Mark 3 (BOATCB)

1 Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu. 2 Na saa ɛda no yɛ Homeda enti na Yesu atamfoɔ no retetɛ no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yadeɛ anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yadeɛ a, wɔbɛkyere no! 3 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre gyina nnipa no anim.” 4 Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nʼatamfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ ɛda a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ ɛda a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso, wɔammua no. 5 Ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ. Ɛhaa no sɛ wɔnni ahummɔborɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa no mu.” Ɔtenee mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie. 6 Ɛhɔ ara, Farisifoɔ no kɔhyiaa Herodefoɔ no ne wɔn susuu ɛkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho. 7 Yesu ne nʼasuafoɔ no firii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifiri Galilea, Yudea, Yerusalem, 8 Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Ɛfiri sɛ, na nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ no atrɛ afanan nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no. 9 Ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔmpɛ kodoɔ bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ. 10 Ɛda no, na wasa nyarewa bebree. Nanso, na ayarefoɔ no ba ara na wɔreba a wɔpɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatadeɛ. 11 Ɛberɛ biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi bɛhunu no no, wɔtwa hwe fam, woso biribiri, ka sɛ, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.” 12 Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ. 13 Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ so frɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn. 14 Ɔyii wɔn mu dumienu a daa wɔne no bɛnante, na wɔakɔka asɛmpa no, 15 na wɔatu ahonhommɔne nso. 16 Dumienu a ɔyii wɔn no din nie: Simon a ɔtoo no din foforɔ Petro. 17 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso, ɔfrɛɛ wɔn Boanerges a, aseɛ ne aprannaa mma. 18 Wɔn a wɔka ho nso nie: Andrea,Filipo,Bartolomeo,Mateo,Toma,Alfeo ba Yakobo,Tadeo, neSimon ɔmanyɛfoɔ, 19 ɛnna Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no. 20 Ɔsane baa efie a ɔte mu no mu no, nnipakuo bi sane baa ne so bio. Ankyɛre koraa na ɛhɔ nyinaa yɛɛ ma a ɔnnya ɛkwan koraa nnidi. 21 Ne fiefoɔ tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn efie ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Ne tiri mu ka no.” 22 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na ɔtu ahonhommɔne no.” 23 Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbonsam bɛtumi atu Ɔbonsam? 24 Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no bɛgu. 25 Saa ara na efie biara a ɛne ne ho di asie no nnyina ara ne no. 26 Na sɛ Ɔbonsam twa ne ho ne ne ho di asie a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Ɔbɛdi nkoguo. 27 Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ efie nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di ɛkan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no, ansa na watumi afa ne nneɛma. 28 Mereka akyerɛ mo sɛ, bɔne a onipa ayɛ biara no, wɔtumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wɔtumi de kyɛ no; 29 nanso deɛ ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da.” 30 Ɔkaa saa asɛm yi ɛfiri sɛ, na wɔka sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne.” 31 Ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi sɛ, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. 32 Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.” 33 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?” 34 Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyiaeɛ kaa sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom! 35 Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”

