John 11 (BOATCB)

1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ. 2 Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no, ɔno na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi pepaeɛ no. 3 Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wo dɔfoɔ no yare.” 4 Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.” 5 Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabaa Marta ne Lasaro asɛm yie. 6 Ɛberɛ a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare dendeenden no, wankɔ saa ɛberɛ no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu. 7 Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛnsane nkɔ Yudea.” 8 Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ hɔ bio yi?” 9 Yesu kaa sɛ, “Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno enti, sɛ obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri sɛ, ɔnam ewiase hann mu. 10 Nanso, sɛ ɔnam anadwo sum mu a, ɔbɛsunti, ɛfiri sɛ, ɔnam sum mu.” 11 Yesu sane kaa sɛ, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no.” 12 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no.” 13 Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada. 14 Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, “Lasaro awu; 15 nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.” 16 Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, “Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu.” 17 Yesu duruu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan. 18 Ɛfiri Betania rekɔ Yerusalem no nnuru akwansini mmienu, 19 na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho. 20 Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, na Maria deɛ, ɔtenaa efie. 21 Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu! 22 Menim mpo sɛ saa ɛberɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua no bɛsane anya nkwa bio.” 24 Marta buaa no sɛ, “Awurade, menim sɛ owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre.” 25 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. 26 Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?” 27 Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no.” 28 Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase.” 29 Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa Yesu. 30 Saa ɛberɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no. 31 Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ efie hɔ regyam Maria no hunuu sɛ wasɔre ɔherɛ so refiri adi no, wɔdii nʼakyi, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ ɔrekɔ da no so akɔsu. 32 Maria duruu faako a Yesu wɔ no, ɔtotoo ne nan ase kaa sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha, a anka me nua no anwu.” 33 Yesu hunuu sɛ Maria ne Yudafoɔ a wɔka ne ho no resu no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoeɛ. 34 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhe na mosiee no?”Wɔbuaa no sɛ, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.” 35 Yesu suiɛ. 36 Yudafoɔ no hunuu sɛ ɔresu no, wɔkaa sɛ, “Yei kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.” 37 Wɔn mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔmaa onifirani hunuu adeɛ no, monnnye nni sɛ anka ɔbɛtumi agye Lasaro nkwa anaa?” 38 Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no maa Yesu werɛ hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so. 39 Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, “Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no.”Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ nna ɛnan ni a yɛbɛsiee no enti saa ɛberɛ yi deɛ, ɛbɔn.” 40 Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?” 41 Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ ɛsoro, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ wotie me. 42 Menim sɛ wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha enti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me.” 43 Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, “Lasaro, sɔre bra!” 44 Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no.Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ.” 45 Yudafoɔ a wɔbɛsraa Maria na wɔhunuu deɛ Yesu yɛeɛ no mu bebree gyee no diiɛ. 46 Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifoɔ no hɔ kɔkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 47 Enti Farisifoɔ no ne asɔfoɔ mpanin no hyiaa badwafoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ? Monhwɛ anwanwadeɛ a saa onipa yi reyɛ! 48 Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ deɛ ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa bɛgye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a, Roma aban bɛbisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.” 49 Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ ɔsɔfopanin no kaa sɛ, “Mo deɛ, monnim hwee! 50 Monnim sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama nnipa no nyinaa sene sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?” 51 Ɛmfiri ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanin saa ɛberɛ no enti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Yesu bɛwu de agye mo nkwa,” 52 na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom, ɛnam yei so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako. 53 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yudafoɔ mpanin no faa adwene sɛ wɔbɛkum Yesu. 54 Yei enti, Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so kuro bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafoɔ no kɔtenaa hɔ. 55 Na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛn enti nnipa pii fifirii wɔn nkuraaseɛ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no. 56 Na wɔrehwehwɛ Yesu ahunu no. Ɛno enti, wɔduruu asɔredan mu hɔ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Mogye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi anaa?” Ebinom kaa sɛ, “Yɛnnye nni.” 57 Saa ɛberɛ yi na asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim baabi a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkye no.

