Proverbs 14 (BOATCB2)
1 Ɔbea nyansafo si ne dan,nanso ɔbea kwasea de nʼankasa ne nsa dwiriw ne de gu fam. 2 Nea ne nantew teɛ no suro AWURADE,na nea nʼakwan kyea no bu no animtiaa. 3 Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,nanso anyansafo ano bɔ wɔn ho ban. 4 Faako a anantwi nni no, adididaka no mu da mpan,na nantwi ahoɔden mu na nnɔbae pii fi ba. 5 Ɔdanseni nokwafo rennaadaa,ɔdansekurumni hwie atoro gu hɔ. 6 Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa nanso onya,nanso wɔn a wɔwɔ nhumu nya nimdeɛ ntɛm. 7 Twe wo ho fi ɔkwasea ho,efisɛ, worennya nimdeɛ mfi nʼano. 8 Anitewfo nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho,na nkwaseafo agyimisɛm yɛ nnaadaa. 9 Nkwaseafo de bɔne ho adwensakra di fɛw,na wɔn a wɔteɛ mu na anisɔ wɔ. 10 Koma biara nim ɔyaw wɔ ne mu,na obi foforo rentumi ne no nkyɛ nʼanigye. 11 Wɔbɛsɛe amumɔyɛfo fi,nanso teefo ntamadan bɛyɛ frɔmfrɔm. 12 Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so,nanso awiei no, ɛkɔ owu mu. 13 Ɔserew mu mpo, koma tumi di yaw,na anigye tumi wie awerɛhow. 14 Akyirisanfo benya akatua sɛnea wɔn akwan te,na onipa pa nso benya ne de. 15 Atetekwaa gye biribiara di,nanso onitefo dwene nʼanammɔntu ho. 16 Onyansafo suro AWURADE na oguan bɔne,nanso ɔkwasea yɛ asowui ne basabasa. 17 Onipa a ne bo nkyɛ fuw no yɛ nkwaseade,na wɔtɔn nea ɔpam apam bɔne no. 18 Ntetekwaafo agyapade ne gyimi,na wɔde nimdeɛ bɔ anitewfo abotiri. 19 Nnipa bɔnefo bɛkotow nnipa pa anim,na amumɔyɛfo akotow atreneefo apon ano. 20 Ahiafo de, wɔn yɔnkonom mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,nanso adefo wɔ nnamfonom bebree. 21 Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne,na nhyira nka nea ne yam ye ma ohiani. 22 So wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne nyera kwan ana?Nanso wɔn a wɔhyehyɛ nea eye no nya adɔe ne nokware. 23 Adwumadenyɛ nyinaa de mfaso ba,na kasahunu de, ɛkɔ ohia mu. 24 Anyansafo ahonya ne wɔn abotiri,na nkwaseafo agyimisɛm sow gyimi aba. 25 Ɔdanseni nokwafo gye nkwa,nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafo. 26 Nea osuro AWURADE no wɔ bammɔ a mu yɛ den,na ɛbɛyɛ guankɔbea ama ne mma. 27 AWURADE suro yɛ nkwa asuti,eyi onipa fi owu afiri mu. 28 Ɔman mu nnipa dodow yɛ ɔhene anuonyam,nanso sɛ asomfo nni hɔ a mmapɔmma no sɛe. 29 Onipa a ɔwɔ abodwokyɛre wɔ ntease a mu dɔ,na nea ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi. 30 Koma mu asomdwoe ma nipadua nkwa,na anibere ma nnompe porɔw. 31 Nea ɔhyɛ ahiafo so no bu wɔn Yɛfo animtiaa,nanso nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn anuonyam. 32 Sɛ amanehunu ba a amumɔyɛfo hwe ase,nanso owu mu mpo atreneefo wɔ guankɔbea. 33 Nyansa te ntease koma mu,na nkwaseafo mu mpo, oyi ne ho adi. 34 Trenee pagyaw ɔman,na bɔne yɛ animguase ma nnipa nyinaa. 35 Ɔhene ani sɔ ɔsomfo nyansani,na ɔsomfo nimguasefo hyɛ no abufuw.
