Deuteronomy 22 (BOATCB2)

1 Sɛ wuhu sɛ wo yɔnko Israelni bi nantwi anaa ne guan nam basabasa a, mmu wʼani ngu so; mmom kyere no kɔma ne wura. 2 Sɛ ne wura nte mmɛn wo, anaasɛ wunnim no a, fa no kɔ wo fi kosi sɛ ne wura no bɛba abɛhwehwɛ no na wode nʼaboa ma no. 3 Sɛ wuhu wo nua bi afurum anaa ne ntama anaa ne biribi a ayera a, yɛ no saa ara. Mmu wʼani ngu so. 4 Sɛ wuhu sɛ wo yɔnko Israelni bi afurum anaa ne nantwi bi atew ahwe wɔ ɔkwan mu a, mmu wʼani ngu so. Kɔboa ne wura no na ɔmma aboa no so nnyina hɔ. 5 Ɛnsɛ sɛ ɔbea hyɛ mmarima atade, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbarima hyɛ mmea atade, efisɛ AWURADE, mo Nyankopɔn no, kyi obiara a ɔyɛ eyi. 6 Sɛ wokɔto anomaa berebuw wɔ ɔkwankyɛn, sɛ ɛhyɛ dua mu anaa ɛda fam, na sɛ anomaa no na butuw ne ba no so anaa obutuw nkesua so a, mfa anomaa no na ne ne ba no nkɔ. 7 Wutumi fa ne ba no nanso hwɛ sɛ wobɛma ne na no akɔ, sɛnea ebesi wo yiye na wo nkwanna aware. 8 Sɛ wusi ɔdan foforo a, yɛ ban fa wo dan no nkuruso no ho na obi amfi hɔ antew anhwe amma woamfa mogyahwiegu ho afɔdi amma wo ne wo dan no so. 9 Nnua nnɔbae foforo biara wɔ bobe ntam wɔ wo bobeturo mu. Sɛ woyɛ saa a, na wo nnɔbae no ne bobeturo no so aba nyinaa ho agu fi. 10 Nsa nantwi ne afurum mmɔ mu mfuntum afuw. 11 Mfura ntama a wɔde kuntu ne sirikyi afra anwen. 12 Yɛ ntama a wufura no ano anan no nyinaa mpɛsɛ. 13 Sɛ ɔbarima ware ɔbea na ɔne no da na akyiri no ɔmpɛ no bio, 14 na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no din bɔne se, “Mewaree no no, manhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun,” 15 a, ɔbea no agya ne ne na wɔ ho kwan sɛ wɔde adansede a ɛkyerɛ sɛ wɔn babea no yɛ ɔbabun bɛkyerɛ kurow no mpanyimfo wɔ kurow no pon. 16 Ɛsɛ sɛ ɔbea no agya ka kyerɛ wɔn se, “Mede me babea maa ɔbarima yi aware nanso ose ɔmpɛ no bio. 17 Wagu nʼanim ase aka se, ‘Manhu sɛ wo babea no yɛ ɔbabun.’ Nanso adansede a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun no ni.” Afei, wɔbɛtrɛw ntama no mu wɔ kurow no mpanyimfo anim, 18 na mpanyimfo no bɛfrɛ ɔbarima no atwe nʼaso. 19 Wɔbɛbɔ no ka kilogram baako sɛ wagu Israel ɔbabun no anim ase. Wobetua sika no ama ɔbea no agya. Afei, ɔbabea no bɛyɛ ɔbarima no yere a ɔrennyaa no bio. 20 Sɛ ɛkɔba sɛ kwaadu a wɔde bɔɔ no no yɛ nokware na wɔannya adansede a ɛfa ne babunyɛ no ho ankyerɛ a, 21 wɔde ɔbea no bɛba nʼagya fi abɔntenpon ano na kurom hɔ mmarima asiw no abo akum no. Ɔnam aguamammɔ so ayɛ animguase ade wɔ Israel, bere a ɔne nʼawofo te. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase fi mo mu. 22 Sɛ wohu sɛ ɔbarima bi ne ɔbarima foforo bi yere da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima a ɔne ɔbea no dae no ne ɔbea no nyinaa. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase wɔ Israel. 23 Sɛ ɔbarima bi hyia ababaa a ɔyɛ ɔbabun a ɔne obi ahyehyɛ aware na ɔbarima no ne ababaa no da na sɛ saa asɛm no sii wɔ kurow no mu a, 24 ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kurow no apon ano kosiw wɔn abo kum wɔn. Ababaa no di fɔ, efisɛ na ɔwɔ kurom nanso wanteɛteɛ mu ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, efisɛ wafa obi yere. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase fi mo mu. 25 Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbea a obi ne no ahyehyɛ aware wɔ wuram, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima a ɔyɛɛ saa no nkutoo. 26 Monnyɛ ababaa no hwee, efisɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛma ɔfata owu. Saa asɛm yi te sɛ obi a watow ahyɛ ne yɔnko so akum no, 27 efisɛ ɔbarima no hyiaa ɔbea no wɔ wuram, na asiwa no teɛteɛɛ mu de, nanso wannya ogyefo biara. 28 Sɛ wɔkyere ɔbarima bi sɛ wahyɛ ababaa bi a obi ne no nhyehyɛe aware, ne no ada a, 29 ɛsɛ sɛ otua dwetɛ kilogram abien ne fa ma ababaa no agya. Na ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaa no, efisɛ wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no aware da. 30 Ɔbarima biara nni ho kwan sɛ ɔne nʼagya yere da; ɛnsɛ sɛ ogu nʼagya mpa ho fi.

