Isaiah 65 (BOATCB)

1 “Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase;wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me.Ɔman a wɔnnsu mfrɛ me noMeka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Me nie, Me nie.’ 2 Ɛda mu nyinaa, matrɛ me nsa mu amannipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano,a wɔnenam akwammɔne so,na wɔdi wɔn ankasa nsusuiɛ akyi. 3 Nnipa a daa no wɔyi me ahiwɔ mʼanim pɛɛ.Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo muna wɔhye nnuhwam wɔ ntayaa afɔrebukyia so; 4 Wɔtenana adamena sona anadwo wɔsiri pɛ nkokoam;wɔwe prakonamna wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ; 5 wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me,ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu,ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa. 6 “Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ,merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ;mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so, 7 mo ne mo agyanom bɔne nti,”sei na AWURADE seɛ.“Esiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ sona wɔtwirii me wɔ nkokoɔ so entimɛsusu bɔne a wɔyɛɛ kane no so akatua pɛpɛɛpɛagu wɔn asrɛ so.” 8 Yei ne deɛ AWURADE seɛ:“Sɛdeɛ wɔnya nsuo firi bobe dontwo muna nnipa ka sɛ, ‘Monnsɛe no,ɛfiri sɛ adepa bi da so wɔ mu’ nosaa ara na mʼasomfoɔ no enti mɛyɛ.Merensɛe wɔn nyinaa. 9 Mede Yakob asefoɔ bɛba,na me mmepɔ no sodifoɔ afiri Yuda aba;me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn adeɛ,na ɛhɔ na mʼasomfoɔ bɛtena. 10 Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea,na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea,ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me. 11 “Na mo a mogya AWURADEna mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no,mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom nona mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no, 12 mede mo bɛto akofena ano,na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo;ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so,mekasaeɛ nanso moantie.Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔnena moyɛɛ deɛ mempɛ.” 13 Enti yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ:“Mʼasomfoɔ bɛdidi,nanso ɛkɔm bɛde wɔn,mʼasomfoɔ bɛnom,nanso osukɔm bɛde wɔn;mʼasomfoɔ ani bɛgye,nanso wɔn anim bɛgu ase. 14 Mʼasomfoɔ bɛto nnwomafiri akoma mu anigyeɛ muna wɔbɛteam asuafiri wɔn akoma ahoyera muna wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu. 15 Mo din bɛyɛ mmusuoama wɔn a mapa wɔn;Otumfoɔ AWURADE bɛkum mona nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ. 16 Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no sobɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu;obiara a ɔka ntam wɔ asase no sobɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu.Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfirina me nso, me werɛ bɛfiri. 17 “Hwɛ! Mɛbɔɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ.Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio,na ɛremma adwene mu nso. 18 Nanso momma mo ani nnye na monni ahurisie afebɔɔwɔ deɛ merebɛbɔ ho,ɛfiri sɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anikana emu nnipa ayɛ anigyeɛ farebae. 19 Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu,na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho.Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛwɔ mu bio. 20 “Ɛrensi bio wɔ mu.Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi,anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ,deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu nowɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ;na deɛ wannya mfeɛ ɔha nowɔbɛfa no sɛ wɔadome no. 21 Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu,wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba. 22 Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio,na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi.Na nna a nnua di no,saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ;me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdiwɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre. 23 Wɔremmrɛ nnwuna wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ;ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a AWURADE ahyira wɔn,wɔne wɔn asefoɔ. 24 Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me.Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie. 25 Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu;gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie,nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane.Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obiwɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,”sɛdeɛ AWURADE seɛ nie.

