Ephesians 5 (BOATCB)

1 Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no enti, monsuasua no 2 na motena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam ma Onyankopɔn no. 3 Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte adwamammɔ anaa afideɛ anaa anibereɛ ho asɛm wɔ mo mu, ɛfiri sɛ yeinom mfata Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron. 4 Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa efi, ahuhusɛm anaa sɛ moyi nsɛnkwaafi, mmom monna ase. 5 Monnya nteaseɛ sɛ, obiara a ɔbɔ adwaman na ɔyɛ afideɛ, na ɔyɛ oniberefoɔ (anibereɛ yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahennie no mu bi. 6 Mommma obiara mfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Ɛfiri sɛ, saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fu wɔn a wɔyɛ asoɔden no. 7 Enti, mo ne saa nnipa no nnyɛ biribiara. 8 Ɛberɛ bi na moyɛ esum, nanso seesei deɛ, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa enti montena ase sɛ hann mma. 9 Ɛfiri sɛ, hann no ma moyɛ papa, teneneefoɔ ne nokwafoɔ, 10 na ɛhwehwɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani. 11 Montwe mo ho mfiri nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ esum mu ho, na mompa ho ntoma. 12 Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfoɔ yɛ no esum mu no so. 13 Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yɛbɛhunu nnebɔne biara a wɔyɛ. 14 Ɛfiri sɛ, hann da biribiara adi. Enti na wɔaka sɛ,“Nyane, wo a woada,na sɔre firi awufoɔ mu,na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.” 15 Enti, monhwɛ mo akwan yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wɔnim nyansa. 16 Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne. 17 Monnyɛ adwenem herɛfoɔ, na mmom monte Awurade apɛdeɛ ase. 18 Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma. 19 Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ akoma mu, 20 na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu. 21 Momfiri anidie a mowɔ ma Kristo mu, mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho. 22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23 ɛfiri sɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefoɔ no. Asafo no yɛ Kristo onipadua. 24 Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom. 25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no, 26 na ɔnam asɛm no so de nsuo dwaree no yɛɛ no kronkron, 27 de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a ɛnni nkekaawa anaasɛ mponponoyɛ anaasɛ ɛdɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a ɛnni sintɔ. 28 Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛdeɛ wɔdɔ wɔn onipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho. 29 Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔma no aduane hwɛ no yie sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no, 30 na yɛn nso yɛyɛ ne onipadua no ho akwaa. 31 “Yei enti, ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ honam baako.” 32 Yei yɛ ahintasɛm a emu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. 33 Enti, ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu.

