Ephesians 5 (BOATCB2)
1 Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no nti, munsuasua no 2 na motena ase ɔdɔ mu sɛnea Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔde a ɛyɛ huam ma Onyankopɔn no. 3 Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte aguamammɔ anaa afide anaa anibere ho asɛm wɔ mo mu, efisɛ eyinom mfata Onyankopɔn nkurɔfo kronkron. 4 Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi, ahuhusɛm anaa sɛ muyi aseresɛm, mmom monna ase. 5 Munnya ntease sɛ, obiara a ɔbɔ aguaman na ɔyɛ afide, na ɔyɛ oniberefo (anibere yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahenni no mu bi. 6 Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Efisɛ saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔyɛ asoɔden no. 7 Enti mo ne saa nnipa no nyɛ biribiara. 8 Bere bi, na moyɛ sum, nanso mprempren de, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa nti montena ase sɛ hann mma. 9 Efisɛ hann no ma moyɛ papa, atreneefo ne nokwafo, 10 na ɛhwehwɛ nea ɛsɔ Awurade ani. 11 Montwe mo ho mfi nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ sum mu ho, na mompa ho ntama. 12 Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfo yɛ no wɔ sum mu no so. 13 Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yebehu nnebɔne biara a wɔyɛ. 14 Efisɛ hann da biribiara adi. Enti na wɔaka se,“Nyan, wo a woada,na sɔre fi awufo mu,na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.” 15 Enti monhwɛ mo akwan yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wonim nyansa. 16 Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne. 17 Monnyɛ adwene mu harefo, na mmom monte Awurade apɛde ase. 18 Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ahohwibɔ mu. Na mmom momma Honhom no nhyɛ mo ma. 19 Momfa nnwom, ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ koma mu, 20 na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu. 21 Mumfi nidi a mowɔ ma Kristo mu no mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho. 22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23 efisɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛnea Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefo no. Asafo no yɛ Kristo nipadua. 24 Sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom. 25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no, 26 na ɔnam asɛm no so de nsu guaree no yɛɛ no kronkron, 27 de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a enni nkekae anaasɛ mpomponoe anaasɛ dɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a enni sintɔ. 28 Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛnea wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho. 29 Obiara ntan ne ho. Mmom ɔma no aduan hwɛ no yiye sɛnea Kristo yɛ asafo no, 30 na yɛn nso yɛyɛ ne nipadua no ho akwaa. 31 “Eyi nti, ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ ɔhonam baako.” 32 Eyi yɛ ahintasɛm a mu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. 33 Enti ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de nidi ma ne kunu.
In Other Versions
Ephesians 5 in the ANGEFD
Ephesians 5 in the ANTPNG2D
Ephesians 5 in the AS21
Ephesians 5 in the BAGH
Ephesians 5 in the BBPNG
Ephesians 5 in the BBT1E
Ephesians 5 in the BDS
Ephesians 5 in the BEV
Ephesians 5 in the BHAD
Ephesians 5 in the BIB
Ephesians 5 in the BLPT
Ephesians 5 in the BNT
Ephesians 5 in the BNTABOOT
Ephesians 5 in the BNTLV
Ephesians 5 in the BOATCB
Ephesians 5 in the BOBCV
Ephesians 5 in the BOCNT
Ephesians 5 in the BOECS
Ephesians 5 in the BOGWICC
