Proverbs 14 (BOATCB)
1 Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan,nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam. 2 Deɛ ne nanteɛ tene no suro AWURADE,na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa. 3 Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban. 4 Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan,na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba. 5 Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa,ɔdansekurumni hwie atorɔ gu hɔ. 6 Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya,nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm. 7 Twe wo ho firi ɔkwasea ho,ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano. 8 Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho,na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa. 9 Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ,na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ. 10 Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu,na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ. 11 Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie,nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm. 12 Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,nanso ɛkɔwie owuo mu. 13 Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea,na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ. 14 Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ,na onipa pa nso bɛnya ne deɛ. 15 Atetekwaa gye biribiara di,nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho. 16 Onyansafoɔ suro AWURADE na ɔdwane bɔne,nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa. 17 Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ,na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no. 18 Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie,na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire. 19 Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim,na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano. 20 Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree. 21 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne,na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie. 22 Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne nyera ɛkwan anaa?Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ. 23 Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba,na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu. 24 Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire,na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba. 25 Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa,nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ. 26 Deɛ ɔsuro AWURADE no wɔ banbɔ a emu yɛ den,na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma. 27 AWURADE suro yɛ nkwa asutire,ɛyi onipa firi owuo afidie mu. 28 Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam,nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe. 29 Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ,na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi. 30 Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa,na anibereɛ ma nnompe porɔ. 31 Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa,nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam. 32 Sɛ amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase,nanso owuo mu mpo teneneefoɔ wɔ dwanekɔbea. 33 Nyansa te nteaseɛ akoma mu,na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi. 34 Tenenee pagya ɔmanna bɔne yɛ animguaseɛ ma nnipa biara. 35 Ɔhene ani sɔ ɔsomfoɔ nyansani,na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo.
In Other Versions
Proverbs 14 in the ANGEFD
Proverbs 14 in the ANTPNG2D
Proverbs 14 in the AS21
Proverbs 14 in the BAGH
Proverbs 14 in the BBPNG
Proverbs 14 in the BBT1E
Proverbs 14 in the BDS
Proverbs 14 in the BEV
