Acts 25 (BOATCB2)
1 Festo besii Felike anan mu sɛ amrado wɔ Kaesarea no, ne nnansa so no ɔkɔɔ Yerusalem. 2 Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim. 3 Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no wɔ ɔkwan so akum no nti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem. 4 Nanso Festo buaa wɔn se, esiane sɛ Paulo da afiase wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛ biara ɔno ankasa bɛkɔ hɔ nti, 5 wɔn a wodi asɛm no anim no ne no nkɔ nkodi asɛm no wɔ hɔ. 6 Festo dii bɛyɛ nnaawɔtwe anaa nnafua du ansa na ɔresan aba Kaesarea. Obeduu adekyee no, ɔtenaa agua mu dii Paulo asɛm. 7 Bere a Paulo beduu asennii hɔ no, Yudafo a wofi Yerusalem no twaa ne ho hyiae fii ase kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokware too no so. 8 Paulo yii ne ho ano se, “Minni biribiara ho fɔ, efisɛ menkasa ntiaa Yudafo mmara; minguu asɔredan ho fi, na menkasa ntiaa Roma aban nso.” 9 Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafo no ani nti obisaa Paulo se, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kodi wʼasɛm wɔ hɔ ana?” 10 Paulo buae se, “Esiane sɛ Ɔhempɔn Kaesare asennii na migyina nti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wodi mʼasɛm, bu me atɛn efisɛ menyɛɛ Yudafo bɔne biara sɛnea wo ara wunim no. 11 Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno nti ɛsɛ sɛ wobu me kumfɔ a, minsuro. Nanso sɛ nsɛm a saa Yudafo yi ka tia me no nyɛ nokware a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Miguan toa Ɔhempɔn Kaesare.” 12 Festo ne ne mpanyimfo tuu agyina wiei no, ɔka kyerɛɛ Paulo se, “Esiane sɛ woaguan atoa Ɔhempɔn Kaesare no nti yɛde wo bɛkɔ nʼanim.” 13 Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. 14 Wɔwɔ hɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaw no sɛ odeduani; 15 na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafo asɔfo mpanyimfo ne mpanyin kaa nsɛm bi tiaa no sɛ minnyina so mmu no kumfɔ. 16 “Nanso meka kyerɛɛ wɔn se, Roma mmara mma ho kwan sɛ wobu obi fɔ wɔ bere a wonnii nʼasɛm ɛ, enti wɔmma no kwan na onyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho. 17 Wɔbae no mansɛe bere koraa na ade kyee no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na minni nʼasɛm. 18 Nanso wɔanka nsɛm a misusuwii no mu biara anto no so. 19 Nsɛm a wɔkaa no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a owui nanso Paulo ka se ɔte ase no ho. 20 Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene nti, mibisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ mikodi nʼasɛm wɔ Yerusalem ana? 21 Nanso Paulo guan toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesan ma wɔde no kɔtoo afiase kosi bere a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim.” 22 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, “Mepɛ sɛ mʼankasa mitie nʼanom asɛm.”Festo ka kyerɛɛ no se, “Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼanom asɛm.” 23 Ade kyee no Ɔhene Agripa ne Berenike hyehyɛɛ wɔn ho de ahokeka ne asraafo mpanyimfo ne kurow no mu mpanyin kɔɔ asennii hɔ. Festo hyɛ ma wɔde Paulo baa asennii hɔ. 24 Festo kae se, “Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafo a wɔwɔ ha ne Yerusalemfo aka nsɛm atia no, de no abrɛ me sɛ mimmu no kumfɔ no, 25 nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bebu no kumfɔ. Esiane sɛ ɔno ankasa guan toaa Ɔhempɔn Kaesare no nti, mayɛ mʼadwene sɛ mede no bɛkɔ nʼanim. 26 Esiane sɛ minni asɛm pɔtee bi a mɛkyerɛw akɔma Ɔhempɔn Kaesare nti, na mede no aba wo, Ɔhene Agripa anim se sɛ wuwie wo nhwehwɛmuyɛ a manya biribi agyina so de akyerɛw ne ho asɛm. 27 Minnye nni sɛ ntease wɔ mu sɛ mede odeduani bɛkɔ nʼanim a menkyerɛw biribi pɔtee bi a etia no!”