Ephesians 5 in the BOHCB
Ephesians 5 in the BOHCV
Ephesians 5 in the BOHLNT
Ephesians 5 in the BOHNTLTAL
Ephesians 5 in the BOICB
Ephesians 5 in the BOILNTAP
Ephesians 5 in the BOITCV
Ephesians 5 in the BOKCV
Ephesians 5 in the BOKCV2
Ephesians 5 in the BOKHWOG
Ephesians 5 in the BOKSSV
Ephesians 5 in the BOLCB
Ephesians 5 in the BOLCB2
Ephesians 5 in the BOMCV
Ephesians 5 in the BONAV
Ephesians 5 in the BONCB
Ephesians 5 in the BONLT
Ephesians 5 in the BONUT2
Ephesians 5 in the BOPLNT
Ephesians 5 in the BOSCB
Ephesians 5 in the BOSNC
Ephesians 5 in the BOTLNT
Ephesians 5 in the BOVCB
Ephesians 5 in the BOYCB
Ephesians 5 in the BPBB
Ephesians 5 in the BPH
Ephesians 5 in the BSB
Ephesians 5 in the CCB
Ephesians 5 in the CUV
Ephesians 5 in the CUVS
Ephesians 5 in the DBT
Ephesians 5 in the DGDNT
Ephesians 5 in the DHNT
Ephesians 5 in the DNT
Ephesians 5 in the ELBE
Ephesians 5 in the EMTV
Ephesians 5 in the ESV
Ephesians 5 in the FBV
Ephesians 5 in the FEB
Ephesians 5 in the GGMNT
Ephesians 5 in the GNT
Ephesians 5 in the HARY
Ephesians 5 in the HNT
Ephesians 5 in the IRVA
Ephesians 5 in the IRVB
Ephesians 5 in the IRVG
Ephesians 5 in the IRVH
Ephesians 5 in the IRVK
Ephesians 5 in the IRVM
Ephesians 5 in the IRVM2
Ephesians 5 in the IRVO
Ephesians 5 in the IRVP
Ephesians 5 in the IRVT
Ephesians 5 in the IRVT2
Ephesians 5 in the IRVU
Ephesians 5 in the ISVN
Ephesians 5 in the JSNT
Ephesians 5 in the KAPI
Ephesians 5 in the KBT1ETNIK
Ephesians 5 in the KBV
Ephesians 5 in the KJV
Ephesians 5 in the KNFD
Ephesians 5 in the LBA
Ephesians 5 in the LBLA
Ephesians 5 in the LNT
Ephesians 5 in the LSV
Ephesians 5 in the MAAL
Ephesians 5 in the MBV
Ephesians 5 in the MBV2
Ephesians 5 in the MHNT
Ephesians 5 in the MKNFD
Ephesians 5 in the MNG
Ephesians 5 in the MNT
Ephesians 5 in the MNT2
Ephesians 5 in the MRS1T
Ephesians 5 in the NAA
Ephesians 5 in the NASB
Ephesians 5 in the NBLA
Ephesians 5 in the NBS
Ephesians 5 in the NBVTP
Ephesians 5 in the NET2
Ephesians 5 in the NIV11
Ephesians 5 in the NNT
Ephesians 5 in the NNT2
Ephesians 5 in the NNT3
Ephesians 5 in the PDDPT
Ephesians 5 in the PFNT
Ephesians 5 in the RMNT
Ephesians 5 in the SBIAS
Ephesians 5 in the SBIBS
Ephesians 5 in the SBIBS2
Ephesians 5 in the SBICS
Ephesians 5 in the SBIDS
Ephesians 5 in the SBIGS
Ephesians 5 in the SBIHS
Ephesians 5 in the SBIIS
Ephesians 5 in the SBIIS2
Ephesians 5 in the SBIIS3
Ephesians 5 in the SBIKS
Ephesians 5 in the SBIKS2
Ephesians 5 in the SBIMS
Ephesians 5 in the SBIOS
Ephesians 5 in the SBIPS
Ephesians 5 in the SBISS
Ephesians 5 in the SBITS
Ephesians 5 in the SBITS2
Ephesians 5 in the SBITS3
Ephesians 5 in the SBITS4
Ephesians 5 in the SBIUS
Ephesians 5 in the SBIVS
Ephesians 5 in the SBT
Ephesians 5 in the SBT1E
Ephesians 5 in the SCHL
Ephesians 5 in the SNT
Ephesians 5 in the SUSU
Ephesians 5 in the SUSU2
Ephesians 5 in the SYNO
Ephesians 5 in the TBIAOTANT
Ephesians 5 in the TBT1E
Ephesians 5 in the TBT1E2
Ephesians 5 in the TFTIP
Ephesians 5 in the TFTU
Ephesians 5 in the TGNTATF3T
Ephesians 5 in the THAI
Ephesians 5 in the TNFD
Ephesians 5 in the TNT
Ephesians 5 in the TNTIK
Ephesians 5 in the TNTIL
Ephesians 5 in the TNTIN
Ephesians 5 in the TNTIP
Ephesians 5 in the TNTIZ
Ephesians 5 in the TOMA
Ephesians 5 in the TTENT
Ephesians 5 in the UBG
Ephesians 5 in the UGV
Ephesians 5 in the UGV2
Ephesians 5 in the UGV3
Ephesians 5 in the VBL
Ephesians 5 in the VDCC
Ephesians 5 in the YALU
Ephesians 5 in the YAPE
Ephesians 5 in the YBVTP
Ephesians 5 in the ZBP