Proverbs 14 in the BHAD
Proverbs 14 in the BIB
Proverbs 14 in the BLPT
Proverbs 14 in the BNT
Proverbs 14 in the BNTABOOT
Proverbs 14 in the BNTLV
Proverbs 14 in the BOATCB2
Proverbs 14 in the BOBCV
Proverbs 14 in the BOCNT
Proverbs 14 in the BOECS
Proverbs 14 in the BOGWICC
Proverbs 14 in the BOHCB
Proverbs 14 in the BOHCV
Proverbs 14 in the BOHLNT
Proverbs 14 in the BOHNTLTAL
Proverbs 14 in the BOICB
Proverbs 14 in the BOILNTAP
Proverbs 14 in the BOITCV
Proverbs 14 in the BOKCV
Proverbs 14 in the BOKCV2
Proverbs 14 in the BOKHWOG
Proverbs 14 in the BOKSSV
Proverbs 14 in the BOLCB
Proverbs 14 in the BOLCB2
Proverbs 14 in the BOMCV
Proverbs 14 in the BONAV
Proverbs 14 in the BONCB
Proverbs 14 in the BONLT
Proverbs 14 in the BONUT2
Proverbs 14 in the BOPLNT
Proverbs 14 in the BOSCB
Proverbs 14 in the BOSNC
Proverbs 14 in the BOTLNT
Proverbs 14 in the BOVCB
Proverbs 14 in the BOYCB
Proverbs 14 in the BPBB
Proverbs 14 in the BPH
Proverbs 14 in the BSB
Proverbs 14 in the CCB
Proverbs 14 in the CUV
Proverbs 14 in the CUVS
Proverbs 14 in the DBT
Proverbs 14 in the DGDNT
Proverbs 14 in the DHNT
Proverbs 14 in the DNT
Proverbs 14 in the ELBE
Proverbs 14 in the EMTV
Proverbs 14 in the ESV
Proverbs 14 in the FBV
Proverbs 14 in the FEB
Proverbs 14 in the GGMNT
Proverbs 14 in the GNT
Proverbs 14 in the HARY
Proverbs 14 in the HNT
Proverbs 14 in the IRVA
Proverbs 14 in the IRVB
Proverbs 14 in the IRVG
Proverbs 14 in the IRVH
Proverbs 14 in the IRVK
Proverbs 14 in the IRVM
Proverbs 14 in the IRVM2
Proverbs 14 in the IRVO
Proverbs 14 in the IRVP
Proverbs 14 in the IRVT
Proverbs 14 in the IRVT2
Proverbs 14 in the IRVU
Proverbs 14 in the ISVN
Proverbs 14 in the JSNT
Proverbs 14 in the KAPI
Proverbs 14 in the KBT1ETNIK
Proverbs 14 in the KBV
Proverbs 14 in the KJV
Proverbs 14 in the KNFD
Proverbs 14 in the LBA
Proverbs 14 in the LBLA
Proverbs 14 in the LNT
Proverbs 14 in the LSV
Proverbs 14 in the MAAL
Proverbs 14 in the MBV
Proverbs 14 in the MBV2
Proverbs 14 in the MHNT
Proverbs 14 in the MKNFD
Proverbs 14 in the MNG
Proverbs 14 in the MNT
Proverbs 14 in the MNT2
Proverbs 14 in the MRS1T
Proverbs 14 in the NAA
Proverbs 14 in the NASB
Proverbs 14 in the NBLA
Proverbs 14 in the NBS
Proverbs 14 in the NBVTP
Proverbs 14 in the NET2
Proverbs 14 in the NIV11
Proverbs 14 in the NNT
Proverbs 14 in the NNT2
Proverbs 14 in the NNT3
Proverbs 14 in the PDDPT
Proverbs 14 in the PFNT
Proverbs 14 in the RMNT
Proverbs 14 in the SBIAS
Proverbs 14 in the SBIBS
Proverbs 14 in the SBIBS2
Proverbs 14 in the SBICS
Proverbs 14 in the SBIDS
Proverbs 14 in the SBIGS
Proverbs 14 in the SBIHS
Proverbs 14 in the SBIIS
Proverbs 14 in the SBIIS2
Proverbs 14 in the SBIIS3
Proverbs 14 in the SBIKS
Proverbs 14 in the SBIKS2
Proverbs 14 in the SBIMS
Proverbs 14 in the SBIOS
Proverbs 14 in the SBIPS
Proverbs 14 in the SBISS
Proverbs 14 in the SBITS
Proverbs 14 in the SBITS2
Proverbs 14 in the SBITS3
Proverbs 14 in the SBITS4
Proverbs 14 in the SBIUS
Proverbs 14 in the SBIVS
Proverbs 14 in the SBT
Proverbs 14 in the SBT1E
Proverbs 14 in the SCHL
Proverbs 14 in the SNT
Proverbs 14 in the SUSU
Proverbs 14 in the SUSU2
Proverbs 14 in the SYNO
Proverbs 14 in the TBIAOTANT
Proverbs 14 in the TBT1E
Proverbs 14 in the TBT1E2
Proverbs 14 in the TFTIP
Proverbs 14 in the TFTU
Proverbs 14 in the TGNTATF3T
Proverbs 14 in the THAI
Proverbs 14 in the TNFD
Proverbs 14 in the TNT
Proverbs 14 in the TNTIK
Proverbs 14 in the TNTIL
Proverbs 14 in the TNTIN
Proverbs 14 in the TNTIP
Proverbs 14 in the TNTIZ
Proverbs 14 in the TOMA
Proverbs 14 in the TTENT
Proverbs 14 in the UBG
Proverbs 14 in the UGV
Proverbs 14 in the UGV2
Proverbs 14 in the UGV3
Proverbs 14 in the VBL
Proverbs 14 in the VDCC
Proverbs 14 in the YALU
Proverbs 14 in the YAPE
Proverbs 14 in the YBVTP
Proverbs 14 in the ZBP