In Other Versions

Ephesians 5 in the ANGEFD

Ephesians 5 in the ANTPNG2D

Ephesians 5 in the AS21

Ephesians 5 in the BAGH

Ephesians 5 in the BBPNG

Ephesians 5 in the BBT1E

Ephesians 5 in the BDS

Ephesians 5 in the BEV

Ephesians 5 in the BHAD

Ephesians 5 in the BIB

Ephesians 5 in the BLPT

Ephesians 5 in the BNT

Ephesians 5 in the BNTABOOT

Ephesians 5 in the BNTLV

Ephesians 5 in the BOATCB2

Ephesians 5 in the BOBCV

Ephesians 5 in the BOCNT

Ephesians 5 in the BOECS

Ephesians 5 in the BOGWICC

Ephesians 5 in the BOHCB

Ephesians 5 in the BOHCV

Ephesians 5 in the BOHLNT

Ephesians 5 in the BOHNTLTAL

Ephesians 5 in the BOICB

Ephesians 5 in the BOILNTAP

Ephesians 5 in the BOITCV

Ephesians 5 in the BOKCV

Ephesians 5 in the BOKCV2

Ephesians 5 in the BOKHWOG

Ephesians 5 in the BOKSSV

Ephesians 5 in the BOLCB

Ephesians 5 in the BOLCB2

Ephesians 5 in the BOMCV

Ephesians 5 in the BONAV

Ephesians 5 in the BONCB

Ephesians 5 in the BONLT

Ephesians 5 in the BONUT2

Ephesians 5 in the BOPLNT

Ephesians 5 in the BOSCB

Ephesians 5 in the BOSNC

Ephesians 5 in the BOTLNT

Ephesians 5 in the BOVCB

Ephesians 5 in the BOYCB

Ephesians 5 in the BPBB

Ephesians 5 in the BPH

Ephesians 5 in the BSB

Ephesians 5 in the CCB

Ephesians 5 in the CUV

Ephesians 5 in the CUVS

Ephesians 5 in the DBT

Ephesians 5 in the DGDNT

Ephesians 5 in the DHNT

Ephesians 5 in the DNT

Ephesians 5 in the ELBE

Ephesians 5 in the EMTV

Ephesians 5 in the ESV

Ephesians 5 in the FBV

Ephesians 5 in the FEB

Ephesians 5 in the GGMNT

Ephesians 5 in the GNT

Ephesians 5 in the HARY

Ephesians 5 in the HNT

Ephesians 5 in the IRVA

Ephesians 5 in the IRVB

Ephesians 5 in the IRVG

Ephesians 5 in the IRVH

Ephesians 5 in the IRVK

Ephesians 5 in the IRVM

Ephesians 5 in the IRVM2

Ephesians 5 in the IRVO

Ephesians 5 in the IRVP

Ephesians 5 in the IRVT

Ephesians 5 in the IRVT2

Ephesians 5 in the IRVU

Ephesians 5 in the ISVN

Ephesians 5 in the JSNT

Ephesians 5 in the KAPI

Ephesians 5 in the KBT1ETNIK

Ephesians 5 in the KBV

Ephesians 5 in the KJV

Ephesians 5 in the KNFD

Ephesians 5 in the LBA

Ephesians 5 in the LBLA

Ephesians 5 in the LNT

Ephesians 5 in the LSV

Ephesians 5 in the MAAL

Ephesians 5 in the MBV

Ephesians 5 in the MBV2

Ephesians 5 in the MHNT

Ephesians 5 in the MKNFD

Ephesians 5 in the MNG

Ephesians 5 in the MNT

Ephesians 5 in the MNT2

Ephesians 5 in the MRS1T

Ephesians 5 in the NAA

Ephesians 5 in the NASB

Ephesians 5 in the NBLA

Ephesians 5 in the NBS

Ephesians 5 in the NBVTP

Ephesians 5 in the NET2

Ephesians 5 in the NIV11

Ephesians 5 in the NNT

Ephesians 5 in the NNT2

Ephesians 5 in the NNT3

Ephesians 5 in the PDDPT

Ephesians 5 in the PFNT

Ephesians 5 in the RMNT

Ephesians 5 in the SBIAS

Ephesians 5 in the SBIBS

Ephesians 5 in the SBIBS2

Ephesians 5 in the SBICS

Ephesians 5 in the SBIDS

Ephesians 5 in the SBIGS

Ephesians 5 in the SBIHS

Ephesians 5 in the SBIIS

Ephesians 5 in the SBIIS2

Ephesians 5 in the SBIIS3

Ephesians 5 in the SBIKS

Ephesians 5 in the SBIKS2

Ephesians 5 in the SBIMS

Ephesians 5 in the SBIOS

Ephesians 5 in the SBIPS

Ephesians 5 in the SBISS

Ephesians 5 in the SBITS

Ephesians 5 in the SBITS2

Ephesians 5 in the SBITS3

Ephesians 5 in the SBITS4

Ephesians 5 in the SBIUS

Ephesians 5 in the SBIVS

Ephesians 5 in the SBT

Ephesians 5 in the SBT1E

Ephesians 5 in the SCHL

Ephesians 5 in the SNT

Ephesians 5 in the SUSU

Ephesians 5 in the SUSU2

Ephesians 5 in the SYNO

Ephesians 5 in the TBIAOTANT

Ephesians 5 in the TBT1E

Ephesians 5 in the TBT1E2

Ephesians 5 in the TFTIP

Ephesians 5 in the TFTU

Ephesians 5 in the TGNTATF3T

Ephesians 5 in the THAI

Ephesians 5 in the TNFD

Ephesians 5 in the TNT

Ephesians 5 in the TNTIK

Ephesians 5 in the TNTIL

Ephesians 5 in the TNTIN

Ephesians 5 in the TNTIP

Ephesians 5 in the TNTIZ

Ephesians 5 in the TOMA

Ephesians 5 in the TTENT

Ephesians 5 in the UBG

Ephesians 5 in the UGV

Ephesians 5 in the UGV2

Ephesians 5 in the UGV3

Ephesians 5 in the VBL

Ephesians 5 in the VDCC

Ephesians 5 in the YALU

Ephesians 5 in the YAPE

Ephesians 5 in the YBVTP

Ephesians 5 in the ZBP