Psalms 37 (BOATCB2)

undefined Dawid dwom. 1 Nhaw wo ho, nnebɔneyɛfo nti;mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne; 2 Wɔte sɛ sare, ɛrenkyɛ na ahyew,wɔte sɛ dua amono, ɛrenkyɛ na awu. 3 Fa wo ho to AWURADE so na yɛ papa.Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoe adidibea hɔ. 4 Ma wʼani nnye wɔ AWURADE muna wama wo nea wo koma pɛ. 5 Fa wʼakwan hyɛ AWURADE nsam;na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ: 6 ɔbɛma wo treneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyee,na wʼatɛntrenee ayɛ sɛ owigyinae. 7 Yɛ komm wɔ AWURADE anim na tɔ wo bo ase twɛn no,nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye hoefisɛ wɔnam bɔne akwan so. 8 Mma wo bo mmfuw na gyae abufuwhyew;nhaw wo ho, ekowie bɔne nko ara. 9 Wobetwa nnebɔneyɛfo agu,nanso wɔn a wɔn ani da AWURADE so nowobenya asase no adi so. 10 Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera.Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhu wɔn. 11 Nanso ahobrɛasefo benya asase no adi sona wɔanya asomdwoe mmoroso. 12 Amumɔyɛfo bɔ pɔw bɔne tia atreneefona wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so; 13 nanso AWURADE serew amumɔyɛfo,na onim sɛ wɔn nna abɛn. 14 Amumɔyɛfo twe afoana wokuntun wɔn ta musɛ wobekum ahiafo ne mmɔborɔfo,sɛ wobekum wɔn a wɔn akwan teɛ. 15 Nanso wɔn afoa bɛwowɔ wɔn ankasa koma mu,na wɔn ta mu abubu. 16 Kakra a atreneefo wɔ no som bosen amumɔyɛfo bebree ahonya; 17 efisɛ amumɔyɛfo ahoɔden bɛsananso AWURADE bɛwowaw atreneefo. 18 AWURADE nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa. 19 Ahohiahia bere mu wɔremmrɛ.Ɔkɔm bere mu wobenya ama abu so. 20 Nanso amumɔyɛfo bɛyera. AWURADE atamfo bɛyɛ sɛ nwura mu nhwiren;wobetu ayera sɛ wusiw. 21 Amumɔyɛfo pɛ bosea, na wontua,nanso ɔtreneeni de ahummɔbɔ ma; 22 Wɔn a AWURADE ahyira wɔn no benya asase no adi so,na wobetwa wɔn a ɔdome wɔn no agu. 23 Sɛ AWURADE ani sɔ onipa akwan a,ɔma nʼanammɔntu si pi. 24 Sɛ ohintiw a ɔrenhwe ase,efisɛ AWURADE kura no wɔ ne nsam. 25 Na meyɛ aberante, na mprempren mabɔ akwakoraa,na minhuu ɔtreneeni a AWURADE apa nʼakyianaasɛ ne mma resrɛ aduan. 26 Bere biara ɔyɛ adɔe, na ɔde fɛm kwa;na ne mma benya nhyira. 27 Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papana wobɛtena asase no so afebɔɔ. 28 Efisɛ, AWURADE pɛ nea ɛteɛ,na ɔrennyaw ne nkurɔfo anokwafo no. Wobenya bammɔ daa nyinaa.Nanso amumɔyɛfo asefo de, wobetwa wɔn agu. 29 Atreneefo benya asase no adi sona wɔatena so afebɔɔ. 30 Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm,na ne tɛkrɛma ka nea ɛteɛ. 31 Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu;wɔn anan nwatiri. 32 Amumɔyɛfo tetɛw atreneefohwehwɛ sɛ wobekum wɔn, 33 nanso AWURADE nnyaa wɔn mma wɔn,na ɔremma wommu wɔn kumfɔ wɔ asennii. 34 Montwɛn AWURADEna monhwɛ nʼakwan.Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;sɛ wotwitwa amumɔyɛfo no gu a, mubehu. 35 Mahu omumɔyɛfo a ɔyɛ basabasasɛ ɔredi yiye sɛ dua amono a esi asase pa so, 36 nanso ankyɛ na nʼawiei bae a wonhu no bio;mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. 37 Susuw nea ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ nea ɔteɛ;na asomdwoe nipa benya asetena pa daakye. 38 Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfo nyinaa;na wɔbɛtɔre wɔn asefo ase. 39 Atreneefo nkwagye fi AWURADEɔne wɔn aban wɔ amanehunu bere mu. 40 AWURADE boa wɔn na ogye wɔn;oyi wɔn fi amumɔyɛfo nsam, na ogye wɔn nkwa,efisɛ wohintaw wɔ ne mu.

