Deuteronomy 22 (BOATCB)

1 Sɛ wohunu sɛ obi nantwie anaa sɛ ne dwan nam basabasa a, ɛnyɛ sɛdeɛ wonhunuu no. Kyere no kɔma ne wura. 2 Sɛ ne wura nte mmɛn wo, anaasɛ wonnim no a, fa no kɔ wo fie kɔsi sɛ ne wura no bɛba abɛhwehwɛ no na fa nʼaboa ma no. 3 Sɛ wohunu wo nua bi afunumu anaa ne ntoma anaa ne biribi a ayera wɔ ɛkwan no so a, yɛ no saa ara. Mmu wʼani ngu so. 4 Sɛ wohunu sɛ wo nua bi afunumu anaa ne nantwie da ɛkwan mu a, nhwɛ nkyɛn. Kɔboa wo yɔnko no na ɔmma aboa no nsɔre. 5 Ɛnsɛ sɛ ɔbaa hyɛ mmarima atadeɛ, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbarima hyɛ mmaa atadeɛ, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ yei yɛ AWURADE, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ. 6 Sɛ wokɔto sɛ anomaa pirebuo da ɛkwankyɛn, sɛ ɛhyɛ dua mu anaa ɛda fam na sɛ anomaa no maame te ne ba no ho anaa ɔbutu nkosua so a, mfa anomaa no maame ne ne ba no nkɔ. 7 Wotumi fa ne ba no, nanso hwɛ no yie sɛ wobɛma ne maame no akɔ sɛdeɛ ɛbɛsi wo yie, na wo nkwa nna aware. 8 Sɛ wosi ɛdan foforɔ a, si ban fa wo ɛdan no atifi ho nyinaa, na obi amfiri hɔ ante anhwe na woamfa mogyahwie ho asodie anto wo ne wo ɛdan no so. 9 Wo bobefuo no, nnua nnɔbaeɛ foforɔ biara wɔ bobe no ntam. Sɛ woyɛ saa a, wonni ho kwan sɛ wote bobe aba wɔ bobefuo no mu anaasɛ nnɔbaeɛ foforɔ no so aba biara. 10 Mfa nantwie ne afunumu mmɔ mu mfuntum afuo. 11 Mfira ntoma a wɔde kuntu ne serekye afra anwono. 12 Sɛ wopam atadeɛ a, yɛ mpɛsɛe wɔ nʼahinanan ɛnan no biara ano. 13 Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔne no da na akyire no, ɔmpɛ no bio, 14 na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no edin bɔne sɛ, “Mewaree no no, manhunu sɛ ɔyɛ ɔbaabunu,” 15 a, ɔbaa no agya ne ne maame wɔ ho ɛkwan sɛ wɔde adansedie a ɛkyerɛ sɛ wɔn babaa no yɛ ɔbaabunu bɛkyerɛ kuro no mpanimfoɔ wɔ kuro no ɛpono ano. 16 Ɛsɛ sɛ ɔbaa no agya ka kyerɛ wɔn sɛ, “Mede me babaa maa ɔbarima yi awadeɛ nanso ɔse ɔmpɛ no bio. 17 Wabɔ no kwaadu agu nʼanim ase aka sɛ, ɔwaree no no wahunu sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Nanso adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabunu no nie.” Afei, wɔbɛtrɛ ntoma no mu wɔ atemmufoɔ no anim. 18 Atemmufoɔ no bɛtwe ɔbarima no aso. 19 Wɔbɛbɔ no ka dwetɛ kilogram baako sɛ wahyɛ da agu Israel ɔbaabunu no anim ase sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Wɔbɛtua sika no ama ɔbaa no agya. Afei, ɔbabaa no bɛyɛ ɔbarima no yere a ɔrennyaa no bio. 20 Sɛ ɛkɔba sɛ kwaadu a wɔde bɔɔ no no yɛ, na wɔannya adansedeɛ a ɛfa ne baabunuyɛ no ho ankyerɛ a, 21 wɔde ɔbaa no bɛba nʼagya fie abɔntenpono ano na kurom hɔ mmarima asi no aboɔ wɔ hɔ akum no. Ɔnam adwamammɔ so ayɛ animguaseɛ bɔne wɔ Israel ɛberɛ a ɔne nʼawofoɔ te. Ɛsɛ sɛ wɔpepa saa bɔne no firi mo mu. 22 Sɛ wɔhunu sɛ ɔbarima bi ne ɔbarima foforɔ bi yere da a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no nyinaa. Ɛsɛ sɛ motu saa bɔne no ase wɔ Israel. 23 Sɛ ɔbarima bi hyia ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔne obi ahyehyɛ awadeɛ na ɔbarima no ne ababaawa no da, na sɛ saa asɛm no sii kuro no mu a, 24 ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kuro no apono ano kɔsi wɔn aboɔ kum wɔn. Ababaawa no di fɔ, ɛfiri sɛ, wɔanteateam ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, ɛfiri sɛ, wafa obi yere. Saa ɛkwan yi so na monam bɛtu bɔne afiri asase no so. 25 Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbaa a obi ahyehyɛ no awadeɛ wɔ baabi a ɛnyɛ wɔn ɔman mu, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima no. 26 Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no. 27 Esiane sɛ ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wɔ wiram enti, wɔfa no sɛ, ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no. 28 Sɛ wɔkyere ɔbarima bi a ɔne ababaawa bi a obi ne no nhyehyɛeɛ awadeɛ ada a, 29 ɛsɛ sɛ ɔtua dwetɛ kilogram mmienu ne fa ma ababaawa no agya. Na ɛno akyi, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaawa no, ɛfiri sɛ, wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no awadeɛ da. 30 Ɔbarima biara nni ho ɔkwan sɛ ɔne nʼagya yere da, ɛnsɛ sɛ ɔgu nʼagya mpa ho fi.

