Romans 7 (BOATCB2)
        
        
          1 Me nuanom, munim sɛ esiane sɛ mo nyinaa nim mmara no nti, mote nea mepɛ sɛ meka no ase sɛ; mmere dodow a onipa te ase no, mmara di ne so ana? 2 Te sɛ ɔbea warefo, mmere dodow a okunu no te ase no de, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu de a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. 3 Ɛno nti sɛ ɔkɔ ɔbarima foforo ho wɔ bere a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ ne kunu no wu a na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio; ɛno nti sɛ ɔware ɔbarima foforo a, ɔnyɛ ɔwaresɛefo.  4 Afei me nuanom, mo nso, Kristo wu a owui nti moawu afi mmara no tumi ase. Ne saa nti, mone ɔno a wonyan no fii awufo mu abom sɛnea mobetumi asom Onyankopɔn. 5 Bere a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔne su nam mmara no so kanyan yɛn wɔ yɛn mu ma yɛyɛɛ adwuma maa owu. 6 Afei de, yɛnhyɛ mmara biara ase efisɛ yewu fii nea ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafo no ase. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara a wɔakyerɛw no dedaw ase bio, na mmom yɛnam honhom foforo kwan so na ɛsom.  7 Enti asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne ana? Dabi da! Mmom, ɛnam mmara so na mihuu sɛnea bɔne te. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi ade” a, anka minnim anibere. 8 Bɔne nyaa kwan nam mmara nsɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahorow bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi. 9 Ansa na mehu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no bae no, metee bɔne ase, na miwui. 10 Mihuu sɛ mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no, de owu bae. 11 Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa kwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so maa bɔne kum me. 12 Nanso mmara no yɛ kronkron; na Mmaransɛm no nso yɛ kronkron, ɛteɛ na eye nso.  13 Ade a eye no bɛyɛɛ owu maa me ana? Dabi da! Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu bɔne sɛ bɔne no, ɛfaa nea eye so de owu brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me huu sɛ bɔne yɛ ade a ɛyɛ hu.  14 Yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me sɛ akoa ama bɔne. 15 Mente nea meyɛ ase; efisɛ menyɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ na mmom, meyɛ nea mikyi. 16 Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ mepene so sɛ mmara no ye. 17 Sɛnea ɛte no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ eyi; na mmom bɔne a ɛte me mu no. 18 Minim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Efisɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye nanso mintumi nyɛ. 19 Papa a mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ. 20 Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛe, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.  21 Mmara no ama mahu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ nea minim sɛ eye. 22 Me koma nyinaa mu, migye Onyankopɔn mmara to mu. 23 Nanso mifi mʼakwaa nyinaa mu hu sɛ biribi ne mʼadwene di aperepere, ɛma meyɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma meyɛ biribiara. 24 Minni ahotɔ! Hena na obegye me afi saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owu mu yi mu? 25 Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase.Na afei mʼankasa mʼadwene mu no, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Romans 7 in the ANGEFD
  