In Other Versions

Deuteronomy 22 in the ANGEFD

Deuteronomy 22 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 22 in the AS21

Deuteronomy 22 in the BAGH

Deuteronomy 22 in the BBPNG

Deuteronomy 22 in the BBT1E

Deuteronomy 22 in the BDS

Deuteronomy 22 in the BEV

Deuteronomy 22 in the BHAD

Deuteronomy 22 in the BIB

Deuteronomy 22 in the BLPT

Deuteronomy 22 in the BNT

Deuteronomy 22 in the BNTABOOT

Deuteronomy 22 in the BNTLV

Deuteronomy 22 in the BOATCB

Deuteronomy 22 in the BOBCV

Deuteronomy 22 in the BOCNT

Deuteronomy 22 in the BOECS

Deuteronomy 22 in the BOGWICC

Deuteronomy 22 in the BOHCB

Deuteronomy 22 in the BOHCV

Deuteronomy 22 in the BOHLNT

Deuteronomy 22 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 22 in the BOICB

Deuteronomy 22 in the BOILNTAP

Deuteronomy 22 in the BOITCV

Deuteronomy 22 in the BOKCV

Deuteronomy 22 in the BOKCV2

Deuteronomy 22 in the BOKHWOG

Deuteronomy 22 in the BOKSSV

Deuteronomy 22 in the BOLCB

Deuteronomy 22 in the BOLCB2

Deuteronomy 22 in the BOMCV

Deuteronomy 22 in the BONAV

Deuteronomy 22 in the BONCB

Deuteronomy 22 in the BONLT

Deuteronomy 22 in the BONUT2

Deuteronomy 22 in the BOPLNT

Deuteronomy 22 in the BOSCB

Deuteronomy 22 in the BOSNC

Deuteronomy 22 in the BOTLNT

Deuteronomy 22 in the BOVCB

Deuteronomy 22 in the BOYCB

Deuteronomy 22 in the BPBB

Deuteronomy 22 in the BPH

Deuteronomy 22 in the BSB

Deuteronomy 22 in the CCB

Deuteronomy 22 in the CUV

Deuteronomy 22 in the CUVS

Deuteronomy 22 in the DBT

Deuteronomy 22 in the DGDNT

Deuteronomy 22 in the DHNT

Deuteronomy 22 in the DNT

Deuteronomy 22 in the ELBE

Deuteronomy 22 in the EMTV

Deuteronomy 22 in the ESV

Deuteronomy 22 in the FBV

Deuteronomy 22 in the FEB

Deuteronomy 22 in the GGMNT

Deuteronomy 22 in the GNT

Deuteronomy 22 in the HARY

Deuteronomy 22 in the HNT

Deuteronomy 22 in the IRVA

Deuteronomy 22 in the IRVB

Deuteronomy 22 in the IRVG

Deuteronomy 22 in the IRVH

Deuteronomy 22 in the IRVK

Deuteronomy 22 in the IRVM

Deuteronomy 22 in the IRVM2

Deuteronomy 22 in the IRVO

Deuteronomy 22 in the IRVP

Deuteronomy 22 in the IRVT

Deuteronomy 22 in the IRVT2

Deuteronomy 22 in the IRVU

Deuteronomy 22 in the ISVN

Deuteronomy 22 in the JSNT

Deuteronomy 22 in the KAPI

Deuteronomy 22 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 22 in the KBV

Deuteronomy 22 in the KJV