In Other Versions

John 11 in the ANGEFD

John 11 in the ANTPNG2D

John 11 in the AS21

John 11 in the BAGH

John 11 in the BBPNG

John 11 in the BBT1E

John 11 in the BDS

John 11 in the BEV

John 11 in the BHAD

John 11 in the BIB

John 11 in the BLPT

John 11 in the BNT

John 11 in the BNTABOOT

John 11 in the BNTLV

John 11 in the BOATCB2

John 11 in the BOBCV

John 11 in the BOCNT

John 11 in the BOECS

John 11 in the BOGWICC

John 11 in the BOHCB

John 11 in the BOHCV

John 11 in the BOHLNT

John 11 in the BOHNTLTAL

John 11 in the BOICB

John 11 in the BOILNTAP

John 11 in the BOITCV

John 11 in the BOKCV

John 11 in the BOKCV2

John 11 in the BOKHWOG

John 11 in the BOKSSV

John 11 in the BOLCB

John 11 in the BOLCB2

John 11 in the BOMCV

John 11 in the BONAV

John 11 in the BONCB

John 11 in the BONLT

John 11 in the BONUT2

John 11 in the BOPLNT

John 11 in the BOSCB

John 11 in the BOSNC

John 11 in the BOTLNT

John 11 in the BOVCB

John 11 in the BOYCB

John 11 in the BPBB

John 11 in the BPH

John 11 in the BSB

John 11 in the CCB

John 11 in the CUV

John 11 in the CUVS

John 11 in the DBT

John 11 in the DGDNT

John 11 in the DHNT

John 11 in the DNT

John 11 in the ELBE

John 11 in the EMTV

John 11 in the ESV

John 11 in the FBV

John 11 in the FEB

John 11 in the GGMNT

John 11 in the GNT

John 11 in the HARY

John 11 in the HNT

John 11 in the IRVA

John 11 in the IRVB

John 11 in the IRVG

John 11 in the IRVH

John 11 in the IRVK

John 11 in the IRVM

John 11 in the IRVM2

John 11 in the IRVO

John 11 in the IRVP

John 11 in the IRVT

John 11 in the IRVT2

John 11 in the IRVU

John 11 in the ISVN

John 11 in the JSNT

John 11 in the KAPI

John 11 in the KBT1ETNIK

John 11 in the KBV

John 11 in the KJV

John 11 in the KNFD

John 11 in the LBA

John 11 in the LBLA

John 11 in the LNT

John 11 in the LSV

John 11 in the MAAL

John 11 in the MBV

John 11 in the MBV2

John 11 in the MHNT

John 11 in the MKNFD

John 11 in the MNG

John 11 in the MNT

John 11 in the MNT2

John 11 in the MRS1T

John 11 in the NAA

John 11 in the NASB

John 11 in the NBLA

John 11 in the NBS

John 11 in the NBVTP

John 11 in the NET2

John 11 in the NIV11

John 11 in the NNT

John 11 in the NNT2

John 11 in the NNT3

John 11 in the PDDPT

John 11 in the PFNT

John 11 in the RMNT

John 11 in the SBIAS

John 11 in the SBIBS

John 11 in the SBIBS2

John 11 in the SBICS

John 11 in the SBIDS

John 11 in the SBIGS

John 11 in the SBIHS

John 11 in the SBIIS

John 11 in the SBIIS2

John 11 in the SBIIS3

John 11 in the SBIKS

John 11 in the SBIKS2

John 11 in the SBIMS

John 11 in the SBIOS

John 11 in the SBIPS

John 11 in the SBISS

John 11 in the SBITS

John 11 in the SBITS2

John 11 in the SBITS3

John 11 in the SBITS4

John 11 in the SBIUS

John 11 in the SBIVS

John 11 in the SBT

John 11 in the SBT1E

John 11 in the SCHL

John 11 in the SNT

John 11 in the SUSU

John 11 in the SUSU2

John 11 in the SYNO

John 11 in the TBIAOTANT

John 11 in the TBT1E

John 11 in the TBT1E2

John 11 in the TFTIP

John 11 in the TFTU

John 11 in the TGNTATF3T

John 11 in the THAI

John 11 in the TNFD

John 11 in the TNT

John 11 in the TNTIK

John 11 in the TNTIL

John 11 in the TNTIN

John 11 in the TNTIP

John 11 in the TNTIZ

John 11 in the TOMA

John 11 in the TTENT

John 11 in the UBG

John 11 in the UGV

John 11 in the UGV2

John 11 in the UGV3

John 11 in the VBL

John 11 in the VDCC

John 11 in the YALU

John 11 in the YAPE

John 11 in the YBVTP

John 11 in the ZBP