Acts 25 (BOATCB)

1 Festo bɛsii Felike ananmu sɛ amrado wɔ Kaesarea no, ne nnansa so ɔkɔɔ Yerusalem. 2 Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim. 3 Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔ sɛ wɔbɛtɛ no ɛkwan so akum no enti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem. 4 Nanso, Festo buaa wɔn sɛ, ɛsiane sɛ Paulo da afiase wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛre biara ɔno ankasa bɛkɔ hɔ enti, 5 wɔn a wɔdi asɛm no anim no ne no nkɔ nkɔdi asɛm no wɔ hɔ. 6 Festo dii bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu ansa na ɔresane aba Kaesarea. Ɔbɛduruu adekyeeɛ no, ɔtenaa adwa mu dii Paulo asɛm. 7 Ɛberɛ a Paulo bɛduruu asɛnniiɛ hɔ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem no twaa ne ho hyiaeɛ firii aseɛ kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ too ne so. 8 Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menni biribiara ho fɔ, ɛfiri sɛ, menkasa ntiaa Yudafoɔ mmara; menguu asɔredan ho fi, ɛnna menkasa ntiaa Roma aban nso.” 9 Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ no ani enti, ɔbisaa Paulo sɛ, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kɔdi wʼasɛm wɔ hɔ anaa?” 10 Paulo buaa sɛ, “Esiane sɛ Ɔhempɔn Kaesare asɛnniiɛ na megyina enti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wɔdi mʼasɛm, bu me atɛn, ɛfiri sɛ menyɛɛ Yudafoɔ bɔne biara sɛdeɛ wo ara wonim no. 11 Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔbu me kumfɔ a, mensuro. Nanso, sɛ nsɛm a saa Yudafoɔ yi ka tia me no nyɛ nokorɛ a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Medwane metoa Ɔhempɔn Kaesare.” 12 Festo ne ne mpanimfoɔ tuu agyina wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Esiane sɛ woadwane atoa Ɔhempɔn Kaesare no enti, yɛde wo bɛkɔ nʼanim.” 13 Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. 14 Wɔwɔ hɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaa no odeduani; 15 na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanin kaa nsɛm bi tiaa no sɛ mennyina so mmu no kumfɔ. 16 “Nanso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, Roma mmara mma ho kwan sɛ wɔbu obi fɔ ɛberɛ a wɔnnii nʼasɛm; wɔma no ho kwan na ɔyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho. 17 Wɔbaeɛ no mansɛe berɛ koraa na adeɛ kyeeɛ no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na menni nʼasɛm. 18 Nanso, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so. 19 Nsɛm a wɔkaeɛ no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a ɔwuiɛ nanso Paulo ka sɛ ɔte ase no ho. 20 Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene no enti, mebisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ mekɔdi nʼasɛm wɔ Yerusalem anaa? 21 Nanso, Paulo dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesane maa wɔde no kɔtoo afiase kɔsi ɛberɛ a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim.” 22 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Mepɛ sɛ mʼankasa metie nʼano asɛm.”Festo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼano asɛm.” 23 Adeɛ kyeeɛ no, Ɔhene Agripa ne Berenike de ahyehyɛ ne ahokeka de asraafoɔ mpanimfoɔ ne kuro no mu mpanin kaa ne ho kɔɔ asɛnniiɛ hɔ. Festo hyɛ maa wɔde Paulo baa asɛnniiɛ hɔ. 24 Festo kaa sɛ, “Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafoɔ a wɔwɔ ha ne Yerusalem no aka nsɛm atia no, de no abrɛ me sɛ memmu no kumfɔ no, 25 nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bɛbu no kumfɔ. Esiane sɛ ɔno ankasa dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare no enti, mayɛ mʼadwene sɛ mede no bɛkɔ nʼanim. 26 Esiane sɛ menni asɛm pɔtee bi a mɛtwerɛ akɔma Ɔhempɔn Kaesare enti, na mede no aba wo Ɔhene Agripa anim sɛ, sɛ wowie wo nhwehwɛmu a, manya biribi agyina so matwerɛ ne ho asɛm. 27 Mennye nni sɛ nteaseɛ wom sɛ mede odeduani bɛkɔ nʼanim a mentwerɛɛ biribi pɔtee bi a ɛtia no!”