In Other Versions

Psalms 37 in the ANGEFD

Psalms 37 in the ANTPNG2D

Psalms 37 in the AS21

Psalms 37 in the BAGH

Psalms 37 in the BBPNG

Psalms 37 in the BBT1E

Psalms 37 in the BDS

Psalms 37 in the BEV

Psalms 37 in the BHAD

Psalms 37 in the BIB

Psalms 37 in the BLPT

Psalms 37 in the BNT

Psalms 37 in the BNTABOOT

Psalms 37 in the BNTLV

Psalms 37 in the BOATCB

Psalms 37 in the BOBCV

Psalms 37 in the BOCNT

Psalms 37 in the BOECS

Psalms 37 in the BOGWICC

Psalms 37 in the BOHCB

Psalms 37 in the BOHCV

Psalms 37 in the BOHLNT

Psalms 37 in the BOHNTLTAL

Psalms 37 in the BOICB

Psalms 37 in the BOILNTAP

Psalms 37 in the BOITCV

Psalms 37 in the BOKCV

Psalms 37 in the BOKCV2

Psalms 37 in the BOKHWOG

Psalms 37 in the BOKSSV

Psalms 37 in the BOLCB

Psalms 37 in the BOLCB2

Psalms 37 in the BOMCV

Psalms 37 in the BONAV

Psalms 37 in the BONCB

Psalms 37 in the BONLT

Psalms 37 in the BONUT2

Psalms 37 in the BOPLNT

Psalms 37 in the BOSCB

Psalms 37 in the BOSNC

Psalms 37 in the BOTLNT

Psalms 37 in the BOVCB

Psalms 37 in the BOYCB

Psalms 37 in the BPBB

Psalms 37 in the BPH

Psalms 37 in the BSB

Psalms 37 in the CCB

Psalms 37 in the CUV

Psalms 37 in the CUVS

Psalms 37 in the DBT

Psalms 37 in the DGDNT

Psalms 37 in the DHNT

Psalms 37 in the DNT

Psalms 37 in the ELBE

Psalms 37 in the EMTV

Psalms 37 in the ESV

Psalms 37 in the FBV

Psalms 37 in the FEB

Psalms 37 in the GGMNT

Psalms 37 in the GNT

Psalms 37 in the HARY

Psalms 37 in the HNT

Psalms 37 in the IRVA

Psalms 37 in the IRVB

Psalms 37 in the IRVG

Psalms 37 in the IRVH

Psalms 37 in the IRVK

Psalms 37 in the IRVM

Psalms 37 in the IRVM2

Psalms 37 in the IRVO

Psalms 37 in the IRVP

Psalms 37 in the IRVT

Psalms 37 in the IRVT2

Psalms 37 in the IRVU

Psalms 37 in the ISVN

Psalms 37 in the JSNT

Psalms 37 in the KAPI

Psalms 37 in the KBT1ETNIK

Psalms 37 in the KBV

Psalms 37 in the KJV

Psalms 37 in the KNFD

Psalms 37 in the LBA

Psalms 37 in the LBLA

Psalms 37 in the LNT

Psalms 37 in the LSV

Psalms 37 in the MAAL

Psalms 37 in the MBV

Psalms 37 in the MBV2

Psalms 37 in the MHNT

Psalms 37 in the MKNFD

Psalms 37 in the MNG

Psalms 37 in the MNT

Psalms 37 in the MNT2

Psalms 37 in the MRS1T

Psalms 37 in the NAA

Psalms 37 in the NASB

Psalms 37 in the NBLA

Psalms 37 in the NBS

Psalms 37 in the NBVTP

Psalms 37 in the NET2

Psalms 37 in the NIV11

Psalms 37 in the NNT

Psalms 37 in the NNT2

Psalms 37 in the NNT3

Psalms 37 in the PDDPT

Psalms 37 in the PFNT

Psalms 37 in the RMNT

Psalms 37 in the SBIAS

Psalms 37 in the SBIBS

Psalms 37 in the SBIBS2

Psalms 37 in the SBICS

Psalms 37 in the SBIDS

Psalms 37 in the SBIGS

Psalms 37 in the SBIHS

Psalms 37 in the SBIIS

Psalms 37 in the SBIIS2

Psalms 37 in the SBIIS3

Psalms 37 in the SBIKS

Psalms 37 in the SBIKS2

Psalms 37 in the SBIMS

Psalms 37 in the SBIOS

Psalms 37 in the SBIPS

Psalms 37 in the SBISS

Psalms 37 in the SBITS

Psalms 37 in the SBITS2

Psalms 37 in the SBITS3

Psalms 37 in the SBITS4

Psalms 37 in the SBIUS

Psalms 37 in the SBIVS

Psalms 37 in the SBT

Psalms 37 in the SBT1E

Psalms 37 in the SCHL

Psalms 37 in the SNT

Psalms 37 in the SUSU

Psalms 37 in the SUSU2

Psalms 37 in the SYNO

Psalms 37 in the TBIAOTANT

Psalms 37 in the TBT1E

Psalms 37 in the TBT1E2

Psalms 37 in the TFTIP

Psalms 37 in the TFTU

Psalms 37 in the TGNTATF3T

Psalms 37 in the THAI

Psalms 37 in the TNFD

Psalms 37 in the TNT

Psalms 37 in the TNTIK

Psalms 37 in the TNTIL

Psalms 37 in the TNTIN

Psalms 37 in the TNTIP

Psalms 37 in the TNTIZ

Psalms 37 in the TOMA

Psalms 37 in the TTENT

Psalms 37 in the UBG

Psalms 37 in the UGV

Psalms 37 in the UGV2

Psalms 37 in the UGV3

Psalms 37 in the VBL

Psalms 37 in the VDCC

Psalms 37 in the YALU

Psalms 37 in the YAPE

Psalms 37 in the YBVTP

Psalms 37 in the ZBP