In Other Versions

Deuteronomy 22 in the ANGEFD

Deuteronomy 22 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 22 in the AS21

Deuteronomy 22 in the BAGH

Deuteronomy 22 in the BBPNG

Deuteronomy 22 in the BBT1E

Deuteronomy 22 in the BDS

Deuteronomy 22 in the BEV

Deuteronomy 22 in the BHAD

Deuteronomy 22 in the BIB

Deuteronomy 22 in the BLPT

Deuteronomy 22 in the BNT

Deuteronomy 22 in the BNTABOOT

Deuteronomy 22 in the BNTLV

Deuteronomy 22 in the BOATCB2

Deuteronomy 22 in the BOBCV

Deuteronomy 22 in the BOCNT

Deuteronomy 22 in the BOECS

Deuteronomy 22 in the BOGWICC

Deuteronomy 22 in the BOHCB

Deuteronomy 22 in the BOHCV

Deuteronomy 22 in the BOHLNT

Deuteronomy 22 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 22 in the BOICB

Deuteronomy 22 in the BOILNTAP

Deuteronomy 22 in the BOITCV

Deuteronomy 22 in the BOKCV

Deuteronomy 22 in the BOKCV2

Deuteronomy 22 in the BOKHWOG

Deuteronomy 22 in the BOKSSV

Deuteronomy 22 in the BOLCB

Deuteronomy 22 in the BOLCB2

Deuteronomy 22 in the BOMCV

Deuteronomy 22 in the BONAV

Deuteronomy 22 in the BONCB

Deuteronomy 22 in the BONLT

Deuteronomy 22 in the BONUT2

Deuteronomy 22 in the BOPLNT

Deuteronomy 22 in the BOSCB

Deuteronomy 22 in the BOSNC

Deuteronomy 22 in the BOTLNT

Deuteronomy 22 in the BOVCB

Deuteronomy 22 in the BOYCB

Deuteronomy 22 in the BPBB

Deuteronomy 22 in the BPH

Deuteronomy 22 in the BSB

Deuteronomy 22 in the CCB

Deuteronomy 22 in the CUV

Deuteronomy 22 in the CUVS

Deuteronomy 22 in the DBT

Deuteronomy 22 in the DGDNT

Deuteronomy 22 in the DHNT

Deuteronomy 22 in the DNT

Deuteronomy 22 in the ELBE

Deuteronomy 22 in the EMTV

Deuteronomy 22 in the ESV

Deuteronomy 22 in the FBV

Deuteronomy 22 in the FEB

Deuteronomy 22 in the GGMNT

Deuteronomy 22 in the GNT

Deuteronomy 22 in the HARY

Deuteronomy 22 in the HNT

Deuteronomy 22 in the IRVA

Deuteronomy 22 in the IRVB

Deuteronomy 22 in the IRVG

Deuteronomy 22 in the IRVH

Deuteronomy 22 in the IRVK

Deuteronomy 22 in the IRVM

Deuteronomy 22 in the IRVM2

Deuteronomy 22 in the IRVO

Deuteronomy 22 in the IRVP

Deuteronomy 22 in the IRVT

Deuteronomy 22 in the IRVT2

Deuteronomy 22 in the IRVU

Deuteronomy 22 in the ISVN

Deuteronomy 22 in the JSNT

Deuteronomy 22 in the KAPI

Deuteronomy 22 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 22 in the KBV

Deuteronomy 22 in the KJV

