1 Peter 1 (BOATCB)

1 Krataa yi firi Yesu Kristo ɔsomafoɔ Petro nkyɛn, Meretwerɛ krataa yi akɔma Onyankopɔn nnipa a wɔahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no. 2 Onyankopɔn, yɛn Agya, na ɛfiri teteete no ɔfrɛɛ mo. Na ɔnam ne Honhom so ayɛ mo kronkron. Ɛno enti, moayɛ ɔsetie ama Yesu Kristo, na ɔde ne mogya ate mo ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso nka mo. 3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔborɔ dodoɔ enti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so ama yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim, 4 enti yɛrehwɛ anim sɛ yɛbɛnya nhyira dodoɔ a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo ɛfiri sɛ, ɛhɔ deɛ, ɛremporɔ anaa ɛrensɛe, na ɛrempa nso. 5 Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛseɛ no so bɛhwɛ sɛ mobɛduru hɔ asomdwoeɛ mu, na mo nsa aka, ɛfiri sɛ, mogye no di. Ɛbɛyɛ mo dea nna a ɛdi akyire no mu ama obiara ahunu. 6 Ɛwom sɛ, ebia, ɛsiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no enti, mo werɛ bɛho deɛ, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho. 7 Ɔhaw ba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu sɛ mo gyidie no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wɔtumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ. Enti, mo gyidie a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no, ɛsɛ sɛ wɔsɔ hwɛ hunu sɛ, ɛbɛtumi atim anaa. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mobɛnya animuonyam. 8 Ɛwom sɛ monhunuu Yesu deɛ, nanso modɔ no. Monhunu no seesei deɛ, nanso mogye no di. Anigyeɛ a moanya no boro so 9 ɛfiri sɛ, mo nsa reka gyidie ho mfasoɔ a ɛyɛ mo kra nkwagyeɛ no. 10 Saa nkwagyeɛ yi na tete adiyifoɔ no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, ɛberɛ a wɔhyɛɛ saa akyɛdeɛ yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. 11 Wɔpɛɛ sɛ wɔhunu ɛberɛ no ne ɛkwan a ɛnam so bɛba. Saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a Kristo Honhom a ɔte wɔn mu no kyerɛɛ wɔn wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ Kristo bɛhunu amane, na akyire no wanya animuonyam. 12 Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ no sɛ, wɔanyɛ wɔn adwuma no amma wɔn ho, na mmom, wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Yei yɛ adeɛ a ɛyɛ nwanwa yie, na abɔfoɔ mpo de anigyeɛ sononko rehwɛ anwanwadwuma a ɛrekɔ so yi. 13 Enti, monsi mo adwene pi na monni mo ho so. Monnyina yie ma momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo wɔ Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so. 14 Montie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a ɛdii mo so ɛberɛ a na monnim no nni mo so. 15 Na mmom, monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no. 16 Atwerɛsɛm no aka sɛ, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron.” 17 Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpaeɛ no renhwɛ nnipa anim wɔ nʼatemmuo mu. Ɛno enti mo nna a aka mo wɔ asase yi so no, momfa anidie nyinaa mma no. 18 Ɛfiri sɛ, monim bo a wɔtua de gyee mo firii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ adeɛ a ɛhwere ne boɔ a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no. 19 Na mmom Kristo a ɔyɛ odwammaa a ɔnni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ne boɔ yɛ den ma monyaa ahofadie. 20 Ansa na wɔrebɔ ewiase no, na Onyankopɔn ayi no, na mo enti na nna a ɛdi akyire no, wɔdaa no adi. 21 Ɛnam ne so na mogyee Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam no diiɛ. Ɛnam ne so ama mo gyidie ne mo anidasoɔ atim wɔ Onyankopɔn mu. 22 Seesei a moayɛ ɔsetie ama nokorɛ no, mo ho ate. Ɛno enti, monnodɔ mo nuanom agyidifoɔ nokorɛ mu. Momfiri mo akoma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. 23 Ɛfiri sɛ, wɔawo mo foforɔ; wɔanwo mo ɛmfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu. 24 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no aka no,“Nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ;na wɔn animuonyam te sɛ nhwiren.Ɛserɛ no wu ma ne nhwiren no po, 25 nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.”Yei ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.

