Acts 20 (BOATCB)

1 Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn firii hɔ kɔɔ Makedonia. 2 Ɔkyinkyini faa amantam no mu, tuu asuafoɔ no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, ɔbɛduruu Hela. Ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa. 3 Ɛberɛ a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafoɔ no abɔ ne ho pɔ; enti ɔsane nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔeɛ. 4 Piro a ɔfiri Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔeɛ. Wɔn a wɔka ne ho kɔeɛ no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wɔfiri Tesalonika ne Gaio a ɔfiri Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wɔfiri Asiaman mu no. 5 Saa nnipa yi dii ɛkan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa. 6 Yɛdii Apiti Afahyɛ no wieeɛ no, yɛfirii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnawɔtwe wɔ hɔ. 7 Nnawɔtwe no mu da a ɛdi ɛkan no, yɛhyiaam sɛ anuanom didiiɛ. Esiane sɛ na adeɛ kye a Paulo bɛfiri kuro no mu no enti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kɔsii ɔdasuom. 8 Na nkanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wɔ hɔ no mu. 9 Ɛberɛ a Paulo rekasa no, na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee maa ɔfiri abansoro dan a ɛtɔ so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu. 10 Paulo siane baa fam, kɔbutuu ne so, maa ne so kaa sɛ, “Monnsuro, ɛfiri sɛ, ɔnwuiɛ!” 11 Afei, ɔsane foro kɔɔ abansoro no so kɔbubuu burodo ne asuafoɔ no diiɛ. Paulo toaa ne kasa no so kɔsii adekyeɛ ansa na ɔregya wɔn hɔ. 12 Anuanom no de anigyeɛ de aberanteɛ a wɔnyanee no no kɔɔ efie. 13 Yɛde ɛhyɛn dii ɛkan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, na waka akyerɛ yɛn sɛ ɔrefa fam akɔ hɔ. 14 Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene. 15 Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Kio. Ne nnanu so no, yɛbɛduruu Samo; na nʼadekyeeɛ no, yɛbɛduruu Mileto. 16 Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ, sɛ ɛbɛtumi a ɔbɛduru Yerusalem akɔdi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia. 17 Paulo soma firii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanimfoɔ no sɛ wɔnhyia no. 18 Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a mebaa Asia no, monim ɛkwan a mefaa so ne mo tenaeɛ. 19 Ɛwom sɛ ɛnam Yudafoɔ no pɔbɔ so maa mehunuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛaseɛ ne nisuo yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade ɔsomfoɔ. 20 Monim sɛ ɛberɛ a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ dwam ne afie mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfasoɔ no anhinta mo. 21 Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni. 22 “Afei, ɛsiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no enti, merekɔ Yerusalem a mennim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ. 23 Deɛ menim ara ne sɛ kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahunu amane. 24 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no enti, mammu me kra sɛ adeɛ a ɛsom bo. 25 “Menim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhunu me bio. 26 Ɛno enti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na ɛmfiri me. 27 Ɛfiri sɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhinta mo. 28 Monhwɛ mo ho so ne nnwankuo a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfoɔ no yie. Monhwɛ wɔn yie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. 29 Menim sɛ me kɔ akyi no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bɛwura mo mu abɛsɛe mo. 30 Ɛberɛ bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atorɔ so atwe asuafoɔ no mu bi adi wɔn akyi. 31 Ɛno enti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirinhyia mmiɛnsa a medii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yea mu tuu mo fo awia ne anadwo. 32 “Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a ɛtumi hyɛ mo gyidie den na ɛma monya nʼagyapadeɛ a wasiesie ama ahotefoɔ no nsa. 33 Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntoma. 34 Mo ara modi adanseɛ sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. 35 Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛsoɔ akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafoɔ na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kaa sɛ, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.’ ” 36 Paulo kasa wieeɛ no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. 37 Wɔn nyinaa suiɛ, bam no, maa no nanteyie. 38 Deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛhoɔ koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔrenhunu no bio no. Afei, wɔn nyinaa kɔgyaa no ɛhyɛn no mu.