In Other Versions

Isaiah 65 in the ANGEFD

Isaiah 65 in the ANTPNG2D

Isaiah 65 in the AS21

Isaiah 65 in the BAGH

Isaiah 65 in the BBPNG

Isaiah 65 in the BBT1E

Isaiah 65 in the BDS

Isaiah 65 in the BEV

Isaiah 65 in the BHAD

Isaiah 65 in the BIB

Isaiah 65 in the BLPT

Isaiah 65 in the BNT

Isaiah 65 in the BNTABOOT

Isaiah 65 in the BNTLV

Isaiah 65 in the BOATCB2

Isaiah 65 in the BOBCV

Isaiah 65 in the BOCNT

Isaiah 65 in the BOECS

Isaiah 65 in the BOGWICC

Isaiah 65 in the BOHCB

Isaiah 65 in the BOHCV

Isaiah 65 in the BOHLNT

Isaiah 65 in the BOHNTLTAL

Isaiah 65 in the BOICB

Isaiah 65 in the BOILNTAP

Isaiah 65 in the BOITCV

Isaiah 65 in the BOKCV

Isaiah 65 in the BOKCV2

Isaiah 65 in the BOKHWOG

Isaiah 65 in the BOKSSV

Isaiah 65 in the BOLCB

Isaiah 65 in the BOLCB2

Isaiah 65 in the BOMCV

Isaiah 65 in the BONAV

Isaiah 65 in the BONCB

Isaiah 65 in the BONLT

Isaiah 65 in the BONUT2

Isaiah 65 in the BOPLNT

Isaiah 65 in the BOSCB

Isaiah 65 in the BOSNC

Isaiah 65 in the BOTLNT

Isaiah 65 in the BOVCB

Isaiah 65 in the BOYCB

Isaiah 65 in the BPBB

Isaiah 65 in the BPH

Isaiah 65 in the BSB

Isaiah 65 in the CCB

Isaiah 65 in the CUV

Isaiah 65 in the CUVS

Isaiah 65 in the DBT

Isaiah 65 in the DGDNT

Isaiah 65 in the DHNT

Isaiah 65 in the DNT

Isaiah 65 in the ELBE

Isaiah 65 in the EMTV

Isaiah 65 in the ESV

Isaiah 65 in the FBV

Isaiah 65 in the FEB

Isaiah 65 in the GGMNT

Isaiah 65 in the GNT

Isaiah 65 in the HARY

Isaiah 65 in the HNT

Isaiah 65 in the IRVA

Isaiah 65 in the IRVB

Isaiah 65 in the IRVG

Isaiah 65 in the IRVH

Isaiah 65 in the IRVK

Isaiah 65 in the IRVM

Isaiah 65 in the IRVM2

Isaiah 65 in the IRVO

Isaiah 65 in the IRVP

Isaiah 65 in the IRVT

Isaiah 65 in the IRVT2

Isaiah 65 in the IRVU

Isaiah 65 in the ISVN

Isaiah 65 in the JSNT

Isaiah 65 in the KAPI

Isaiah 65 in the KBT1ETNIK

Isaiah 65 in the KBV

Isaiah 65 in the KJV

Isaiah 65 in the KNFD

Isaiah 65 in the LBA

Isaiah 65 in the LBLA

Isaiah 65 in the LNT

Isaiah 65 in the LSV

Isaiah 65 in the MAAL

Isaiah 65 in the MBV

Isaiah 65 in the MBV2

Isaiah 65 in the MHNT

Isaiah 65 in the MKNFD

Isaiah 65 in the MNG

Isaiah 65 in the MNT

Isaiah 65 in the MNT2

Isaiah 65 in the MRS1T

Isaiah 65 in the NAA

Isaiah 65 in the NASB

Isaiah 65 in the NBLA

Isaiah 65 in the NBS

Isaiah 65 in the NBVTP

Isaiah 65 in the NET2

Isaiah 65 in the NIV11

Isaiah 65 in the NNT

Isaiah 65 in the NNT2

Isaiah 65 in the NNT3

Isaiah 65 in the PDDPT

Isaiah 65 in the PFNT

Isaiah 65 in the RMNT

Isaiah 65 in the SBIAS

Isaiah 65 in the SBIBS

Isaiah 65 in the SBIBS2

Isaiah 65 in the SBICS

Isaiah 65 in the SBIDS

Isaiah 65 in the SBIGS

Isaiah 65 in the SBIHS

Isaiah 65 in the SBIIS

Isaiah 65 in the SBIIS2

Isaiah 65 in the SBIIS3

Isaiah 65 in the SBIKS

Isaiah 65 in the SBIKS2

Isaiah 65 in the SBIMS

Isaiah 65 in the SBIOS

Isaiah 65 in the SBIPS

Isaiah 65 in the SBISS

Isaiah 65 in the SBITS

Isaiah 65 in the SBITS2

Isaiah 65 in the SBITS3

Isaiah 65 in the SBITS4

Isaiah 65 in the SBIUS

Isaiah 65 in the SBIVS

Isaiah 65 in the SBT

Isaiah 65 in the SBT1E

Isaiah 65 in the SCHL

Isaiah 65 in the SNT

Isaiah 65 in the SUSU

Isaiah 65 in the SUSU2

Isaiah 65 in the SYNO

Isaiah 65 in the TBIAOTANT

Isaiah 65 in the TBT1E

Isaiah 65 in the TBT1E2

Isaiah 65 in the TFTIP

Isaiah 65 in the TFTU

Isaiah 65 in the TGNTATF3T

Isaiah 65 in the THAI

Isaiah 65 in the TNFD

Isaiah 65 in the TNT

Isaiah 65 in the TNTIK

Isaiah 65 in the TNTIL

Isaiah 65 in the TNTIN

Isaiah 65 in the TNTIP

Isaiah 65 in the TNTIZ

Isaiah 65 in the TOMA

Isaiah 65 in the TTENT

Isaiah 65 in the UBG

Isaiah 65 in the UGV

Isaiah 65 in the UGV2

Isaiah 65 in the UGV3

Isaiah 65 in the VBL

Isaiah 65 in the VDCC

Isaiah 65 in the YALU

Isaiah 65 in the YAPE

Isaiah 65 in the YBVTP

Isaiah 65 in the ZBP