Mark 8 (BOATCB)

1 Ɛda koro bi a nnipakuo bi aba Yesu nkyɛn no, aduane a wɔdi no saeɛ. 2 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa wɔ ha a, wɔnni aduane biara a wɔbɛdi bio. 3 Sɛ megya wɔn ɛkwan sɛ wɔnkɔ a wonnidiiɛ a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ baha wɔ ɛkwan so, ɛfiri sɛ, wɔn mu bi firi akyirikyiri na wɔbaeɛ.” 4 Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɛhefa na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi wɔ ɛserɛ yi so ha?” 5 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na mowɔ?”Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ nson.” 6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntenatena ase wɔ ɛserɛ no so. Afei, ɔfaa burodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no. 7 Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, enti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. 8 Nnipakuo no didi meeɛ no, ɔgyaa wɔn ɛkwan. 9 Nnipa a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee aseɛ nnikaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma nson. 10 Yei akyi no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu baa Dalmanuta fam. 11 Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.” 12 Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛn enti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ daa yi? Nsɛnkyerɛnneɛ biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.” 13 Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa. 14 Asuafoɔ no werɛ firii sɛ wɔfa aduane bi kura ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura wɔ kodoɔ no mu no yɛ burodo baako pɛ. 15 Wɔretwa asuo no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Ɔhene Herode ne Farisifoɔ mmɔreka ho.” 16 Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm a ɔreka yi ase ne sɛn?” Deɛ wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduane a wɔn werɛ firii sɛ wɔbɛfa akuta no ho asɛm. 17 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte yei ase anaa? Mo akoma da so pirim? 18 Mowɔ ani nso monhunu adeɛ? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi anaa? 19 Ɛberɛ a mebubuu burodo enum mu maa nnipa mpemnum no, nnikaeɛ nkɛntɛmma ahe na motaseeɛ?”Wɔkaa sɛ, “Dumienu.” 20 “Na mesane de burodo nson maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkaeɛ?”Wɔkaa sɛ, “Nkɛntɛmma nson.” 21 Ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Monnte ase ara anaa?” 22 Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ. 23 Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ, “Wohunu adeɛ anaa?” 24 Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.” 25 Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann. 26 Yesu ma ɔkɔɔ efie, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsane nkɔ akuraa no ase bio.” 27 Yesu ne nʼasuafoɔ no firi Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?” 28 Asuafoɔ no buaa sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni no, na afoforɔ nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifoɔ no mu bi a wasane aba.” 29 Na ɔbisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose meyɛ hwan?”Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no.” 30 Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnka nkyerɛ obiara. 31 Afei, ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane, na mpanimfoɔ, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so, Onipa Ba no bɛsɔre. 32 Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn, bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?” 33 Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafoɔ no, kaa Petro anim sɛ, “Firi me so, ɔbonsam! Wʼadwene yɛ deɛ ɛfiri onipa na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.” 34 Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasɛnnua, na ɔdi mʼakyi. 35 Deɛ ɔma ne ɔkra som no bo no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ me ne Asɛmpa no enti, ɔbɛhwere ne kra no, wɔbɛgye ne nkwa. 36 Na sɛ onipa nya ewiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? 37 Ɛdeɛn na ɛsom bo sene ne kra? 38 Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no, aniwu ɛberɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsane aba wɔ mʼAgya animuonyam mu no.”

