John 19 (BOATCB2)

1 Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa. 2 Asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atade kɔkɔɔ nso hyɛɛ no. 3 Wodii ne ho fɛw, bobɔɔ nʼani so kae se, “Yudafo hene, wo nkwa so!” 4 Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.” 5 Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwen ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, “Onipa no ni!” 6 Bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no huu Yesu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!”Pilato ka kyerɛ wɔn se, “Mo ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asennua mu, efisɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.” 7 Yudafo no buae se, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ owu, efisɛ ɔkae se ɔyɛ Onyankopɔn Ba.” 8 Bere a Pilato tee asɛm a wɔkae no, ɔbɔɔ hu yiye. 9 Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no. 10 Pilato bisaa no se, “Woremmua me ana? Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asennua mu!” 11 Yesu buaa no se, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a anka wunni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.” 12 Bere a Pilato tee asɛm a Yesu kae no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Sɛ wugyaa no a na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!” 13 Bere a Pilato tee asɛm a Yudafo no kae no, ɔde Yesu fii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmu agua so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Abo Nsɛmee, (a Hebri kasa mu no, ɛyɛ “Gabata”). 14 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu so no, ɛbɛyɛ owigyinae no.Pilato ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Mo hene no ni!” 15 Dɔm no nso teɛteɛɛ mu bio se, “Fa no kɔ! Bɔ no asennua mu!”Pilato bisaa wɔn se, “Mopɛ sɛ mebɔ mo hene no asennua mu ana?”Asɔfo mpanyin no kae se, “Yɛn hene a yɛwɔ ara ne Kaesare!” 16 Afei Pilato de Yesu maa Yudafo no sɛ wɔnkɔbɔ no asennua mu. 17 Enti wɔde Yesu a nʼasennua da ne kɔn ho no kɔɔ kurow no mfikyiri baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitiri So”, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota”. 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asennua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asennua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so na ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini. 19 Pilato kyerɛw se,Yesu Nasareni, Yudafo Henede taree nʼasennua no atifi. 20 Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asennua mu ne kurow no mu kwan nware, na bio wɔakyerɛw nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no nti, nnipa bebree hu kenkanee. 21 Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato se, “Nkyerɛw se, ‘Yudafo hene’ na mmom kyerɛw se, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa se mene Yudafo hene!’ ” 22 Pilato kae se, “Nea makyerɛw no, makyerɛw.” 23 Asraafo no bɔɔ Yesu asennua mu wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa asraafo baanan no. Na saa atade no yɛ atade bi a wɔanwen fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee. 24 Asraafo no nyinaa kae se, “Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya.”Ade a wɔyɛɛ yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se,“Wɔkyekyɛɛ me ntama mu,bɔɔ mʼatade so ntonto fae” no bɛba mu.Nea asraafo no yɛe ne no. 25 Nnipa a na wogyina Yesu asennua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. 26 Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Ɔbea, wo ba ni.” 27 Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, “Wo na ni.” Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae. 28 Saa bere no Yesu huu sɛ afei de, biribiara aba nʼawie, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, “Osukɔm de me.” 29 Wɔde sapɔw a etua adwerɛ ano bɔɔ nsa a emu keka mu de kaa nʼano. 30 Yesu nom wiei no, ɔkae se, “Mawie!” Ɔkaa eyi wiee no, osii ne ti ase na ogyaa ne honhom mu. 31 Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafo mpanyimfo no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asennua no so kosi nʼadekyee a wobedi Twam Afahyɛ no. Enti wɔkɔka kyerɛɛ Pilato se wɔpɛ sɛ wobubu nnipa no anan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayiyi wɔn amu no afi asennua no so. 32 Asraafo no kobubuu ɔbarima a odi kan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu ho no anan; wowiei no, wokobubuu ɔbarima a ɔto so abien no nso anan. 33 Nanso woduu Yesu so no wohuu sɛ ɔno de, na wawu dedaw enti wɔammu ne nan bi. 34 Asraafo no mu baako de ne peaw wɔɔ ne mfe maa mogyasufi fii ne mfe mu bae. 35 Onipa a ohuu nea esii no na wadi ho adanse. Nʼadanse no yɛ nokware, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi. 36 Eyinom nyinaa sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔremmu ne dompe bi” 37 ne “Nnipa bɛhwɛ nea wɔwɔɔ ne mfe mu peaw” no bɛba mu. 38 Eyi akyi no, Yosef a ofi Arimatea a esiane Yudafo ho hu nti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kokoa mu no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no kwan na onkoyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno nti okoyii Yesu amu no. 39 Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobow ne aduhuam mfrafrae a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa abiɛsa bae. 40 Wɔn baanu no de nwera ne aduhuam mfrafrae no kyekyeree Yesu amu no sɛnea Yudafo kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no. 41 Na ɔboda foforo bi a wonsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no. 42 Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no nti, wosiee Yesu amu no wɔ hɔ.