In Other Versions
Proverbs 14 in the ANGEFD
Proverbs 14 in the ANTPNG2D
Proverbs 14 in the AS21
Proverbs 14 in the BAGH
Proverbs 14 in the BBPNG
Proverbs 14 in the BBT1E
Proverbs 14 in the BDS
Proverbs 14 in the BEV
Proverbs 14 in the BHAD
Proverbs 14 in the BIB
Proverbs 14 in the BLPT
Proverbs 14 in the BNT
Proverbs 14 in the BNTABOOT
Proverbs 14 in the BNTLV
Proverbs 14 in the BOATCB
Proverbs 14 in the BOBCV
Proverbs 14 in the BOCNT
Proverbs 14 in the BOECS
Proverbs 14 in the BOGWICC
Proverbs 14 in the BOHCB
Proverbs 14 in the BOHCV
Proverbs 14 in the BOHLNT
Proverbs 14 in the BOHNTLTAL
Proverbs 14 in the BOICB
Proverbs 14 in the BOILNTAP
Proverbs 14 in the BOITCV
Proverbs 14 in the BOKCV
Proverbs 14 in the BOKCV2
Proverbs 14 in the BOKHWOG
Proverbs 14 in the BOKSSV
Proverbs 14 in the BOLCB
Proverbs 14 in the BOLCB2
Proverbs 14 in the BOMCV
Proverbs 14 in the BONAV
Proverbs 14 in the BONCB
Proverbs 14 in the BONLT
Proverbs 14 in the BONUT2
Proverbs 14 in the BOPLNT
Proverbs 14 in the BOSCB
Proverbs 14 in the BOSNC
Proverbs 14 in the BOTLNT
Proverbs 14 in the BOVCB
Proverbs 14 in the BOYCB
Proverbs 14 in the BPBB
Proverbs 14 in the BPH
Proverbs 14 in the BSB
Proverbs 14 in the CCB
Proverbs 14 in the CUV
Proverbs 14 in the CUVS
Proverbs 14 in the DBT
Proverbs 14 in the DGDNT
Proverbs 14 in the DHNT
Proverbs 14 in the DNT
Proverbs 14 in the ELBE
Proverbs 14 in the EMTV
Proverbs 14 in the ESV
Proverbs 14 in the FBV
Proverbs 14 in the FEB
Proverbs 14 in the GGMNT
Proverbs 14 in the GNT
Proverbs 14 in the HARY
Proverbs 14 in the HNT
Proverbs 14 in the IRVA
Proverbs 14 in the IRVB
Proverbs 14 in the IRVG
Proverbs 14 in the IRVH
Proverbs 14 in the IRVK
Proverbs 14 in the IRVM
Proverbs 14 in the IRVM2
Proverbs 14 in the IRVO
Proverbs 14 in the IRVP
Proverbs 14 in the IRVT
Proverbs 14 in the IRVT2
Proverbs 14 in the IRVU
Proverbs 14 in the ISVN
Proverbs 14 in the JSNT
Proverbs 14 in the KAPI
Proverbs 14 in the KBT1ETNIK
Proverbs 14 in the KBV
Proverbs 14 in the KJV
Proverbs 14 in the KNFD
Proverbs 14 in the LBA
Proverbs 14 in the LBLA
Proverbs 14 in the LNT
Proverbs 14 in the LSV
Proverbs 14 in the MAAL
Proverbs 14 in the MBV
Proverbs 14 in the MBV2
Proverbs 14 in the MHNT
Proverbs 14 in the MKNFD
Proverbs 14 in the MNG
Proverbs 14 in the MNT
Proverbs 14 in the MNT2
Proverbs 14 in the MRS1T
Proverbs 14 in the NAA
Proverbs 14 in the NASB
Proverbs 14 in the NBLA
Proverbs 14 in the NBS
Proverbs 14 in the NBVTP
Proverbs 14 in the NET2
Proverbs 14 in the NIV11
Proverbs 14 in the NNT
Proverbs 14 in the NNT2
Proverbs 14 in the NNT3
Proverbs 14 in the PDDPT
Proverbs 14 in the PFNT
Proverbs 14 in the RMNT
Proverbs 14 in the SBIAS
Proverbs 14 in the SBIBS
Proverbs 14 in the SBIBS2
Proverbs 14 in the SBICS
Proverbs 14 in the SBIDS
Proverbs 14 in the SBIGS
Proverbs 14 in the SBIHS
Proverbs 14 in the SBIIS
Proverbs 14 in the SBIIS2
Proverbs 14 in the SBIIS3
Proverbs 14 in the SBIKS
Proverbs 14 in the SBIKS2
Proverbs 14 in the SBIMS
Proverbs 14 in the SBIOS
Proverbs 14 in the SBIPS
Proverbs 14 in the SBISS
Proverbs 14 in the SBITS
Proverbs 14 in the SBITS2
Proverbs 14 in the SBITS3
Proverbs 14 in the SBITS4
Proverbs 14 in the SBIUS
Proverbs 14 in the SBIVS
Proverbs 14 in the SBT
Proverbs 14 in the SBT1E
Proverbs 14 in the SCHL
Proverbs 14 in the SNT
Proverbs 14 in the SUSU
Proverbs 14 in the SUSU2
Proverbs 14 in the SYNO
Proverbs 14 in the TBIAOTANT
Proverbs 14 in the TBT1E
Proverbs 14 in the TBT1E2
Proverbs 14 in the TFTIP
Proverbs 14 in the TFTU
Proverbs 14 in the TGNTATF3T
Proverbs 14 in the THAI
Proverbs 14 in the TNFD
Proverbs 14 in the TNT
Proverbs 14 in the TNTIK
Proverbs 14 in the TNTIL
Proverbs 14 in the TNTIN
Proverbs 14 in the TNTIP
Proverbs 14 in the TNTIZ
Proverbs 14 in the TOMA
Proverbs 14 in the TTENT
Proverbs 14 in the UBG
Proverbs 14 in the UGV
Proverbs 14 in the UGV2
Proverbs 14 in the UGV3
Proverbs 14 in the VBL
Proverbs 14 in the VDCC
Proverbs 14 in the YALU
Proverbs 14 in the YAPE
Proverbs 14 in the YBVTP
Proverbs 14 in the ZBP