John 11 (BOATCB2)

1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yaree. 2 Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no na ohwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tinwi pepae no. 3 Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo dɔfo no yare.” 4 Yesu tee nkra no ɔkae se, “Ɛnyɛ saa ɔyare yi na ebekum Lasaro. Mmom Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa ɔyare yi so hyɛ ne ho anuonyam, na saa anuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.” 5 Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabea Marta ne Lasaro asɛm yiye. 6 Bere a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare denneennen no wankɔ saa bere no ara mu; ɔtenaa hɔ nnaanu. 7 Afei ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yɛnsan nkɔ Yudea.” 8 Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛnkyɛe biara na Yudafo no pɛɛ sɛ wosiw wo abo na afei wuse yɛnsan nkɔ hɔ bio yi?” 9 Yesu kae se, “Nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da koro mu, meboa ana? Ɛno nti sɛ obi nam hann mu a ɔrenhintiw, efisɛ ɔnam wiase hann mu. 10 Nanso sɛ ɔnam anadwo sum mu a obehintiw, efisɛ ɔnam sum mu.” 11 Yesu san kae se, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akonyan no.” 12 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, sɛ wada de a ɛno de, na ne ho bɛtɔ no.” 13 Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu nanso asuafo no de, na wosusuw sɛ nna ara na wada. 14 Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee se, “Lasaro awu; 15 nanso mo nti ɛyɛ me anigye sɛ na minni hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.” 16 Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no se, “Momma yɛne Kyerɛkyerɛfo no nyinaa nkɔ na yɛne no nkowu.” 17 Yesu duu Betania no na Lasaro awu ama wɔasie no ma adi nnaanan. 18 Efi Betania rekɔ Yerusalem no nnu akwansin abien, 19 na saa bere no na Yudafo bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebegyam wɔn wɔ wɔn nua no wu no ho. 20 Marta tee sɛ Yesu reba no, ofii adi kohyiaa no, na Maria de, ɔtenaa fie. 21 Marta ka kyerɛɛ Yesu se, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu! 22 Minim mpo sɛ saa bere yi mu biribiara a wubebisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no ɔbɛyɛ.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo nua no bɛsan anya nkwa bio.” 24 Marta buaa no se, “Awurade, minim sɛ owusɔre da no ɔno nso bɛsɔre.” 25 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa. 26 Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?” 27 Marta buae se, “Awurade, migye midi. Migye di sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.” 28 Marta kaa saa asɛm yi wiee no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kokoa mu ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo no aba na wabisa wo ase.” 29 Maria tee saa asɛm yi no ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa Yesu. 30 Saa bere no na Yesu mmeduu akuraa no ase hɔ ɛ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no. 31 Bere a Yudafo a wɔne Maria wɔ fie hɔ regyam no no huu sɛ wasɔre mpofirim refi adi no wodii nʼakyi, efisɛ na wosusuw sɛ ɔrekɔ da no so akosu. 32 Maria duu faako a Yesu wɔ no, ɔkotow ne nan ase kae se, “Ao Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu.” 33 Yesu huu sɛ Maria ne Yudafo a wɔka ne ho no resu no, ɛhaw no yiye na ne werɛ howee. 34 Obisaa wɔn se, “Ɛhe na musiee no?”Wobuaa no se, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.” 35 Yesu sui. 36 Yudafo no huu sɛ ɔresu no wɔkae se, “Eyi kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.” 37 Wɔn mu bi kae se, “Onipa a ɔmaa onifuraefo huu ade no munnnye nni sɛ anka obetumi agye Lasaro nkwa ana?” 38 Asɛm a nkurɔfo no kaa no maa Yesu werɛ howee. Afei ɔkɔɔ ɔda a wɔde ɔbo ahini ano no so. 39 Yesu hyɛɛ wɔn se, “Munyi ɔbo a ehini ɔda no ano no.”Marta a ɔyɛ owufo no nuabea no kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ nnaanan ni a wosiee no nti saa bere yi de, ɔbɔn.” 40 Yesu ka kyerɛɛ Marta se, “Manka ankyerɛ wo se sɛ wugye di a wubehu Onyankopɔn anuonyam?” 41 Woyii ɔbo no fii ɔda no ano. Afei Yesu hwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpae se, “Agya, meda wo ase sɛ wutie me. 42 Minim sɛ wutie me daa nyinaa nanso esiane nnipa a wɔwɔ ha nti na mereka eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adi sɛ wo na wosomaa me.” 43 Ɔkaa eyi wiee no, ɔteɛɛ mu dennen se, “Lasaro, sɔre bra!” 44 Lasaro sɔre bae a ntama a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no.Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan ne ho ntama no na ɔnkɔ.” 45 Yudafo a wɔbɛsraa Maria na wohuu nea Yesu yɛe no mu bebree gyee no dii. 46 Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifo no hɔ kɔkaa nea esii no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 47 Enti Farisifo no ne asɔfo mpanyin no hyiaa baguafo no kae se, “Dɛn na yɛreyɛ? Monhwɛ anwonwade a saa onipa yi reyɛ! 48 Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ nea ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa begye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a Roma aban bebisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.” 49 Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfopanyin no kae se, “Mo de munnim hwee! 50 Munnim sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama nnipa no nyinaa sen sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?” 51 Emfi ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanyin saa bere no nti na ɔhyɛɛ nkɔm se, “Yesu bewu de agye mo nkwa,” 52 na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom ɛnam eyi so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa na wɔayɛ ɔman baako. 53 Efi saa bere no, Yudafo mpanyin no faa adwene sɛ wobekum Yesu. 54 Eyi nti Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ofii hɔ kɔɔ sare so kurow bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafo no kɔtenaa hɔ. 55 Na Yudafo Twam Afahyɛ no rebɛn nti nnipa pii fii wɔn nkuraa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekodwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no. 56 Na wɔrehwehwɛ Yesu ahu no. Ɛno nti woduu asɔredan mu hɔ no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Mugye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi ana?” Ebinom kae se, “Yennye nni.” 57 Saa bere yi na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim faako a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkyere no.