  
    Romans 7 in the ANTPNG2D
  
  
    Romans 7 in the AS21
  
  
    Romans 7 in the BAGH
  
  
    Romans 7 in the BBPNG
  
  
    Romans 7 in the BBT1E
  
  
    Romans 7 in the BDS
  
  
    Romans 7 in the BEV
  
  
    Romans 7 in the BHAD
  
  
    Romans 7 in the BIB
  
  
    Romans 7 in the BLPT
  
  
    Romans 7 in the BNT
  
  
    Romans 7 in the BNTABOOT
  
  
    Romans 7 in the BNTLV
  
  
    Romans 7 in the BOATCB
  
  
    Romans 7 in the BOBCV
  
  
    Romans 7 in the BOCNT
  
  
    Romans 7 in the BOECS
  
  
    Romans 7 in the BOGWICC
  
  
    Romans 7 in the BOHCB
  
  
    Romans 7 in the BOHCV
  
  
    Romans 7 in the BOHLNT
  
  
    Romans 7 in the BOHNTLTAL
  
  
    Romans 7 in the BOICB
  
  
    Romans 7 in the BOILNTAP
  
  
    Romans 7 in the BOITCV
  
  
    Romans 7 in the BOKCV
  
  
    Romans 7 in the BOKCV2
  
  
    Romans 7 in the BOKHWOG
  
  
    Romans 7 in the BOKSSV
  
  
    Romans 7 in the BOLCB
  
  
    Romans 7 in the BOLCB2
  
  
    Romans 7 in the BOMCV
  
  
    Romans 7 in the BONAV
  
  
    Romans 7 in the BONCB
  
  
    Romans 7 in the BONLT
  
  
    Romans 7 in the BONUT2
  
  
    Romans 7 in the BOPLNT
  
  
    Romans 7 in the BOSCB
  
  
    Romans 7 in the BOSNC
  
  
    Romans 7 in the BOTLNT
  
  
    Romans 7 in the BOVCB
  
  
    Romans 7 in the BOYCB
  
  
    Romans 7 in the BPBB
  
  
    Romans 7 in the BPH
  
  
    Romans 7 in the BSB
  
  
    Romans 7 in the CCB
  
  
    Romans 7 in the CUV
  
  
    Romans 7 in the CUVS
  
  
    Romans 7 in the DBT
  
  
    Romans 7 in the DGDNT
  
  
    Romans 7 in the DHNT
  
  
    Romans 7 in the DNT
  
  
    Romans 7 in the ELBE
  
  
    Romans 7 in the EMTV
  
  
    Romans 7 in the ESV
  
  
    Romans 7 in the FBV
  
  
    Romans 7 in the FEB
  
  
    Romans 7 in the GGMNT
  
  
    Romans 7 in the GNT
  
  
    Romans 7 in the HARY
  
  
    Romans 7 in the HNT
  
  
    Romans 7 in the IRVA
  
  
    Romans 7 in the IRVB
  
  
    Romans 7 in the IRVG
  
  
    Romans 7 in the IRVH
  
  
    Romans 7 in the IRVK
  
  
    Romans 7 in the IRVM
  
  
    Romans 7 in the IRVM2
  
  
    Romans 7 in the IRVO
  
  
    Romans 7 in the IRVP
  
  
    Romans 7 in the IRVT
  
  
    Romans 7 in the IRVT2
  
  
    Romans 7 in the IRVU
  
  
    Romans 7 in the ISVN
  
  
    Romans 7 in the JSNT
  
  
    Romans 7 in the KAPI
  
  
    Romans 7 in the KBT1ETNIK
  
  
    Romans 7 in the KBV
  
  
    Romans 7 in the KJV
  
  
    Romans 7 in the KNFD
  
  
    Romans 7 in the LBA
  
  
    Romans 7 in the LBLA
  
  
    Romans 7 in the LNT
  
  
    Romans 7 in the LSV
  
  
    Romans 7 in the MAAL
  
  
    Romans 7 in the MBV
  
  
    Romans 7 in the MBV2
  
  
    Romans 7 in the MHNT
  
  
    Romans 7 in the MKNFD
  
  
    Romans 7 in the MNG
  
  
    Romans 7 in the MNT
  
  
    Romans 7 in the MNT2
  
  
    Romans 7 in the MRS1T
  
  
    Romans 7 in the NAA
  
  
    Romans 7 in the NASB
  
  
    Romans 7 in the NBLA
  
  
    Romans 7 in the NBS
  
  
    Romans 7 in the NBVTP
  
  
    Romans 7 in the NET2
  
  
    Romans 7 in the NIV11
  
  
    Romans 7 in the NNT
  
  
    Romans 7 in the NNT2
  
  
    Romans 7 in the NNT3
  
  
    Romans 7 in the PDDPT
  
  
    Romans 7 in the PFNT
  
  
    Romans 7 in the RMNT
  
  
    Romans 7 in the SBIAS
  
  
    Romans 7 in the SBIBS
  
  
    Romans 7 in the SBIBS2
  
  
    Romans 7 in the SBICS
  
  
    Romans 7 in the SBIDS
  
  
    Romans 7 in the SBIGS
  
  
    Romans 7 in the SBIHS
  
  
    Romans 7 in the SBIIS
  
  
    Romans 7 in the SBIIS2
  
  
    Romans 7 in the SBIIS3
  
  
    Romans 7 in the SBIKS
  
  
    Romans 7 in the SBIKS2
  
  
    Romans 7 in the SBIMS
  
  
    Romans 7 in the SBIOS
  
  
    Romans 7 in the SBIPS
  
  
    Romans 7 in the SBISS
  
  
    Romans 7 in the SBITS
  
  
    Romans 7 in the SBITS2
  
  
    Romans 7 in the SBITS3
  
  
    Romans 7 in the SBITS4
  
  
    Romans 7 in the SBIUS
  
  
    Romans 7 in the SBIVS
  
  
    Romans 7 in the SBT
  
  
    Romans 7 in the SBT1E
  
  
    Romans 7 in the SCHL
  
  
    Romans 7 in the SNT
  
  
    Romans 7 in the SUSU
  
  
    Romans 7 in the SUSU2
  
  
    Romans 7 in the SYNO
  
  
    Romans 7 in the TBIAOTANT
  
  
    Romans 7 in the TBT1E
  
  
    Romans 7 in the TBT1E2
  
  
    Romans 7 in the TFTIP
  
  
    Romans 7 in the TFTU
  
  
    Romans 7 in the TGNTATF3T
  
  
    Romans 7 in the THAI
  
  
    Romans 7 in the TNFD
  
  
    Romans 7 in the TNT
  
  
    Romans 7 in the TNTIK
  
  
    Romans 7 in the TNTIL
  
  
    Romans 7 in the TNTIN
  
  
    Romans 7 in the TNTIP
  
  
    Romans 7 in the TNTIZ
  
  
    Romans 7 in the TOMA
  
  
    Romans 7 in the TTENT
  
  
    Romans 7 in the UBG
  
  
    Romans 7 in the UGV
  
  
    Romans 7 in the UGV2
  
  
    Romans 7 in the UGV3
  
  
    Romans 7 in the VBL
  
  
    Romans 7 in the VDCC
  
  
    Romans 7 in the YALU
  
  
    Romans 7 in the YAPE
  
  
    Romans 7 in the YBVTP
  
  
    Romans 7 in the ZBP