In Other Versions

John 19 in the ANGEFD

John 19 in the ANTPNG2D

John 19 in the AS21

John 19 in the BAGH

John 19 in the BBPNG

John 19 in the BBT1E

John 19 in the BDS

John 19 in the BEV

John 19 in the BHAD

John 19 in the BIB

John 19 in the BLPT

John 19 in the BNT

John 19 in the BNTABOOT

John 19 in the BNTLV

John 19 in the BOATCB

John 19 in the BOBCV

John 19 in the BOCNT

John 19 in the BOECS

John 19 in the BOGWICC

John 19 in the BOHCB

John 19 in the BOHCV

John 19 in the BOHLNT

John 19 in the BOHNTLTAL

John 19 in the BOICB

John 19 in the BOILNTAP

John 19 in the BOITCV

John 19 in the BOKCV

John 19 in the BOKCV2

John 19 in the BOKHWOG

John 19 in the BOKSSV

John 19 in the BOLCB

John 19 in the BOLCB2

John 19 in the BOMCV

John 19 in the BONAV

John 19 in the BONCB

John 19 in the BONLT

John 19 in the BONUT2

John 19 in the BOPLNT

John 19 in the BOSCB

John 19 in the BOSNC

John 19 in the BOTLNT

John 19 in the BOVCB

John 19 in the BOYCB

John 19 in the BPBB

John 19 in the BPH

John 19 in the BSB

John 19 in the CCB

John 19 in the CUV

John 19 in the CUVS

John 19 in the DBT

John 19 in the DGDNT

John 19 in the DHNT

John 19 in the DNT

John 19 in the ELBE

John 19 in the EMTV

John 19 in the ESV

John 19 in the FBV

John 19 in the FEB

John 19 in the GGMNT

John 19 in the GNT

John 19 in the HARY

John 19 in the HNT

John 19 in the IRVA

John 19 in the IRVB

John 19 in the IRVG

John 19 in the IRVH

John 19 in the IRVK

John 19 in the IRVM

John 19 in the IRVM2

John 19 in the IRVO

John 19 in the IRVP

John 19 in the IRVT

John 19 in the IRVT2

John 19 in the IRVU

John 19 in the ISVN

John 19 in the JSNT

John 19 in the KAPI

John 19 in the KBT1ETNIK

John 19 in the KBV

John 19 in the KJV

John 19 in the KNFD

John 19 in the LBA

John 19 in the LBLA

John 19 in the LNT

John 19 in the LSV

John 19 in the MAAL

John 19 in the MBV

John 19 in the MBV2

John 19 in the MHNT

John 19 in the MKNFD

John 19 in the MNG

John 19 in the MNT

John 19 in the MNT2

John 19 in the MRS1T

John 19 in the NAA

John 19 in the NASB

John 19 in the NBLA

John 19 in the NBS

John 19 in the NBVTP

John 19 in the NET2

John 19 in the NIV11

John 19 in the NNT

John 19 in the NNT2

John 19 in the NNT3

John 19 in the PDDPT

John 19 in the PFNT

John 19 in the RMNT

John 19 in the SBIAS

John 19 in the SBIBS

John 19 in the SBIBS2

John 19 in the SBICS

John 19 in the SBIDS

John 19 in the SBIGS

John 19 in the SBIHS

John 19 in the SBIIS

John 19 in the SBIIS2

John 19 in the SBIIS3

John 19 in the SBIKS

John 19 in the SBIKS2

John 19 in the SBIMS

John 19 in the SBIOS

John 19 in the SBIPS

John 19 in the SBISS

John 19 in the SBITS

John 19 in the SBITS2

John 19 in the SBITS3

John 19 in the SBITS4

John 19 in the SBIUS

John 19 in the SBIVS

John 19 in the SBT

John 19 in the SBT1E

John 19 in the SCHL

John 19 in the SNT

John 19 in the SUSU

John 19 in the SUSU2

John 19 in the SYNO

John 19 in the TBIAOTANT

John 19 in the TBT1E

John 19 in the TBT1E2

John 19 in the TFTIP

John 19 in the TFTU

John 19 in the TGNTATF3T

John 19 in the THAI

John 19 in the TNFD

John 19 in the TNT

John 19 in the TNTIK

John 19 in the TNTIL

John 19 in the TNTIN

John 19 in the TNTIP

John 19 in the TNTIZ

John 19 in the TOMA

John 19 in the TTENT

John 19 in the UBG

John 19 in the UGV

John 19 in the UGV2

John 19 in the UGV3

John 19 in the VBL

John 19 in the VDCC

John 19 in the YALU

John 19 in the YAPE

John 19 in the YBVTP

John 19 in the ZBP