Acts 1 (BOATCB)
1 Mʼadamfo pa Teofilo, me nwoma a ɛdi ɛkan a metwerɛɛ wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ 2 kɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafoɔ no. 3 Ne wusɔreɛ akyi, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafoɔ no de kyerɛɛ wɔn sɛ, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn. 4 Ɛda bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mommfiri Yerusalem, na montwɛn akyɛdeɛ a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no. 5 Yohane de, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛre, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.” 6 Asuafoɔ no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, berɛ yi mu na wode ahennie no bɛba Israel anaa?” 7 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ mobɛhunu ɛberɛ a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no. 8 Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mobɛnya tumi na moayɛ mʼadansefoɔ wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kɔsi asase ano.” 9 Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio. 10 Wɔgu so rehwɛ ewiem no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn, 11 kaa sɛ, “Mo mmarima a mofiri Galilea, adɛn enti na mogyina ha rehwɛ ewiem? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛdeɛ ɔsi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsane aba bio.” 12 Yei akyi no, asuafoɔ no firii Ngo Bepɔ no so baa Yerusalem. Ɛfiri Ngo Bepɔ no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa. 13 Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea;Filipo, Toma,Bartolomeo, Mateo,Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda. 14 Na saa asuafoɔ yi nyinaa taa ne mmaa bi te sɛ Yesu maame Maria ne Yesu nnua mmarimanom hyia bɔ mpaeɛ. 15 Nna kakra bi akyi no, agyidifoɔ no a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiaeɛ na Petro sɔre kasaa sɛ: 16 Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu. 17 Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu. 18 (Sika a Yuda nya firii ade bɔne a ɔyɛeɛ no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a ɔwuiɛ hɔ. Ɔte bɛhwee fam maa ne mu paeeɛ maa nʼayamdeɛ tu guu so. 19 Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu sɛ Hekeldama a asekyerɛ ne sɛ, Mogya Asase.) 20 Petro toaa so kaa sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ Dawid nnwom mu sɛ,“ ‘Ne efie nna mpan,na ne som adwuma no, obi mfa.’ 21 Enti ɛsɛ sɛ yɛyi nnipa a yɛne wɔn nantee ɛberɛ a na Yesu ne yɛn dii akɔneaba no nyinaa, 22 firi Yohane asubɔ adwuma no so de kɔsi ɛberɛ a wɔfaa Yesu firii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ.” 23 Wɔyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba, na wɔtaa nso frɛ no Yusto. Deɛ na ɔka ho no nso din de Matia. 24 Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim obiara akoma mu. Ɛno enti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no, 25 sɛ ɔmmɛsi Yuda a wanya ne baabi kɔ no ananmu mmɛyɛ asomafodwuma no.” 26 Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho.
In Other Versions
Acts 1 in the ANGEFD
Acts 1 in the ANTPNG2D
Acts 1 in the AS21
