔ adidie ase a, wɔtena mpanin tenabea. 40 Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.” 41 Ɛda bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a ɛsi hɔ no anim hwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu. Asikafoɔ no de sika a ɛdɔɔso guu mu. 42 Ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso baeɛ na ɔde sika nketewa mmienu bɛguu mu. 43 Ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Saa ɔbaa kunafoɔ hiani yi afɔdeɛ a ɔbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa. 44 Na wɔn nyinaa firi deɛ wɔanya ama abu wɔn so no mu na wɔyiyii bi de baeɛ, na ɔbaa yi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu no.”

In Other Versions

Mark 12 in the ANGEFD

Mark 12 in the ANTPNG2D

Mark 12 in the AS21

Mark 12 in the BAGH

Mark 12 in the BBPNG

Mark 12 in the BBT1E

Mark 12 in the BDS

Mark 12 in the BEV

Mark 12 in the BHAD

Mark 12 in the BIB

Mark 12 in the BLPT

Mark 12 in the BNT

Mark 12 in the BNTABOOT

Mark 12 in the BNTLV

Mark 12 in the BOATCB2

Mark 12 in the BOBCV

Mark 12 in the BOCNT

Mark 12 in the BOECS

Mark 12 in the BOGWICC

Mark 12 in the BOHCB

Mark 12 in the BOHCV

Mark 12 in the BOHLNT

Mark 12 in the BOHNTLTAL

Mark 12 in the BOICB

Mark 12 in the BOILNTAP

Mark 12 in the BOITCV

Mark 12 in the BOKCV

Mark 12 in the BOKCV2

Mark 12 in the BOKHWOG

Mark 12 in the BOKSSV

Mark 12 in the BOLCB

Mark 12 in the BOLCB2

Mark 12 in the BOMCV

Mark 12 in the BONAV

Mark 12 in the BONCB

Mark 12 in the BONLT

Mark 12 in the BONUT2

Mark 12 in the BOPLNT

Mark 12 in the BOSCB

Mark 12 in the BOSNC

Mark 12 in the BOTLNT

Mark 12 in the BOVCB

Mark 12 in the BOYCB

Mark 12 in the BPBB

Mark 12 in the BPH

Mark 12 in the BSB

Mark 12 in the CCB

Mark 12 in the CUV

Mark 12 in the CUVS

Mark 12 in the DBT

Mark 12 in the DGDNT

Mark 12 in the DHNT

Mark 12 in the DNT

Mark 12 in the ELBE

Mark 12 in the EMTV

Mark 12 in the ESV

Mark 12 in the FBV

Mark 12 in the FEB

Mark 12 in the GGMNT

Mark 12 in the GNT

Mark 12 in the HARY

Mark 12 in the HNT

Mark 12 in the IRVA

Mark 12 in the IRVB

Mark 12 in the IRVG

Mark 12 in the IRVH

Mark 12 in the IRVK

Mark 12 in the IRVM

Mark 12 in the IRVM2

Mark 12 in the IRVO

Mark 12 in the IRVP

Mark 12 in the IRVT

Mark 12 in the IRVT2

Mark 12 in the IRVU

Mark 12 in the ISVN

Mark 12 in the JSNT

Mark 12 in the KAPI

Mark 12 in the KBT1ETNIK

Mark 12 in the KBV

Mark 12 in the KJV

Mark 12 in the KNFD

Mark 12 in the LBA

Mark 12 in the LBLA

Mark 12 in the LNT

Mark 12 in the LSV

Mark 12 in the MAAL

Mark 12 in the MBV

Mark 12 in the MBV2

Mark 12 in the MHNT

Mark 12 in the MKNFD

Mark 12 in the MNG

Mark 12 in the MNT

Mark 12 in the MNT2

Mark 12 in the MRS1T

Mark 12 in the NAA

Mark 12 in the NASB

Mark 12 in the NBLA

Mark 12 in the NBS

Mark 12 in the NBVTP

Mark 12 in the NET2

Mark 12 in the NIV11

Mark 12 in the NNT

Mark 12 in the NNT2

Mark 12 in the NNT3

Mark 12 in the PDDPT

Mark 12 in the PFNT

Mark 12 in the RMNT

Mark 12 in the SBIAS

Mark 12 in the SBIBS

Mark 12 in the SBIBS2

Mark 12 in the SBICS

Mark 12 in the SBIDS

Mark 12 in the SBIGS

Mark 12 in the SBIHS

Mark 12 in the SBIIS

Mark 12 in the SBIIS2

Mark 12 in the SBIIS3

Mark 12 in the SBIKS

Mark 12 in the SBIKS2

Mark 12 in the SBIMS

Mark 12 in the SBIOS

Mark 12 in the SBIPS

Mark 12 in the SBISS

Mark 12 in the SBITS

Mark 12 in the SBITS2

Mark 12 in the SBITS3

Mark 12 in the SBITS4

Mark 12 in the SBIUS

Mark 12 in the SBIVS

Mark 12 in the SBT

Mark 12 in the SBT1E

Mark 12 in the SCHL

Mark 12 in the SNT

Mark 12 in the SUSU

Mark 12 in the SUSU2

Mark 12 in the SYNO

Mark 12 in the TBIAOTANT

Mark 12 in the TBT1E

Mark 12 in the TBT1E2

Mark 12 in the TFTIP

Mark 12 in the TFTU

Mark 12 in the TGNTATF3T

Mark 12 in the THAI

Mark 12 in the TNFD

Mark 12 in the TNT

Mark 12 in the TNTIK

Mark 12 in the TNTIL

Mark 12 in the TNTIN

Mark 12 in the TNTIP

Mark 12 in the TNTIZ

Mark 12 in the TOMA

Mark 12 in the TTENT

Mark 12 in the UBG

Mark 12 in the UGV

Mark 12 in the UGV2

Mark 12 in the UGV3

Mark 12 in the VBL

Mark 12 in the VDCC

Mark 12 in the YALU

Mark 12 in the YAPE

Mark 12 in the YBVTP

Mark 12 in the ZBP