Deuteronomy 22 in the KNFD

Deuteronomy 22 in the LBA

Deuteronomy 22 in the LBLA

Deuteronomy 22 in the LNT

Deuteronomy 22 in the LSV

Deuteronomy 22 in the MAAL

Deuteronomy 22 in the MBV

Deuteronomy 22 in the MBV2

Deuteronomy 22 in the MHNT

Deuteronomy 22 in the MKNFD

Deuteronomy 22 in the MNG

Deuteronomy 22 in the MNT

Deuteronomy 22 in the MNT2

Deuteronomy 22 in the MRS1T

Deuteronomy 22 in the NAA

Deuteronomy 22 in the NASB

Deuteronomy 22 in the NBLA

Deuteronomy 22 in the NBS

Deuteronomy 22 in the NBVTP

Deuteronomy 22 in the NET2

Deuteronomy 22 in the NIV11

Deuteronomy 22 in the NNT

Deuteronomy 22 in the NNT2

Deuteronomy 22 in the NNT3

Deuteronomy 22 in the PDDPT

Deuteronomy 22 in the PFNT

Deuteronomy 22 in the RMNT

Deuteronomy 22 in the SBIAS

Deuteronomy 22 in the SBIBS

Deuteronomy 22 in the SBIBS2

Deuteronomy 22 in the SBICS

Deuteronomy 22 in the SBIDS

Deuteronomy 22 in the SBIGS

Deuteronomy 22 in the SBIHS

Deuteronomy 22 in the SBIIS

Deuteronomy 22 in the SBIIS2

Deuteronomy 22 in the SBIIS3

Deuteronomy 22 in the SBIKS

Deuteronomy 22 in the SBIKS2

Deuteronomy 22 in the SBIMS

Deuteronomy 22 in the SBIOS

Deuteronomy 22 in the SBIPS

Deuteronomy 22 in the SBISS

Deuteronomy 22 in the SBITS

Deuteronomy 22 in the SBITS2

Deuteronomy 22 in the SBITS3

Deuteronomy 22 in the SBITS4

Deuteronomy 22 in the SBIUS

Deuteronomy 22 in the SBIVS

Deuteronomy 22 in the SBT

Deuteronomy 22 in the SBT1E

Deuteronomy 22 in the SCHL

Deuteronomy 22 in the SNT

Deuteronomy 22 in the SUSU

Deuteronomy 22 in the SUSU2

Deuteronomy 22 in the SYNO

Deuteronomy 22 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 22 in the TBT1E

Deuteronomy 22 in the TBT1E2

Deuteronomy 22 in the TFTIP

Deuteronomy 22 in the TFTU

Deuteronomy 22 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 22 in the THAI

Deuteronomy 22 in the TNFD

Deuteronomy 22 in the TNT

Deuteronomy 22 in the TNTIK

Deuteronomy 22 in the TNTIL

Deuteronomy 22 in the TNTIN

Deuteronomy 22 in the TNTIP

Deuteronomy 22 in the TNTIZ

Deuteronomy 22 in the TOMA

Deuteronomy 22 in the TTENT

Deuteronomy 22 in the UBG

Deuteronomy 22 in the UGV

Deuteronomy 22 in the UGV2

Deuteronomy 22 in the UGV3

Deuteronomy 22 in the VBL

Deuteronomy 22 in the VDCC

Deuteronomy 22 in the YALU

Deuteronomy 22 in the YAPE

Deuteronomy 22 in the YBVTP

Deuteronomy 22 in the ZBP