Deuteronomy 22 in the KNFD

Deuteronomy 22 in the LBA

Deuteronomy 22 in the LBLA

Deuteronomy 22 in the LNT

Deuteronomy 22 in the LSV

Deuteronomy 22 in the MAAL

Deuteronomy 22 in the MBV

Deuteronomy 22 in the MBV2

Deuteronomy 22 in the MHNT

Deuteronomy 22 in the MKNFD

Deuteronomy 22 in the MNG

Deuteronomy 22 in the MNT

Deuteronomy 22 in the MNT2

Deuteronomy 22 in the MRS1T

Deuteronomy 22 in the NAA

Deuteronomy 22 in the NASB

Deuteronomy 22 in the NBLA

Deuteronomy 22 in the NBS

Deuteronomy 22 in the NBVTP

Deuteronomy 22 in the NET2

Deuteronomy 22 in the NIV11

Deuteronomy 22 in the NNT

Deuteronomy 22 in the NNT2

Deuteronomy 22 in the NNT3

Deuteronomy 22 in the PDDPT

Deuteronomy 22 in the PFNT

Deuteronomy 22 in the RMNT

Deuteronomy 22 in the SBIAS

Deuteronomy 22 in the SBIBS

Deuteronomy 22 in the SBIBS2

Deuteronomy 22 in the SBICS

Deuteronomy 22 in the SBIDS

Deuteronomy 22 in the SBIGS

Deuteronomy 22 in the SBIHS

Deuteronomy 22 in the SBIIS

Deuteronomy 22 in the SBIIS2

Deuteronomy 22 in the SBIIS3

Deuteronomy 22 in the SBIKS

Deuteronomy 22 in the SBIKS2

Deuteronomy 22 in the SBIMS

Deuteronomy 22 in the SBIOS

Deuteronomy 22 in the SBIPS

Deuteronomy 22 in the SBISS

Deuteronomy 22 in the SBITS

Deuteronomy 22 in the SBITS2

Deuteronomy 22 in the SBITS3

Deuteronomy 22 in the SBITS4

Deuteronomy 22 in the SBIUS

Deuteronomy 22 in the SBIVS

Deuteronomy 22 in the SBT

Deuteronomy 22 in the SBT1E

Deuteronomy 22 in the SCHL

Deuteronomy 22 in the SNT

Deuteronomy 22 in the SUSU

Deuteronomy 22 in the SUSU2

Deuteronomy 22 in the SYNO

Deuteronomy 22 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 22 in the TBT1E

Deuteronomy 22 in the TBT1E2

Deuteronomy 22 in the TFTIP

Deuteronomy 22 in the TFTU

Deuteronomy 22 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 22 in the THAI

Deuteronomy 22 in the TNFD

Deuteronomy 22 in the TNT

Deuteronomy 22 in the TNTIK

Deuteronomy 22 in the TNTIL

Deuteronomy 22 in the TNTIN

Deuteronomy 22 in the TNTIP

Deuteronomy 22 in the TNTIZ

Deuteronomy 22 in the TOMA

Deuteronomy 22 in the TTENT

Deuteronomy 22 in the UBG

Deuteronomy 22 in the UGV

Deuteronomy 22 in the UGV2

Deuteronomy 22 in the UGV3

Deuteronomy 22 in the VBL

Deuteronomy 22 in the VDCC

Deuteronomy 22 in the YALU

Deuteronomy 22 in the YAPE

Deuteronomy 22 in the YBVTP

Deuteronomy 22 in the ZBP