In Other Versions

1 Peter 1 in the ANGEFD

1 Peter 1 in the ANTPNG2D

1 Peter 1 in the AS21

1 Peter 1 in the BAGH

1 Peter 1 in the BBPNG

1 Peter 1 in the BBT1E

1 Peter 1 in the BDS

1 Peter 1 in the BEV

1 Peter 1 in the BHAD

1 Peter 1 in the BIB

1 Peter 1 in the BLPT

1 Peter 1 in the BNT

1 Peter 1 in the BNTABOOT

1 Peter 1 in the BNTLV

1 Peter 1 in the BOATCB2

1 Peter 1 in the BOBCV

1 Peter 1 in the BOCNT

1 Peter 1 in the BOECS

1 Peter 1 in the BOGWICC

1 Peter 1 in the BOHCB

1 Peter 1 in the BOHCV

1 Peter 1 in the BOHLNT

1 Peter 1 in the BOHNTLTAL

1 Peter 1 in the BOICB

1 Peter 1 in the BOILNTAP

1 Peter 1 in the BOITCV

1 Peter 1 in the BOKCV

1 Peter 1 in the BOKCV2

1 Peter 1 in the BOKHWOG

1 Peter 1 in the BOKSSV

1 Peter 1 in the BOLCB

1 Peter 1 in the BOLCB2

1 Peter 1 in the BOMCV

1 Peter 1 in the BONAV

1 Peter 1 in the BONCB

1 Peter 1 in the BONLT

1 Peter 1 in the BONUT2

1 Peter 1 in the BOPLNT

1 Peter 1 in the BOSCB

1 Peter 1 in the BOSNC

1 Peter 1 in the BOTLNT

1 Peter 1 in the BOVCB

1 Peter 1 in the BOYCB

1 Peter 1 in the BPBB

1 Peter 1 in the BPH

1 Peter 1 in the BSB

1 Peter 1 in the CCB

1 Peter 1 in the CUV

1 Peter 1 in the CUVS

1 Peter 1 in the DBT

1 Peter 1 in the DGDNT

1 Peter 1 in the DHNT

1 Peter 1 in the DNT

1 Peter 1 in the ELBE

1 Peter 1 in the EMTV

1 Peter 1 in the ESV

1 Peter 1 in the FBV

1 Peter 1 in the FEB

1 Peter 1 in the GGMNT

1 Peter 1 in the GNT

1 Peter 1 in the HARY

1 Peter 1 in the HNT

1 Peter 1 in the IRVA

1 Peter 1 in the IRVB

1 Peter 1 in the IRVG

1 Peter 1 in the IRVH

1 Peter 1 in the IRVK

1 Peter 1 in the IRVM

1 Peter 1 in the IRVM2

1 Peter 1 in the IRVO

1 Peter 1 in the IRVP

1 Peter 1 in the IRVT

1 Peter 1 in the IRVT2

1 Peter 1 in the IRVU

1 Peter 1 in the ISVN

1 Peter 1 in the JSNT

1 Peter 1 in the KAPI

1 Peter 1 in the KBT1ETNIK

1 Peter 1 in the KBV

1 Peter 1 in the KJV

1 Peter 1 in the KNFD

1 Peter 1 in the LBA

1 Peter 1 in the LBLA

1 Peter 1 in the LNT

1 Peter 1 in the LSV

1 Peter 1 in the MAAL

1 Peter 1 in the MBV

1 Peter 1 in the MBV2

1 Peter 1 in the MHNT

1 Peter 1 in the MKNFD

1 Peter 1 in the MNG

1 Peter 1 in the MNT

1 Peter 1 in the MNT2

1 Peter 1 in the MRS1T

1 Peter 1 in the NAA

1 Peter 1 in the NASB

1 Peter 1 in the NBLA

1 Peter 1 in the NBS

1 Peter 1 in the NBVTP

1 Peter 1 in the NET2

1 Peter 1 in the NIV11

1 Peter 1 in the NNT

1 Peter 1 in the NNT2

1 Peter 1 in the NNT3

1 Peter 1 in the PDDPT

1 Peter 1 in the PFNT

1 Peter 1 in the RMNT

1 Peter 1 in the SBIAS

1 Peter 1 in the SBIBS

1 Peter 1 in the SBIBS2

1 Peter 1 in the SBICS

1 Peter 1 in the SBIDS

1 Peter 1 in the SBIGS

1 Peter 1 in the SBIHS

1 Peter 1 in the SBIIS

1 Peter 1 in the SBIIS2

1 Peter 1 in the SBIIS3

1 Peter 1 in the SBIKS

1 Peter 1 in the SBIKS2

1 Peter 1 in the SBIMS

1 Peter 1 in the SBIOS

1 Peter 1 in the SBIPS

1 Peter 1 in the SBISS

1 Peter 1 in the SBITS

1 Peter 1 in the SBITS2

1 Peter 1 in the SBITS3

1 Peter 1 in the SBITS4

1 Peter 1 in the SBIUS

1 Peter 1 in the SBIVS

1 Peter 1 in the SBT

1 Peter 1 in the SBT1E

1 Peter 1 in the SCHL

1 Peter 1 in the SNT

1 Peter 1 in the SUSU

1 Peter 1 in the SUSU2

1 Peter 1 in the SYNO

1 Peter 1 in the TBIAOTANT

1 Peter 1 in the TBT1E

1 Peter 1 in the TBT1E2

1 Peter 1 in the TFTIP

1 Peter 1 in the TFTU

1 Peter 1 in the TGNTATF3T

1 Peter 1 in the THAI

1 Peter 1 in the TNFD

1 Peter 1 in the TNT

1 Peter 1 in the TNTIK

1 Peter 1 in the TNTIL

1 Peter 1 in the TNTIN

1 Peter 1 in the TNTIP

1 Peter 1 in the TNTIZ

1 Peter 1 in the TOMA

1 Peter 1 in the TTENT

1 Peter 1 in the UBG

1 Peter 1 in the UGV

1 Peter 1 in the UGV2

1 Peter 1 in the UGV3

1 Peter 1 in the VBL

1 Peter 1 in the VDCC

1 Peter 1 in the YALU

1 Peter 1 in the YAPE

1 Peter 1 in the YBVTP

1 Peter 1 in the ZBP