Romans 7 (BOATCB)

1 Nokorɛm, me nuanom, ɛsiane sɛ mo nyinaa nim Mmara no enti, mote deɛ mepɛ sɛ meka no ase; mmerɛ dodoɔ a onipa te ase no, mmara di ne so. 2 Ɔbaa warefoɔ sei, sɛ ɔte ase nko ara deɛ a, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu deɛ a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. 3 Ɛno enti, sɛ ɔkɔ ɔbarima foforɔ ho ɛberɛ a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio, ɛno enti sɛ ɔware ɔbarima foforɔ a, ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ. 4 Afei me nuanom, mo nso, Yesu wu a ɔwuiɛ enti moawu afiri mmara no tumi aseɛ. Ne saa enti, mone ɔno a wɔnyanee no firii awufoɔ mu abom sɛdeɛ mobɛtumi asom Onyankopɔn. 5 Ɛberɛ a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔnesu nam mmara no so kanyanee yɛn wɔ yɛn mu maa yɛyɛɛ adwuma maa owuo. 6 Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara ase ɛfiri sɛ, yɛwu firii deɛ ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafoɔ no ase. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara a wɔatwerɛ no dada ase bio, na mmom, yɛnam honhom foforɔ kwan so na ɛsom. 7 Enti, asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi! Mmom, ɛnam mmara so na mehunuu sɛdeɛ bɔne teɛ. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi adeɛ” a, anka mennim anibereɛ. 8 Bɔne nyaa kwan nam mmaransɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahodoɔ bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi. 9 Ansa na mɛhunu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no baeɛ no, metee bɔne ase, na mewuiɛ. 10 Mehunuu sɛ, mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no de owuo baeɛ. 11 Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa ɛkwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so ma bɔne kumm me. 12 Nanso mmara no yɛ kronkron; na mmaransɛm no nso yɛ kronkron. Ɛtene na ɛyɛ nso. 13 Adeɛ a ɛyɛ no bɛyɛɛ owuo maa me anaa? Dabi! Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhunu bɔne sɛ bɔne no, ɛfaa deɛ ɛyɛ so de owuo brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me hunuu sɛ bɔne yɛ adeɛ a ɛyɛ hu. 14 Yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me sɛ akoa ama bɔne. 15 Mente deɛ meyɛ ase; ɛfiri sɛ, menyɛ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ, na mmom, meyɛ deɛ mekyi. 16 Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, mepene so sɛ mmara no yɛ. 17 Sɛdeɛ ɛteɛ no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ yei; na mmom bɔne a ɛte me mu no. 18 Menim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ, nanso mentumi nyɛ. 19 Papa mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ. 20 Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛeɛ, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no. 21 Mmara no ama mahunu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ deɛ menim sɛ ɛyɛ. 22 Mʼakoma nyinaa mu, megye Onyankopɔn mmara to mu. 23 Nanso, mefiri mʼakwaa nyinaa mu hunu sɛ biribi ne mʼadwene di apereapereɛ. Ɛma me yɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma me yɛ biribiara. 24 Menni ahotɔ! Hwan na ɔbɛgye me afiri saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owuo mu yi? 25 Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase.Na afei, mʼankasa mʼadwene mu, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.