In Other Versions

Acts 20 in the ANGEFD

Acts 20 in the ANTPNG2D

Acts 20 in the AS21

Acts 20 in the BAGH

Acts 20 in the BBPNG

Acts 20 in the BBT1E

Acts 20 in the BDS

Acts 20 in the BEV

Acts 20 in the BHAD

Acts 20 in the BIB

Acts 20 in the BLPT

Acts 20 in the BNT

Acts 20 in the BNTABOOT

Acts 20 in the BNTLV

Acts 20 in the BOATCB2

Acts 20 in the BOBCV

Acts 20 in the BOCNT

Acts 20 in the BOECS

Acts 20 in the BOGWICC

Acts 20 in the BOHCB

Acts 20 in the BOHCV

Acts 20 in the BOHLNT

Acts 20 in the BOHNTLTAL

Acts 20 in the BOICB

Acts 20 in the BOILNTAP

Acts 20 in the BOITCV

Acts 20 in the BOKCV

Acts 20 in the BOKCV2

Acts 20 in the BOKHWOG

Acts 20 in the BOKSSV

Acts 20 in the BOLCB

Acts 20 in the BOLCB2

Acts 20 in the BOMCV

Acts 20 in the BONAV

Acts 20 in the BONCB

Acts 20 in the BONLT

Acts 20 in the BONUT2

Acts 20 in the BOPLNT

Acts 20 in the BOSCB

Acts 20 in the BOSNC

Acts 20 in the BOTLNT

Acts 20 in the BOVCB

Acts 20 in the BOYCB

Acts 20 in the BPBB

Acts 20 in the BPH

Acts 20 in the BSB

Acts 20 in the CCB

Acts 20 in the CUV

Acts 20 in the CUVS

Acts 20 in the DBT

Acts 20 in the DGDNT

Acts 20 in the DHNT

Acts 20 in the DNT

Acts 20 in the ELBE

Acts 20 in the EMTV

Acts 20 in the ESV

Acts 20 in the FBV

Acts 20 in the FEB

Acts 20 in the GGMNT

Acts 20 in the GNT

Acts 20 in the HARY

Acts 20 in the HNT

Acts 20 in the IRVA

Acts 20 in the IRVB

Acts 20 in the IRVG

Acts 20 in the IRVH

Acts 20 in the IRVK

Acts 20 in the IRVM

Acts 20 in the IRVM2

Acts 20 in the IRVO

Acts 20 in the IRVP

Acts 20 in the IRVT

Acts 20 in the IRVT2

Acts 20 in the IRVU

Acts 20 in the ISVN

Acts 20 in the JSNT

Acts 20 in the KAPI

Acts 20 in the KBT1ETNIK

Acts 20 in the KBV

Acts 20 in the KJV

Acts 20 in the KNFD

Acts 20 in the LBA

Acts 20 in the LBLA

Acts 20 in the LNT

Acts 20 in the LSV

Acts 20 in the MAAL

Acts 20 in the MBV

Acts 20 in the MBV2

Acts 20 in the MHNT

Acts 20 in the MKNFD

Acts 20 in the MNG

Acts 20 in the MNT

Acts 20 in the MNT2

Acts 20 in the MRS1T

Acts 20 in the NAA

Acts 20 in the NASB

Acts 20 in the NBLA

Acts 20 in the NBS

Acts 20 in the NBVTP

Acts 20 in the NET2

Acts 20 in the NIV11

Acts 20 in the NNT

Acts 20 in the NNT2

Acts 20 in the NNT3

Acts 20 in the PDDPT

Acts 20 in the PFNT

Acts 20 in the RMNT

Acts 20 in the SBIAS

Acts 20 in the SBIBS

Acts 20 in the SBIBS2

Acts 20 in the SBICS

Acts 20 in the SBIDS

Acts 20 in the SBIGS

Acts 20 in the SBIHS

Acts 20 in the SBIIS

Acts 20 in the SBIIS2

Acts 20 in the SBIIS3

Acts 20 in the SBIKS

Acts 20 in the SBIKS2

Acts 20 in the SBIMS

Acts 20 in the SBIOS

Acts 20 in the SBIPS

Acts 20 in the SBISS

Acts 20 in the SBITS

Acts 20 in the SBITS2

Acts 20 in the SBITS3

Acts 20 in the SBITS4

Acts 20 in the SBIUS

Acts 20 in the SBIVS

Acts 20 in the SBT

Acts 20 in the SBT1E

Acts 20 in the SCHL

Acts 20 in the SNT

Acts 20 in the SUSU

Acts 20 in the SUSU2

Acts 20 in the SYNO

Acts 20 in the TBIAOTANT

Acts 20 in the TBT1E

Acts 20 in the TBT1E2

Acts 20 in the TFTIP

Acts 20 in the TFTU

Acts 20 in the TGNTATF3T

Acts 20 in the THAI

Acts 20 in the TNFD

Acts 20 in the TNT

Acts 20 in the TNTIK

Acts 20 in the TNTIL

Acts 20 in the TNTIN

Acts 20 in the TNTIP

Acts 20 in the TNTIZ

Acts 20 in the TOMA

Acts 20 in the TTENT

Acts 20 in the UBG

Acts 20 in the UGV

Acts 20 in the UGV2

Acts 20 in the UGV3

Acts 20 in the VBL

Acts 20 in the VDCC

Acts 20 in the YALU

Acts 20 in the YAPE

Acts 20 in the YBVTP

Acts 20 in the ZBP