In Other Versions

Mark 8 in the ANGEFD

Mark 8 in the ANTPNG2D

Mark 8 in the AS21

Mark 8 in the BAGH

Mark 8 in the BBPNG

Mark 8 in the BBT1E

Mark 8 in the BDS

Mark 8 in the BEV

Mark 8 in the BHAD

Mark 8 in the BIB

Mark 8 in the BLPT

Mark 8 in the BNT

Mark 8 in the BNTABOOT

Mark 8 in the BNTLV

Mark 8 in the BOATCB2

Mark 8 in the BOBCV

Mark 8 in the BOCNT

Mark 8 in the BOECS

Mark 8 in the BOGWICC

Mark 8 in the BOHCB

Mark 8 in the BOHCV

Mark 8 in the BOHLNT

Mark 8 in the BOHNTLTAL

Mark 8 in the BOICB

Mark 8 in the BOILNTAP

Mark 8 in the BOITCV

Mark 8 in the BOKCV

Mark 8 in the BOKCV2

Mark 8 in the BOKHWOG

Mark 8 in the BOKSSV

Mark 8 in the BOLCB

Mark 8 in the BOLCB2

Mark 8 in the BOMCV

Mark 8 in the BONAV

Mark 8 in the BONCB

Mark 8 in the BONLT

Mark 8 in the BONUT2

Mark 8 in the BOPLNT

Mark 8 in the BOSCB

Mark 8 in the BOSNC

Mark 8 in the BOTLNT

Mark 8 in the BOVCB

Mark 8 in the BOYCB

Mark 8 in the BPBB

Mark 8 in the BPH

Mark 8 in the BSB

Mark 8 in the CCB

Mark 8 in the CUV

Mark 8 in the CUVS

Mark 8 in the DBT

Mark 8 in the DGDNT

Mark 8 in the DHNT

Mark 8 in the DNT

Mark 8 in the ELBE

Mark 8 in the EMTV

Mark 8 in the ESV

Mark 8 in the FBV

Mark 8 in the FEB

Mark 8 in the GGMNT

Mark 8 in the GNT

Mark 8 in the HARY

Mark 8 in the HNT

Mark 8 in the IRVA

Mark 8 in the IRVB

Mark 8 in the IRVG

Mark 8 in the IRVH

Mark 8 in the IRVK

Mark 8 in the IRVM

Mark 8 in the IRVM2

Mark 8 in the IRVO

Mark 8 in the IRVP

Mark 8 in the IRVT

Mark 8 in the IRVT2

Mark 8 in the IRVU

Mark 8 in the ISVN

Mark 8 in the JSNT

Mark 8 in the KAPI

Mark 8 in the KBT1ETNIK

Mark 8 in the KBV

Mark 8 in the KJV

Mark 8 in the KNFD

Mark 8 in the LBA

Mark 8 in the LBLA

Mark 8 in the LNT

Mark 8 in the LSV

Mark 8 in the MAAL

Mark 8 in the MBV

Mark 8 in the MBV2

Mark 8 in the MHNT

Mark 8 in the MKNFD

Mark 8 in the MNG

Mark 8 in the MNT

Mark 8 in the MNT2

Mark 8 in the MRS1T

Mark 8 in the NAA

Mark 8 in the NASB

Mark 8 in the NBLA

Mark 8 in the NBS

Mark 8 in the NBVTP

Mark 8 in the NET2

Mark 8 in the NIV11

Mark 8 in the NNT

Mark 8 in the NNT2

Mark 8 in the NNT3

Mark 8 in the PDDPT

Mark 8 in the PFNT

Mark 8 in the RMNT

Mark 8 in the SBIAS

Mark 8 in the SBIBS

Mark 8 in the SBIBS2

Mark 8 in the SBICS

Mark 8 in the SBIDS

Mark 8 in the SBIGS

Mark 8 in the SBIHS

Mark 8 in the SBIIS

Mark 8 in the SBIIS2

Mark 8 in the SBIIS3

Mark 8 in the SBIKS

Mark 8 in the SBIKS2

Mark 8 in the SBIMS

Mark 8 in the SBIOS

Mark 8 in the SBIPS

Mark 8 in the SBISS

Mark 8 in the SBITS

Mark 8 in the SBITS2

Mark 8 in the SBITS3

Mark 8 in the SBITS4

Mark 8 in the SBIUS

Mark 8 in the SBIVS

Mark 8 in the SBT

Mark 8 in the SBT1E

Mark 8 in the SCHL

Mark 8 in the SNT

Mark 8 in the SUSU

Mark 8 in the SUSU2

Mark 8 in the SYNO

Mark 8 in the TBIAOTANT

Mark 8 in the TBT1E

Mark 8 in the TBT1E2

Mark 8 in the TFTIP

Mark 8 in the TFTU

Mark 8 in the TGNTATF3T

Mark 8 in the THAI

Mark 8 in the TNFD

Mark 8 in the TNT

Mark 8 in the TNTIK

Mark 8 in the TNTIL

Mark 8 in the TNTIN

Mark 8 in the TNTIP

Mark 8 in the TNTIZ

Mark 8 in the TOMA

Mark 8 in the TTENT

Mark 8 in the UBG

Mark 8 in the UGV

Mark 8 in the UGV2

Mark 8 in the UGV3

Mark 8 in the VBL

Mark 8 in the VDCC

Mark 8 in the YALU

Mark 8 in the YAPE

Mark 8 in the YBVTP

Mark 8 in the ZBP