In Other Versions

Romans 7 in the ANGEFD

Romans 7 in the ANTPNG2D

Romans 7 in the AS21

Romans 7 in the BAGH

Romans 7 in the BBPNG

Romans 7 in the BBT1E

Romans 7 in the BDS

Romans 7 in the BEV

Romans 7 in the BHAD

Romans 7 in the BIB

Romans 7 in the BLPT

Romans 7 in the BNT

Romans 7 in the BNTABOOT

Romans 7 in the BNTLV

Romans 7 in the BOATCB2

Romans 7 in the BOBCV

Romans 7 in the BOCNT

Romans 7 in the BOECS

Romans 7 in the BOGWICC

Romans 7 in the BOHCB

Romans 7 in the BOHCV

Romans 7 in the BOHLNT

Romans 7 in the BOHNTLTAL

Romans 7 in the BOICB

Romans 7 in the BOILNTAP

Romans 7 in the BOITCV

Romans 7 in the BOKCV

Romans 7 in the BOKCV2

Romans 7 in the BOKHWOG

Romans 7 in the BOKSSV

Romans 7 in the BOLCB

Romans 7 in the BOLCB2

Romans 7 in the BOMCV

Romans 7 in the BONAV

Romans 7 in the BONCB

Romans 7 in the BONLT

Romans 7 in the BONUT2

Romans 7 in the BOPLNT

Romans 7 in the BOSCB

Romans 7 in the BOSNC

Romans 7 in the BOTLNT

Romans 7 in the BOVCB

Romans 7 in the BOYCB

Romans 7 in the BPBB

Romans 7 in the BPH

Romans 7 in the BSB

Romans 7 in the CCB

Romans 7 in the CUV

Romans 7 in the CUVS

Romans 7 in the DBT

Romans 7 in the DGDNT

Romans 7 in the DHNT

Romans 7 in the DNT

Romans 7 in the ELBE

Romans 7 in the EMTV

Romans 7 in the ESV

Romans 7 in the FBV

Romans 7 in the FEB

Romans 7 in the GGMNT

Romans 7 in the GNT

Romans 7 in the HARY

Romans 7 in the HNT

Romans 7 in the IRVA

Romans 7 in the IRVB

Romans 7 in the IRVG

Romans 7 in the IRVH

Romans 7 in the IRVK

Romans 7 in the IRVM

Romans 7 in the IRVM2

Romans 7 in the IRVO

Romans 7 in the IRVP

Romans 7 in the IRVT

Romans 7 in the IRVT2

Romans 7 in the IRVU

Romans 7 in the ISVN

Romans 7 in the JSNT

Romans 7 in the KAPI

Romans 7 in the KBT1ETNIK

Romans 7 in the KBV

Romans 7 in the KJV

Romans 7 in the KNFD

Romans 7 in the LBA

Romans 7 in the LBLA

Romans 7 in the LNT

Romans 7 in the LSV

Romans 7 in the MAAL

Romans 7 in the MBV

Romans 7 in the MBV2

Romans 7 in the MHNT

Romans 7 in the MKNFD

Romans 7 in the MNG

Romans 7 in the MNT

Romans 7 in the MNT2

Romans 7 in the MRS1T

Romans 7 in the NAA

Romans 7 in the NASB

Romans 7 in the NBLA

Romans 7 in the NBS

Romans 7 in the NBVTP

Romans 7 in the NET2

Romans 7 in the NIV11

Romans 7 in the NNT

Romans 7 in the NNT2

Romans 7 in the NNT3

Romans 7 in the PDDPT

Romans 7 in the PFNT

Romans 7 in the RMNT

Romans 7 in the SBIAS

Romans 7 in the SBIBS

Romans 7 in the SBIBS2

Romans 7 in the SBICS

Romans 7 in the SBIDS

Romans 7 in the SBIGS

Romans 7 in the SBIHS

Romans 7 in the SBIIS

Romans 7 in the SBIIS2

Romans 7 in the SBIIS3

Romans 7 in the SBIKS

Romans 7 in the SBIKS2

Romans 7 in the SBIMS

Romans 7 in the SBIOS

Romans 7 in the SBIPS

Romans 7 in the SBISS

Romans 7 in the SBITS

Romans 7 in the SBITS2

Romans 7 in the SBITS3

Romans 7 in the SBITS4

Romans 7 in the SBIUS

Romans 7 in the SBIVS

Romans 7 in the SBT

Romans 7 in the SBT1E

Romans 7 in the SCHL

Romans 7 in the SNT

Romans 7 in the SUSU

Romans 7 in the SUSU2

Romans 7 in the SYNO

Romans 7 in the TBIAOTANT

Romans 7 in the TBT1E

Romans 7 in the TBT1E2

Romans 7 in the TFTIP

Romans 7 in the TFTU

Romans 7 in the TGNTATF3T

Romans 7 in the THAI

Romans 7 in the TNFD

Romans 7 in the TNT

Romans 7 in the TNTIK

Romans 7 in the TNTIL

Romans 7 in the TNTIN

Romans 7 in the TNTIP

Romans 7 in the TNTIZ

Romans 7 in the TOMA

Romans 7 in the TTENT

Romans 7 in the UBG

Romans 7 in the UGV

Romans 7 in the UGV2

Romans 7 in the UGV3

Romans 7 in the VBL

Romans 7 in the VDCC

Romans 7 in the YALU

Romans 7 in the YAPE

Romans 7 in the YBVTP

Romans 7 in the ZBP