In Other Versions

Acts 25 in the ANGEFD

Acts 25 in the ANTPNG2D

Acts 25 in the AS21

Acts 25 in the BAGH

Acts 25 in the BBPNG

Acts 25 in the BBT1E

Acts 25 in the BDS

Acts 25 in the BEV

Acts 25 in the BHAD

Acts 25 in the BIB

Acts 25 in the BLPT

Acts 25 in the BNT

Acts 25 in the BNTABOOT

Acts 25 in the BNTLV

Acts 25 in the BOATCB2

Acts 25 in the BOBCV

Acts 25 in the BOCNT

Acts 25 in the BOECS

Acts 25 in the BOGWICC

Acts 25 in the BOHCB

Acts 25 in the BOHCV

Acts 25 in the BOHLNT

Acts 25 in the BOHNTLTAL

Acts 25 in the BOICB

Acts 25 in the BOILNTAP

Acts 25 in the BOITCV

Acts 25 in the BOKCV

Acts 25 in the BOKCV2

Acts 25 in the BOKHWOG

Acts 25 in the BOKSSV

Acts 25 in the BOLCB

Acts 25 in the BOLCB2

Acts 25 in the BOMCV

Acts 25 in the BONAV

Acts 25 in the BONCB

Acts 25 in the BONLT

Acts 25 in the BONUT2

Acts 25 in the BOPLNT

Acts 25 in the BOSCB

Acts 25 in the BOSNC

Acts 25 in the BOTLNT

Acts 25 in the BOVCB

Acts 25 in the BOYCB

Acts 25 in the BPBB

Acts 25 in the BPH

Acts 25 in the BSB

Acts 25 in the CCB

Acts 25 in the CUV

Acts 25 in the CUVS

Acts 25 in the DBT

Acts 25 in the DGDNT

Acts 25 in the DHNT

Acts 25 in the DNT

Acts 25 in the ELBE

Acts 25 in the EMTV

Acts 25 in the ESV

Acts 25 in the FBV

Acts 25 in the FEB

Acts 25 in the GGMNT

Acts 25 in the GNT

Acts 25 in the HARY

Acts 25 in the HNT

Acts 25 in the IRVA

Acts 25 in the IRVB

Acts 25 in the IRVG

Acts 25 in the IRVH

Acts 25 in the IRVK

Acts 25 in the IRVM

Acts 25 in the IRVM2

Acts 25 in the IRVO

Acts 25 in the IRVP

Acts 25 in the IRVT

Acts 25 in the IRVT2

Acts 25 in the IRVU

Acts 25 in the ISVN

Acts 25 in the JSNT

Acts 25 in the KAPI

Acts 25 in the KBT1ETNIK

Acts 25 in the KBV

Acts 25 in the KJV

Acts 25 in the KNFD

Acts 25 in the LBA

Acts 25 in the LBLA

Acts 25 in the LNT

Acts 25 in the LSV

Acts 25 in the MAAL

Acts 25 in the MBV

Acts 25 in the MBV2

Acts 25 in the MHNT

Acts 25 in the MKNFD

Acts 25 in the MNG

Acts 25 in the MNT

Acts 25 in the MNT2

Acts 25 in the MRS1T

Acts 25 in the NAA

Acts 25 in the NASB

Acts 25 in the NBLA

Acts 25 in the NBS

Acts 25 in the NBVTP

Acts 25 in the NET2

Acts 25 in the NIV11

Acts 25 in the NNT

Acts 25 in the NNT2

Acts 25 in the NNT3

Acts 25 in the PDDPT

Acts 25 in the PFNT

Acts 25 in the RMNT

Acts 25 in the SBIAS

Acts 25 in the SBIBS

Acts 25 in the SBIBS2

Acts 25 in the SBICS

Acts 25 in the SBIDS

Acts 25 in the SBIGS

Acts 25 in the SBIHS

Acts 25 in the SBIIS

Acts 25 in the SBIIS2

Acts 25 in the SBIIS3

Acts 25 in the SBIKS

Acts 25 in the SBIKS2

Acts 25 in the SBIMS

Acts 25 in the SBIOS

Acts 25 in the SBIPS

Acts 25 in the SBISS

Acts 25 in the SBITS

Acts 25 in the SBITS2

Acts 25 in the SBITS3

Acts 25 in the SBITS4

Acts 25 in the SBIUS

Acts 25 in the SBIVS

Acts 25 in the SBT

Acts 25 in the SBT1E

Acts 25 in the SCHL

Acts 25 in the SNT

Acts 25 in the SUSU

Acts 25 in the SUSU2

Acts 25 in the SYNO

Acts 25 in the TBIAOTANT

Acts 25 in the TBT1E

Acts 25 in the TBT1E2

Acts 25 in the TFTIP

Acts 25 in the TFTU

Acts 25 in the TGNTATF3T

Acts 25 in the THAI

Acts 25 in the TNFD

Acts 25 in the TNT

Acts 25 in the TNTIK

Acts 25 in the TNTIL

Acts 25 in the TNTIN

Acts 25 in the TNTIP

Acts 25 in the TNTIZ

Acts 25 in the TOMA

Acts 25 in the TTENT

Acts 25 in the UBG

Acts 25 in the UGV

Acts 25 in the UGV2

Acts 25 in the UGV3

Acts 25 in the VBL

Acts 25 in the VDCC

Acts 25 in the YALU

Acts 25 in the YAPE

Acts 25 in the YBVTP

Acts 25 in the ZBP