In Other Versions
Acts 25 in the ANGEFD
Acts 25 in the ANTPNG2D
Acts 25 in the AS21
Acts 25 in the BAGH
Acts 25 in the BBPNG
Acts 25 in the BBT1E
Acts 25 in the BDS
Acts 25 in the BEV
Acts 25 in the BHAD
Acts 25 in the BIB
Acts 25 in the BLPT
Acts 25 in the BNT
Acts 25 in the BNTABOOT
Acts 25 in the BNTLV
Acts 25 in the BOATCB
Acts 25 in the BOBCV
Acts 25 in the BOCNT
Acts 25 in the BOECS
Acts 25 in the BOGWICC
Acts 25 in the BOHCB
Acts 25 in the BOHCV
Acts 25 in the BOHLNT
Acts 25 in the BOHNTLTAL
Acts 25 in the BOICB
Acts 25 in the BOILNTAP
Acts 25 in the BOITCV
Acts 25 in the BOKCV
Acts 25 in the BOKCV2
Acts 25 in the BOKHWOG
Acts 25 in the BOKSSV
Acts 25 in the BOLCB
Acts 25 in the BOLCB2
Acts 25 in the BOMCV
Acts 25 in the BONAV
Acts 25 in the BONCB
Acts 25 in the BONLT
Acts 25 in the BONUT2
Acts 25 in the BOPLNT
Acts 25 in the BOSCB
Acts 25 in the BOSNC
Acts 25 in the BOTLNT
Acts 25 in the BOVCB
Acts 25 in the BOYCB
Acts 25 in the BPBB
Acts 25 in the BPH
Acts 25 in the BSB
Acts 25 in the CCB
Acts 25 in the CUV
Acts 25 in the CUVS
Acts 25 in the DBT
Acts 25 in the DGDNT
Acts 25 in the DHNT
Acts 25 in the DNT
Acts 25 in the ELBE
Acts 25 in the EMTV
Acts 25 in the ESV
Acts 25 in the FBV
Acts 25 in the FEB
Acts 25 in the GGMNT
Acts 25 in the GNT
Acts 25 in the HARY
Acts 25 in the HNT
Acts 25 in the IRVA
Acts 25 in the IRVB
Acts 25 in the IRVG
Acts 25 in the IRVH
Acts 25 in the IRVK
Acts 25 in the IRVM
Acts 25 in the IRVM2
Acts 25 in the IRVO
Acts 25 in the IRVP
Acts 25 in the IRVT
Acts 25 in the IRVT2
Acts 25 in the IRVU
Acts 25 in the ISVN
Acts 25 in the JSNT
Acts 25 in the KAPI
Acts 25 in the KBT1ETNIK
Acts 25 in the KBV
Acts 25 in the KJV
Acts 25 in the KNFD
Acts 25 in the LBA
Acts 25 in the LBLA
Acts 25 in the LNT
Acts 25 in the LSV
Acts 25 in the MAAL
Acts 25 in the MBV
Acts 25 in the MBV2
Acts 25 in the MHNT
Acts 25 in the MKNFD
Acts 25 in the MNG
Acts 25 in the MNT
Acts 25 in the MNT2
Acts 25 in the MRS1T
Acts 25 in the NAA
Acts 25 in the NASB
Acts 25 in the NBLA
Acts 25 in the NBS
Acts 25 in the NBVTP
Acts 25 in the NET2
Acts 25 in the NIV11
Acts 25 in the NNT
Acts 25 in the NNT2
Acts 25 in the NNT3
Acts 25 in the PDDPT
Acts 25 in the PFNT
Acts 25 in the RMNT
Acts 25 in the SBIAS
Acts 25 in the SBIBS
Acts 25 in the SBIBS2
Acts 25 in the SBICS
Acts 25 in the SBIDS
Acts 25 in the SBIGS
Acts 25 in the SBIHS
Acts 25 in the SBIIS
Acts 25 in the SBIIS2
Acts 25 in the SBIIS3
Acts 25 in the SBIKS
Acts 25 in the SBIKS2
Acts 25 in the SBIMS
Acts 25 in the SBIOS
Acts 25 in the SBIPS
Acts 25 in the SBISS
Acts 25 in the SBITS
Acts 25 in the SBITS2
Acts 25 in the SBITS3
Acts 25 in the SBITS4
Acts 25 in the SBIUS
Acts 25 in the SBIVS
Acts 25 in the SBT
Acts 25 in the SBT1E
Acts 25 in the SCHL
Acts 25 in the SNT
Acts 25 in the SUSU
Acts 25 in the SUSU2
Acts 25 in the SYNO
Acts 25 in the TBIAOTANT
Acts 25 in the TBT1E
Acts 25 in the TBT1E2
Acts 25 in the TFTIP
Acts 25 in the TFTU
Acts 25 in the TGNTATF3T
Acts 25 in the THAI
Acts 25 in the TNFD
Acts 25 in the TNT
Acts 25 in the TNTIK
Acts 25 in the TNTIL
Acts 25 in the TNTIN
Acts 25 in the TNTIP
Acts 25 in the TNTIZ
Acts 25 in the TOMA
Acts 25 in the TTENT
Acts 25 in the UBG
Acts 25 in the UGV
Acts 25 in the UGV2
Acts 25 in the UGV3
Acts 25 in the VBL
Acts 25 in the VDCC
Acts 25 in the YALU
Acts 25 in the YAPE
Acts 25 in the YBVTP
Acts 25 in the ZBP