In Other Versions

Mark 3 in the ANGEFD

Mark 3 in the ANTPNG2D

Mark 3 in the AS21

Mark 3 in the BAGH

Mark 3 in the BBPNG

Mark 3 in the BBT1E

Mark 3 in the BDS

Mark 3 in the BEV

Mark 3 in the BHAD

Mark 3 in the BIB

Mark 3 in the BLPT

Mark 3 in the BNT

Mark 3 in the BNTABOOT

Mark 3 in the BNTLV

Mark 3 in the BOATCB2

Mark 3 in the BOBCV

Mark 3 in the BOCNT

Mark 3 in the BOECS

Mark 3 in the BOGWICC

Mark 3 in the BOHCB

Mark 3 in the BOHCV

Mark 3 in the BOHLNT

Mark 3 in the BOHNTLTAL

Mark 3 in the BOICB

Mark 3 in the BOILNTAP

Mark 3 in the BOITCV

Mark 3 in the BOKCV

Mark 3 in the BOKCV2

Mark 3 in the BOKHWOG

Mark 3 in the BOKSSV

Mark 3 in the BOLCB

Mark 3 in the BOLCB2

Mark 3 in the BOMCV

Mark 3 in the BONAV

Mark 3 in the BONCB

Mark 3 in the BONLT

Mark 3 in the BONUT2

Mark 3 in the BOPLNT

Mark 3 in the BOSCB

Mark 3 in the BOSNC

Mark 3 in the BOTLNT

Mark 3 in the BOVCB

Mark 3 in the BOYCB

Mark 3 in the BPBB

Mark 3 in the BPH

Mark 3 in the BSB

Mark 3 in the CCB

Mark 3 in the CUV

Mark 3 in the CUVS

Mark 3 in the DBT

Mark 3 in the DGDNT

Mark 3 in the DHNT

Mark 3 in the DNT

Mark 3 in the ELBE

Mark 3 in the EMTV

Mark 3 in the ESV

Mark 3 in the FBV

Mark 3 in the FEB

Mark 3 in the GGMNT

Mark 3 in the GNT

Mark 3 in the HARY

Mark 3 in the HNT

Mark 3 in the IRVA

Mark 3 in the IRVB

Mark 3 in the IRVG

Mark 3 in the IRVH

Mark 3 in the IRVK

Mark 3 in the IRVM

Mark 3 in the IRVM2

Mark 3 in the IRVO

Mark 3 in the IRVP

Mark 3 in the IRVT

Mark 3 in the IRVT2

Mark 3 in the IRVU

Mark 3 in the ISVN

Mark 3 in the JSNT

Mark 3 in the KAPI

Mark 3 in the KBT1ETNIK

Mark 3 in the KBV

Mark 3 in the KJV

Mark 3 in the KNFD

Mark 3 in the LBA

Mark 3 in the LBLA

Mark 3 in the LNT

Mark 3 in the LSV

Mark 3 in the MAAL

Mark 3 in the MBV

Mark 3 in the MBV2

Mark 3 in the MHNT

Mark 3 in the MKNFD

Mark 3 in the MNG

Mark 3 in the MNT

Mark 3 in the MNT2

Mark 3 in the MRS1T

Mark 3 in the NAA

Mark 3 in the NASB

Mark 3 in the NBLA

Mark 3 in the NBS

Mark 3 in the NBVTP

Mark 3 in the NET2

Mark 3 in the NIV11

Mark 3 in the NNT

Mark 3 in the NNT2

Mark 3 in the NNT3

Mark 3 in the PDDPT

Mark 3 in the PFNT

Mark 3 in the RMNT

Mark 3 in the SBIAS

Mark 3 in the SBIBS

Mark 3 in the SBIBS2

Mark 3 in the SBICS

Mark 3 in the SBIDS

Mark 3 in the SBIGS

Mark 3 in the SBIHS

Mark 3 in the SBIIS

Mark 3 in the SBIIS2

Mark 3 in the SBIIS3

Mark 3 in the SBIKS

Mark 3 in the SBIKS2

Mark 3 in the SBIMS

Mark 3 in the SBIOS

Mark 3 in the SBIPS

Mark 3 in the SBISS

Mark 3 in the SBITS

Mark 3 in the SBITS2

Mark 3 in the SBITS3

Mark 3 in the SBITS4

Mark 3 in the SBIUS

Mark 3 in the SBIVS

Mark 3 in the SBT

Mark 3 in the SBT1E

Mark 3 in the SCHL

Mark 3 in the SNT

Mark 3 in the SUSU

Mark 3 in the SUSU2

Mark 3 in the SYNO

Mark 3 in the TBIAOTANT

Mark 3 in the TBT1E

Mark 3 in the TBT1E2

Mark 3 in the TFTIP

Mark 3 in the TFTU

Mark 3 in the TGNTATF3T

Mark 3 in the THAI

Mark 3 in the TNFD

Mark 3 in the TNT

Mark 3 in the TNTIK

Mark 3 in the TNTIL

Mark 3 in the TNTIN

Mark 3 in the TNTIP

Mark 3 in the TNTIZ

Mark 3 in the TOMA

Mark 3 in the TTENT

Mark 3 in the UBG

Mark 3 in the UGV

Mark 3 in the UGV2

Mark 3 in the UGV3

Mark 3 in the VBL

Mark 3 in the VDCC

Mark 3 in the YALU

Mark 3 in the YAPE

Mark 3 in the YBVTP

Mark 3 in the ZBP