Acts 1 in the BAGH
Acts 1 in the BBPNG
Acts 1 in the BBT1E
Acts 1 in the BDS
Acts 1 in the BEV
Acts 1 in the BHAD
Acts 1 in the BIB
Acts 1 in the BLPT
Acts 1 in the BNT
Acts 1 in the BNTABOOT
Acts 1 in the BNTLV
Acts 1 in the BOATCB2
Acts 1 in the BOBCV
Acts 1 in the BOCNT
Acts 1 in the BOECS
Acts 1 in the BOGWICC
Acts 1 in the BOHCB
Acts 1 in the BOHCV
Acts 1 in the BOHLNT
Acts 1 in the BOHNTLTAL
Acts 1 in the BOICB
Acts 1 in the BOILNTAP
Acts 1 in the BOITCV
Acts 1 in the BOKCV
Acts 1 in the BOKCV2
Acts 1 in the BOKHWOG
Acts 1 in the BOKSSV
Acts 1 in the BOLCB
Acts 1 in the BOLCB2
Acts 1 in the BOMCV
Acts 1 in the BONAV
Acts 1 in the BONCB
Acts 1 in the BONLT
Acts 1 in the BONUT2
Acts 1 in the BOPLNT
Acts 1 in the BOSCB
Acts 1 in the BOSNC
Acts 1 in the BOTLNT
Acts 1 in the BOVCB
Acts 1 in the BOYCB
Acts 1 in the BPBB
Acts 1 in the BPH
Acts 1 in the BSB
Acts 1 in the CCB
Acts 1 in the CUV
Acts 1 in the CUVS
Acts 1 in the DBT
Acts 1 in the DGDNT
Acts 1 in the DHNT
Acts 1 in the DNT
Acts 1 in the ELBE
Acts 1 in the EMTV
Acts 1 in the ESV
Acts 1 in the FBV
Acts 1 in the FEB
Acts 1 in the GGMNT
Acts 1 in the GNT
Acts 1 in the HARY
Acts 1 in the HNT
Acts 1 in the IRVA
Acts 1 in the IRVB
Acts 1 in the IRVG
Acts 1 in the IRVH
Acts 1 in the IRVK
Acts 1 in the IRVM
Acts 1 in the IRVM2
Acts 1 in the IRVO
Acts 1 in the IRVP
Acts 1 in the IRVT
Acts 1 in the IRVT2
Acts 1 in the IRVU
Acts 1 in the ISVN
Acts 1 in the JSNT
Acts 1 in the KAPI
Acts 1 in the KBT1ETNIK
Acts 1 in the KBV
Acts 1 in the KJV
Acts 1 in the KNFD
Acts 1 in the LBA
Acts 1 in the LBLA
Acts 1 in the LNT
Acts 1 in the LSV
Acts 1 in the MAAL
Acts 1 in the MBV
Acts 1 in the MBV2
Acts 1 in the MHNT
Acts 1 in the MKNFD
Acts 1 in the MNG
Acts 1 in the MNT
Acts 1 in the MNT2
Acts 1 in the MRS1T
Acts 1 in the NAA
Acts 1 in the NASB
Acts 1 in the NBLA
Acts 1 in the NBS
Acts 1 in the NBVTP
Acts 1 in the NET2
Acts 1 in the NIV11
Acts 1 in the NNT
Acts 1 in the NNT2
Acts 1 in the NNT3
Acts 1 in the PDDPT
Acts 1 in the PFNT
Acts 1 in the RMNT
Acts 1 in the SBIAS
Acts 1 in the SBIBS
Acts 1 in the SBIBS2
Acts 1 in the SBICS
Acts 1 in the SBIDS
Acts 1 in the SBIGS
Acts 1 in the SBIHS
Acts 1 in the SBIIS
Acts 1 in the SBIIS2
Acts 1 in the SBIIS3
Acts 1 in the SBIKS
Acts 1 in the SBIKS2
Acts 1 in the SBIMS
Acts 1 in the SBIOS
Acts 1 in the SBIPS
Acts 1 in the SBISS
Acts 1 in the SBITS
Acts 1 in the SBITS2
Acts 1 in the SBITS3
Acts 1 in the SBITS4
Acts 1 in the SBIUS
Acts 1 in the SBIVS
Acts 1 in the SBT
Acts 1 in the SBT1E
Acts 1 in the SCHL
Acts 1 in the SNT
Acts 1 in the SUSU
Acts 1 in the SUSU2
Acts 1 in the SYNO
Acts 1 in the TBIAOTANT
Acts 1 in the TBT1E
Acts 1 in the TBT1E2
Acts 1 in the TFTIP
Acts 1 in the TFTU
Acts 1 in the TGNTATF3T
Acts 1 in the THAI
Acts 1 in the TNFD
Acts 1 in the TNT
Acts 1 in the TNTIK
Acts 1 in the TNTIL
Acts 1 in the TNTIN
Acts 1 in the TNTIP
Acts 1 in the TNTIZ
Acts 1 in the TOMA
Acts 1 in the TTENT
Acts 1 in the UBG
Acts 1 in the UGV
Acts 1 in the UGV2
Acts 1 in the UGV3
Acts 1 in the VBL
Acts 1 in the VDCC
Acts 1 in the YALU
Acts 1 in the YAPE
Acts 1 in the YBVTP
Acts 1 in the ZBP