In Other Versions

John 11 in the ANGEFD

John 11 in the ANTPNG2D

John 11 in the AS21

John 11 in the BAGH

John 11 in the BBPNG

John 11 in the BBT1E

John 11 in the BDS

John 11 in the BEV

John 11 in the BHAD

John 11 in the BIB

John 11 in the BLPT

John 11 in the BNT

John 11 in the BNTABOOT

John 11 in the BNTLV

John 11 in the BOATCB

John 11 in the BOBCV

John 11 in the BOCNT

John 11 in the BOECS

John 11 in the BOGWICC

John 11 in the BOHCB

John 11 in the BOHCV

John 11 in the BOHLNT

John 11 in the BOHNTLTAL

John 11 in the BOICB

John 11 in the BOILNTAP

John 11 in the BOITCV

John 11 in the BOKCV

John 11 in the BOKCV2

John 11 in the BOKHWOG

John 11 in the BOKSSV

John 11 in the BOLCB

John 11 in the BOLCB2

John 11 in the BOMCV

John 11 in the BONAV

John 11 in the BONCB

John 11 in the BONLT

John 11 in the BONUT2

John 11 in the BOPLNT

John 11 in the BOSCB

John 11 in the BOSNC

John 11 in the BOTLNT

John 11 in the BOVCB

John 11 in the BOYCB

John 11 in the BPBB

John 11 in the BPH

John 11 in the BSB

John 11 in the CCB

John 11 in the CUV

John 11 in the CUVS

John 11 in the DBT

John 11 in the DGDNT

John 11 in the DHNT

John 11 in the DNT

John 11 in the ELBE

John 11 in the EMTV

John 11 in the ESV

John 11 in the FBV

John 11 in the FEB

John 11 in the GGMNT

John 11 in the GNT

John 11 in the HARY

John 11 in the HNT

John 11 in the IRVA

John 11 in the IRVB

John 11 in the IRVG

John 11 in the IRVH

John 11 in the IRVK

John 11 in the IRVM

John 11 in the IRVM2

John 11 in the IRVO

John 11 in the IRVP

John 11 in the IRVT

John 11 in the IRVT2

John 11 in the IRVU

John 11 in the ISVN

John 11 in the JSNT

John 11 in the KAPI

John 11 in the KBT1ETNIK

John 11 in the KBV

John 11 in the KJV

John 11 in the KNFD

John 11 in the LBA

John 11 in the LBLA

John 11 in the LNT

John 11 in the LSV

John 11 in the MAAL

John 11 in the MBV

John 11 in the MBV2

John 11 in the MHNT

John 11 in the MKNFD

John 11 in the MNG

John 11 in the MNT

John 11 in the MNT2

John 11 in the MRS1T

John 11 in the NAA

John 11 in the NASB

John 11 in the NBLA

John 11 in the NBS

John 11 in the NBVTP

John 11 in the NET2

John 11 in the NIV11

John 11 in the NNT

John 11 in the NNT2

John 11 in the NNT3

John 11 in the PDDPT

John 11 in the PFNT

John 11 in the RMNT

John 11 in the SBIAS

John 11 in the SBIBS

John 11 in the SBIBS2

John 11 in the SBICS

John 11 in the SBIDS

John 11 in the SBIGS

John 11 in the SBIHS

John 11 in the SBIIS

John 11 in the SBIIS2

John 11 in the SBIIS3

John 11 in the SBIKS

John 11 in the SBIKS2

John 11 in the SBIMS

John 11 in the SBIOS

John 11 in the SBIPS

John 11 in the SBISS

John 11 in the SBITS

John 11 in the SBITS2

John 11 in the SBITS3

John 11 in the SBITS4

John 11 in the SBIUS

John 11 in the SBIVS

John 11 in the SBT

John 11 in the SBT1E

John 11 in the SCHL

John 11 in the SNT

John 11 in the SUSU

John 11 in the SUSU2

John 11 in the SYNO

John 11 in the TBIAOTANT

John 11 in the TBT1E

John 11 in the TBT1E2

John 11 in the TFTIP

John 11 in the TFTU

John 11 in the TGNTATF3T

John 11 in the THAI

John 11 in the TNFD

John 11 in the TNT

John 11 in the TNTIK

John 11 in the TNTIL

John 11 in the TNTIN

John 11 in the TNTIP

John 11 in the TNTIZ

John 11 in the TOMA

John 11 in the TTENT

John 11 in the UBG

John 11 in the UGV

John 11 in the UGV2

John 11 in the UGV3

John 11 in the VBL

John 11 in the VDCC

John 11 in the YALU

John 11 in the YAPE

John 11 in the YBVTP

John 11 in the ZBP